2 Mose 31:1-18, 2 Mose 32:1-35, 2 Mose 33:1-6 AKCB

2 Mose 31:1-18

Onyankopɔn Yi Besaleel Ne Oholiab

Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Mapaw Besaleel a ɔyɛ Uri babarima na ɔyɛ Hur nena a ofi Yuda abusua mu no de Onyankopɔn Honhom, nyansa, ntease, nimdeɛ ne nnepa ahorow nyinaa ahyɛ no mma sɛ ɔmfa nyɛ sika, dwetɛ ne kɔbere nnwinne ahorow, sɛ ɔmfa nyɛ abo ne dua dwumfo ne adwinni ahorow nyinaa. Bio, mayi Ahisamak ba Oholiab a ofi Dan abusua mu sɛ ɔnyɛ ne boafo.

“Ɛno akyi no, mama adwumayɛfo no nyinaa nimdeɛ sononko bi sɛnea ɛbɛyɛ a, wobetumi adi dwuma biara a makyerɛ sɛ munni no:

“Ahyiae Ntamadan,

Apam Adaka ne mpata agua ne

Ahyiae Ntamadan no mu ahyehyɛde nkae no nyinaa;

ɔpon no ne so nneɛma,

sikakɔkɔɔ kaneadua ne ho nneɛma,

ohuam afɔremuka;

ɔhyew afɔremuka ne ho nneɛma,

nsankason ne ne nnyinaso;

ɔsɔfo Aaron ntade kronkron fɛɛfɛ no

ne ne mma ntade bere a wɔsom sɛ asɔfo no;

ne ɔsra ngo ne Kronkronbea hɔ aduhuam no.

“Ɛsɛ sɛ wɔfa kwan a mɛkyerɛ wo no so na wɔyɛ eyinom nyinaa.”

Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ Israelfo no se, ‘Sɛ edu Homeda a, monhome. Eyi ne nsɛnkyerɛnne a ɛda me ne mo ne awo ntoatoaso a ɛbɛba no ntam, na moahu sɛ mene Awurade a meyɛ mo kronkron no.’ 

“ ‘Munni Homeda no, efisɛ ɛyɛ da kronkron. Obiara a obebu saa mmara yi so no, obewu. Na nea ɔbɛyɛ adwuma saa da no nso, wobekum no. Nnansia na mode bɛyɛ adwuma. Na nnanson so no yɛ Homeda a wɔntoto no ase a ɛyɛ kronkron ma Awurade. Ɛsɛ sɛ wokum obiara a ɔbɛyɛ adwuma Homeda no. Ɛsɛ sɛ Israelfo no di Homeda no, wonni mma awo ntoatoaso no nhu sɛ ɛyɛ apam afebɔɔ. Ɛbɛyɛ daa apam a ɛda me ne Israelfo ntam no ho nsɛnkyerɛnne. Efisɛ nnansia mu na Awurade de bɔɔ ɔsoro ne asase, na ɔhomee da a ɛto so ason no.’ ”

Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Mose wɔ Sinai Bepɔw so wiee no, ɔde abo pon abien a ɔde ne nsa akyerɛw Mmaransɛm Du no wɔ so no maa no.

Read More of 2 Mose 31

2 Mose 32:1-35

Sika Nantwi Ba

Mose kyɛe wɔ bepɔw no so saa no, nnipa no nyinaa kɔɔ Aaron so kɔka kyerɛɛ no se, “Ntɛm, yɛ anyame a wobedi yɛn anim ma yɛn, efisɛ yenhu baabi a Mose a odii yɛn anim de yɛn fi Misraim asase so baa ha no afa; ebia na biribi ayɛ no.”

Aaron nso ka kyerɛɛ wɔn se, “Munyiyi mo sika nsonkaa nyinaa mmra.” Wɔn nyinaa yiyii wɔn nsonkaa brɛɛ Aaron. Aaron nan sikakɔkɔɔ nsonkaa no, na ɔde oguu nantwi ba ohoni. Nnipa no nyinaa kae se, “Israel, oyi ne mo nyame a oyii mo fii Misraim asase so bae no.”

Aaron huu sɛ nnipa no ani agye sika nantwi ba ohoni no ho no, osii afɔremuka sii nantwi ba no anim kae se, “Ɔkyena yɛbɛhyɛ fa ama Awurade.” Wɔsɔree anɔpahema fii ase bɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre de maa nantwi ba ohoni no. Ɛno akyi no, wɔtoo pon kɛse, didi nomee, goruu abosongoru, yɛɛ ahuhude.

Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Yɛ ntɛm na sian kɔ wo nkurɔfo a wode wɔn fi Misraim asase so bae no nkyɛn, efisɛ wɔagu wɔn ho fi, na wɔabu me mmara nyinaa nso so. Wɔabɔ sika nantwi ba a wɔsom no, asan abɔ afɔre nso ama no aka se, ‘Israel, oyi ne mo nyame a oyii mo fii Misraim asase so bae no.’ ”

Awurade kae se, “Mahu sɛnea saa nnipa yi si yɛ asoɔden na wɔsan yɛ atuatewfo fa. Afei, ma me kwan na memma mʼabufuw nnɛw ntia wɔn mma mensɛe wɔn. Na mɛyɛ wo ɔman kɛse.”

Nanso Mose srɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔnyɛ saa. Ɔkɔɔ so se, “Awurade, adɛn nti na ɛsɛ sɛ wʼabufuw dɛw atia wo ara wo nkurɔfo a wonam anwonwakwan ne wo tumi so yii wɔn fii Misraim asase so yi? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ Misraimfo no ka se, ‘Onyankopɔn daadaa wɔn sɛ wɔmmra bepɔw no so sɛnea obenya wɔn akum wɔn, atɔre wɔn ase afi asase so?’ Ma wo bo ntɔ wo yam na gyae ɔsɛe a wopɛ sɛ wode ba wo nkurɔfo no so no. Kae bɔ a wohyɛɛ wʼasomfo Abraham, Isak ne Israel no. Wo ara wokaa ntam se, ‘Mɛma mo asefo adɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma na mede saa asase a mahyɛ mo ho bɔ yi nyinaa bɛma mo asefo na wɔatena so afebɔɔ.’ ” Na Awurade sesaa nʼadwene de wɔn ho kyɛɛ wɔn.

Afei, Mose sian fii bepɔw no so bae a okura Mmaransɛm Du no a wɔakyerɛw agu abo apon abien akyi ne anim no. Onyankopɔn no ankasa na ɔkyerɛw mmaransɛm no wɔ apon no so.

Bere a Yosua tee sɛ nnipa bi reyɛ gyegyeegye no, ɔka kyerɛɛ Mose se, “Ɛyɛ me sɛ wɔreboaboa wɔn ho akɔ ɔko!”

Ɛnna Mose nso buaa no se, “Ɛnyɛ nkonimdi mu nnyigyei na ɛnyɛ nkogu de, na mmom, ɛyɛ nnwonto nnyigyei na mete.”

Wobeduu atenae hɔ, Mose huu nantwi ba no ne asaw a wɔresaw. Enti ɔde abufuwhyew tow kyerɛwapon no hwehwee fam ma ebubuu wɔ bepɔw no ase. Ɔfaa nantwi ba no nan no wɔ ogya mu na edwoe no, ɔyam no muhumuhu de guu nsu mu maa nnipa no nomee.

Obisaa Aaron se, “Dɛn nko ara na saa nnipa no yɛɛ wo a enti wudii wɔn anim ma wɔyɛɛ saa bɔne kɛse yi?”

Aaron buaa no se, “Mma wo bo mmfuw. Wo ara wunim sɛnea wo nkurɔfo yi yɛ nnipa bɔne fa. Wɔn ara na wɔka kyerɛɛ me se, ‘Yɛ onyame bi ma yɛn na ɔnkyerɛ yɛn kwan na yennim nea ayɛ saa Mose a odii yɛn anim fii Misraim no.’ Enti me nso mekae se, ‘Munyiyi mo sikakɔkɔɔ nsonkaa mma me.’ Woyiyi de maa me na mede guu gya mu. Ɛne saa nantwi ba no!”

Mose huu sɛ Aaron ama nnipa no adan aguamammɔfo ama wɔn atamfo anya wɔn no, ogyinaa wɔn atenae hɔ pon no ano teɛɛ mu se, “Mo a mowɔ Awurade afa no, mommra me nkyɛn.” Lewifo no nyinaa kɔɔ ne nkyɛn.

Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Awurade Israel Nyankopɔn se, ‘Momfa mo afoa nhyehyɛ mo ho na munni mo atenae hɔ akɔneaba, na munkunkum mo nuanom, mo nnamfonom ne mo afipamfo.’ ” Enti wɔyɛɛ saa maa nnipa bɛyɛ mpensa totɔɔ da no. Afei, Mose ka kyerɛɛ Lewifo no se, “Nnɛ, moatu mo ho asi hɔ sɛ mobɛsom Awurade, efisɛ moayɛ osetie ama no ama mpo, monam so akunkum mo mma ne mo nuanom, enti obehyira mo bebree.”

Ade kyee anɔpa no, Mose ka kyerɛɛ nkurɔfo no se, “Moayɛ bɔne a ɛso bi mmaa da, nanso mɛsan akɔ Awurade nkyɛn wɔ bepɔw no so akɔhwɛ sɛ ebia, menya bɔnefakyɛ ama mo ana.”

Enti Mose san kɔɔ Awurade nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Ao, saa nnipa yi ayɛ bɔne a ɛso bi mmaa da, na wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ wɔn anyame. Enti meredi ama wɔn sɛ, fa wɔn bɔne kyɛ wɔn, na sɛ ɛnte saa nso a, pepa me din fi nhoma a woakyerɛw no mu.”

Awurade buaa Mose se, “Obiara a wayɛ me bɔne no, mɛpepa no afi me nhoma mu. Enti afei, kɔ na di nkurɔfo no anim kɔ baabi a mekyerɛɛ wo no na mehyɛ wo bɔ sɛ mɛma me bɔfo adi wʼanim; nanso sɛ mebɛsra nkurɔfo no a, mɛtwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne no ho.”

Na esiane sɛ nnipa no som Aaron nantwi ba no nti, ɔtew ɔyare guu wɔn so.

Read More of 2 Mose 32

2 Mose 33:1-6

Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Di saa nnipa a wode wɔn fi Misraim asase so no anim kɔ asase a mede hyɛɛ Abraham, Isak ne Yakob bɔ no so, efisɛ mekae se, ‘Mede saa asase yi bɛma wʼasefo.’ Mɛsoma ɔbɔfo adi wʼanim na wapam Kanaanfo, Amorifo, Hetifo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo. Ɛyɛ asase a ɛwo ne nufusu sen wɔ so. Na me ne mo rentu saa kwan no efisɛ moyɛ nnipa a mo aso yɛ den, na anyɛ a na makɔsɛe mo wɔ ɔkwan so.”

Nnipa yi tee saa nsɛnhyew yi no, wotwaa agyaadwo na wɔworɔworɔw wɔn ho nkaa ne nnwinne nyinaa. Awurade ka kyerɛɛ Mose se ɔnka nkyerɛ wɔn se, “Moyɛ nnipa a mo aso yɛ den. Na sɛ me ne mo tena bɛyɛ simma baako pɛ koraa mpo a, anyɛ a na matɔre mo ase. Monworɔworɔw mo nkaa ne mo nnwinne a mohyehyɛ no nyinaa na mehu nea mɛyɛ mo.” Eyi akyi no, obiara worɔw ne nnwinne wɔ Bepɔw Horeb so.

Read More of 2 Mose 33