Ɔsɛnkafo 1:1-18, Ɔsɛnkafo 2:1-26, Ɔsɛnkafo 3:1-22 AKCB

Ɔsɛnkafo 1:1-18

Biribiara Yɛ Adehuhuw

Eyinom ne nsɛm a Ɔsɛnkafo, ɔhene Dawid babarima a ɔyɛ ɔhene wɔ Yerusalem se:

“Ahuhude! Ahuhude!”

Ɔsɛnkafo no na ose.

“Ahuhude mu ahuhude

Biribiara yɛ ahuhude.”

Dɛn na onipa nya fi nʼadwumayɛ nyinaa mu,

nea okum ne ho yɛ no owia so no?

Awo ntoatoaso ba na ɛkɔ,

nanso asase tim hɔ daa.

Owia pue na owia kɔtɔ,

na ɛyɛ ntɛm kɔ nea epue fii hɔ no.

Mframa bɔ kɔ anafo fam

na ɛdan hwɛ atifi fam;

ekyinkyin kɔ baabiara,

na ɛsan bɔ fa ne kwan so.

Nsubɔnten nyinaa sen kogu po mu,

nanso po nyɛ ma da.

Faako a nsubɔnten no fi no

hɔ na wɔsan kɔ bio.

Biribiara yɛ ɔbrɛ

a ɛboro nea obi bɛka so.

Ani nhwɛ ade nwie da

na aso nso ntie nsɛm mma ɛnyɛ mma da.

Nea aba no bɛba bio,

nea wɔayɛ no, wɔbɛyɛ bio;

ade foforo biara nni owia yi ase.

Biribi wɔ hɔ a wobetumi aka wɔ ho se:

“Hwɛ! eyi yɛ ade foforo” ana?

Ɛwɔ hɔ dedaw fi tete nteredee;

ɛwɔ hɔ ansa na wɔwoo yɛn.

Wɔnkae tetefo no,

na wɔn a wonnya nnwoo wɔn no nso,

wɔn a wobedi wɔn akyi no

renkae wɔn.

Nimdeɛ Yɛ Ahuhude

Me, Ɔsɛnkafo, na meyɛ Israelhene wɔ Yerusalem. Mituu me ho sii hɔ sɛ mede nimdeɛ besua ayɛ nhwehwɛmu wɔ biribiara a wɔyɛ no owia yi ase ho. Adesoa duruduru a Onyankopɔn de ato adesamma so! Mahu biribiara a wɔyɛ no owia yi ase; ne nyinaa nka hwee, ɛte sɛnea obi tu mmirika taa mframa.

Nea akyea no wontumi nteɛ;

na nea enni hɔ no wontumi nkan.

Mekaa wɔ me tirim se, “Hwɛ, manyin na manya nimdeɛ bebree asen obiara a watena Yerusalem ahengua so ansa na merebedi ade. Manya nhumu ne nimdeɛ mu osuahu.” Afei meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛhwehwɛ na mate nimdeɛ, ne adammɔsɛm ne nkwaseasɛm ase. Nanso mihuu sɛ eyi nso te sɛnea obi tu mmirika taa mframa.

Nimdeɛ bebree de awerɛhow na ɛba;

nyansa dɔɔso a, awerɛhowdi dɔɔso.

Read More of Ɔsɛnkafo 1

Ɔsɛnkafo 2:1-26

Anigye Ne Adwuma Yɛ Ade Huhuw

Mekaa wɔ me koma mu se, “Afei bra, mede anigye bɛsɔ wo ahwɛ na yɛahu nea eye.” Nanso ankosi hwee. Mekae se, “Ɔserew yɛ nkwaseade. Na dɛn na anigye tumi yɛ?” Mepɛɛ sɛ mihu nea eye pa ara ma yɛn wɔ bere tiaa a yɛwɔ wɔ asase yi so no. Enti meyɛɛ mʼadwene sɛ mede nsa bɛsɛpɛw me ho na mahwehwɛ, ahu nkwaseasɛm nkyerɛase, a na nyansa da so bɔ mʼankasa mʼadwene ho ban.

Mede me nsa hyɛɛ nnwuma akɛse ase; misisii adan yɛɛ bobe nturo. Meyɛɛ nturo ne ahomegyebea na miduaduaa nnuaba ahorow bebree wɔ mu. Misisii nsukorae a mɛtwe nsu afi mu, de agugu nnua a ɛrenyin no so. Metɔɔ nkoa ne mfenaa, na minyaa ebinom nso a wɔwoo wɔn wɔ me fi. Afei nso, minyaa anantwi ne nguan bebree sen obiara a wadi mʼanim wɔ Yerusalem. Mepɛɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, gyigyee ahemfo ne amantam no ademude kaa ho. Mefaa mmarima ne mmea nnwontofo, pɛɛ mmea atenae nso; nea ɛyɛ ɔbarima koma anigyede biara. Migyee din sen obiara a wadi mʼanim wɔ Yerusalem. Eyinom nyinaa mu no me nimdeɛ kɔɔ so yɛɛ adwuma.

Nea mʼani hwehwɛe biara mamfa ankame no;

mansiw me koma anigye ho kwan.

Me koma ani gyee me nnwuma nyinaa ho,

na eyi yɛ mʼadwumayɛ so akatua.

Nanso sɛ mehwɛ nea me nsa ayɛ nyinaa

ne nea mabrɛ anya a,

ne nyinaa nka hwee, ɛte sɛnea wotu mmirika taa mframa

mannya mfaso biara wɔ owia yi ase.

Nimdeɛ Ne Nkwaseade Yɛ Ade Huhuw

Mede mʼadwene kɔɔ nimdeɛ,

adammɔsɛm ne nkwaseasɛm so.

Dɛn bio na nea wadi ɔhene ade betumi ayɛ

asen nea wɔayɛ dedaw no?

Mihuu sɛ nimdeɛ ye sen nkwaseasɛm,

sɛnea hann yɛ sen sum no.

Onyansafo ani wɔ ne tirim,

na ɔkwasea de, ɔnantew sum mu;

nanso mihuu sɛ

wɔn nyinaa nkrabea yɛ pɛ.

Afei misusuw wɔ me koma mu se,

“Ɔkwasea nkrabea bɛto me nso.

Enti sɛ mihu nyansa a mfaso bɛn na minya?”

Mekaa wɔ me koma mu se,

“Eyi nso nka hwee.”

Te sɛ ɔkwasea no, onyansafo nso, wɔrenkae no daa;

nna a ɛreba no mu, wɔrenkae wɔn baanu no.

Te sɛ ɔkwasea no, onyansafo nso bewu!

Adwumayɛ Nka Hwee

Ɛno nti asetena fonoo me, na adwuma a yɛyɛ wɔ owia yi ase no haw me. Ne nyinaa yɛ ahuhude, te sɛnea wotu mmirika taa mframa. Mikyii nea mayɛ adwuma apɛ nyinaa wɔ owia yi ase, efisɛ ɛsɛ sɛ migyaw hɔ ma nea obedi mʼade. Na hena na onim sɛ onipa ko no bɛyɛ onyansafo anaa ɔkwasea? Nanso nea mabiri me mogya ani apɛ wɔ owia yi ase nyinaa bɛkɔ ne nsam. Eyi nso yɛ ahuhude. Enti mepaa abaw wɔ owia yi ase adwumaden ho. Na onipa befi ne nimdeɛ, nyansa ne adwumayɛ ho nimdeɛ mu ayɛ nʼasɛde, na afei ɛsɛ sɛ ogyaw nʼadwumayɛ so aba ma obi a ɔnyɛɛ adwuma biara. Eyi nso yɛ ahuhude, na ɛhaw adwene. Dɛn na onipa nya fi ne brɛ ne dadwen a ɔde yɛ adwuma wɔ owia yi ase mu? Ne nkwanna nyinaa, nʼadwumayɛ yɛ ɔyaw ne ɔhaw; anadwo mpo nʼadwene yɛ adwuma. Eyi nso yɛ ahuhude.

Biribiara nsen sɛ onipa bedidi na wanom na wanya ahotɔ wɔ adwumayɛ mu. Eyi nso mihuu sɛ efi Onyankopɔn, efisɛ ɛnyɛ ɔno a anka hena na obetumi adidi anaasɛ obenya ahotɔ? Onipa a ɔsɔ Onyankopɔn ani no, ɔma no nimdeɛ, nyansa ne anigye, nanso omumɔyɛfo de, ɔma ɔboaboa ahonyade ano ma nea ɔsɔ Onyankopɔn ani. Eyi nso yɛ ahuhude, sɛnea wɔde mmirikatu taa mframa no.

Read More of Ɔsɛnkafo 2

Ɔsɛnkafo 3:1-22

Biribiara Wɔ Ne Bere

Biribiara wɔ ne bere,

na dwumadi biara a ɛwɔ ɔsoro ase wɔ ne bere.

Awo wɔ ne bere, na owu wɔ ne bere,

ogu wɔ ne bere na otwa nso wɔ ne bere,

okum wɔ ne bere na ayaresa wɔ ne bere,

obubu wɔ ne bere, na osi nso wɔ ne bere,

agyaadwotwa wɔ ne bere, na ɔserew nso wɔ ne bere,

awerɛhow wɔ ne bere na asaw wɔ ne bere,

abo hwete wɔ ne bere na abo anoboa wɔ ne bere,

atuuyɛ wɔ ne bere na ne ntetewmudi nso wɔ ne bere,

adehwehwɛ wɔ ne bere na adehwere wɔ ne bere,

adekora wɔ ne bere na adetowgu wɔ ne bere,

ade mu sunsuane wɔ ne bere na ne pempam wɔ ne bere,

kommyɛ wɔ ne bere na kasa wɔ ne bere,

ɔdɔ wɔ ne bere na ɔtan wɔ ne bere,

ɔko wɔ ne bere na asomdwoe wɔ ne bere.

Mfaso bɛn na odwumayɛni nya fi nʼadwumaden mu? Mahu adesoa a Onyankopɔn de ato nnipa so. Wayɛ biribiara fɛfɛ wɔ ne bere mu. Ɔde nkwa a ɛnsa da ahyɛ nnipa koma mu, nanso wontumi nte nea Onyankopɔn ayɛ fi mfiase kosi awiei no ase. Minim sɛ biribiara nni hɔ a eye ma nnipa kyɛn sɛ wobegye wɔn ani na wɔayɛ nea eye bere a wɔte ase. Sɛ obiara bedidi na wanom na wanya anigye wɔ ne dwumadi nyinaa mu, eyi ne Onyankopɔn akyɛde. Minim sɛ biribiara a Onyankopɔn yɛ no bɛtena hɔ daa, wɔrentumi mfa biribi nka ho na wɔrentumi nyi biribi mfi mu. Onyankopɔn yɛ eyi sɛnea nnipa de nidi bɛma no.

Biribiara a ɛwɔ hɔ nnɛ no, aba pɛn,

na nea ɛbɛba no nso aba dedaw;

na Onyankopɔn bɛfrɛ nea asi dedaw no ama akontaabu.

Na mihuu biribi foforo wɔ owia yi ase sɛ:

Amumɔyɛsɛm wɔ nea atemmu wɔ,

atɛntreneebea no, amumɔyɛsɛm wɔ hɔ.

Medwenee wɔ me koma mu se,

“Onyankopɔn bebu

atreneefo ne amumɔyɛfo nyinaa atɛn,

efisɛ adwuma biara benya ne bere,

nneyɛe biara ne ne bere.”

Afei medwenee se, “Nnipa de, Onyankopɔn sɔ wɔn hwɛ ma wohu sɛ wɔte sɛ mmoa. Onipa nkrabea te sɛ mmoa de na ɛda hɔ ma wɔn nyinaa. Sɛnea ɔbaako wu no, saa ara na ɔfoforo nso wu. Wɔn nyinaa wɔ ɔhome baako; onipa nni biribi a ɔde kyɛn aboa. Biribiara yɛ ahuhude. Wɔn nyinaa kɔ faako; wɔn nyinaa fi dɔte mu na wɔsan kɔ dɔte mu. Hena na onim sɛ onipa honhom foro soro na aboa de sian kɔ asase mu ana?”

Enti mihuu sɛ biribiara nni hɔ a eye ma onipa kyɛn sɛ nʼani bɛka nʼadwuma ho, efisɛ ɛno ne ne kyɛfa. Na hena na obetumi de no asan aba sɛ ɔmmɛhwɛ nea ebesi ne wu nʼakyi?

Read More of Ɔsɛnkafo 3