เลวีนิติ 3 – TNCV & ASCB

Thai New Contemporary Bible

เลวีนิติ 3:1-17

เครื่องสันติบูชา

1“ ‘ถ้าผู้ใดจะถวายเครื่องสันติบูชา และเขาถวายสัตว์จากฝูงวัวไม่ว่าตัวผู้หรือตัวเมีย เขาจะต้องนำสัตว์ที่ไม่มีตำหนิมาต่อหน้าองค์พระผู้เป็นเจ้า 2ให้เขาวางมือบนหัวของสัตว์ที่จะถวาย แล้วฆ่ามันที่ทางเข้าเต็นท์นัดพบ เหล่าปุโรหิตซึ่งเป็นบุตรชายของอาโรนจะพรมเลือดวัวนั้นรอบแท่นบูชา 3เขาจะนำส่วนหนึ่งจากเครื่องสันติบูชามาเผาด้วยไฟถวายแด่องค์พระผู้เป็นเจ้าคือไขมันที่หุ้มหรือติดกับเครื่องใน 4ไตทั้งสองลูกกับไขมันที่ติดอยู่ใกล้บั้นเอว และพังผืดหุ้มตับซึ่งเอาออกมาพร้อมไต 5จากนั้นบรรดาบุตรของอาโรนจะเผาสิ่งเหล่านี้บนเครื่องเผาบูชาซึ่งอยู่บนฟืนที่ติดไฟบนแท่นบูชา เป็นเครื่องบูชาด้วยไฟ เป็นกลิ่นหอมที่องค์พระผู้เป็นเจ้าพอพระทัย

6“ ‘หากเขาจะถวายแกะหรือแพะเป็นเครื่องสันติบูชาแด่องค์พระผู้เป็นเจ้าใช้ได้ทั้งตัวผู้และตัวเมียซึ่งไม่มีตำหนิ 7หากใช้ลูกแกะ จงนำมาต่อหน้าองค์พระผู้เป็นเจ้า 8ให้เขาวางมือบนหัวของมันและฆ่ามันหน้าเต็นท์นัดพบ และบรรดาบุตรของอาโรนจะพรมเลือดของมันรอบแท่นบูชา 9เขาจะนำส่วนหนึ่งจากเครื่องสันติบูชามาเผาด้วยไฟถวายแด่องค์พระผู้เป็นเจ้าคือไขมัน ไขมันส่วนหางซึ่งตัดชิดกระดูกสันหลัง ไขมันทั้งหมดที่หุ้มหรือติดเครื่องใน 10ไตทั้งสองลูกกับไขมันบนไตใกล้บั้นเอว และพังผืดหุ้มตับซึ่งนำออกมาพร้อมกับไต 11ปุโรหิตจะเผาสิ่งเหล่านี้บนแท่นบูชา เป็นเครื่องบูชาด้วยไฟถวายแด่องค์พระผู้เป็นเจ้า

12“ ‘หากเขานำแพะมาถวาย ให้นำมาต่อหน้าองค์พระผู้เป็นเจ้า 13ให้เขาวางมือบนหัวแพะและฆ่ามันที่ด้านหน้าเต็นท์นัดพบ จากนั้นบุตรของอาโรนจะพรมเลือดแพะรอบแท่นบูชา 14เขาจะนำส่วนหนึ่งจากเครื่องถวายนำมาถวายบูชาด้วยไฟแด่องค์พระผู้เป็นเจ้าคือไขมันทั้งหมดที่หุ้มหรือติดกับเครื่องใน 15ไตทั้งสองลูกกับไขมันบนไตใกล้บั้นเอว และพังผืดของตับซึ่งเอาออกมาพร้อมไต 16ปุโรหิตจะเผาสิ่งเหล่านี้บนแท่นบูชา เป็นเครื่องบูชาด้วยไฟ เป็นกลิ่นหอมที่พอพระทัย ไขมันทั้งหมดเป็นขององค์พระผู้เป็นเจ้า

17“ ‘อย่ากินไขมันหรือเลือดเลย นี่เป็นข้อปฏิบัติถาวรสืบไปทุกชั่วอายุไม่ว่าเจ้าจะอาศัยอยู่ที่ใด’ ”

Asante Twi Contemporary Bible

3 Mose 3:1-17

Asomdwoeɛ Afɔrebɔ

1“ ‘Sɛ obiara pɛ sɛ ɔbɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ma Awurade a, ɔtumi de nantwinini anaa nantwibereɛ bɔ, nanso ɛsɛ sɛ aboa no yɛ deɛ ne ho nni dɛm biara. 2Onipa a ɔde aboa no aba no de ne nsa bɛgu aboa no apampam na wakum no wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano. Na Aaron mmammarima no apete aboa no mogya agu afɔrebukyia no ho, 3na wɔahye aboa no ayamdeɛ ne ɛho sradeɛ nyinaa 4ne ne sawa mmienu no ne ne sisia ne ne sawa kotokuo wɔ Awurade anim. 5Na ɛbɛsɔ Awurade ani yie.

6“ ‘Sɛ abirekyie anaa odwan na mode bɛbɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ama Awurade a, ɛnsɛ sɛ ɛdɛm biara ba ne ho na ɛsɛ sɛ ɔyɛ onini anaa ɔbereɛ. 7Sɛ mode odwan ba sɛ mo akyɛdeɛ a, 8momfa mo nsa ngu nʼapampam na monkum no wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano. Afei, Aaron mmammarima no bɛpete mogya no agu afɔrebukyia no ho nyinaa. 9Saa asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ yi, fa bi na wɔmfa mma Awurade sɛ ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ a ne dua ne mu nneɛma ne ɛho sradeɛ, sradeɛ a ɛwɔ ne yam adeɛ nyinaa ho, 10ne sawa mmienu ne ɛho sradeɛ a ɛbɛn ne sisia ne ne berɛboɔ a wɔbɛyi ɛno ne ne sawa no ka ho. 11Ɔsɔfoɔ no bɛhye no wɔ afɔrebukyia no so sɛ aduane a ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ ama Awurade.

12“ ‘Sɛ obi de abirekyie brɛ Awurade sɛ nʼafɔrebɔdeɛ a, 13fa wo nsa gu aboa no apampam naku no wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano. Aaron mmammarima de aboa no mogya bɛpete afɔrebukyia no ho nyinaa. 14Ɛsɛ sɛ wɔhye saa afɔrebɔdeɛ yi fa bi ma Awurade. Saa afɔrebɔdeɛ fa no yɛ aboa no yam sradeɛ, 15ne sawa mmienu ne ɛho sradeɛ a ɛbɛn nʼasene mu ne ne berɛboɔ a wɔbɛyi aka ne sawa no ho. 16Ɔsɔfoɔ no bɛhye wɔ afɔrebukyia no so sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ. Awurade ani bɛsɔ saa ɔhyeɛ afɔdeɛ no. Kae sɛ sradeɛ no nyinaa yɛ Awurade dea.

17“ ‘Yei ne mmara a monni so daa nyinaa wɔ asase yi so baabiara. Monnni sradeɛ anaa mogya.’ ”