2พงศ์กษัตริย์ 6 – TNCV & ASCB

Thai New Contemporary Bible

2พงศ์กษัตริย์ 6:1-33

หัวขวานลอยน้ำ

1กลุ่มผู้เผยพระวจนะกล่าวกับเอลีชาว่า “ดูเถิดสถานที่ซึ่งเราอยู่กับท่านนี้ก็คับแคบไปแล้ว 2พวกข้าพเจ้าขอไปตัดต้นไม้และสร้างที่อยู่อาศัยที่แม่น้ำจอร์แดน”

เขาตอบว่า “ไปเถิด”

3คนหนึ่งเอ่ยขึ้นว่า “ท่านขอรับ โปรดไปกับเหล่าผู้รับใช้ของท่านด้วย”

เอลีชาตอบว่า “เราจะไป” 4แล้วเอลีชาก็ไปกับพวกเขา

เมื่อพวกเขามาถึงแม่น้ำจอร์แดนก็เริ่มตัดไม้ 5ขณะนั้นมีคนหนึ่งทำหัวขวานเหล็กหลุดตกลงในแม่น้ำ เขาจึงร้องว่า “แย่แล้วนายท่าน นี่เป็นขวานที่ขอยืมมา!”

6คนของพระเจ้าถามว่า “มันตกลงไปที่ไหน?” คนนั้นชี้ให้เขาดูตำแหน่งที่หัวขวานตกลงไป เอลีชาจึงตัดกิ่งไม้เหวี่ยงลงตรงนั้น แล้วหัวขวานเหล็กก็ลอยขึ้นมา 7เอลีชาพูดกับคนนั้นว่า “หยิบขึ้นมาเถิด” เขาก็เอื้อมมือไปหยิบขึ้นมา

เอลีชาวางกับดักชาวอารัมที่ตาบอด

8ครั้งนั้นกษัตริย์อารัมรบกับอิสราเอล เมื่อใดที่พระองค์ตรัสกับทหารว่า “เราจะยกกำลังไปตั้งค่ายที่นั่นที่นี่”

9คนของพระเจ้าก็จะเตือนกษัตริย์อิสราเอลว่า “อย่าไปใกล้ที่นั่นเพราะพวกอารัมกำลังจะยกทัพมา” 10กษัตริย์อิสราเอลก็ส่งคนไปตรวจดูสถานที่ซึ่งคนของพระเจ้าระบุไว้ เอลีชาเตือนกษัตริย์ครั้งแล้วครั้งเล่าเพื่อจะทรงระแวดระวังที่เหล่านั้น

11เรื่องนี้ทำให้กษัตริย์อารัมกริ้วนัก จึงทรงเรียกประชุมนายทหารและตรัสสั่งว่า “พวกท่านจะไม่ยอมบอกหรือว่าใครในพวกเราที่เป็นสายให้กษัตริย์อิสราเอล?”

12ทหารคนหนึ่งทูลว่า “ข้าแต่องค์กษัตริย์ ไม่ใช่พวกข้าพระบาท แต่ผู้เผยพระวจนะเอลีชาในอิสราเอลต่างหากเป็นผู้ทูลกษัตริย์อิสราเอล แม้กระทั่งเนื้อความที่ฝ่าพระบาทตรัสในห้องบรรทม”

13กษัตริย์จึงตรัสสั่งว่า “จงไปสืบดูว่าเขาอยู่ที่ไหน เราจะส่งทหารไปจับตัวมา” มีผู้มาทูลว่า “เอลีชาอยู่ที่โดธาน” 14พระองค์จึงทรงส่งม้า รถม้าศึก และกองกำลังใหญ่มาในเวลากลางคืน และล้อมเมืองนั้นไว้

15รุ่งขึ้นเมื่อคนรับใช้ของผู้เผยพระวจนะตื่นขึ้น และออกไปข้างนอกก็เห็นกองทัพม้าและรถม้าศึกล้อมเมืองอยู่ จึงบอกเอลีชาว่า “แย่แล้วนายท่าน เราจะทำอย่างไรกันดี?”

16เอลีชากล่าวว่า “อย่าตกใจกลัวไปเลย ฝ่ายเรามีมากกว่าฝ่ายเขา”

17แล้วเอลีชาอธิษฐานว่า “ข้าแต่องค์พระผู้เป็นเจ้าขอทรงเบิกตาให้เขาเห็น” องค์พระผู้เป็นเจ้าก็ทรงเบิกตาให้คนรับใช้นั้นเห็นรอบเนินเขาเต็มไปด้วยม้าและรถม้าศึกเพลิงรายรอบเอลีชา

18ขณะที่ฝ่ายศัตรูตรงเข้ามา เอลีชาอธิษฐานต่อองค์พระผู้เป็นเจ้าว่า “ขอให้คนเหล่านี้ตาพร่ามัวให้หมด” พระเจ้าก็ให้พวกเขาตาพร่ามัวเหมือนที่เอลีชาทูลขอ

19เอลีชาบอกพวกเขาว่า “นี่ไม่ใช่เส้นทางและเมืองที่พวกท่านจะไป ตามเรามาสิ เราจะพาท่านไปหาคนที่ท่านต้องการ” แล้วเอลีชาก็พาพวกเขาไปยังสะมาเรีย

20เมื่อพวกเขาเข้ามาในเมืองแล้ว เอลีชาก็อธิษฐานว่า “ข้าแต่องค์พระผู้เป็นเจ้าขอทรงเบิกตาของพวกเขาให้มองเห็น” องค์พระผู้เป็นเจ้าก็ทรงเบิกตาของพวกเขา พวกเขามองดูก็เห็นว่าตนมาอยู่ในสะมาเรีย

21เมื่อกษัตริย์อิสราเอลทอดพระเนตรเห็นพวกเขา พระองค์ก็ถามเอลีชาว่า “บิดาเจ้าข้า เราจะฆ่าพวกเขาได้ไหม? จะฆ่าเขาดีไหม?”

22เอลีชาตอบว่า “อย่าเลย ท่านจะฆ่าเชลยศึกด้วยดาบและธนูของท่านหรือ จงให้อาหารเขากิน และให้น้ำเขาดื่ม แล้วปล่อยเขากลับไปหาเจ้านายของเขาเถิด” 23ดังนั้นกษัตริย์จึงทรงจัดงานเลี้ยงใหญ่ให้พวกเขา หลังจากกินดื่มแล้ว พระองค์ก็ทรงส่งพวกเขากลับไปเข้าเฝ้ากษัตริย์ของตน ตั้งแต่นั้นมากองโจรจากอารัมก็ไม่มากล้ำกรายดินแดนอิสราเอลอีกเลย

เมืองสะมาเรียกันดารอาหารเพราะถูกปิดล้อม

24อยู่มาภายหลังกษัตริย์เบนฮาดัดแห่งอารัมทรงระดมกองทัพทั้งหมดมาล้อมเมืองสะมาเรีย 25เป็นเหตุให้เกิดการกันดารอาหารครั้งใหญ่ในเมืองนั้น การล้อมเมืองยืดเยื้อจนแม้แต่หัวลายังมีราคาสูงเป็นเงินหนักถึง 80 เชเขล6:25 1 เชเขล คือเงินหนักประมาณ 11.5 กรัม มีค่าเท่ากับค่าแรงสองเดือน ทั้งสองแห่งในข้อนี้ และเมล็ดถั่วป่า6:25 หรือมูลนกเขาประมาณ 0.3 ลิตร6:25 ภาษาฮีบรูว่าหนึ่งในสี่ขาบ ซื้อขายกันเป็นเงินหนัก 5 เชเขล

26ขณะกษัตริย์อิสราเอลเสด็จผ่านใกล้กำแพงเมือง หญิงคนหนึ่งร้องทูลว่า “ฝ่าพระบาท โปรดเมตตาหม่อมฉันด้วยเถิด!”

27กษัตริย์ตรัสตอบว่า “หากองค์พระผู้เป็นเจ้าไม่ทรงช่วยเจ้า เราจะหาความช่วยเหลือจากที่ไหนมาให้เจ้า? จากลานนวดข้าวหรือ? จากบ่อย่ำองุ่นหรือ?” 28แล้วพระองค์ตรัสถามว่า “มีเรื่องอะไรหรือ?”

หญิงนั้นทูลว่า “ผู้หญิงคนนี้ได้กล่าวกับหม่อมฉันว่า ‘วันนี้ให้เรากินเนื้อลูกชายของเจ้า แล้ววันรุ่งขึ้นเราจะกินเนื้อลูกชายของฉัน’ 29ฉะนั้นพวกเราจึงเอาลูกชายของหม่อมฉันมาทำอาหารกิน ครั้นวันรุ่งขึ้นหม่อมฉันบอกว่า ‘ฆ่าลูกของเธอสิ จะได้เอามากินกัน’ แต่เขากลับซ่อนลูกไว้”

30เมื่อกษัตริย์ได้ยินเช่นนั้นก็ทรงฉีกฉลองพระองค์ ขณะทรงดำเนินไปตามกำแพงเมือง ประชาชนมองดูเห็นว่าพระองค์ทรงสวมชุดผ้ากระสอบอยู่ข้างใน 31กษัตริย์ตรัสว่า “ขอให้พระเจ้าทรงจัดการกับเราอย่างหนักที่สุด หากในวันนี้หัวของเอลีชาบุตรชาฟัทยังไม่หลุดจากบ่า!”

32ฝ่ายเอลีชากำลังนั่งสนทนากับบรรดาผู้อาวุโสอยู่ในบ้าน เมื่อกษัตริย์ทรงใช้คนไปตามตัวเขา ก่อนที่คนนั้นจะมาถึง เอลีชากล่าวกับผู้อาวุโสเหล่านั้นว่า “พวกท่านไม่เห็นหรือว่าฆาตกรนั้นส่งคนมาตัดหัวเราแล้ว? ดูเถิด เมื่อเขามาถึง จงปิดประตู และไล่เขาออกไป นั่นไม่ใช่เสียงฝีเท้าของนายของเขาที่ตามมาข้างหลังหรือ?”

33เอลีชาพูดยังไม่ทันขาดคำ ผู้สื่อสารก็มาถึงและกษัตริย์ก็เสด็จมาด้วย พระองค์ตรัสว่า “ความเดือดร้อนนี้มาจากองค์พระผู้เป็นเจ้า แล้วจะให้เรารอคอยองค์พระผู้เป็นเจ้าต่อไปอีกหรือ?”

Asante Twi Contemporary Bible

2 Ahemfo 6:1-33

Abonnuatire A Ɛtɛ Nsuo Ani

1Ɛda bi adiyifoɔ kuo baa Elisa nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛdeɛ wo ara wohunu no, baabi a yɛne wo hyia ha yi sua. 2Ma yɛnkɔ Asubɔnten Yordan ho a nnua bebree wɔ hɔ. Ɛhɔ deɛ, yɛbɛtumi asi ɛdan foforɔ, ahyia mu wɔ hɔ.”

Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛyɛ, monkɔyɛ.”

3Obi kaa nʼadwene sɛ, “Mesrɛ wo, bɛka yɛn ho na yɛnkɔ.”

Ɔkaa sɛ, “Mate yɛbɛkɔ.”

4Ɛberɛ a wɔduruu Yordan ho no, wɔhyɛɛ aseɛ buu nnua. 5Nanso, wɔn mu baako rebu dua no, nʼabonnua hɔn tɔɔ nsuo no mu. Ɔteaam sɛ, “Aa! Me wura, ɛyɛ abonnua a mekɔsrɛeɛ!”

6Onyankopɔn onipa no bisaa sɛ, “Ɛhefa na ɛtɔeɛ?” Ɔkyerɛɛ Elisa baabi ko no, Elisa twaa poma, na ɔto twenee nsuo no mu. Ɛhɔ ara abonnua tire no pagyaa ne ho, bɛtɛɛ nsuo no ani. 7Elisa ka kyerɛɛ no sɛ, “Ma so yi.” Na ɔbarima no tenee ne nsa yiiɛ.

Elisa Nsa Ka Aramfoɔ No

8Ɛberɛ a Aramhene ne Israel redi ako no, ɔne ne mpanimfoɔ tuu agyina, kaa sɛ, “Yɛbɛboaboa yɛn akodɔm ano wɔ ha anaa ɛha.”

9Ntɛm pa ara, Onyankopɔn onipa Elisa bɔɔ Israelhene6.9 Israelhene no din de Yoram. kɔkɔ sɛ, “Ntwe mmɛn beaeɛ hɔ, ɛfiri sɛ, Aramfoɔ no reyɛ nhyehyɛeɛ, aboaboa wɔn akodɔm ano wɔ hɔ.” 10Enti Israelhene hwɛɛ beaeɛ a Onyame onipa kyerɛɛ no no. Elisa kɔɔ so bɔɔ ɔhene no kɔkɔ mpɛn pii, na ɛmaa nʼani daa fam wɔ mmeaeɛ a ɛtete saa no ho.

11Aramhene werɛ hoo wɔ asɛm yi ho. Ɔfrɛɛ ne mpanimfoɔ bisaa wɔn sɛ, “Mo mu hwan na ɔyɛ ɔfatwafoɔ no? Hwan na ɔka me nhyehyɛeɛ a mayɛ kyerɛ Israelhene?”

12Mpanimfoɔ no mu baako buaa sɛ, “Me wura, ɛnyɛ yɛn. Elisa a ɔyɛ odiyifoɔ wɔ Israel no na ɔka wo kɔkoamsɛm kyerɛ Israelhene.”

13Ɔhene no hyɛɛ sɛ, “Monkɔhwehwɛ baabi a Elisa wɔ, na yɛbɛsoma akodɔm ama wɔakɔkye no.” Na nkra baeɛ sɛ, “Elisa wɔ Dotan.” 14Enti, anadwo bi, Aramhene somaa akodɔm bebree ne wɔn nteaseɛnam ne wɔn apɔnkɔ kɔtwaa kanko faa kuropɔn no ho. 15Ɛberɛ a Onyankopɔn onipa no ɔsomfoɔ sɔree ahemadakye, sii afikyire no, na akodɔm, apɔnkɔ ne nteaseɛnam atwa hɔ ahyia. Ɔteaam kyerɛɛ Elisa sɛ, “Aa, me wura, ɛdeɛn na yɛnyɛ?”

16Elisa ka kyerɛɛ no sɛ, “Nsuro na yɛwɔ ɛdɔm sene wɔn.”

17Afei, Elisa bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao, Awurade, bue nʼani na ma ɔnhunu adeɛ,” Awurade buee ne ɔsomfoɔ ani, na ɔpagyaa nʼani no, ɔhunuu sɛ Elisa nkyɛn mu a ɛkyerɛ bepɔ no, ogya apɔnkɔ ne nteaseɛnam na ayɛ hɔ ma.

18Ɛberɛ a Aramfoɔ asraadɔm bɔ puaa wɔn no, Elisa bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao, Awurade, mesrɛ wo, ma wɔn ani mfirafira.” Na Awurade yɛɛ deɛ Elisa bisaeɛ no.

19Na Elisa firii adi, kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Moafa ɛkwan bɔne so aba. Ɛnyɛ kuro a morehwehwɛ no ni. Monni mʼakyi, na mede mo bɛkɔ onipa a morehwehwɛ no no nkyɛn.” Na ɔdii wɔn anim kɔduruu Samaria.

20Na wɔduruu Samaria pɛ, Elisa bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao, Awurade, afei bue wɔn ani, na ma wɔnhunu adeɛ.” Na Awurade yɛeɛ, na wɔhunuu sɛ wɔwɔ Samaria.

21Ɛberɛ a Israelhene hunuu wɔn no, ɔteaam, bisaa Elisa sɛ, “Mʼagya, menkunkum wɔn anaa?”

22Elisa buaa no sɛ, “Dabi. Ɛsɛ sɛ yɛkunkum ɔko mu nnommumfoɔ anaa? Ma wɔn aduane ne nsuo, na ma wɔnsane nkɔ wɔn wura nkyɛn wɔ wɔn kurom.” 23Enti, ɔhene no too wɔn ɛpono kɛseɛ, ma wɔsane kɔɔ wɔn ɔhene nkyɛn wɔ wɔn kurom. Ɛno akyi, Aramfoɔ ntohyɛsofoɔ no twee wɔn ho firii Israel asase ho koraa.

Ben-Hadad Tua Samaria Ano

24Akyire no, Aramhene Ben-Hadad boaboaa nʼakodɔm nyinaa ano, de wɔn kɔtuaa Samaria. 25Ɛbaa saa no, ɛkɔm kɛseɛ baa kuro no mu. Ɛyɛɛ kakra no, na wɔtɔn afunumu ti dwetɛ kilogram baako, ɛnna wɔtɔn aborɔnoma bini kuruwa ma dwetɛ gram aduonum nwɔtwe.

26Ɛda bi a Israelhene nam kuro no ɔfasuo ho no, ɔbaa bi kɔɔ ne nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ, “Me wura ɔhene, mesrɛ wo, boa me.”

27Ɔbuaa no sɛ, “Sɛ Awurade ammoa wo a, ɛdeɛn na mɛtumi ayɛ? Menni aduane anaa nsa a mede bɛma wo.” 28Ɔhene no bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn asɛm?”

Ɔbuaa sɛ, “Saa ɔbaa yi kaa sɛ, yɛnwe me babarima da bi, na adeɛ kye a, yɛawe ɔno nso deɛ. 29Enti, yɛnoaa me babarima weeɛ. Afei, adeɛ kyeeɛ no, meka kyerɛɛ no sɛ, ‘Kum wo babarima no ma yɛnwe,’ nanso, na ɔde no akɔsie.”

30Na ɔhene no tee saa asɛm yi, ɔde anibiannasoɔ sunsuanee ne ntadeɛ mu. Na ɔhene no nam ɔfasuo no ho no, nnipa no hunuu sɛ ɔhyɛ ayitadeɛ wɔ nʼase. 31Ɔhene no kaa ntam sɛ, “Sɛ ɛnnɛ mankum Safat babarima Elisa a, Onyankopɔn nku me.”

32Elisa te ne fie a ɔne Israel mpanimfoɔ reyɛ nhyiamu na ɔhene somaa abɔfoɔ kɔfrɛɛ no. Nanso, ansa na abɔfoɔ no rebɛduru no, Elisa ka kyerɛɛ mpanimfoɔ no sɛ, “Owudifoɔ asoma ɔbarima bi sɛ ɔmmɛkum me. Sɛ ɔduru ha a, to ɛpono no mu, na ɔnka akyire. Na ɛrenkyɛre ne wura no bɛdi nʼakyi aba.” 33Elisa gu so rekasa no, ɔbɔfoɔ no baeɛ.

Na ɔhene no kaa sɛ, “Ɛyɛ Awurade na ɔde saa ɔhaw yi abrɛ yɛn! Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mekɔ so twɛn Awurade?”