Lucas 15 – NVI & ASCB

Nueva Versión Internacional

Lucas 15:1-32

Parábola de la oveja perdida

15:4-7Mt 18:12-14

1Muchos recaudadores de impuestos y pecadores se acercaban a Jesús para oírlo, 2de modo que los fariseos y los maestros de la Ley se pusieron a murmurar: «Este hombre recibe a los pecadores y come con ellos».

3Él entonces contó esta parábola: 4«Supongamos que uno de ustedes tiene cien ovejas y pierde una de ellas. ¿No deja las noventa y nueve en el campo y va en busca de la oveja perdida hasta encontrarla? 5Y cuando la encuentra, lleno de alegría, la carga en los hombros 6y vuelve a la casa. Al llegar, reúne a sus amigos y vecinos y les dice: “Alégrense conmigo; ya encontré la oveja que se me había perdido”. 7Les digo que así es también en el cielo: habrá más alegría por un solo pecador que se arrepienta que por noventa y nueve justos que no necesitan arrepentirse.

Parábola de la moneda perdida

8»O supongamos que una mujer tiene diez monedas de plata15:8 monedas de plata. Lit. dracmas. y pierde una. ¿No enciende una lámpara, barre la casa y busca con cuidado hasta encontrarla? 9Y cuando la encuentra, reúne a sus amigas y vecinas y les dice: “Alégrense conmigo; ya encontré la moneda que se me había perdido”. 10Les digo que así mismo se alegran los ángeles de Dios por un pecador que se arrepiente.

Parábola del hijo perdido

11»Un hombre tenía dos hijos —continuó Jesús—. 12El menor de ellos dijo a su padre: “Papá, dame lo que me toca de la herencia”. Así que el padre repartió sus bienes entre los dos. 13Poco después el hijo menor juntó todo lo que tenía y se fue a un país lejano; allí vivió desenfrenadamente y derrochó su herencia.

14»Cuando ya lo había gastado todo, sobrevino una gran escasez en la región y él comenzó a pasar necesidad. 15Así que fue y consiguió empleo con un ciudadano de aquel país, quien lo mandó a sus campos a cuidar cerdos. 16Tanta hambre tenía que hubiera querido llenarse el estómago con la comida que daban a los cerdos, pero aun así nadie le daba nada. 17Por fin recapacitó y se dijo: “¡Cuántos jornaleros de mi padre tienen comida de sobra y yo aquí me muero de hambre! 18Me levantaré e iré a mi padre y le diré: Papá, he pecado contra el cielo y contra ti. 19Ya no merezco que se me llame tu hijo; trátame como si fuera uno de tus jornaleros”. 20Así que emprendió el viaje y se fue a su padre.

»Todavía estaba lejos cuando su padre lo vio y se compadeció de él; salió corriendo a su encuentro, lo abrazó y lo besó. 21El joven le dijo: “Papá, he pecado contra el cielo y contra ti. Ya no merezco que se me llame tu hijo”.15:21 hijo. Var. hijo; trátame como si fuera uno de tus jornaleros. 22Pero el padre ordenó a sus siervos: “¡Pronto! Traigan la mejor ropa para vestirlo. Pónganle también un anillo en el dedo y sandalias en los pies. 23Traigan el ternero más gordo y mátenlo para celebrar un banquete. 24Porque este hijo mío estaba muerto, pero ahora ha vuelto a la vida; se había perdido, pero ha sido hallado”. Así que empezaron a hacer fiesta.

25»Mientras tanto, el hijo mayor estaba en el campo. Al volver, cuando se acercó a la casa, oyó que había música y danza. 26Entonces llamó a uno de los siervos y le preguntó qué pasaba. 27“Tu hermano ha llegado —le respondió—, y tu papá ha matado el ternero más gordo porque lo ha recobrado sano y salvo”. 28Indignado, el hermano mayor se negó a entrar. Así que su padre salió a suplicarle que lo hiciera. 29Pero él contestó: “¡Fíjate cuántos años te he servido sin desobedecer jamás tus órdenes y ni un cabrito me has dado para celebrar una fiesta con mis amigos! 30¡Pero ahora llega ese hijo tuyo, que ha despilfarrado tu fortuna con prostitutas, y tú mandas matar en su honor el ternero más gordo!”.

31»“Hijo mío —le dijo su padre—, tú siempre estás conmigo y todo lo que tengo es tuyo. 32Pero teníamos que hacer fiesta y alegrarnos, porque este hermano tuyo estaba muerto, pero ahora ha vuelto a la vida; se había perdido, pero ya lo hemos encontrado”».

Asante Twi Contemporary Bible

Luka 15:1-32

Odwan A Ɔyeraeɛ No

1Ɛda bi ɔtogyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ pii baa Yesu nkyɛn bɛtiee no, 2Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no hunuu yei no, wɔnwiinwii kaa sɛ, “Saa ɔbarima yi gye nnebɔneyɛfoɔ sane ne wɔn to nsa didi.”

3Saa asɛm a wɔkaeɛ no ma ɔbuu wɔn bɛ bi sɛ, 4“Mo mu hwan na sɛ ɔwɔ nnwan ɔha na wɔn mu baako yera a, ɔrennya aduɔkron nkron no hɔ nkɔkyinkyini ɛserɛ so nhwehwɛ deɛ wayera no kɔsi sɛ ɔbɛhunu no? 5Na sɛ ɔhunu no a, ɔde no abɔ ne kɔn ho, de anigyeɛ de no aba. 6Na sɛ ɔduru efie a, wafrɛfrɛ ne nnamfo ne nʼafipamfoɔ nyinaa aka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Momma yɛnnye yɛn ani, ɛfiri sɛ, mahunu me odwan a ɔyeraeɛ no.’ 7Saa ara nso na sɛ ɔdebɔneyɛfoɔ baako nu ne ho a, ɔsorofoɔ nyinaa ani gye sene sɛ ateneneefoɔ aduɔkron nkron wɔ hɔ a ahonu ho nhia wɔn no.

8“Anaasɛ ɔbaa bɛn na sɛ ne sika mpɔ edu mu baako yera a, ɔrensɔ kanea, mprapra ne dan mu, nhwehwɛ kɔsi sɛ ɔbɛhunu. 9Na sɛ ɔhunu a, ɔremfrɛfrɛ ne nnamfo ne nʼafipamfoɔ nyinaa nka nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Momma yɛn ani nnye, ɛfiri sɛ, mahunu me sika mpɔ a ɛyeraeɛ no’ 10Saa ara nso na sɛ ɔdebɔneyɛfoɔ baako nu ne ho a, Onyankopɔn abɔfoɔ ani gye ara ne no.”

Ɔyeraba

11Yesu sane buu wɔn ɔyera ho ɛbɛ bi sɛ, “Ɔbarima bi wɔ hɔ a na ɔwɔ mmammarima baanu. 12Wɔn mu akumaa no ka kyerɛɛ nʼagya no sɛ, ‘Me agya, fa me kyɛfa a mewɔ wɔ wʼagyapadeɛ mu no ma me!’ Ɔbarima no kyɛɛ nʼagyapadeɛ mu de ne ba no kyɛfa maa no.

13“Nna tiawa bi akyi no, ne ba kumaa yi boaboaa nʼahodeɛ nyinaa ano tuu ɛkwan kɔɔ akyirikyiri asase bi so kɔbɔɔ ahohwi bra, hweree nʼahodeɛ nyinaa. 14Ɛno akyi no, ɛkɔm kɛseɛ bi baa asase no so maa ne ho kyeree no. 15Ɛbaa saa no, ɔde ne ho kɔdanee kuromani bi a ɔma ɔkɔhwɛɛ ne mprako so. 16Ɔwɔ hɔ no, ɛkɔm dee no maa ne kɔn dɔɔ sɛ anka ɔbɛnya aduane a mprako no di no bi mpo adi, nanso, wannya.

17“Nʼani baa ne ho so no, ɔkaa sɛ, ‘Apaafoɔ a wɔwɔ mʼagya efie didi mee, ma ebi ka ma wɔto gu. Adɛn na mete ha na ɛkɔm rekum me yi! 18Mɛsɔre akɔ mʼagya nkyɛn na maka makyerɛ no sɛ, Agya, mayɛ ɔsoro ne wo bɔne, 19na memfata sɛ wɔfrɛ me wo ba bio; fa me yɛ wʼapaafoɔ no mu baako.’ 20Ɔsiim sɛ ɔresane aba nʼagya nkyɛn.

“Ɔnam ɛkwan so akyirikyiri reba no, nʼagya no hunuu no, enti ɔde ayamhyehyeɛ yɛɛ ntɛm kɔhyiaa no, bam no, yɛɛ no atuu.

21“Aberanteɛ yi ka kyerɛɛ nʼagya no sɛ, ‘Agya, mayɛ ɔsoro ne wo bɔne, na memfata sɛ wofrɛ me wo ba bio.’

22“Nʼano ansi koraa na nʼagya no frɛɛ nʼasomfoɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Monka mo ho nkɔfa ntoma pa mmɛfira no na monhyɛ no pɛtea ne mpaboa a ɛyɛ fɛ. 23Afei, monkɔkum nantwie ba a wadɔre sradeɛ no mfa nyɛ aduane, na yɛnnidi, nnom, nnye yɛn ani, 24ɛfiri sɛ, na mesusu sɛ meba yi awu, sɛ nso na ɔte ase; ɔyeraeɛ, nanso wasane aba.’ Wɔhyɛɛ aseɛ gyee wɔn ani.

25“Ne ba panin a na ɔfiri afuom reba no duruu afikyire no, ɔtee nnwontoɔ ne ahurisidie wɔ efie hɔ. 26Ɛno enti ɔfrɛɛ asomfoɔ no mu baako bisaa no deɛ ɛrekɔ so wɔ efie hɔ. 27Ɔsomfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Wo nua no asane aba a biribiara anyɛ no enti, wʼagya akum nantwie ba a wadɔre sradeɛ no ama no.’

28“Ɔtee saa asɛm yi no, ne bo fuiɛ enti ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔrenkɔ efie hɔ. Nʼagya tee saa asɛm yi no, ɔfirii adi baa ne nkyɛn bɛkorɔkorɔɔ no. 29Ne ba no de awerɛhoɔ buaa no sɛ, ‘Agya, masom wo mfeɛ dodoɔ yi nyinaa a deɛ wobɛka biara metie, nanso wommaa me odwan ba mpo da sɛ menkum na me ne me nnamfonom mfa nnye yɛn ani. 30Nanso, wo ba a ɔkɔbɔɔ ahohwie no baeɛ yi deɛ, woakum nantwie ba a wadɔre sradeɛ no ama no.’

31“Nʼagya buaa no sɛ, ‘Me ba, me ne wo na ɛte ha. Biribiara a mewɔ nso yɛ wo dea. 32Ɛsɛ sɛ yɛgye yɛn ani, ɛfiri sɛ, na mesusu sɛ wo nua yi awu, sɛ nso na ɔte ase; ɔyeraeɛ, nanso wasane aba.’ ”