Ɔsɛnkafo 2 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Ɔsɛnkafo 2:1-26

Anigye Ne Adwuma Yɛ Ade Huhuw

1Mekaa wɔ me koma mu se, “Afei bra, mede anigye bɛsɔ wo ahwɛ na yɛahu nea eye.” Nanso ankosi hwee. 2Mekae se, “Ɔserew yɛ nkwaseade. Na dɛn na anigye tumi yɛ?” 3Mepɛɛ sɛ mihu nea eye pa ara ma yɛn wɔ bere tiaa a yɛwɔ wɔ asase yi so no. Enti meyɛɛ mʼadwene sɛ mede nsa bɛsɛpɛw me ho na mahwehwɛ, ahu nkwaseasɛm nkyerɛase, a na nyansa da so bɔ mʼankasa mʼadwene ho ban.

4Mede me nsa hyɛɛ nnwuma akɛse ase; misisii adan yɛɛ bobe nturo. 5Meyɛɛ nturo ne ahomegyebea na miduaduaa nnuaba ahorow bebree wɔ mu. 6Misisii nsukorae a mɛtwe nsu afi mu, de agugu nnua a ɛrenyin no so. 7Metɔɔ nkoa ne mfenaa, na minyaa ebinom nso a wɔwoo wɔn wɔ me fi. Afei nso, minyaa anantwi ne nguan bebree sen obiara a wadi mʼanim wɔ Yerusalem. 8Mepɛɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, gyigyee ahemfo ne amantam no ademude kaa ho. Mefaa mmarima ne mmea nnwontofo, pɛɛ mmea atenae nso; nea ɛyɛ ɔbarima koma anigyede biara. 9Migyee din sen obiara a wadi mʼanim wɔ Yerusalem. Eyinom nyinaa mu no me nimdeɛ kɔɔ so yɛɛ adwuma.

10Nea mʼani hwehwɛe biara mamfa ankame no;

mansiw me koma anigye ho kwan.

Me koma ani gyee me nnwuma nyinaa ho,

na eyi yɛ mʼadwumayɛ so akatua.

11Nanso sɛ mehwɛ nea me nsa ayɛ nyinaa

ne nea mabrɛ anya a,

ne nyinaa nka hwee, ɛte sɛnea wotu mmirika taa mframa

mannya mfaso biara wɔ owia yi ase.

Nimdeɛ Ne Nkwaseade Yɛ Ade Huhuw

12Mede mʼadwene kɔɔ nimdeɛ,

adammɔsɛm ne nkwaseasɛm so.

Dɛn bio na nea wadi ɔhene ade betumi ayɛ

asen nea wɔayɛ dedaw no?

13Mihuu sɛ nimdeɛ ye sen nkwaseasɛm,

sɛnea hann yɛ sen sum no.

14Onyansafo ani wɔ ne tirim,

na ɔkwasea de, ɔnantew sum mu;

nanso mihuu sɛ

wɔn nyinaa nkrabea yɛ pɛ.

15Afei misusuw wɔ me koma mu se,

“Ɔkwasea nkrabea bɛto me nso.

Enti sɛ mihu nyansa a mfaso bɛn na minya?”

Mekaa wɔ me koma mu se,

“Eyi nso nka hwee.”

16Te sɛ ɔkwasea no, onyansafo nso, wɔrenkae no daa;

nna a ɛreba no mu, wɔrenkae wɔn baanu no.

Te sɛ ɔkwasea no, onyansafo nso bewu!

Adwumayɛ Nka Hwee

17Ɛno nti asetena fonoo me, na adwuma a yɛyɛ wɔ owia yi ase no haw me. Ne nyinaa yɛ ahuhude, te sɛnea wotu mmirika taa mframa. 18Mikyii nea mayɛ adwuma apɛ nyinaa wɔ owia yi ase, efisɛ ɛsɛ sɛ migyaw hɔ ma nea obedi mʼade. 19Na hena na onim sɛ onipa ko no bɛyɛ onyansafo anaa ɔkwasea? Nanso nea mabiri me mogya ani apɛ wɔ owia yi ase nyinaa bɛkɔ ne nsam. Eyi nso yɛ ahuhude. 20Enti mepaa abaw wɔ owia yi ase adwumaden ho. 21Na onipa befi ne nimdeɛ, nyansa ne adwumayɛ ho nimdeɛ mu ayɛ nʼasɛde, na afei ɛsɛ sɛ ogyaw nʼadwumayɛ so aba ma obi a ɔnyɛɛ adwuma biara. Eyi nso yɛ ahuhude, na ɛhaw adwene. 22Dɛn na onipa nya fi ne brɛ ne dadwen a ɔde yɛ adwuma wɔ owia yi ase mu? 23Ne nkwanna nyinaa, nʼadwumayɛ yɛ ɔyaw ne ɔhaw; anadwo mpo nʼadwene yɛ adwuma. Eyi nso yɛ ahuhude.

24Biribiara nsen sɛ onipa bedidi na wanom na wanya ahotɔ wɔ adwumayɛ mu. Eyi nso mihuu sɛ efi Onyankopɔn, 25efisɛ ɛnyɛ ɔno a anka hena na obetumi adidi anaasɛ obenya ahotɔ? 26Onipa a ɔsɔ Onyankopɔn ani no, ɔma no nimdeɛ, nyansa ne anigye, nanso omumɔyɛfo de, ɔma ɔboaboa ahonyade ano ma nea ɔsɔ Onyankopɔn ani. Eyi nso yɛ ahuhude, sɛnea wɔde mmirikatu taa mframa no.