1พงศาวดาร 20 – TNCV & ASCB

Thai New Contemporary Bible

1พงศาวดาร 20:1-8

การยึดเมืองรับบาห์

(2ซมอ.11:1; 12:29-31)

1ในฤดูใบไม้ผลิอันเป็นช่วงที่กษัตริย์ทั้งหลายมักออกไปรบ โยอาบนำทัพอิสราเอลไปทำลายล้างดินแดนของชาวอัมโมน แล้วเขาก็ไปล้อมเมืองรับบาห์ แต่ดาวิดยังคงประทับอยู่ที่กรุงเยรูซาเล็ม โยอาบโจมตีรับบาห์และทิ้งให้เป็นซากปรักหักพัง 2ดาวิดทรงถอดมงกุฎจากพระเศียรของกษัตริย์20:2 หรือของพระมิลโคม(คือ พระโมเลค)ของพวกเขามาสวมบนพระเศียรของพระองค์ มงกุฎนั้นทำด้วยทองคำหนักประมาณ 34 กิโลกรัม20:2 ภาษาฮีบรูว่า1 ตะลันต์ประดับเพชรนิลจินดา ดาวิดทรงริบของเชลยได้มากมายจากเมืองนั้น 3และทรงเกณฑ์ชาวเมืองนั้นให้มาทำงานโดยใช้เลื่อย จอบ เสียมและขวาน ดาวิดทรงทำเช่นนี้กับทุกเมืองของอัมโมน แล้วดาวิดกับกองทัพทั้งหมดก็กลับกรุงเยรูซาเล็ม

สงครามกับชาวฟีลิสเตีย

(2ซมอ.21:15-22)

4ต่อมามีการสู้รบกับชาวฟีลิสเตียอีกที่เกเซอร์ ครั้งนั้นสิบเบคัยชาวหุชาห์ได้สังหารสิปปัยวงศ์วานของพวกมนุษย์ยักษ์เรฟาอิม และชาวฟีลิสเตียก็ยอมแพ้

5ในการรบกับฟีลิสเตียอีกครั้งหนึ่ง เอลฮานันบุตรยาอีร์ได้สังหารลามีน้องชายของโกลิอัทชาวกัท ผู้ซึ่งถือหอกด้ามใหญ่เหมือนไม้กระพั่นทอผ้า

6ในการรบอีกครั้งที่เมืองกัท คนร่างยักษ์ผู้หนึ่งมีนิ้วมือนิ้วเท้าข้างละ 6 นิ้วรวมเป็น 24 นิ้ว ซึ่งเป็นวงศ์วานราฟาเช่นกัน 7ได้มาข่มขู่อิสราเอล แต่ถูกโยนาธานบุตรชิเมอาพี่ชายของดาวิดสังหาร

8แล้วดาวิดและทหารปลิดชีพคนเหล่านี้ซึ่งเป็นวงศ์วานของราฟาแห่งเมืองกัท

Asante Twi Contemporary Bible

1 Berɛsosɛm 20:1-8

Wɔko Fa Raba

1Asusɔ berɛ, afe mu ɛberɛ a ahemfo kɔ ɔko no, Yoab dii Israel akodɔm anim, kɔto hyɛɛ Amonfoɔ nkuro ne nkuraa so, dii wɔn so nkonim. Akodie no mu no, wɔtuaa Raba kuropɔn no, sɛee no. Saa ɛberɛ no, na Dawid te akyire wɔ Yerusalem. 2Ɛberɛ a Dawid duruu Raba no, ɔtuu ɔhene no ahenkyɛ, na wɔde hyɛɛ Dawid. Sikakɔkɔɔ na wɔde yɛɛ ahenkyɛ no na wɔde aboɔdemmoɔ abobɔ mu. Na emu duru bɛyɛ kilogram aduasa ɛnan. Dawid faa asadeɛ bebree firii kuro no mu. 3Ɔde Rabafoɔ no yɛɛ nkoa, hyɛɛ wɔn ma wɔde ɛwan, fatudadeɛ ne mmonnua yɛɛ adwuma. Saa ara na ɔhyɛɛ nnipa a wɔwɔ Amon nkuropɔn nyinaa so. Na Dawid ne nʼakodɔm sane kɔɔ Yerusalem.

Wɔne Filistifoɔ Ko No

4Yei akyi, ɔko sii wɔne Filistifoɔ ntam wɔ Geser. Ɔko no mu, Sibekai a ɔfiri Husa kumm Sipai a ɔyɛ ɔbrane no aseni. Enti wɔkaa Filistifoɔ no hyɛeɛ.

5Ɔko foforɔ bi a wɔne Filistifoɔ koeɛ mu no, Yair babarima Elhanan kumm Gatni Goliat nuabarima Lahmi. Na Lahmi pea nsa mu pipiripie te sɛ ntomanwomfoɔ nsadua.

6Ɔko foforɔ bi nso a wɔne Filistifoɔ koo wɔ Gat no, ɔbrane bi a ɔyɛ abrane asefoɔ no bi a ɔyɛ nsansia yɛ nansia wɔ ne nsa ne ne nan biara so no 7buu Israel animtia, twitwaa mpoa. Na Dawid nuabarima Simea babarima Yonatan kumm no.

8Na saa Filistifoɔ yi yɛ Gat abrane no asefoɔ nanso Dawid ne nʼakofoɔ kunkumm wɔn.