2 Ahemfo 4:38-44, 2 Ahemfo 5:1-27, 2 Ahemfo 6:1-23 AKCB

2 Ahemfo 4:38-44

Ɔkɔm Kɛse Bi Mu Nsɛnkyerɛnne

Elisa san kɔɔ Gilgal, nanso na ɔkɔm asi asase no so. Da bi a adiyifokuw tete nʼanim no, ɔka kyerɛɛ ne somfo se, “Fa ɔsɛn kɛse si gya so, na yɛ abɔmu ma saa mmarima yi.”

Wɔn mu baako kɔɔ wuram sɛ ɔrekɔpɛ atosode, na onyaa ɛfere kotoku ma de bae. Otwitwa de guu ɔsɛn no mu a na onnim sɛ awuduru wɔ mu. Na wodii kakraa bi pɛ, wɔteɛteɛ mu se, “Onyankopɔn nipa, awuduru wɔ abɔmu no mu!” Ɛno nti, wɔanni bio.

Elisa kae se, “Mommrɛ me asikresiam kakra.” Ɔde guu ɔsɛn no mu, kae se, “Afei, ayɛ yiye nti munkodi.” Na anhaw wɔn bio.

Da bi, ɔbarima bi a ɔyɛ Baal-Salisani brɛɛ Onyankopɔn nipa no atoko foforo kotoku ma, ne brodo mua aduonu. Elisa kae se, “Fa ma adiyifokuw no, na wonni.”

Ɔsomfo no teɛɛ mu se, “Wuse dɛn? Kakra yi na yɛmfa mma nnipa ɔha yi ana?”

Nanso Elisa tii mu se, “Fa ma adiyifokuw no na wonni, na Awurade ka se, ‘Obiara bedi amee, na bi mpo bɛka akyi.’ ” Na ampa ara, obiara didi mee ma bi mpo kae, sɛnea Awurade hyɛɛ ho bɔ no.

Read More of 2 Ahemfo 4

2 Ahemfo 5:1-27

Naaman Ayaresa

Na Aramhene5.1 Na ɔhene no din de Ben-Hadad II. bu Naaman a ɔyɛ asraafo so sahene no yiye. Efisɛ ɛnam ne so na Awurade maa Aram dii nkonim akɛse bebree. Ɛwɔ mu sɛ na Naaman yɛ ɔkofo kɛse de, nanso na ɔyare kwata.

Afei, na Aram akofo adi Israel asase so, na abaawa ketewa bi ka wɔn a wɔkyeree wɔn nnommum no ho. Wɔde saa abaawa no maa Naaman yere sɛ nʼabaawa. Da bi, abaawa no ka kyerɛɛ nʼawuraa se, “Sɛ me wura kohu odiyifo a ɔwɔ Samaria no a, anka ɔbɛsa no yare ama kwata no afi ne honam ani.”

Enti Naaman kaa asɛm a abaawa a ofi Israel no ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ ɔhene. Ɔhene5.5 Ɔhene a na wɔreka ne ho asɛm yi, wɔfrɛ no Yoram. no ka kyerɛɛ no se, “Kɔ, na kɔsra odiyifo no. Mɛkyerɛw krataa aka wo ho, na wode akɔma Israelhene.” Enti Naaman faa dwetɛ akyɛde kilogram ahaasa aduanan (340), sikakɔkɔɔ kilogram aduosia nkron ne ntade mmɔho du, na osii mu kɔe. Krataa a ɔde rekɔma Israelhene no mu asɛm ne sɛ, “Menam krataa yi so reda me somfo Naaman adi akyerɛ wo. Mepɛ sɛ wosa no yare ma ne kwata no fi ne honam ani.”

Bere a Israelhene kenkan krataa no, ɔde ahometew sunsuan nʼatade mu, kae se, “Saa ɔbarima yi asoma ɔkwatani aba me nkyɛn, sɛ mensa no yare! Meyɛ Onyankopɔn a mitumi kum, san ma nkwa? Ɔrehwehwɛ kwan bi afa so, anya nnyinaso bi na wabɛtow ahyɛ yɛn so bio.”

Bere a Elisa, Onyankopɔn nipa, tee sɛ ɔhene no asunsuan ne ntade mu no, ɔde nkra kɔmaa no se, “Adɛn nti na woasunsuan wo ntade mu? Soma Naaman na ɔmmra me nkyɛn na obehu sɛ odiyifo papa bi wɔ Israel.” Enti Naaman faa nʼapɔnkɔ ne ne nteaseɛnam, kɔtwɛn wɔ Elisa fi pon ano. Na Elisa somaa ɔbɔfo kɔka kyerɛɛ no se, “Kɔhohoro wo ho mpɛn ason wɔ Asubɔnten Yordan mu, na wo honam bɛba mu, ama wo kwata no akɔ.”

Na Naaman bo fuwii, ma osii kwan so. Ɔkae se, “Na minim sɛ, nea ɛbɛyɛ biara no, ɔbɛba abehyia me! Na minim sɛ ebia, ɔde ne nsa bɛfa kwata no so, na wabɔ Awurade a, ɔyɛ ne Nyankopɔn no din, nam so asa me yare. Nsubɔnten Abana ne Parpar a ɛwɔ Damasko nsen nsubɔnten a ɛwɔ Israel nyinaa? Adɛn nti na menkɔhohoro me ho wɔ mu, na minnya ayaresa?” Enti Naaman dan ne ho de abufuw sii mu.

Nanso ne mpanyimfo bɔɔ mmɔden kasa kyerɛɛ no se, “Owura, sɛ odiyifo no kaa se yɛ adwuma kɛse bi a, anka worenyɛ ana? Ɛno nti, tie asɛm a waka sɛ kɔhohoro wo ho kɛkɛ, na wo ho bɛtɔ wo no, na di so.” Enti Naaman kɔɔ Asubɔnten Yordan mu, kɔdɔɔ asukɔ mpɛn ason, sɛnea Onyankopɔn nipa no hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Ne honam ani daa hɔ te sɛ akokoaa, maa ne kwata no nyinaa kɔe.

Naaman ne ne dɔm no san kɔ kɔhwehwɛɛ Onyankopɔn nipa no akyi kwan. Wokogyinaa nʼanim, maa Naaman kae se, “Afei na mahu sɛ Onyankopɔn nni wiase ha baabiara sɛ Israel nko ara. Afei, mesrɛ wo sɛ, gye mʼakyɛde yi.”

Nanso Elisa buae se, “Mmere dodow a Onyankopɔn a mesom no te ase yi, merennye akyɛde biara.” Ɛwɔ mu sɛ Naaman hyɛɛ no biara sɛ onnye akyɛde no, nanso Elisa annye.

Afei, Naaman kae se, “Eye, ɛno de, ma me kwan na memfa ha dɔte atifi abien nsoa me furumpɔnkɔ abien, na memfa nka me ho nkɔ me kurom. Efi nnɛ, Onyankopɔn akyi no, meremmɔ ɔhyew afɔre anaa afɔre biara mma onyame bi bio. Na mesrɛ sɛ, Awurade mfa saa bɔne yi nkyɛ me. Sɛ me wura ɔhene rekɔ Rimon abosomfi akɔsom, na misuso ne mu a, me nso mɛkotow nti, Awurade mfa eyi nkyɛ me.”

Elisa kae se, “Kɔ asomdwoe mu.” Enti Naaman san sii kwan so.

Gehasi Anibere

Nanso Elisa somfo Gehasi kaa wɔ ne tirim se, “Anka ɛnsɛ sɛ me wura ma Aramni yi kɔ a wannye akyɛde yi. Mmere dodow a Awurade te ase yi, metiw no, na makogye biribi afi ne nkyɛn.”

Enti Gehasi tiw no. Bere a Naaman huu no sɛ ɔde mmirika reba ne so no, osi fii ne teaseɛnam mu kohyiaa no. Naaman bisaa no se, “Wobaa no asomdwoe mu ana?”

Gehasi buae se, “Yiw, nanso me wura asoma me sɛ memmɛka nkyerɛ wo se, mmabun baanu bi a wɔyɛ adiyifo a wofi Efraim kurow a ɛda bepɔw so no mu abedu mprempren ara. Ose ɔrehwehwɛ dwetɛ kiliogram aduasa anan ne ntade nsakramu abien de ama wɔn.”

Naaman kae se, “Ɛnyɛ asɛm a ɛyɛ den, gye dwetɛ kilogram aduasa anan yi.” Ɔmaa no ntade nsakramu abien, kyekyeree sika no wɔ nkotoku abien mu, yii asomfo baanu soaa akyɛde no, maa Gehasi. Nanso woduu bepɔw no so no, Gehasi gyee akyɛde no fii asomfo no nkyɛn, ma wɔsan wɔn akyi kɔe. Afei, ɔde akyɛde no kosiee ofi no mu.

Bere a ɔkɔɔ ne wura Elisa nkyɛn no, obisaa no se, “Gehasi, wokɔɔ he?”

Obuae se, “Menkɔɔ baabiara.”

Nanso Elisa bisaa no se, “Woanhu sɛ bere a Naaman si fii ne teaseɛnam mu behyiaa wo no, na mewɔ hɔ honhom mu? Saa bere yi na ɛsɛ sɛ wugye sika ne ntade ne ngodua mfuw ne bobe mfuw ne nguan ne anantwi ne asomfo? Nea woayɛ yi nti, wo ne wo mma ne wo mma mma bɛyare Naaman kwata no bi afebɔɔ.” Bere a Gehasi fii dan no mu no, na kwata ayɛ no a ne ho ahoa ayɛ sɛ sukyerɛmma.

Read More of 2 Ahemfo 5

2 Ahemfo 6:1-23

Abonnuati A Ɛtɛn Nsu Ani

Da bi, adiyifo kuw baa Elisa nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Sɛnea wo ara wuhu no, baabi a yɛne wo hyia ha yi sua. Ma yɛnkɔ Asubɔnten Yordan ho a nnua bebree wɔ hɔ. Ɛhɔ de, yebetumi asi ɔdan foforo, ahyia mu wɔ hɔ.”

Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Eye, monkɔyɛ.”

Obi kaa nʼadwene se, “Mesrɛ wo, bɛka yɛn ho na yɛnkɔ.”

Ɔkae se, “Mate yɛbɛkɔ.”

Bere a woduu Yordan ho no, wofii ase buu nnua. Nanso wɔn mu baako rebu dua no, nʼabonnua hɔn tɔɔ asu no mu. Ɔteɛɛ mu se, “O me wura! Ɛyɛ abonnua a mekɔsrɛe!”

Onyankopɔn nipa no bisae se, “Ɛhefa na ɛtɔe?” Ɔkyerɛɛ Elisa baabi ko no, Elisa twaa pema, na ɔtow kyenee asu no mu. Ɛhɔ ara abonnua ti no pagyaw ne ho, bɛtɛn asu no ani. Elisa ka kyerɛɛ no se, “Ma so yi.” Na ɔbarima no teɛɛ ne nsa yii.

Elisa Nsa Ka Aramfo No

Bere a Aramhene ne Israel redi ako no, ɔne ne mpanyimfo tuu agyina, kae se, “Yɛbɛboaboa yɛn asraafo ano wɔ ha anaa ɛha.”

Ntɛm pa ara, Onyankopɔn nipa Elisa bɔɔ Israelhene6.9 Israelhene no din de Yoram. kɔkɔ se, “Ntwiw mmɛn beae hɔ, efisɛ Aramfo no reyɛ nhyehyɛe, aboaboa wɔn asraafo ano wɔ hɔ.” Enti Israelhene hwɛɛ beae a Onyame nipa no kyerɛe no no. Elisa kɔɔ so bɔɔ ɔhene no kɔkɔ mpɛn pii, na ɛmaa nʼani daa fam wɔ mmeae a ɛtete saa no ho.

Aramhene werɛ how wɔ asɛm yi ho. Ɔfrɛɛ ne mpanyimfo bisaa wɔn se, “Mo mu hena na ɔyɛ ɔfatwafo no? Hena na ɔka me nhyehyɛe a mayɛ kyerɛ Israelhene?”

Mpanyimfo no mu baako buae se, “Me wura, ɛnyɛ yɛn. Elisa a ɔyɛ odiyifo wɔ Israel no na ɔka wo kokoamsɛm kyerɛ Israelhene.”

Ɔhene no hyɛe se, “Monkɔhwehwɛ baabi a Elisa wɔ, na yɛbɛsoma asraafo ama wɔakɔkyere no.” Na nkra bae se, “Elisa wɔ Dotan.” Enti anadwo bi, Aramhene somaa asraafo bebree ne wɔn nteaseɛnam ne wɔn apɔnkɔ kotwaa dantaban faa kuropɔn no ho. Bere a Onyankopɔn nipa no somfo sɔree ahemadakye, sii afikyiri no, na asraafo, apɔnkɔ ne nteaseɛnam atwa hɔ ahyia. Ɔteɛɛ mu kyerɛɛ Elisa se, “O, me wura! Dɛn na yɛnyɛ?”

Elisa ka kyerɛɛ no se, “Nsuro na yɛwɔ dɔm sen wɔn.”

Afei, Elisa bɔɔ mpae se, “Awurade, bue nʼani na ma onhu ade,” Awurade buee ne somfo ani, na ɔmaa nʼani so no, ohuu sɛ Elisa nkyɛn mu a ɛkyerɛ bepɔw no, ogya apɔnkɔ ne nteaseɛnam na ayɛ hɔ ma.

Bere a Aramfo asraafo bɔ puaa wɔn no, Elisa bɔɔ mpae se, “Awurade, mesrɛ wo, ma wɔn ani mfurafura.” Na Awurade yɛɛ nea Elisa bisae no.

Na Elisa fii adi, kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Moafa ɔkwan bɔne so aba. Ɛnyɛ kurow a morehwehwɛ no ni. Munni mʼakyi, na mede mo bɛkɔ onipa a morehwehwɛ no no nkyɛn.” Na odii wɔn anim koduu Samaria.

Na woduu Samaria pɛ, Elisa bɔɔ mpae se, “Awurade, afei bue wɔn ani, na ma wonhu ade.” Na Awurade yɛe, na wohuu sɛ wɔwɔ Samaria.

Bere a Israelhene huu wɔn no, ɔteɛɛ mu, bisaa Elisa se, “Mʼagya, minkunkum wɔn ana?”

Elisa buaa no se, “Nkunkum wɔn. So wubekunkum wɔn a wode wʼankasa afoa ne agyan afa wɔn nnommum no ana? Ma wɔn aduan ne nsu, na wonnidi, nnom na ma wɔnsan nkɔ wɔn wura nkyɛn.” Enti ɔhene no too wɔn pon kɛse, na wodidi, nom wiee no ɔma wɔsan kɔɔ wɔn hene nkyɛn. Enti Aramfo afowfo no twee wɔn ho fii Israel asase ho koraa.

Read More of 2 Ahemfo 6