ลูกา 6 – TNCV & ASCB

Thai New Contemporary Bible

ลูกา 6:1-49

ทรงเป็นเจ้าเหนือวันสะบาโต

(มธ.12:1-14; มก.2:23—3:6)

1ในวันสะบาโตหนึ่งพระเยซูกำลังเสด็จผ่านทุ่งนาและเหล่าสาวกของพระองค์ก็เริ่มเด็ดรวงข้าวมาขยี้เอาเมล็ดข้าวกิน 2พวกฟาริสีบางคนจึงถามขึ้นว่า “ทำไมพวกท่านทำสิ่งที่ผิดบัญญัติในวันสะบาโต?”

3พระเยซูตรัสตอบเขาว่า “พวกท่านไม่เคยอ่านหรือว่าดาวิดทำอะไรเมื่อเขากับพรรคพวกหิวโหย? 4ดาวิดเข้าไปในพระนิเวศของพระเจ้าและกินขนมปังศักดิ์สิทธิ์ซึ่งตามบทบัญญัติแล้วมีแต่ปุโรหิตเท่านั้นที่จะกินได้ และดาวิดยังแบ่งขนมปังนี้ให้พรรคพวกกินด้วย” 5แล้วพระเยซูตรัสแก่พวกเขาว่า “บุตรมนุษย์เป็นเจ้าเหนือวันสะบาโต”

6อีกวันสะบาโตหนึ่งพระองค์ทรงเข้าไปสั่งสอนในธรรมศาลา ที่นั่นมีชายคนหนึ่งมือขวาลีบ 7พวกฟาริสีกับธรรมาจารย์กำลังหาเหตุที่จะกล่าวโทษพระเยซู จึงคอยจับตาดูอย่างใกล้ชิดว่าพระองค์จะรักษาโรคในวันสะบาโตหรือไม่ 8แต่พระเยซูทรงทราบว่าพวกเขากำลังคิดอะไรอยู่ จึงตรัสกับชายที่มือลีบนั้นว่า “ลุกขึ้นมายืนข้างหน้านี่สิ” เขาจึงลุกขึ้นมายืนที่นั่น

9แล้วพระเยซูตรัสกับพวกเขาว่า “เราถามท่านว่าทำดีหรือทำชั่ว ช่วยชีวิตหรือทำลายชีวิต อย่างไหนที่ถูกต้องตามบทบัญญัติในวันสะบาโต?”

10พระองค์ทรงกวาดสายตามองดูพวกเขาทุกคนและตรัสกับชายคนนั้นว่า “จงเหยียดมือออกมา” เขาก็ทำตามและมือของเขาก็กลับเป็นปกติทุกอย่าง 11แต่พวกนั้นโกรธมากและเริ่มปรึกษากันว่าจะทำอย่างไรกับพระเยซูดี

ทรงแต่งตั้งอัครทูตสิบสองคน

(มธ.10:2-4; มก.3:16-19; กจ.1:13)

12วันหนึ่งพระเยซูเสด็จไปที่ภูเขาเพื่ออธิษฐานและใช้เวลาอธิษฐานต่อพระเจ้าทั้งคืน 13พอรุ่งเช้าพระองค์ทรงเรียกเหล่าสาวกมาหาพระองค์และเลือกสิบสองคนจากพวกเขา ทรงแต่งตั้งให้เป็นอัครทูต ได้แก่ 14ซีโมน (ซึ่งทรงเรียกว่า เปโตร) อันดรูว์น้องชายของเปโตร ยากอบ ยอห์น ฟีลิป บารโธโลมิว 15มัทธิว โธมัส ยากอบบุตรอัลเฟอัส ซีโมนที่เรียกว่านักชาตินิยม 16ยูดาสบุตรยากอบ และยูดาสอิสคาริโอทผู้กลายเป็นคนทรยศ

พระพรและวิบัติ

(มธ.5:3-12)

17พระองค์เสด็จลงมากับพวกเขาและยืนอยู่ในที่ราบ มีสาวกกลุ่มใหญ่อยู่ที่นั่น รวมทั้งประชาชนมากมายจากทั่วแคว้นยูเดีย กรุงเยรูซาเล็ม และชายฝั่งเมืองไทระและเมืองไซดอน 18ผู้ซึ่งมาเพื่อจะฟังและเพื่อจะรับการรักษาโรค บรรดาผู้ที่ถูกวิญญาณชั่ว6:18 ภาษากรีกว่าโสโครกรบกวนก็ได้รับการรักษาให้หาย 19คนทั้งปวงพยายามแตะต้องพระองค์เพราะฤทธิ์อำนาจออกมาจากพระองค์และรักษาพวกเขาทุกคนให้หาย

20พระเยซูทอดพระเนตรเหล่าสาวกและตรัสว่า

“ความสุขมีแก่ท่านผู้ขัดสน

เพราะอาณาจักรของพระเจ้าเป็นของท่านแล้ว

21ความสุขมีแก่ท่านผู้หิวโหยอยู่ในขณะนี้

เพราะท่านจะได้อิ่มเอม

ความสุขมีแก่ท่านผู้ร่ำไห้อยู่ในขณะนี้

เพราะท่านจะได้หัวเราะ

22ความสุขมีแก่ท่านเมื่อมนุษย์เกลียดชังท่าน

เมื่อเขาอเปหิและลบหลู่ท่าน

และปฏิเสธนามของท่านประหนึ่งเป็นสิ่งชั่วช้าเพราะบุตรมนุษย์

23“ในวันนั้นจงชื่นชมยินดีและโลดเต้นด้วยความเปรมปรีดิ์เถิดเพราะบำเหน็จของท่านในสวรรค์ยิ่งใหญ่นัก เนื่องจากบรรพบุรุษของเขาได้ปฏิบัติเช่นเดียวกันนั้นกับบรรดาผู้เผยพระวจนะ

24“แต่วิบัติแก่เจ้าผู้มั่งมี

เพราะเจ้าได้รับความสุขสบายแล้ว

25วิบัติแก่เจ้าผู้อิ่มหมีพีมันอยู่ในขณะนี้

เพราะเจ้าจะหิวโหย

วิบัติแก่เจ้าผู้หัวเราะอยู่ในเวลานี้

เพราะเจ้าจะโศกเศร้าและร่ำไห้

26วิบัติแก่เจ้าเมื่อคนทั้งปวงยกย่องเจ้า

เพราะบรรพบุรุษของเขาได้ปฏิบัติเช่นเดียวกันนั้นกับบรรดาผู้เผยพระวจนะเท็จ

จงรักศัตรู

(มธ.5:39-42)

27“แต่เราบอกท่านที่ฟังอยู่ว่าจงรักศัตรูของท่าน จงทำดีแก่ผู้ที่เกลียดชังท่าน 28จงอวยพรคนที่แช่งด่าท่าน จงอธิษฐานเผื่อผู้ที่ทำร้ายท่าน 29ถ้าผู้ใดตบแก้มท่าน จงหันแก้มอีกข้างให้เขาด้วย ถ้าผู้ใดเอาเสื้อคลุมของท่านไป จงยอมให้เขาเอาเสื้อของท่านไปด้วย 30จงให้แก่ทุกคนที่ขอท่าน และถ้าใครเอาสิ่งที่เป็นของท่านไป อย่าเรียกร้องสิ่งนั้นกลับคืน 31จงปฏิบัติต่อผู้อื่นอย่างที่ท่านปรารถนาให้เขาปฏิบัติต่อท่าน

32“ถ้าท่านรักแต่ผู้ที่รักท่าน ท่านจะน่าสรรเสริญที่ตรงไหน? แม้แต่ ‘คนบาป’ ก็รักคนที่รักเขา 33และถ้าท่านทำดีแก่ผู้ที่ดีต่อท่าน ท่านจะน่าสรรเสริญที่ตรงไหน? แม้แต่ ‘คนบาป’ ก็ทำเช่นนั้น 34และถ้าท่านให้ยืมเฉพาะผู้ที่ท่านคาดว่าจะได้คืนจากเขา จะน่าสรรเสริญที่ตรงไหน? แม้แต่ ‘คนบาป’ ก็ให้ ‘คนบาป’ ยืม โดยคาดหวังว่าจะได้คืนครบถ้วน 35แต่จงรักศัตรูของท่าน จงทำดีต่อเขา และให้เขายืมโดยไม่หวังจะได้อะไรคืนมา แล้วท่านจะได้รับบำเหน็จใหญ่หลวงและจะได้เป็นบุตรขององค์ผู้สูงสุดเพราะพระองค์ทรงกรุณาต่อคนอกตัญญูและคนชั่ว 36จงเมตตากรุณาเช่นเดียวกับที่พระบิดาของท่านทรงเมตตากรุณา

การตัดสินผู้อื่น

(มธ.7:1-5)

37“อย่าตัดสินแล้วท่านจะไม่ถูกตัดสิน อย่ากล่าวหาแล้วท่านจะไม่ถูกกล่าวหา จงให้อภัยแล้วท่านจะได้รับการอภัย 38จงให้แล้วท่านจะได้รับ และทะนานที่ตวงเต็มยัดสั่นแน่นพูนล้นจะถูกเทลงในตักของท่าน เพราะท่านใช้ทะนานอันใดก็จะใช้ทะนานอันเดียวกันนั้นตวงแก่ท่าน”

39พระองค์ยังตรัสคำอุปมานี้แก่เขาอีกว่า “คนตาบอดจะนำทางคนตาบอดได้หรือ? ทั้งคู่จะไม่ตกหลุมหรือ? 40ศิษย์ย่อมไม่เหนือกว่าครูของตน แต่ทุกคนที่ได้รับการฝึกอบรมอย่างสมบูรณ์แล้วจะเป็นเหมือนครูของตน

41“เหตุใดท่านมองดูผงขี้เลื่อยในตาของพี่น้องแต่ไม่ใส่ใจกับไม้ทั้งท่อนในตาของท่านเอง? 42ท่านพูดกับพี่น้องได้อย่างไรว่า ‘พี่น้องเอ๋ย ให้เราเขี่ยผงออกจากตาของท่าน’? ในเมื่อตัวท่านเองไม่เห็นไม้ทั้งท่อนในตาของตนเอง เจ้าคนหน้าซื่อใจคด จงชักไม้ทั้งท่อนออกจากตาของตนก่อนแล้วเจ้าจะเห็นชัด จึงจะเขี่ยผงออกจากตาของพี่น้องได้

ต้นไม้และผล

(มธ.7:16,18,20)

43“ต้นไม้ดีย่อมไม่ให้ผลเลวและต้นไม้เลวย่อมไม่ให้ผลดี 44เราจะรู้จักต้นไม้แต่ละต้นได้ด้วยผลของมัน พุ่มหนามย่อมไม่ออกผลเป็นมะเดื่อ หรือกอหนามย่อมไม่ออกผลเป็นองุ่น 45คนดีย่อมนำสิ่งดีออกจากความดีที่สะสมไว้ในใจของตน ส่วนคนชั่วก็นำสิ่งชั่วออกจากความชั่วที่สะสมไว้ในใจของตน เพราะปากย่อมเอ่ยสิ่งที่เอ่อล้นออกมาจากใจ

คนโง่และคนฉลาด

(มธ.7:24-27)

46“เหตุใดท่านจึงเรียกเราว่า ‘พระองค์เจ้าข้า พระองค์เจ้าข้า’ แต่ไม่ทำตามที่เราบอก? 47เราจะแสดงให้ท่านเห็นว่าผู้ที่มาหาเรา ฟังคำของเรา แล้วนำไปปฏิบัตินั้นเป็นเช่นไร 48เขาเป็นเหมือนคนที่สร้างบ้านผู้ขุดลึกลงไปวางฐานรากบนศิลา เมื่อน้ำท่วมและกระแสน้ำเชี่ยวซัดใส่บ้าน บ้านนั้นก็ไม่สั่นไหวเพราะสร้างไว้อย่างดี 49ส่วนผู้ที่ได้ยินคำของเราแต่ไม่ได้นำไปปฏิบัติก็เป็นเหมือนคนที่สร้างบ้านบนพื้นโดยไม่วางฐานราก เมื่อกระแสน้ำเชี่ยวซัดใส่บ้าน บ้านนั้นก็ล้มครืนและถูกทำลายราบคาบ”

Asante Twi Contemporary Bible

Luka 6:1-49

Homeda Ho Asɛmmisa

1Homeda bi a Yesu ne nʼasuafoɔ no nam aburoofuo bi mu no, asuafoɔ no pempan aburoo no bi hwane, weeɛ. 2Farisifoɔ bi bisaa no sɛ, “Adɛn na moyɛ adeɛ a ɛtia Homeda ho mmara a wɔahyɛ no?”

3Yesu buaa wɔn sɛ, “Monkenkanee deɛ Ɔhene Dawid yɛɛ ɛberɛ a ɛkɔm dee ɔne wɔn a wɔka ne ho no wɔ Atwerɛsɛm no mu anaa? 4Ɔkɔɔ asɔredan mu kɔfaa burodo a wɔde abɔ afɔdeɛ ama Onyankopɔn a mmara mma ho kwan sɛ obi di, gye asɔfoɔ nko ara no, de bi maa wɔn a wɔka ne ho no nso diiɛ.” 5Yesu kaa sɛ, “Onipa Ba no ne Homeda no wura.”

6Homeda foforɔ bi nso a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu no, na ɔbarima bi a ne nsa nifa awu nso wɔ hɔ bi. 7Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ ne Farisifoɔ no hwɛɛ Yesu dinn sɛ ɔbɛsa onipa yi yadeɛ Homeda yi nso anaa. Deɛ na wɔrehwehwɛ ara ne sɛ ɔbɛbu mmara no so, asa yadeɛ na wɔn nsa aka no akyere no. 8Yesu hunuu wɔn adwene, nanso ɔka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ, “Sɔre bɛgyina animu ha, na obiara nhunu wo.” Ɔbarima no sɔre bɛgyinaa hɔ.

9Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Merebisa mo. Ɛdeɛn na mmara no ma ho ɛkwan sɛ yɛnyɛ no Homeda; sɛ yɛbɛyɛ papa anaa yɛbɛyɛ bɔne, sɛ yɛbɛgye obi nkwa anaasɛ yɛbɛma wawu?”

10Yesu hwɛɛ wɔn nyinaa hyiaeɛ na ɔka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ, “Tene wo nsa.” Na ɔtenee ne nsa no, emu yɛɛ den sɛ baako no. 11Deɛ Yesu yɛeɛ yi hyɛɛ nnipa no abufuo yie ma wɔfirii aseɛ bɔɔ ne ho pɔ.

Yesu Yi Asuafoɔ Dumienu

12Ɛda bi a Yesu kɔɔ bepɔ bi so sɛ ɔrekɔbɔ mpaeɛ. Ɔbɔɔ mpaeɛ anadwo mu no nyinaa 13Adeɛ kyeeɛ no, ɔfrɛɛ nʼakyidifoɔ no nyinaa baa ne nkyɛn na ɔyii wɔn mu dumienu. Saa dumienu yi na ɔfrɛɛ wɔn asomafoɔ.

14Simon, a ɔtoo ne din Petro; Andrea, Simon nua;

Yakobo,

Yohane,

Filipo,

Bartolomeo,

15Mateo,

Toma,

Yakobo a ɔyɛ Alfeo ba;

Simon, a wɔfrɛ no Selote;

16Yuda, a ɔyɛ Yakobo ba;

ne Yuda Iskariot a ɔyii Yesu maeɛ no.

Yesu Sa Nyarewa

17Yesu firii bepɔ no so siane baa fam maa nʼakyidifoɔ bebree ne nnipakuo a wɔfiri Yudea, Yerusalem ne mpoano nkuro Tiro ne Sidon mu no bɛtwaa ne ho hyiaeɛ. 18Wɔbaeɛ sɛ wɔrebɛtie no ama wasa wɔn nyarewa nso. Ɔtuu ahonhommɔne bebree. 19Obiara bɔɔ mmɔden sɛ ɔde ne nsa bɛka Yesu. Ayarefoɔ a wɔde wɔn nsa kaa Yesu no nyinaa ho tɔɔ wɔn.

20Afei, ɔdanee nʼani ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ,

“Nhyira ne mo a moyɛ ahiafoɔ,

na mo na Onyankopɔn Ahennie no yɛ mo dea!

21Nhyira ne mo a ɛkɔm de mo,

na mo na wɔbɛma mo amee.

Nhyira ne mo a mo werɛ ahoɔ,

na mo na wɔbɛma mo ani agye.

22Nhyira ne mo a Onipa Ba no din enti, nnipa tan mo,

na wɔpa mo na wɔya mo,

na wɔgu mo din ho fi.

23“Sɛ ɛba saa a, momma mo ani nnye na monni ahurisie! Ɛfiri sɛ, mo akatua so wɔ ɔsoro. Na saa ara nso na wɔn agyanom yɛɛ tete adiyifoɔ no.

24“Na mo adefoɔ deɛ, monnue ɛfiri sɛ, deɛ ɛma mo ani gye no,

mo nsa aka dada; yei enti, monni kyɛfa biara bio.

25Monnue, mo a moamee seesei,

na mo na ɛkɔm bɛde mo!

Monnue, mo a moresere seesei,

na mo na mobɛsi apinie, asu.

26Monnue, mo a nnipa kamfo mo,

ɛfiri sɛ, saa ara na wɔn nananom kamfoo atorɔ adiyifoɔ no.”

Monnɔ Mo Atamfoɔ

27“Mereka akyerɛ mo a moretie me no nyinaa sɛ, monnɔ mo atamfoɔ; monyɛ wɔn a wɔtan mo no papa. 28Monhyira wɔn a wɔdome mo; mommɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔtan mo. 29Sɛ obi bɔ wʼasom a, dane baako a aka no ma no. Sɛ obi pa wo ntoma a, worɔ wʼatadeɛ ka ho. 30Sɛ obi srɛ wo biribi a, fa ma no. Obi gye wʼadeɛ a, mmisa no bio. 31Na deɛ mopɛ sɛ nnipa nyɛ mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.

32“Na sɛ modɔ wɔn a wɔdɔ mo no nko ara a, mfasoɔ bɛn na mobɛnya? ‘Nnebɔneyɛfoɔ’ nso dɔ wɔn a wɔdɔ wɔn no. 33Na sɛ moyɛ wɔn a wɔyɛ mo papa no nko ara yie a, mfasoɔ bɛn na mobɛnya? Nnebɔneyɛfoɔ mpo yɛ wɔn a wɔyɛ wɔn papa no nso yie. 34Na sɛ mobɔ wɔn a mosusu sɛ wɔbɛtumi atua mo nko ara bosea a, papa bɛn na moayɛ? Nnebɔneyɛfoɔ nso bobɔ bobɔ wɔn ho wɔn ho bosea, a wɔhwɛ sɛ wɔn nsa bɛka wɔn sika bio. 35Monnɔ mo atamfoɔ. Monyɛ wɔn papa. Momma wɔn deɛ ɛhia wɔn a, mo ani nni akyire bio. Na sɛ moyɛ yeinom a, mo akatua bɛyɛ kɛse wɔ ɔsoro na moayɛ Onyankopɔn mma; ɛfiri sɛ Onyankopɔn yɛ nnebɔneyɛfoɔ adɔeɛ, na ɔdom bonniayɛfoɔ nso. 36Monyɛ mmɔborɔhunufoɔ sɛdeɛ mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no yɛ mmɔborɔhunufoɔ no.

37“Mommmu ntɛn, na wɔammu mo ntɛn; mommmu fɔ, na wɔammu mo fɔ; momfa nkyɛ, na wɔde akyɛ mo. 38Sɛ moma a, wɔbɛhyɛ mo ananmu. Deɛ mode ma no, wɔde susudua a wɔahyɛ no ma, amia so ama abu so na ɛbɛsusu ama mo. Susudua a mode bɛsusu ama no, ɛno ara na wɔde bɛsusu ama mo.”

39Yesu nam abɛbuo so kasa kyerɛɛ wɔn bio sɛ, “Onifirani bɛtumi akyerɛ onifirani ɛkwan ama ayɛ yie anaa? Sɛ ɛba saa a, wɔn baanu nyinaa bɛtɔ amena mu. 40Osuani nsene ne ɔkyerɛkyerɛfoɔ. Nanso, sɛ ɔyere ne ho sua deɛ wɔrekyerɛ no no yie a ɔbɛsɛ ne ɔkyerɛkyerɛfoɔ.

41“Adɛn enti na woma aboseaa a ɛgu wo nua ani so ha wo, ɛberɛ a ɛboɔ da wo deɛ so? 42Ɛbɛyɛ dɛn na woatumi aka akyerɛ wo nua sɛ, ‘Ma menyi anwea a ɛgu wʼani so no mma wo’ wɔ ɛberɛ a ɛboɔ a ɛda wʼani so no wonhunu. Nyaatwomni, di ɛkan yi ɛboɔ a ɛda wʼani so no ansa na woatumi ayi anwea a ɛgu wo nua ani so no ama no.

43“Dua pa nso aba bɔne, na dua bɔne nso nso aba pa. 44Dua biara aba na wɔnam so hunu dua ko a ɛyɛ. Worentumi nte borɔdɔma wɔ nnɛnkyɛmse so. Saa ara na worentumi nte bobe wɔ nkasɛɛ so. 45Onipa pa firi nnepa a ɛwɔ nʼakoma mu yɛ ade pa. Saa ara nso na onipa bɔne nso firi ne nnebɔne a ɛwɔ nʼakoma mu yɛ ade bɔne. Deɛ ahyɛ onipa akoma ma no, na ɛpue firi nʼano.

46“Adɛn enti na mofrɛ me ‘Awurade,’ nanso monni mʼasɛm so? 47Merekyerɛ mo sɛdeɛ onipa biara a ɔba me nkyɛn, na ɔtie mʼasɛm di so no teɛ. 48Ɔte sɛ obi a na ɔresi ɛdan na ɔtwaa ne ɛdan no fapem ma ɛsii ɔbotan so. Na osuo tɔeɛ maa nsuo no yiri bɛbɔ faa ɛdan no ase nanso ammu, ɛfiri sɛ, ɔsi sii ɔbotan so. 49Na deɛ ɔte mʼasɛm na ɔnni so no, ɔte sɛ obi a ɔresi ɛdan, na ɔsii ɛdan no sii anwea so, na osuo tɔ maa nsuo no yiri bɛbɔ faa aseɛ ma ɛdwiriiɛ.”