Daniel 10 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Daniel 10:1-21

Daniel Hu Ɔbɔfo Wɔ Anisoadehu Mu

1Persiahene Kores adedi afe a ɛto so abiɛsa mu no, woyii asɛm bi adi kyerɛɛ Daniel (a na wɔfrɛ no Beltesasar). Na nkra no yɛ nokware, na ɛfa ɔko kɛse bi ho. Onyaa nkra no nkyerɛase wɔ anisoadehu mu.

2Saa bere no, me, Daniel, midii awerɛhow nnaawɔtwe abiɛsa. 3Manni aduan pa biara. Nam anaa nsa biara anka mʼano, na mamfa sradehuam ansra kosii nnaawɔtwe abiɛsa no awiei.

4Ɔsram a edi kan no, da a ɛto so aduonu anan, bere a migyina asubɔnten kɛse Tigris konkɔn so no, 5memaa mʼani so na mihuu ɔbarima bi a ofura nweratam. Na ɔbɔ sikakɔkɔɔ ankasa abɔso a efi Ufas wɔ nʼasen mu. 6Ne nipadua no te sɛ aboɔdemmo. Nʼanim te sɛ anyinam, nʼani te sɛ ogyatɛn a ɛredɛw, ne nsa ne nʼanan te sɛ ayowa a wɔabere ho hyerɛnn, na ne nne nso te sɛ nnipakuw nnyigyei.

7Me, Daniel nko ara na minyaa saa anisoadehu no; nnipa a na wɔka me ho no anhu hwee. Ehu kɛse bi bɔɔ wɔn ma wuguan kohintawee. 8Enti ɛkaa me nko ara a merehwɛ anisoadehu kɛse yi. Na mʼahoɔden asa, mʼanim hoaee; afei na minni ɔboafo biara. 9Na metee sɛ ɔrekasa; na meretie no no, mefaa mu daa nnahɔɔ a mʼanim butuw fam.

10Nsa bi soo me mu, maa me a me nsa ne me kotodwe rewosow biribiribiri no so. 11Ɔkae se, “Daniel, wo a wobu wo yiye, dwene nsɛm a merebɛka akyerɛ wo yi ho. Gyina pintinn, na wɔasoma me wɔ wo nkyɛn.” Ɔkaa saa asɛm yi kyerɛɛ me no, mede ahopopo sɔree.

12Afei ɔkɔɔ so kae se, “Nsuro, Daniel. Efi da a edi kan a wopɛɛ sɛ wote anisoadehu no ase na wobrɛɛ wo ho ase wɔ wo Nyankopɔn anim no, na ɔtee wo nsɛm, na ɛno nti na maba yi. 13Nanso ɔhene babarima a ofi Persia ahenni mu siw me kwan nnafua aduonu baako. Afei, Mikael a ɔyɛ ahenemma atitiriw no mu baako bɛboaa me, efisɛ na wɔde me asie wɔ Persia hene nkyɛn. 14Mprempren, maba sɛ merebɛkyerɛkyerɛ wo nea ɛbɛba wo nkurɔfo so daakye, efisɛ saa anisoadehu yi fa bere bi a ɛrebɛba ho.”

15Bere a ɔreka eyi akyerɛ me no, mebɔɔ me mu ase, na metɔɔ mum. 16Afei obi a ɔte sɛ onipa de ne saa kaa mʼano, na mibuee mʼano, fii ase kasae. Meka kyerɛɛ nea ogyina mʼanim no se, “Anisoadehu no ama me ho adwiriw me, me wura, na minni ɔboafo biara. 17Ɛbɛyɛ dɛn na wʼakoa betumi ne wo akasa, me wura? Mʼahoɔden asa, na mintumi nhome.”

18Nea ɔte sɛ onipa no de ne nsa kaa me bio, na ɔmaa me ahoɔden. 19Ɔka kyerɛɛ me se, “Nsuro, wo a wobu wo bebree. Asomdwoe nka wo. Hyɛ wo ho den. Yɛ den.”

Ɔkasa kyerɛɛ me no, minyaa ahoɔden na mekae se, “Sɛ woama me ahoɔden yi, kasa, me wura.”

20Enti obisae se, “Wunim nea enti a maba wo nkyɛn? Ɛrenkyɛ, mɛsan akɔ na me ne Persia ɔhenebabarima akɔko, na sɛ mekɔ a, Hela ɔhenebabarima bɛba; 21nanso, medi kan aka nea wɔakyerɛw wɔ Nokware Nhoma no mu no akyerɛ wo. (Obiara nni mʼafa a ɔko tia wɔn, gye sɛ Mikael a ɔyɛ wo hene babarima no.