Daniel 9:20-27, Daniel 10:1-21, Daniel 11:1 AKCB

Daniel 9:20-27

Gabriel Kyerɛ Daniel Anisoadehu No Ase

Bere a merekasa na merebɔ mpae, na mereka me ne me nkurɔfo Israelfo bɔne akyerɛ, na mede mʼadesrɛ reto Awurade me Nyankopɔn anim ama ne bepɔw kronkron no, na migu so rebɔ mpae no, Gabriel a mihuu no kan anisoadehu mu no de ahoɔhare baa me nkyɛn bɛyɛ anwummere afɔrebɔ bere mu. Ɔkyerɛkyerɛɛ me se, “Daniel, maba ha sɛ merebrɛ wo nhumu ne ntease. Wufii ase sɛ worebɔ mpae pɛ no, mmuae bae, na maba sɛ merebɛka akyerɛ wo, efisɛ, wobu wo yiye. Enti dwene asɛm no ho na te anisoadehu no ase.

“ ‘Mmere aduɔson ahorow ason’ na wɔahyɛ ama wo nkurɔfo ne wo kuropɔn kronkron no sɛ wɔmfa nnyae mmarato, na wontwa bɔneyɛ so, na wɔmpata atirimɔden, na trenee a to ntwa da mmra, na wɔnsɔw anisoadehu ne nkɔmhyɛ ano, na wɔnsra Kronkron mu Kronkronbea hɔ ngo.

“Tie na te eyi ase: Efi bere a asɛm no bɛkɔ ama wɔasi Yerusalem ayɛ no foforo, kosi sɛ Nea Wɔasra no Ngo no bɛba no bɛyɛ mmere ason ahorow ‘ason’, ne aduosia abien ahorow ‘ason.’ Wobeyiyi mmorɔn ne akwan na wɔayɛ bammɔ a ɛyɛ den, nanso ɛbɛyɛ ahohiahia bere mu. Mmere aduosia abien ahorow ason akyi no, wobekum Nea Wɔasra no ngo no a wɔrennya ne ho asɛm biara. Ɔhene a ɔbɛba no nkurɔfo bɛba abɛsɛe kuropɔn ne kronkronbea no. Awiei no bɛba sɛ nsuyiri, na ɔko ne mu ahoyeraw bɛba akosi awiei sɛnea wɔahyɛ no. Ɔbɛhoro ɔno ne nnipa bebree ntam apam so dua wɔ mmere ‘ason’ baako mu. Na mmere ‘ason’ no mfimfini no, obegyae afɔrebɔ ne ayɛyɛdema. Obedua abusude a ɛde ɔsɛe bɛba wɔ asɔredan no mu, kosi sɛ awiei a wɔahyɛ no behwie agu ne so.”

Read More of Daniel 9

Daniel 10:1-21

Daniel Hu Ɔbɔfo Wɔ Anisoadehu Mu

Persiahene Kores adedi afe a ɛto so abiɛsa mu no, woyii asɛm bi adi kyerɛɛ Daniel (a na wɔfrɛ no Beltesasar). Na nkra no yɛ nokware, na ɛfa ɔko kɛse bi ho. Onyaa nkra no nkyerɛase wɔ anisoadehu mu.

Saa bere no, me, Daniel, midii awerɛhow nnaawɔtwe abiɛsa. Manni aduan pa biara. Nam anaa nsa biara anka mʼano, na mamfa sradehuam ansra kosii nnaawɔtwe abiɛsa no awiei.

Ɔsram a edi kan no, da a ɛto so aduonu anan, bere a migyina asubɔnten kɛse Tigris konkɔn so no, memaa mʼani so na mihuu ɔbarima bi a ofura nweratam. Na ɔbɔ sikakɔkɔɔ ankasa abɔso a efi Ufas wɔ nʼasen mu. Ne nipadua no te sɛ aboɔdemmo. Nʼanim te sɛ anyinam, nʼani te sɛ ogyatɛn a ɛredɛw, ne nsa ne nʼanan te sɛ ayowa a wɔabere ho hyerɛnn, na ne nne nso te sɛ nnipakuw nnyigyei.

Me, Daniel nko ara na minyaa saa anisoadehu no; nnipa a na wɔka me ho no anhu hwee. Ehu kɛse bi bɔɔ wɔn ma wuguan kohintawee. Enti ɛkaa me nko ara a merehwɛ anisoadehu kɛse yi. Na mʼahoɔden asa, mʼanim hoaee; afei na minni ɔboafo biara. Na metee sɛ ɔrekasa; na meretie no no, mefaa mu daa nnahɔɔ a mʼanim butuw fam.

Nsa bi soo me mu, maa me a me nsa ne me kotodwe rewosow biribiribiri no so. Ɔkae se, “Daniel, wo a wobu wo yiye, dwene nsɛm a merebɛka akyerɛ wo yi ho. Gyina pintinn, na wɔasoma me wɔ wo nkyɛn.” Ɔkaa saa asɛm yi kyerɛɛ me no, mede ahopopo sɔree.

Afei ɔkɔɔ so kae se, “Nsuro, Daniel. Efi da a edi kan a wopɛɛ sɛ wote anisoadehu no ase na wobrɛɛ wo ho ase wɔ wo Nyankopɔn anim no, na ɔtee wo nsɛm, na ɛno nti na maba yi. Nanso ɔhene babarima a ofi Persia ahenni mu siw me kwan nnafua aduonu baako. Afei, Mikael a ɔyɛ ahenemma atitiriw no mu baako bɛboaa me, efisɛ na wɔde me asie wɔ Persia hene nkyɛn. Mprempren, maba sɛ merebɛkyerɛkyerɛ wo nea ɛbɛba wo nkurɔfo so daakye, efisɛ saa anisoadehu yi fa bere bi a ɛrebɛba ho.”

Bere a ɔreka eyi akyerɛ me no, mebɔɔ me mu ase, na metɔɔ mum. Afei obi a ɔte sɛ onipa de ne saa kaa mʼano, na mibuee mʼano, fii ase kasae. Meka kyerɛɛ nea ogyina mʼanim no se, “Anisoadehu no ama me ho adwiriw me, me wura, na minni ɔboafo biara. Ɛbɛyɛ dɛn na wʼakoa betumi ne wo akasa, me wura? Mʼahoɔden asa, na mintumi nhome.”

Nea ɔte sɛ onipa no de ne nsa kaa me bio, na ɔmaa me ahoɔden. Ɔka kyerɛɛ me se, “Nsuro, wo a wobu wo bebree. Asomdwoe nka wo. Hyɛ wo ho den. Yɛ den.”

Ɔkasa kyerɛɛ me no, minyaa ahoɔden na mekae se, “Sɛ woama me ahoɔden yi, kasa, me wura.”

Enti obisae se, “Wunim nea enti a maba wo nkyɛn? Ɛrenkyɛ, mɛsan akɔ na me ne Persia ɔhenebabarima akɔko, na sɛ mekɔ a, Hela ɔhenebabarima bɛba; nanso, medi kan aka nea wɔakyerɛw wɔ Nokware Nhoma no mu no akyerɛ wo. (Obiara nni mʼafa a ɔko tia wɔn, gye sɛ Mikael a ɔyɛ wo hene babarima no.

Read More of Daniel 10

Daniel 11:1

Na Mediani Dario ahenni afe a edi kan no, misii gyinae sɛ megyina nʼakyi na mabɔ ne ho ban.)

Read More of Daniel 11