Lukáš 19 – SNC & ASCB

Slovo na cestu

Lukáš 19:1-48

Ježíš přináší spasení Zacheovu domu

1Potom Ježíš vešel do Jericha. 2Žil tam vrchní výběrčí daní Zacheus, velký boháč. 3Chtěl za každou cenu vidět Ježíše, ale protože sám byl malé postavy a okolo Ježíše se tísnily davy lidí, 4předběhl průvod a vylezl na strom; odtamtud ho vyhlížel. 5Když Ježíš došel až k tomu místu, podíval se vzhůru a řekl: „Zachee, pojď rychle dolů, chci dnes být tvým hostem.“ 6Zacheus slezl, jak nejrychleji uměl a plný radosti si odváděl Ježíše domů. 7Lidé se posmívali: „Jde na návštěvu k takovému hříšníkovi!“ 8Tu se Zacheus zastavil a obrátil na Ježíše: „Pane, polovinu svého majetku rozdám chudým a koho jsem okradl, tomu to čtyřnásobně vynahradím.“ 9Nato Ježíš řekl: „Dnes se pro tohoto muže a jeho rodinu všechno mění. Teď plným právem patří k Božímu lidu. 10Přišel jsem hledat a zachránit právě ty ztracené.“

Ježíš vypráví podobenství o deseti úřednících

11Tyto události a to, že měl Ježíš namířeno do Jeruzaléma, vedlo lidi k domněnce, že se nyní ujme své vlády. 12Jak to doopravdy bude, jim Ježíš naznačil následujícím vyprávěním: „Jeden vznešený muž odešel daleko za hranice své vlasti, aby se tam dal korunovat a vrátil se zpět jako král. 13Předtím si však zavolal svých deset úředníků, dal každému z nich určitý obnos a řekl: ‚Nenechte je ležet ladem a snažte se jimi něco získat.‘ 14Někteří občané ho však nenáviděli, a proto žádali: ‚Nechceme, aby byl naším králem.‘ 15Vladař se však přesto vrátil s královskou hodností. Ihned si dal předvolat úředníky, kterým svěřil peníze, aby zjistil, jak hospodařili. 16Přišel první a řekl: ‚Pane, získal jsem desetkrát tolik, než jsi mi svěřil.‘ 17Král ho pochválil: ‚Výborně, jsi dobrý hospodář. Nešlo o mnoho a obstál jsi. Svěřuji ti proto vládu nad deseti městy.‘ 18Přišel druhý úředník, aby vykázal zisk: ‚Pane, mám pro tebe pětkrát tolik, než jsi mi svěřil.‘ 19I toho král pochválil a svěřil mu správu nad pěti městy. 20Pak přišel další a řekl: ‚Pane, vím, že jsi přísný, 21a tak jsem se bál o tvůj majetek. Dobře jsem ho ukryl a tady ti ho vracím nedotčený.‘ 22Král mu řekl: ‚Tvá vlastní slova tě soudí, lenochu. Věděl jsi, co jsem nařídil, a nesplnil jsi to. 23Proč jsi moje peníze alespoň neuložil na úrok?‘ 24Pak řekl okolostojícím: ‚Vezměte ty peníze od něho a dejte je tomu, kdo získal desetinásobek.‘ 25Namítali: ‚Pane, vždyť ten už má dost.‘ 26Král odpověděl: ‚Každému, kdo se osvědčí, bude ještě přidáno, ale ten, kdo se neosvědčí, přijde o všechno. 27A mé nepřátele, kteří mne nechtěli za panovníka, popravte!‘ “

Ježíš vjíždí do Jeruzaléma na oslici

28Když skončil svoje vypravování, pokračoval v cestě do Jeruzaléma. 29-30V blízkosti dvora Betfage u Betanie pod Olivovou horou vyzval dva své učedníky: „Jděte naproti do městečka. Najdete tam uvázané oslátko, na kterém dosud nikdo neseděl. Odvažte ho a přiveďte. 31Kdyby se vás někdo ptal, proč to děláte, řekněte: ‚Pán ho potřebuje.‘ “ 32Ti dva šli a nalezli všechno tak, jak Ježíš řekl. 33Když oslátko odvazovali, přišli majitelé a ptali se, proč to dělají. 34Odpověděli: „Pán ho potřebuje.“ 35Přivedli oslíka, pokryli mu hřbet svými plášti a posadili na něj Ježíše. 36Ostatní lidé stlali dokonce své pláště na cestu, kudy jel. 37Když začali sestupovat z Olivové hory, zmocnilo se zástupu nadšení; děkovali Bohu za všechny divy, které na vlastní oči viděli. 38Provolávali:

„Sláva králi, Bůh ho posílá!

Nebe je smířeno, sláva!“

39Byli tam také někteří farizejové a ti mu domlouvali: „Pokárej své učedníky, aby se takhle nerouhali.“ 40Ježíš odpověděl: „Jestliže oni zmlknou, bude volat kamení.“ 41Když se před Ježíšem otevřel pohled na Jeruzalém, vstoupily mu slzy do očí a plný smutku 42řekl: „Město, kéž bys alespoň dnes pochopilo, co ti může přinést pokoj. Ty však nic nechápeš, 43a tak přijde den, kdy tě obklíčí nepřátelé a oblehnou tě. 44Nakonec tě srovnají se zemí a tvé syny pobijí, protože jsi nerozeznalo čas, kdy k tobě přichází Bůh.“

Ježíš opět čistí chrám

45V Jeruzalémě vešel do chrámu a hned za branou narazil na ty, kdo tam prodávali. Začal je vyhánět 46se slovy: „Je psáno, že tento chrám je svaté místo pro modlitby, a vy jste z něho udělali tržiště.“ 47Po několik dní se Ježíš vracel do chrámu a učil tam. Velekněží a vykladači zákona se ho chtěli za podpory předních občanů Jeruzaléma zmocnit a připravit ho o život, 48ale nevěděli, jak to udělat, protože lid ho miloval a rád mu naslouchal.

Asante Twi Contemporary Bible

Luka 19:1-48

Sakeo

1Ɛda bi a na Yesu retwam wɔ Yeriko no, 2ɔhunuu ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Sakeo. Na Sakeo yɛ ɔtogyeni panin sane yɛ osikani nso. 3Ɛberɛ a Yesu retwam no, Sakeo pɛɛ sɛ anka ɔhunu no, nanso ɛsiane sɛ na ɔyɛ onipa tiawa na wɔn a wɔdi Yesu akyi no dɔɔso enti, wanhunu no. 4Esiane sɛ na Sakeo nim sɛ Yesu bɛfa nnyedua bi a na ɛsisi hɔ no ase enti, ɔyɛɛ ntɛm kɔforoo saa nnyedua no mu baako.

5Ɛberɛ a Yesu duruu nnyedua no ase no, ɔmaa nʼani so hunuu no ka kyerɛɛ no sɛ, “Sakeo, yɛ ntɛm na si fam, na wo fie na ɛnnɛ mɛtena.” 6Sakeo yɛɛ ntɛm sii fam de anigyeɛ gyee no fɛ so.

7Nnipa a wɔdi Yesu akyi no hunuu yei no, wɔnwiinwii kaa sɛ, “Ɔdebɔneyɛfoɔ yi na wakɔ akɔsoɛ no.”

8Ɛberɛ a nnipa no renwiinwii no, Sakeo bɛgyinaa Yesu nkyɛn kaa sɛ, “Awurade, ɛnnɛ, mede mʼahodeɛ mu fa kyɛ ahiafoɔ, na sɛ masisi obi wɔ biribi mu a, mɛtua mmɔho nan ama no.”

9Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛnnɛ na nkwagyeɛ aba efie yi mu, ɛfiri sɛ, yei nso yɛ Abraham ba. 10Na Onipa Ba no baeɛ sɛ ɔrebɛhwehwɛ wɔn a wɔayera na wagye wɔn nkwa.”

Adwumayɛ Ho Akontabuo

11Ɛberɛ a Yesu ne nnipa no rebɛn Yerusalem no, ɔsane buu wɔn bɛ foforɔ de kyerɛɛ wɔn sɛ, Onyankopɔn Ahennie no abɛn. 12Ɔkaa sɛ, “Ɔdehyeɛ bi a watu kwan akɔ akyirikyiri asase bi so sane kɔɔ ne kurom kɔhunuu nʼabusua mu mpanimfoɔ sɛ wɔnsi no ɔhene. 13Ansa na ɔrebɛfiri nʼakwantuo no ase no, ɔfrɛɛ nʼadwumayɛfoɔ mu edu maa wɔn mu biara mina19.13 Mina baako yɛ ɔpaani bosome mmiɛnsa akatua. edu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Momfa sika yi nyɛ adwuma kɔsi sɛ mɛba.’

14“Kurom hɔfoɔ no tee nʼahennie no ho asɛm no, wɔtuu nnipa kɔhunuu mpanimfoɔ no sɛ wɔmpɛ no.

15“Nanso, wɔsii no ɔhene ma ɔsane kɔɔ baabi a na ɔyɛ adwuma no. Ɔduruiɛ no, ɔfrɛɛ nʼadwumayɛfoɔ edu no sɛ, wɔmmɛbu sika a ɔde maa wɔn no ho nkonta nkyerɛ no.

16“Odwumayɛfoɔ a ɔdii ɛkan baeɛ no bɛka kyerɛɛ no sɛ, ‘Me wura, wo sika mina edu no, mede ayɛ adwuma anya ho mmɔho edu.’

17“Owura no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mo, akoa pa, ɛsiane sɛ woadi kakraa a mede hyɛɛ wo nsa no ho nokorɛ enti, mede nkuro edu bɛhyɛ wʼase na woadi so.’

18“Odwumayɛfoɔ a ɔtɔ so mmienu no baeɛ bɛka kyerɛɛ no sɛ, ‘Me wura, wo sika mina edu no, mede ayɛ adwuma anya ho mmɔho enum.’

19“Owura no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mede nkuro enum bɛhyɛ wʼase na woadi so.’

20“Ɔfoforɔ nso bɛkaa sɛ, ‘Me wura wo sika mina edu a wode maa me no, mede sieeɛ, ɛno nie. 21Na mesuro wo, ɛfiri sɛ, wo ho yɛ nwanwa. Deɛ ɛnyɛ wo dea no, wogye; deɛ wunnuaeɛ nso, wotwa.’

22“Ne wura no buaa no sɛ, ‘Akoa bɔne, wo anom asɛm so na megyina abu wo atɛn. Wonim sɛ me ho yɛ nwanwa. Deɛ ɛnyɛ me dea no megye; deɛ mennuaeɛ no, metwa. 23Adɛn enti na woamfa me sika no ankɔto sikakorabea? Anka mebaeɛ yi mɛnya ho nsiho.’

24“Ɔka kyerɛɛ nʼasomfoɔ a na wɔgyina hɔ no sɛ ‘Monnye sika no mfiri ne nsam mfa mma deɛ ɔde ne deɛ yɛɛ adwuma nyaa mmɔho edu no.’

25“Asomfoɔ no kaa sɛ, ‘Yɛn wura, sɛ yei deɛ ɔwɔ sika bebree!’

26“Owura no kaa sɛ, ‘Merema mo ate aseɛ sɛ, deɛ ɔwɔ bebree no, wɔbɛma no bi aka ho, na deɛ ɔwɔ kakra bi no, deɛ ɔwɔ mpo no, wɔbɛgye afiri ne nsam. 27Na afei, momfa mʼatamfoɔ a anka wɔmpɛ sɛ medi adeɛ no mmra mʼanim ha na monkum wɔn!’ ”

Yesu Kɔ Yerusalem

28Yesu kaa nsɛm yi wieeɛ no, ɔdii nʼasuafoɔ no ɛkan kɔɔ Yerusalem. 29Ɔrebɛn Betfage ne Betania a ɛbɛn Ngo Bepɔ so no, ɔsomaa nʼasuafoɔ no mu baanu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, 30“Monkɔ akuraa a ɛbɛn ha no ase na moduru hɔ a, mobɛhunu afunumu ba bi a obiara ntenaa ne so da sɛ wɔasa no. Monsane no mfa no mmrɛ me. 31Sɛ obi bisa sɛ, ‘Adɛn enti na moresane no’ a, monka nkyerɛ no sɛ, ‘Ne ho hia Awurade.’ ”

32Asuafoɔ baanu a wɔkɔeɛ no kɔhunuu aboa no sɛ ɔsa hɔ sɛdeɛ Yesu kaeɛ no. 33Ɛberɛ a wɔresane afunumu ba no, ne wuranom bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na moresane aboa no?”

34Wɔbuaa wɔn sɛ, “Ne ho hia Awurade.”

35Asuafoɔ no de afunumu ba no brɛɛ Yesu de wɔn ntoma sesɛɛ ne so ma ɔtenaa ne so. 36Yesu te afunumu ba no so rekɔ no, nnipa de wɔn ntoma sesɛɛ ɛkwan no so ma ɔfaa so.

37Ɔduruu Ngo Bepɔ no so baabi a wɔrebɛsiane akɔ Yerusalem no, nʼakyidifoɔ no nyinaa de osebɔ kamfoo Onyankopɔn, yii no ayɛ wɔ Yesu anwanwadeɛ ahodoɔ a wayɛ no ho sɛ,

38“Nhyira nka ɔhene a ɔreba Awurade din mu no!”

“Asomdwoeɛ ne animuonyam nka Onyankopɔn wɔ ɔsorosoro nohoa!”

39Farisifoɔ no bi a na wɔfra nnipakuo no mu no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, kasa kyerɛ wʼakyidifoɔ no na wɔmmua wɔn ano!”

40Yesu buaa wɔn sɛ, “Sɛ wɔmua wɔn ano koraa a, aboɔ mpo bɛkamfo me, ayi me ayɛ.”

Yesu Su Ma Yerusalem

41Yesu rebɛn Yerusalem a ɔhunuu kuro no no, ɔsu maa emu nnipa no sɛ, 42“Mo a anka asomdwoeɛ yɛ mo dea nanso moampɛ no, mobɛhwehwɛ asomdwoeɛ akyiri kwan, nanso mo nsa renka da! 43Nna bi bɛba a mo atamfoɔ bɛba abɛtoa mo, aka mo ahyɛ, 44atɔre mo ne mo mma ase, asɛe mo kuro yi pasaa, ɛfiri sɛ, moapo adom a Onyankopɔn de adom mo no.”

Yesu Pamoo Adwadifoɔ Firii Asɔredan Mu

45Yesu duruu Yerusalem no, ɔkɔɔ asɔredan mu kɔpamoo nnipa a na wɔredi edwa wɔ hɔ no kaa sɛ, 46“Wɔatwerɛ sɛ, ‘Mʼasɔredan yɛ mpaeɛbɔbea; nanso mode ayɛ akorɔmfoɔ ahyiaeɛ!’ ”

47Saa ɛberɛ no nyinaa na asɔfoɔ mpanimfoɔ, Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ ne ɔman no mu mpanimfoɔ rehwehwɛ ɛkwan a wɔbɛfa so anya no, akyere no, akum no. 48Nanso, na wɔnhunu ɛkwan biara a wɔbɛfa so akyere no, ɛfiri sɛ, ɛberɛ nyinaa na nnipa akyere ne so retie no.