1 Samuel 10 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Samuel 10:1-27

Samuel Sra Saulo Ngo

1Afei, Samuel faa ngotoa a ngo wɔ mu hwie guu Saulo tirim, few nʼafono ho, kae se, “Mereyɛ eyi de akyerɛ sɛ Awurade apaw wo sɛ ɔkannifo ama ne man Israel. 2Sɛ wugyaw me ha nnɛ na worekɔ a, wubehyia mmarima baanu wɔ baabi a ɛbɛn Rahel da a ɛwɔ Selsa a ɛbɛn Benyamin hye no. Wɔbɛka akyerɛ wo se, ‘Mfurum a mutuu ho anammɔn kɔhwehwɛɛ wɔn no, wɔahu wɔn. Enti mprempren, wʼagya agyae wɔn ho dwene, na mmom, mo ho na ɔredwen. Ɔtaa bisa se, “Obi ahu me babarima no ana?” ’

3“Mudu dua kɛse bi a esi Tabor ho a, mubehyia mmarima baasa bi a wofi Bet-El rekɔ akɔsom Onyankopɔn. Ɔbaako so mmirekyi mma abiɛsa, ɔbaako nso so brodo mua abiɛsa, na nea ɔka ho no nso so nsa aboa nhoma kotoku baako. 4Wobekyia mo, na wɔama mo brodo mua abien, na ɛsɛ sɛ mugye fi wɔn nkyɛn.

5“Na sɛ mudu Onyankopɔn koko a ɛwɔ Gibea a Filistifo nsraadɔm abɔ pem wɔ hɔ no a, mubehu adiyifo asafodɔm sɛ wofi afɔremuka a ɛwɔ bepɔw no so hɔ resian ba. Ɛhɔ na mubehyia adiyifo asafo a wɔresian afi bepɔw no so hɔ reba na bɛnta ne mpintin ne mmɛn ne asanku di wɔn anim a wɔrehyɛ nkɔm. 6Saa bere no, Onyankopɔn Honhom bɛba wo so wɔ tumi mu, na wo ne wɔn bɛhyɛ nkɔm. Wobɛsakra ayɛ onipa foforo. 7Saa nsɛnkyerɛnne yi akyi no, yɛ nea wugye di sɛ eye biara, na Onyankopɔn bɛka wo ho. 8Afei, sian di mʼanim kɔ Gilgal10.8 Kronkronbea a edi kan a wosii wɔ Kanaan no, wɔtoo ne fapem wɔ Gilgal (Yos 4.19-24). na kɔtwɛn me wɔ hɔ nnanson. Mɛba abɛka wo ho wɔ hɔ, na yɛabɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre. Na sɛ midu hɔ a, mɛkyerɛ wo nea ɛsɛ sɛ woyɛ bio.”

Samuel Nsɛnkyerɛnne Ba Mu

9Saulo dan ne ho pɛɛ sɛ ɔkɔ ara pɛ, Onyankopɔn sesaa ne koma, na Samuel nsɛnkyerɛnne nyinaa baa mu da no. 10Bere a Saulo ne ne somfo no duu Gibea no, wohuu sɛ adiyifo no reba. Afei Onyankopɔn honhom baa Saulo so, na ɔno nso fii ase hyɛɛ nkɔm. 11Bere a ne nnamfonom tee saa asɛm yi no, wɔteɛɛ mu se, “Asɛm bɛn na moreka yi? Saulo nso abɛyɛ odiyifo? Ɛyɛɛ dɛn na Kis babarima tumi bɛyɛɛ odiyifo?”

12Nanso ɛhɔni bi kae se, “Sɛnea nʼagya te de, ɛmfa ho; obiara tumi bɛyɛ odiyifo.” Enti ɛbɛyɛɛ sɛnnahɔ se, “Enti Saulo nso abɛyɛ odiyifo?” 13Saulo gyaee adiyi no, ɔforoo bepɔw no kɔɔ afɔremuka no so.

14Oduu hɔ no, Saulo wɔfa bisaa no se, “Ɛhefa na wokɔe a dedaada yenhuu wo yi?”

Saulo buae se, “Yɛkɔhwehwɛɛ mfurum a wɔayera no, nanso yɛanhu wɔn. Ɛno nti, yɛkɔɔ odiyifo Samuel nkyɛn kobisaa no faako a wɔwɔ.”

15Ne wɔfa no bisae se, “Saa? Na asɛm bɛn na ɔkae?”

16Saulo buae se, “Ɔkae se, wɔahu mfurum no.” Nanso Saulo anka ankyerɛ ne wɔfa no sɛ Samuel asra no ngo sɛ wobesi no ɔhene.

17Samuel frɛɛ Israelfo nyinaa baa Awurade anim wɔ Mispa,10.17 Mispa na na wɔtaa hyia ma ɔmanfo dwinnwen wɔn nsɛnhia ho (Ate 20.1; 21.1). 18na ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛnea Awurade, Israel Nyankopɔn, se ni, ‘Mede Israelfo fii Misraim bae, na migyee mo fii Misraim tumi ne wɔn a wodi mo nya no nyinaa ase.’ 19Nanso ɛwɔ mu sɛ mayɛ bebree ama mo de, nso moapo me aka se, ‘Yɛpɛ ɔhene.’ Enti afei, momfa mo mmusuakuw ne mo mmusua mmra Awurade anim.”

20Samuel maa Israel mmusuakuw nyinaa bae no, Benyamin abusuakuw na woyii wɔn. 21Afei ɔmaa Benyamin abusuakuw no mu afi nyinaa baa Awurade anim na woyii Matri abusua, na awiei no woyii Kis babarima Saulo. Na wɔhwehwɛɛ no no, na wonhu baabi a wafa. 22Enti wobisaa Awurade se, “Na ɔwɔ he?”

Na Awurade buae se, “Yiw, ɔde ne ho ahintaw nneɛma mu.”

23Enti wotuu mmirika kɔfaa no bae. Na obegyinaa nnipa no mu no na ne tenten bunkam fa obiara so. 24Samuel ka kyerɛɛ nnipa no nyinaa se, “Ɔbarima a Awurade apaw no sɛ mo hene ni. Obiara nni Israel ha a ɔne no sɛ.”

Afei, nnipa no nyinaa bɔ gyee so se, “Ɔhene nkwa so!”

25Samuel kyerɛkyerɛɛ mmara a ɛbata saa ahenni no ho kyerɛɛ nnipa no. Ɔkyerɛw guu nhoma mmobɔwee so, de kɔtoo Awurade anim. Afei, Samuel gyaa ɔmanfo no kwan ma wɔkɔɔ wɔn afi mu.

26Saulo nso kɔɔ ne fi wɔ Gibea na nnipakuw bi a Onyankopɔn aka wɔn koma de wɔn ho bɛbɔɔ no. 27Nanso amumɔyɛfo bi kae se, “Ɛbɛyɛ dɛn na saa onipa yi atumi agye yɛn?” Wobuu no animtiaa a wɔammrɛ no akyɛde biara. Nanso Saulo ammua wɔn.