2 Ahemfo 5 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Ahemfo 5:1-27

Naaman Ayaresa

1Na Aramhene5.1 Na ɔhene no din de Ben-Hadad II. bu Naaman a ɔyɛ asraafo so sahene no yiye. Efisɛ ɛnam ne so na Awurade maa Aram dii nkonim akɛse bebree. Ɛwɔ mu sɛ na Naaman yɛ ɔkofo kɛse de, nanso na ɔyare kwata.

2Afei, na Aram akofo adi Israel asase so, na abaawa ketewa bi ka wɔn a wɔkyeree wɔn nnommum no ho. Wɔde saa abaawa no maa Naaman yere sɛ nʼabaawa. 3Da bi, abaawa no ka kyerɛɛ nʼawuraa se, “Sɛ me wura kohu odiyifo a ɔwɔ Samaria no a, anka ɔbɛsa no yare ama kwata no afi ne honam ani.”

4Enti Naaman kaa asɛm a abaawa a ofi Israel no ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ ɔhene. 5Ɔhene5.5 Ɔhene a na wɔreka ne ho asɛm yi, wɔfrɛ no Yoram. no ka kyerɛɛ no se, “Kɔ, na kɔsra odiyifo no. Mɛkyerɛw krataa aka wo ho, na wode akɔma Israelhene.” Enti Naaman faa dwetɛ akyɛde kilogram ahaasa aduanan (340), sikakɔkɔɔ kilogram aduosia nkron ne ntade mmɔho du, na osii mu kɔe. 6Krataa a ɔde rekɔma Israelhene no mu asɛm ne sɛ, “Menam krataa yi so reda me somfo Naaman adi akyerɛ wo. Mepɛ sɛ wosa no yare ma ne kwata no fi ne honam ani.”

7Bere a Israelhene kenkan krataa no, ɔde ahometew sunsuan nʼatade mu, kae se, “Saa ɔbarima yi asoma ɔkwatani aba me nkyɛn, sɛ mensa no yare! Meyɛ Onyankopɔn a mitumi kum, san ma nkwa? Ɔrehwehwɛ kwan bi afa so, anya nnyinaso bi na wabɛtow ahyɛ yɛn so bio.”

8Bere a Elisa, Onyankopɔn nipa, tee sɛ ɔhene no asunsuan ne ntade mu no, ɔde nkra kɔmaa no se, “Adɛn nti na woasunsuan wo ntade mu? Soma Naaman na ɔmmra me nkyɛn na obehu sɛ odiyifo papa bi wɔ Israel.” 9Enti Naaman faa nʼapɔnkɔ ne ne nteaseɛnam, kɔtwɛn wɔ Elisa fi pon ano. 10Na Elisa somaa ɔbɔfo kɔka kyerɛɛ no se, “Kɔhohoro wo ho mpɛn ason wɔ Asubɔnten Yordan mu, na wo honam bɛba mu, ama wo kwata no akɔ.”

11Na Naaman bo fuwii, ma osii kwan so. Ɔkae se, “Na minim sɛ, nea ɛbɛyɛ biara no, ɔbɛba abehyia me! Na minim sɛ ebia, ɔde ne nsa bɛfa kwata no so, na wabɔ Awurade a, ɔyɛ ne Nyankopɔn no din, nam so asa me yare. 12Nsubɔnten Abana ne Parpar a ɛwɔ Damasko nsen nsubɔnten a ɛwɔ Israel nyinaa? Adɛn nti na menkɔhohoro me ho wɔ mu, na minnya ayaresa?” Enti Naaman dan ne ho de abufuw sii mu.

13Nanso ne mpanyimfo bɔɔ mmɔden kasa kyerɛɛ no se, “Owura, sɛ odiyifo no kaa se yɛ adwuma kɛse bi a, anka worenyɛ ana? Ɛno nti, tie asɛm a waka sɛ kɔhohoro wo ho kɛkɛ, na wo ho bɛtɔ wo no, na di so.” 14Enti Naaman kɔɔ Asubɔnten Yordan mu, kɔdɔɔ asukɔ mpɛn ason, sɛnea Onyankopɔn nipa no hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Ne honam ani daa hɔ te sɛ akokoaa, maa ne kwata no nyinaa kɔe.

15Naaman ne ne dɔm no san kɔ kɔhwehwɛɛ Onyankopɔn nipa no akyi kwan. Wokogyinaa nʼanim, maa Naaman kae se, “Afei na mahu sɛ Onyankopɔn nni wiase ha baabiara sɛ Israel nko ara. Afei, mesrɛ wo sɛ, gye mʼakyɛde yi.”

16Nanso Elisa buae se, “Mmere dodow a Onyankopɔn a mesom no te ase yi, merennye akyɛde biara.” Ɛwɔ mu sɛ Naaman hyɛɛ no biara sɛ onnye akyɛde no, nanso Elisa annye.

17Afei, Naaman kae se, “Eye, ɛno de, ma me kwan na memfa ha dɔte atifi abien nsoa me furumpɔnkɔ abien, na memfa nka me ho nkɔ me kurom. Efi nnɛ, Onyankopɔn akyi no, meremmɔ ɔhyew afɔre anaa afɔre biara mma onyame bi bio. 18Na mesrɛ sɛ, Awurade mfa saa bɔne yi nkyɛ me. Sɛ me wura ɔhene rekɔ Rimon abosomfi akɔsom, na misuso ne mu a, me nso mɛkotow nti, Awurade mfa eyi nkyɛ me.”

19Elisa kae se, “Kɔ asomdwoe mu.” Enti Naaman san sii kwan so.

Gehasi Anibere

20Nanso Elisa somfo Gehasi kaa wɔ ne tirim se, “Anka ɛnsɛ sɛ me wura ma Aramni yi kɔ a wannye akyɛde yi. Mmere dodow a Awurade te ase yi, metiw no, na makogye biribi afi ne nkyɛn.”

21Enti Gehasi tiw no. Bere a Naaman huu no sɛ ɔde mmirika reba ne so no, osi fii ne teaseɛnam mu kohyiaa no. Naaman bisaa no se, “Wobaa no asomdwoe mu ana?”

22Gehasi buae se, “Yiw, nanso me wura asoma me sɛ memmɛka nkyerɛ wo se, mmabun baanu bi a wɔyɛ adiyifo a wofi Efraim kurow a ɛda bepɔw so no mu abedu mprempren ara. Ose ɔrehwehwɛ dwetɛ kiliogram aduasa anan ne ntade nsakramu abien de ama wɔn.”

23Naaman kae se, “Ɛnyɛ asɛm a ɛyɛ den, gye dwetɛ kilogram aduasa anan yi.” Ɔmaa no ntade nsakramu abien, kyekyeree sika no wɔ nkotoku abien mu, yii asomfo baanu soaa akyɛde no, maa Gehasi. 24Nanso woduu bepɔw no so no, Gehasi gyee akyɛde no fii asomfo no nkyɛn, ma wɔsan wɔn akyi kɔe. Afei, ɔde akyɛde no kosiee ofi no mu.

25Bere a ɔkɔɔ ne wura Elisa nkyɛn no, obisaa no se, “Gehasi, wokɔɔ he?”

Obuae se, “Menkɔɔ baabiara.”

26Nanso Elisa bisaa no se, “Woanhu sɛ bere a Naaman si fii ne teaseɛnam mu behyiaa wo no, na mewɔ hɔ honhom mu? Saa bere yi na ɛsɛ sɛ wugye sika ne ntade ne ngodua mfuw ne bobe mfuw ne nguan ne anantwi ne asomfo? 27Nea woayɛ yi nti, wo ne wo mma ne wo mma mma bɛyare Naaman kwata no bi afebɔɔ.” Bere a Gehasi fii dan no mu no, na kwata ayɛ no a ne ho ahoa ayɛ sɛ sukyerɛmma.