2 Samuel 15:13-37, 2 Samuel 16:1-14 AKCB

2 Samuel 15:13-37

Dawid Guan Fi Yerusalem

Ankyɛ, ɔbɔfo bi baa Yerusalem bɛka kyerɛɛ ɔhene Dawid se, “Israel nyinaa atu di Absalom akyi sɛ wɔayɛ adɔm atia wo.”

Ɛhɔ ara, Dawid ka kyerɛɛ ne mmarima se, “Monyɛ no ntɛm na yenguan mfi ha, ansa na wadu ha, sɛnea amanehunu bɛpare yɛn ne Yerusalem kurow mu no nyinaa.”

Nʼafotufo no buae se, “Yegyina wʼakyi. Biribiara a wugye di sɛ eye no, yɛ.”

Enti ɔhene no ne ne fifo sii mu kɔɔ prɛko pɛ a wannyaw biribiara wɔ akyi sɛ ne mpenanom du bi a wɔbɛhwɛ nʼahemfi no so. Ɔhene no ne ne nkurɔfo no faa fam, na wɔfaa kuropɔn no fa bi, maa Dawid asraafo no betwaa wɔn ho dii wɔn anim. Nnipa a wɔkaa Dawid ho kɔe no yɛ Gitifo ahansia a wofi Gat a ne bammɔfo nso ka ho.

Na ɔhene no bisaa Gatni Itai a ɔyɛ ɔsafohene no se, “Adɛn nti na woka yɛn ho rekɔ? San kɔka wo nkurɔfo ho, na monkɔ ɔhene Absalom nkyɛn, efisɛ woyɛ ɔhɔho wɔ Israel ne ɔmamfrani a wɔatwa wo asu. Wuduu ha nnɛra nko ara. Na ɛsɛ sɛ mehyɛ wo na wo ne yɛn kyin ana? Me mpo, minnim baabi a yɛbɛkɔ. San wʼakyi na kɔfa wo asraafo ka wo ho, na Awurade nkyerɛ wo ne dɔ ne ne nokware.”

Nanso Itai ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Mede Awurade din ne wo ara wo nkwa ka ntam se, baabiara a wobɛkɔ no, mɛkɔ bi a nea ebesi biara mfa me ho; sɛ ɛyɛ nkwa anaa owu.”

Dawid buaa no se, “Eye, ka yɛn ho.” Ɛno nti, Itai ne ne mmarima ahansia ne wɔn fifo kaa wɔn ho kɔe.

Awerɛhow kɛse sii asase no so, bere a ɔhene ne nʼakyidifo retwa mu no. Wotwaa Kidron Bon no de wɔn ani kyerɛɛ sare so.

Abiatar ne Sadok ne Lewifo no faa Apam Adaka no, na wɔde sii kwankyɛn. Na wɔbɔɔ afɔre wɔ hɔ kosii sɛ obiara senee.

Na ɔhene no ka kyerɛɛ Sadok se, “San fa Onyankopɔn Adaka no kɔ kuropɔn no mu. Sɛ minya Awurade anim adom a, ɔbɛsan de me aba ama mahu Adaka no ne ne ntamadan no bio. Nanso sɛ ɔka se, ‘Mʼani nnye wo ho’ a mepɛ, ma ɔmfa me mfa ɔkwan a onim sɛ eye ma no no so.”

Na ɔhene no ka kyerɛɛ ɔsɔfo Sadok se, “Me nhyehyɛe ni: Wo ne Abiatar nyɛ komm nsan nkɔ kuropɔn no mu a wo babarima Ahimaas ne Yonatan a ɔyɛ Abiatar babarima ka ho. Mɛtwɛn wɔ faako a wotwa Asubɔnten Yordan kɔ sare no so hɔ akosi sɛ mɛte mo nkra. Momma mente asɛm a ebesi wɔ Yerusalem, ansa na makɔ sare so.” Enti Sadok ne Abiatar faa Onyankopɔn Adaka no de san kɔɔ Yerusalem, na wɔtenaa hɔ.

Dawid faa ɔkwan a ɛkɔ Ngo Bepɔw so no so a ɔrekɔ no nyinaa, na ɔretwa adwo. Na wakata ne ti so, na ne nan sisi fam saa ara a ɛkyerɛ awerɛhowdi. Na nnipa a wɔka ne ho no nso katakataa wɔn ti so, twaa adwo bere a wogu so reforo bepɔw no. Bere a obi ka kyerɛɛ Dawid se, afei de ne fotufo Ahitofel taa Absalom akyi no, Dawid bɔɔ mpae se, “Awurade, ma Ahitofel afotu nnan nkwaseasɛm.”

Woduu Ngo Bepɔw no atifi baabi a nnipa som Onyankopɔn no, Dawid huu Husai a ofi Arki a ɔretwɛn no. Na Husai asunsuan nʼatade mu, de dɔte asra ne tirim, de kyerɛ awerɛhowdi. Na Dawid ka kyerɛɛ no se, “Sɛ wo ne me kɔ a, wobɛyɛ adesoa ama me. San kɔ Yerusalem, na ka kyerɛ Absalom se, ‘Afei, mɛyɛ wo fotufo sɛnea da bi hɔ no na meyɛ wʼagya fotufo no.’ Ɛba saa a, wubetumi atia Ahitofel afotu mu, asɛe no. Asɔfo Sadok ne Abiatar wɔ hɔ. Ka adwene a wɔafa wɔ me ho, pɛ sɛ wɔkyere me no kyerɛ wɔn, na wɔbɛsoma wɔn mmabarima Ahimaas ne Yonatan na wɔabɛhwehwɛ me, aka nea ɛrekɔ so akyerɛ me.”

Enti Dawid adamfo Husai san kɔɔ Yerusalem, koduu hɔ bere koro a Absalom nso duu hɔ no mu.

Read More of 2 Samuel 15

2 Samuel 16:1-14

Dawid Ne Siba

Dawid sian bepɔw no pɛ na ɔne Mefiboset somfo Siba hyiae. Na ɔwɔ mfurum abien a wɔahyehyɛ brodo mua ahannu, bobe aba a wɔabɔ no atɔwatɔw ɔha ne nsa nhoma kotoku ma wɔ wɔn so. Ɔhene no bisaa Siba se, “Na eyinom nso ɛ?” Na Siba buae se, “Mfurum no, mo nkurɔfo ntena wɔn so, na brodo no ne aduaba no, wɔmfa mma mmerante no na wonni. Na nsa no nso, momfa nkɔ sare so hɔ, na wɔn a ɔbrɛ nti wɔbɛtɔ beraw no anom.”

Na ɔhene no bisaa no se, “Na Mefiboset wɔ he?” Siba buae se, “Ɔkaa Yerusalem. Ɔkae se, ‘Nnɛ, mɛsan agye me nena Saulo ahemman no.’ ”

Ɔhene no ka kyerɛɛ Siba se, “Sɛ saa na ɛte de a, mede biribiara a ɛyɛ Mefiboset dea no rema wo.”

Siba buae se, “Meda wo ase awura. Bere biara, biribiara a wobɛka akyerɛ me sɛ menyɛ no, mɛyɛ.”

Simei Dome Dawid

Bere a ɔhene Dawid ne ne nkurɔfo retwa mu wɔ Bahurim no, ɔbarima bi pue fii akuraa no ase bɛdomee wɔn. Na saa ɔbarima no din de Simei, Gera a ɔyɛ Saulo busuani babarima. Ɔpaa Dawid ne ne mpanyimfo ne asraafo a wɔatwa wɔn ho ahyia no nyinaa abo. Ɔteɛɛ mu guu Dawid so se, “Fi ha kɔ! Mogyapɛfo a ɔte sɛ wo! Ohuhuni! Awurade atua wo ka sɛ wuhwiee Saulo ne ne fifo mogya gui. Wuwiaa nʼahengua, na afei Awurade de ahemman no ahyɛ wo babarima Absalom nsa. Wobɛnom wʼankasa wʼaduru, mogyapɛfo.”

Na Seruia babarima Abisai bisaa ɔhene no se, “Adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔkraman funu yi tumi dome me wura ɔhene? Ma menkɔ na minkotwa ne ti.”

Nanso ɔhene no kae se, “Dɛn na me ne mo Seruia mmabarima bɛyɛ? Sɛ Awurade aka akyerɛ no se, ɔnnome me a, me ne hena a metumi aka akyerɛ no se onnyae?”

Na Dawid ka kyerɛɛ Abisai ne ne mpanyimfo se, “Me babarima a ɔyɛ mʼankasa mogya pɛ sɛ okum me. Na dɛn na esiw Saulo busuani ho kwan sɛ ɔnyɛ saa ara. Munnyaa no, momma ɔnnome, efisɛ Awurade na waka akyerɛ no se ɔnyɛ saa. Ebia Awurade behu sɛ wɔreyɛ me bɔne, na ɔde papa atua me nnome a me nsa aka no nnɛ yi no so ka.”

Enti Dawid ne ne mmarima toaa so kɔɔ wɔn kwan a saa bere no, na Simei nso nam bepɔw bi a ɛbɛn wɔn so. Ɔrekɔ no nyinaa, na ɔredome, totow abo bɔ Dawid, tu mfutuma gu wim. Ɔhene ne ne nkurɔfo nyinaa brɛɛ wɔ ɔkwan so nti, woduu Asubɔnten Yordan ho no, wogyee wɔn ahome.

Read More of 2 Samuel 16