1 Samuel 10:9-27, 1 Samuel 11:1-15, 1 Samuel 12:1-25 AKCB

1 Samuel 10:9-27

Samuel Nsɛnkyerɛnne Ba Mu

Saulo dan ne ho pɛɛ sɛ ɔkɔ ara pɛ, Onyankopɔn sesaa ne koma, na Samuel nsɛnkyerɛnne nyinaa baa mu da no. Bere a Saulo ne ne somfo no duu Gibea no, wohuu sɛ adiyifo no reba. Afei Onyankopɔn honhom baa Saulo so, na ɔno nso fii ase hyɛɛ nkɔm. Bere a ne nnamfonom tee saa asɛm yi no, wɔteɛɛ mu se, “Asɛm bɛn na moreka yi? Saulo nso abɛyɛ odiyifo? Ɛyɛɛ dɛn na Kis babarima tumi bɛyɛɛ odiyifo?”

Nanso ɛhɔni bi kae se, “Sɛnea nʼagya te de, ɛmfa ho; obiara tumi bɛyɛ odiyifo.” Enti ɛbɛyɛɛ sɛnnahɔ se, “Enti Saulo nso abɛyɛ odiyifo?” Saulo gyaee adiyi no, ɔforoo bepɔw no kɔɔ afɔremuka no so.

Oduu hɔ no, Saulo wɔfa bisaa no se, “Ɛhefa na wokɔe a dedaada yenhuu wo yi?”

Saulo buae se, “Yɛkɔhwehwɛɛ mfurum a wɔayera no, nanso yɛanhu wɔn. Ɛno nti, yɛkɔɔ odiyifo Samuel nkyɛn kobisaa no faako a wɔwɔ.”

Ne wɔfa no bisae se, “Saa? Na asɛm bɛn na ɔkae?”

Saulo buae se, “Ɔkae se, wɔahu mfurum no.” Nanso Saulo anka ankyerɛ ne wɔfa no sɛ Samuel asra no ngo sɛ wobesi no ɔhene.

Samuel frɛɛ Israelfo nyinaa baa Awurade anim wɔ Mispa,10.17 Mispa na na wɔtaa hyia ma ɔmanfo dwinnwen wɔn nsɛnhia ho (Ate 20.1; 21.1). na ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛnea Awurade, Israel Nyankopɔn, se ni, ‘Mede Israelfo fii Misraim bae, na migyee mo fii Misraim tumi ne wɔn a wodi mo nya no nyinaa ase.’ Nanso ɛwɔ mu sɛ mayɛ bebree ama mo de, nso moapo me aka se, ‘Yɛpɛ ɔhene.’ Enti afei, momfa mo mmusuakuw ne mo mmusua mmra Awurade anim.”

Samuel maa Israel mmusuakuw nyinaa bae no, Benyamin abusuakuw na woyii wɔn. Afei ɔmaa Benyamin abusuakuw no mu afi nyinaa baa Awurade anim na woyii Matri abusua, na awiei no woyii Kis babarima Saulo. Na wɔhwehwɛɛ no no, na wonhu baabi a wafa. Enti wobisaa Awurade se, “Na ɔwɔ he?”

Na Awurade buae se, “Yiw, ɔde ne ho ahintaw nneɛma mu.”

Enti wotuu mmirika kɔfaa no bae. Na obegyinaa nnipa no mu no na ne tenten bunkam fa obiara so. Samuel ka kyerɛɛ nnipa no nyinaa se, “Ɔbarima a Awurade apaw no sɛ mo hene ni. Obiara nni Israel ha a ɔne no sɛ.”

Afei, nnipa no nyinaa bɔ gyee so se, “Ɔhene nkwa so!”

Samuel kyerɛkyerɛɛ mmara a ɛbata saa ahenni no ho kyerɛɛ nnipa no. Ɔkyerɛw guu nhoma mmobɔwee so, de kɔtoo Awurade anim. Afei, Samuel gyaa ɔmanfo no kwan ma wɔkɔɔ wɔn afi mu.

Saulo nso kɔɔ ne fi wɔ Gibea na nnipakuw bi a Onyankopɔn aka wɔn koma de wɔn ho bɛbɔɔ no. Nanso amumɔyɛfo bi kae se, “Ɛbɛyɛ dɛn na saa onipa yi atumi agye yɛn?” Wobuu no animtiaa a wɔammrɛ no akyɛde biara. Nanso Saulo ammua wɔn.

Read More of 1 Samuel 10

1 Samuel 11:1-15

Saulo Di Amonfo So Nkonim

Ɛbɛyɛ ɔsram akyi, Amonhene Nahas dii nʼakofo anim bɛtoaa Israel kuropɔn Yabes Gilead. Na Yabesman mma srɛɛ sɛ, “Momma yɛne mo nyɛ apam, na yɛbɛyɛ mo asomfo.”

Nanso Amonni Nahas buae se, “Eye, na ade baako pɛ na ɛsɛ sɛ mopene so. Ɛne sɛ, metu obiara ani nifa baako de agu Israel nyinaa anim ase.”

Na Yabes mpanyin no buae se, “Ma yɛn nnanson, na yɛmfa nsoma abɔfo mfa Israel nyinaa, na sɛ yɛn abusuafo amma ammegye yɛn de a, yɛbɛpene wo nhyehyɛe no so.”

Abɔfo no beduu Gibea a ɛyɛ Saulo kurom, bɛkaa asɛm a ato wɔn no kyerɛɛ ɔmanfo maa wɔn nyinaa sui. Saa bere no, na Saulo refuntum nʼafuw. Na ɔbaa fie no, obisae se, “Dɛn asɛm na asi? Adɛn nti na nusu abu obiara kɔn yi?” Enti wɔbɔɔ asɛm a efi Yabes aba no ho amanneɛ.

Onyankopɔn honhom besii Saulo so denneennen. Na ne bo fuw yiye. Ɔfaa anantwi abien, twitwaa wɔn asinasin, na wɔmaa abɔfo no soa kyinii Israel nyinaa, kae se, “Obiara a wanni Saulo ne Samuel akyi ankɔ ɔko no, saa ara na ne nantwi bɛyɛ!” Na Awurade maa nnipa no suroo Saulo abufuw no. Enti wɔn nyinaa bɛboaa wɔn ho ano. Bere a Saulo boaa wɔn ano wɔ Besek a ɔkan wɔn no, na Israel mmarima dodow yɛ mpem ahaasa na Yudafo nso dodow yɛ mpem aduasa.

Saulo somaa abɔfo no ma wɔsan wɔn akyi kɔɔ Yabes Gilead kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Enkosi ɔkyena awia owigyinae bere mu no, yebeyi mo afi mo ahokyere no mu.” Abɔfo no kɔka eyi kyerɛɛ Yabes mmarima no, wɔn ani gyei. Na Yabes mmarima ka kyerɛɛ wɔn atamfo no se, “Ɔkyena yɛbɛba mo so, na nea mopɛ no, monyɛ yɛn.”

Nanso ansa na ade bɛkye no, na Saulo adu hɔ dedaw. Ɔkyekyɛɛ nʼakofo no mu akuw abiɛsa. Ɔtow hyɛɛ Amonfo no so mpofirim, kunkum wɔn anɔpa mu no nyinaa. Wɔn asraafo nkae no bɔ hwetee baabiara a obi mpo nhu sɛ wɔn mu baanu bi gyina faako.

Afei, nnipa no teɛɛ mu frɛɛ Samuel se, “Nnipa a wɔka se ɛnsɛ sɛ Saulo di yɛn so hene no wɔ he? Momfa wɔn mmra na yenkum wɔn.”

Nanso Saulo buae se, “Wɔrenkum obiara nnɛ, efisɛ, Awurade agye Israel nnɛ.”

Na Samuel ka kyerɛɛ nnipa no se, “Mommra na yɛn nyinaa nkɔ Gilgal nkosi Saulo ahenni no so dua.” Enti wɔn nyinaa kɔɔ Gilgal, na wɔhyɛɛ Saulo ahenkyɛw wɔ Awurade anim. Na wɔbɔɔ asomdwoe afɔre maa Awurade, na Saulo ne Israelfo nyinaa gyee wɔn ani.

Read More of 1 Samuel 11

1 Samuel 12:1-25

Samuel Nkradi

Afei, Samuel kasa kyerɛɛ ɔman no bio se, “Nea mopɛɛ sɛ meyɛ no mayɛ, mama mo ɔhene. Matwa me mmabarima ho ayi no, na migyina ha sɛ akwakoraa tidwen. Masom sɛ mo kannifo fi me mmofraase. Afei, monka nkyerɛ me, bere a migyina Awurade ne nea wɔasra no wɔ ne din mu anim yi, hena nantwi anaa nʼafurum na mawia? Masisi mo mu bi pɛn ana? Madi mo nya pɛn ana? Magye adanmude bi pɛn ana? Sɛ mayɛ bɔne bi a, monka nkyerɛ me, na mesiesie nea manyɛ no.”

Wobuaa se, “Dabi, wunsisii yɛn, na wunnii yɛn nya ɔkwan biara so, na wunnyee adanmude fua pɛ mpo.”

Samuel kae se, “Awurade ne ne onipa a wasra no no yɛ me nnansefo sɛ morentumi nka sɛ mabɔ mo korɔn.”

Wɔn nyinaa kae se, “Ampa ara, ɛyɛ nokware!”

Samuel toaa so se, “Ɛyɛ Awurade na oyii Mose ne Aaron. Ɔno na oyii mo agyanom fii Misraim asase so. Mprempren, munnyina ha dinn wɔ Awurade anim bere a migu so rekaakae mo nneɛma akɛse a Awurade ayɛ ama mo ne mo agyanom no.

“Bere a na Israelfo wɔ Misraim na wosu frɛɛ Awurade no, ɔsomaa Mose ne Aaron sɛ, wonnyi wɔn mfi Misraim, na wɔmfa wɔn mmra saa asase yi so.

“Nanso ankyɛ biara na nnipa no werɛ fii Awurade, wɔn Nyankopɔn, enti ɔmaa Sisera a ɔyɛ Hasor asraafo sahene no ne Filistifo ne Moabhene dii wɔn so. Afei, wosu frɛɛ Awurade bio, na wɔpaee mu kaa wɔn bɔne se, ‘Yɛayɛ bɔne sɛ yɛatwe yɛn ho afi Awurade ho, na yɛresom ahoni Baalim ne Astoret. Na sɛ wugye yɛn fi yɛn atamfo nsam a, yɛbɛsom wo, na wo nko ara na yɛbɛsom.’ Na Awurade somaa Yerub-Baal, Barak, Yefta ne Samuel, na ogyee mo fii mo atamfo nsam na mobɛtenaa asomdwoe mu.

“Nanso musuroo Amonfo hene Nahas nti, moka kyerɛɛ me se, ‘Dabi, yɛrepɛ ɔhene ama wadi yɛn so’—nanso na Awurade mo Nyankopɔn yɛ mo so hene. Afei, mo hene a moayi no ni; nea mobisae no. Hwɛ, Awurade ayɛ mo apɛde ama mo. Sɛ musuro Awurade, na mosom no, tie nʼasɛm, na sɛ moammu ne mmara so, na mo ne mo hene a odi mo so no nyinaa di Awurade, mo Nyankopɔn akyi a, biribiara bɛyɛ yiye. Na sɛ moantie Awurade, na mubu ne mmara so a, ne nsa bɛyɛ duru wɔ mo so sɛnea ɛyɛɛ mo agyanom so no.

“Enti afei, munnyina hɔ dinn, na monhwɛ ade kɛse a Awurade rebɛyɛ. Munim sɛ saa bere yi a ɛyɛ awitwabere yi, osu ntɔ. Mɛma Awurade apae aprannaa na ama osu atɔ. Afei mubehu bɔne a moyɛe sɛ mobisaa ɔhene no.”

Ɛhɔ ara Samuel frɛɛ Awurade, na da no ara, Awurade paee aprannaa, tɔɔ osu. Nnipa no nyinaa suroo Awurade ne Samuel. Nnipa no nyinaa ka kyerɛɛ Samuel se, “Bɔ Awurade, wo Nyankopɔn, mpae ma wʼasomfo sɛnea yɛrenwu, na yɛrenyɛ bɔne nka yɛn bɔne ahorow nyinaa ho sɛ yɛabisa ɔhene.”

Samuel buae se, “Munnsuro. Moayɛ saa bɔne yi nyinaa bi de, nanso monnnan mo ani mmfi Awurade so, na momfa mo koma nyinaa nsom Awurade. Monnsan nkodi ahoni huhuw a wɔrenyɛ mo papa biara, na wɔrentumi nnye mo nkwa no akyi, efisɛ wɔn so nni mfaso. Esiane ne din kɛse no nti, Awurade rempo ne nkurɔfo. Awurade afa mo sɛ nʼankasa nʼade. Na me de, merenyɛ bɔne ntia Awurade sɛ meremmɔ mpae mma mo. Na mɛkɔ so akyerɛ mo papa ne bɔne. Nanso monhwɛ sɛ mubesuro Awurade na moasom no nokware mu. Na sɛ mokɔ so yɛ bɔne a, wɔbɛsɛe mo ne mo hene nyinaa.”

Read More of 1 Samuel 12