2 Samuel 16 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Samuel 16:1-23

Dawid Ne Siba

1Dawid sian bepɔw no pɛ na ɔne Mefiboset somfo Siba hyiae. Na ɔwɔ mfurum abien a wɔahyehyɛ brodo mua ahannu, bobe aba a wɔabɔ no atɔwatɔw ɔha ne nsa nhoma kotoku ma wɔ wɔn so. 2Ɔhene no bisaa Siba se, “Na eyinom nso ɛ?” Na Siba buae se, “Mfurum no, mo nkurɔfo ntena wɔn so, na brodo no ne aduaba no, wɔmfa mma mmerante no na wonni. Na nsa no nso, momfa nkɔ sare so hɔ, na wɔn a ɔbrɛ nti wɔbɛtɔ beraw no anom.”

3Na ɔhene no bisaa no se, “Na Mefiboset wɔ he?” Siba buae se, “Ɔkaa Yerusalem. Ɔkae se, ‘Nnɛ, mɛsan agye me nena Saulo ahemman no.’ ”

4Ɔhene no ka kyerɛɛ Siba se, “Sɛ saa na ɛte de a, mede biribiara a ɛyɛ Mefiboset dea no rema wo.”

Siba buae se, “Meda wo ase awura. Bere biara, biribiara a wobɛka akyerɛ me sɛ menyɛ no, mɛyɛ.”

Simei Dome Dawid

5Bere a ɔhene Dawid ne ne nkurɔfo retwa mu wɔ Bahurim no, ɔbarima bi pue fii akuraa no ase bɛdomee wɔn. Na saa ɔbarima no din de Simei, Gera a ɔyɛ Saulo busuani babarima. 6Ɔpaa Dawid ne ne mpanyimfo ne asraafo a wɔatwa wɔn ho ahyia no nyinaa abo. 7Ɔteɛɛ mu guu Dawid so se, “Fi ha kɔ! Mogyapɛfo a ɔte sɛ wo! Ohuhuni! 8Awurade atua wo ka sɛ wuhwiee Saulo ne ne fifo mogya gui. Wuwiaa nʼahengua, na afei Awurade de ahemman no ahyɛ wo babarima Absalom nsa. Wobɛnom wʼankasa wʼaduru, mogyapɛfo.”

9Na Seruia babarima Abisai bisaa ɔhene no se, “Adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔkraman funu yi tumi dome me wura ɔhene? Ma menkɔ na minkotwa ne ti.”

10Nanso ɔhene no kae se, “Dɛn na me ne mo Seruia mmabarima bɛyɛ? Sɛ Awurade aka akyerɛ no se, ɔnnome me a, me ne hena a metumi aka akyerɛ no se onnyae?”

11Na Dawid ka kyerɛɛ Abisai ne ne mpanyimfo se, “Me babarima a ɔyɛ mʼankasa mogya pɛ sɛ okum me. Na dɛn na esiw Saulo busuani ho kwan sɛ ɔnyɛ saa ara. Munnyaa no, momma ɔnnome, efisɛ Awurade na waka akyerɛ no se ɔnyɛ saa. 12Ebia Awurade behu sɛ wɔreyɛ me bɔne, na ɔde papa atua me nnome a me nsa aka no nnɛ yi no so ka.”

13Enti Dawid ne ne mmarima toaa so kɔɔ wɔn kwan a saa bere no, na Simei nso nam bepɔw bi a ɛbɛn wɔn so. Ɔrekɔ no nyinaa, na ɔredome, totow abo bɔ Dawid, tu mfutuma gu wim. 14Ɔhene ne ne nkurɔfo nyinaa brɛɛ wɔ ɔkwan so nti, woduu Asubɔnten Yordan ho no, wogyee wɔn ahome.

Ahitofel Ma Absalom Afotu

15Absalom ne Israel mmarima nyinaa baa Yerusalem a Ahitofel ka wɔn ho. 16Na Husai a ofi Arki a ɔyɛ Dawid adamfo no, kɔɔ Absalom nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Ɔhene nkwa so! Ɔhene nkwa so!”

17Na Absalom bisaa Husai se, “Eyi ne ɔkwan a wode wʼadamfo Dawid fa so? Adɛn nti na wo ne wʼadamfo ankɔ?”

18Husai ka kyerɛɛ Absalom se, “Mewɔ ha efisɛ meyɛ adwuma ma ɔbarima a Awurade ne Israel ayi no. 19Nea ɛka ho bio ne sɛ, hena na ɛsɛ sɛ mesom no? Sɛnea mesom wʼagya no, saa ara na mɛsom wo.”

20Absalom dan ne ho bisaa Ahitofel se, “Dɛn bio na menyɛ?”

21Ahitofel buaa no se, “Kɔ na wo ne wʼagya mpenanom no nna, efisɛ wagyaw wɔn hɔ sɛ wɔnhwɛ ahemfi hɔ. Ɛno bɛma Israel nyinaa ahu sɛ, woabu no animtiaa a ɛboro nkabom so, na wɔde wɔn ho bɛma wo.” 22Enti wosii ntamadan wɔ ahemfi no atifi baabi a obiara behu, na Absalom kɔɔ ntamadan no mu, na ɔne nʼagya mpenanom no dae.

23Absalom tiee Ahitofel afotu sɛnea Dawid yɛe no pɛpɛɛpɛ. Na asɛm biara a efi Ahitofel anom bae no mu nyansa no yɛɛ sɛnea efi Onyankopɔn anom.