प्रेरितमन के काम 5 – NCA & ASCB

New Chhattisgarhi Translation (नवां नियम छत्तीसगढ़ी)

प्रेरितमन के काम 5:1-42

हनन्याह अऊ सफीरा

1हनन्याह नांव के एक मनखे रिहिस। ओह अऊ ओकर घरवाली सफीरा अपन कुछू भुइयां ला बेचिन। 2हनन्याह ह ओकर दाम म ले कुछू रकम अपन करा रख लीस अऊ ए बात ला ओकर घरवाली घलो जानत रिहिस। ओह रकम के एक भाग ला लानके प्रेरितमन के गोड़ करा मढ़ा दीस।

3तब पतरस ह कहिस, “हे हनन्याह, सैतान ह तोर मन म, ए बात ला डारिस कि तेंह पबितर आतमा ले लबारी मारय अऊ जमीन म के कुछू रकम ला अपन करा रख ले हवस। 4जब जमीन ह नइं बेंचाय रिहिस, त का ओह तोर नइं रिहिस? अऊ जब बेंचा गे, त पईसा ह का तोर अधिकार म नइं रिहिस? तेंह ए बात ला अपन मन म काबर सोचय? तेंह मनखे ले नइं, पर परमेसर ले लबारी मारे हवस।”

5ए बात ला सुनतेच ही हनन्याह ह गिर पड़िस अऊ मर गीस। एला देखके जम्मो सुनइयामन अब्‍बड़ डर्रा गीन। 6पर जवानमन उठके ओकर लास ला कपड़ा म लपेटिन अऊ बाहिर म ले जाके ओला माटी दे दीन। 7लगभग तीन घंटा के पाछू ओकर घरवाली ह पतरस करा घर के भीतर आईस। जऊन कुछू होय रिहिस, ओह ओला नइं जानत रिहिस। 8पतरस ह ओकर ले पुछिस, “मोला बता, का तें अऊ तोर घरवाला ओ जमीन ला अतकेच म बेंचे रहेव?” त ओह कहिस, “हां, अतकेच म बेंचे रहेंन।”

9पतरस ह ओला कहिस, “ए का बात ए कि तुमन दूनों परभू के आतमा ला परखे बर एका करे रहेव? देख, तोर घरवाला ला माटी देवइयामन दुवारीच म ठाढ़े हवंय, अऊ ओमन तोला घलो बाहिर ले जाहीं।” 10तब ओह तुरते ओकर गोड़ तरी गिर पड़िस अऊ ओह घलो मर गीस। तब जवानमन भीतर आके ओला मरे पाईन, अऊ बाहिर ले जाके ओला ओकर घरवाला के लकठा म माटी दे दीन। 11अऊ जम्मो कलीसिया ऊपर अऊ ए बात के जम्मो सुनइयामन ऊपर अब्‍बड़ डर हमा गे।

प्रेरितमन कतको बेमरहामन ला बने करथें

12प्रेरितमन बहुंते चमतकार अऊ अचरज के काम मनखेमन के बीच म करत रिहिन। अऊ ओमन जम्मो झन एक दल होके राजा सुलेमान के मंडप म जुरंय। 13पर आने मनखेमन ले काकरो ए हिम्मत नइं होवत रिहिस कि आके ओमन के संग मिल जावंय। तभो ले मनखेमन ओमन के बहुंत बड़ई करत रिहिन। 14परभू म बिसवास करइया अब्‍बड़ मनखे अऊ माईलोगनमन कलीसिया म मिलत रिहिन। 15इहां तक कि मनखेमन बेमरहामन ला सड़क ऊपर लान-लानके खटिया अऊ चटई मन म सुता देवत रिहिन कि जब पतरस ह आवय, त कम से कम ओकर छइहां ह ओम के कुछू झन ऊपर पड़ जावय। 16यरूसलेम के आस-पास के नगर ले घलो कतको मनखेमन बेमरहा अऊ परेत आतमा के सताय मन ला लानय, अऊ ओ जम्मो झन बने हो जावत रिहिन।

प्रेरितमन ला सताय जाथे

17तब महा पुरोहित अऊ ओकर जम्मो संगवारी जऊन मन सदूकीमन के दल के रिहिन, जलन करे लगिन। 18ओमन प्रेरितमन ला पकड़के जेल म डाल दीन। 19पर ओ रतिहा परभू के एक स्‍वरगदूत ह जेल के कपाटमन ला खोलके ओमन ला बाहिर ले आईस। 20अऊ ओमन ला कहिस, “जावव, मंदिर म ठाढ़ होके ए नवां जिनगी के जम्मो बात मनखेमन ला सुनावव।”

21जइसने ओमन ला कहे गे रिहिस, ओमन बिहनियां होतेच ही मंदिर म जाके मनखेमन ला उपदेस देवन लगिन। जब महा पुरोहित अऊ ओकर संगीमन आईन, त ओमन धरम-महासभा जऊन ह इसरायलीमन के मुखियामन के पंचायत रिहिस, बलाईन अऊ जेल ला संदेस पठोईन कि प्रेरितमन ला ओमन करा लाने जावय। 22पर जब सिपाहीमन जेल म हबरिन, त ओमन पतरस अऊ यूहन्ना ला उहां नइं पाईन। तब ओमन लहुंटके बताईन, 23“हमन जेल ला बड़े हिफाजत ले बंद अऊ पहरेदारमन ला बाहिर कपाटमन म ठाढ़े पाएन, पर जब हमन कपाटमन ला खोलेन त भीतर म हमन ला कोनो नइं मिलिन।” 24जब मंदिर के सिपाहीमन के अधिकारी अऊ मुखिया पुरोहितमन ए बात ला सुनिन, त चिंता करके सोचे लगिन कि ए का होवइया हवय?

25तब एक झन आके ओमन ला बताईस, “देखव, जऊन मन ला तुमन जेल म बंद करे रहेव, ओमन मंदिर के अंगना म ठाढ़ होके मनखेमन ला उपदेस देवत हवंय।” 26तब अधिकारी ह अपन सिपाहीमन संग गीस अऊ प्रेरितमन ला ले आईस। ओमन बल के उपयोग नइं करिन, काबरकि ओमन डर्रावत रिहिन कि कहूं मनखेमन ओमन ला पथरा फेंकके मार झन डारंय।

27ओमन प्रेरितमन ला लानके धरम-महासभा के आघू म ठाढ़ करिन। तब महा पुरोहित ह ओमन ले पुछिस, 28“का हमन तुमन ला चेतउनी देके ए हुकूम नइं दे रहेंन कि तुमन ए नांव म उपदेस झन देवव? तभो ले, तुमन जम्मो यरूसलेम सहर ला अपन उपदेस ले भर दे हवव, अऊ ओ मनखे के हतिया के दोस हमर ऊपर लाने चाहत हव।”

29तब पतरस अऊ आने प्रेरितमन जबाब दीन, “मनखेमन के हुकूम ले बढ़के परमेसर के हुकूम ला मानना हमर काम ए। 30हमर पुरखामन के परमेसर ह यीसू ला मरे म ले जियाईस, जऊन ला तुमन कुरुस म लटकाके मार डारे रहेव। 31ओहीच ला परमेसर ह अगुवा अऊ उद्धार करइया ठहराके अपन जेवनी हांथ कोति सबले बड़े जगह दीस, ताकि ओह इसरायलीमन ला ओमन के पाप ले मन फिराय के सक्ति अऊ ओमन के पाप के छेमा देवय। 32हमन ए बातमन के गवाह हवन अऊ पबितर आतमा घलो गवाह हवय, जऊन ला परमेसर ह ओ मनखेमन ला दे हवय, जऊन मन ओकर हुकूम मानथें।”

33एला सुनके ओमन अब्‍बड़ गुस्सा करिन अऊ ओमन प्रेरितमन ला मार डारे चाहिन। 34पर गमलीएल नांव के एक फरीसी जऊन ह कानून के गुरू रिहिस अऊ जम्मो मनखेमन ओकर आदर करंय। ओह धरम-महासभा म ठाढ़ होके प्रेरितमन ला थोरकन देर बर बाहिर कर देय के हुकूम दीस 35अऊ ओह कहिस, “हे इसरायलीमन, जऊन कुछू तुमन ए मनखेमन के संग करे चाहत हव, ओला सोच-समझके करव। 36कुछू समय पहिली थियूदास ह ए कहत उठे रिहिस कि ओह घलो कुछू अय अऊ करीब चार सौ मनखेमन ओकर संग हो लीन। पर ओह मार डारे गीस, अऊ जतका मनखेमन ओला मानत रिहिन, ओ जम्मो झन एती-ओती हो गीन। 37ओकर बाद मनखेमन के गनती होय के दिन म गलील प्रदेस के यहूदा ह उठिस। ओह घलो कुछू मनखेमन ला अपन संग कर लीस। पर ओह घलो मार डारे गीस। अऊ जतका मनखेमन ओला मानत रिहिन, ओ जम्मो झन एती-ओती हो गीन। 38एकरसेति मेंह तुमन ला कहत हंव कि ए मनखेमन ले दूरिहा रहव, अऊ ओमन ला अकेला छोंड़ देवव, काबरकि कहूं ओमन के ए काम मनखेमन कोति ले अय, त आपे-आप बंद हो जाही। 39पर कहूं एह परमेसर कोति ले अय, तब तुमन ओमन ला कइसने घलो करके नइं रोक सकव। अऊ अइसने झन होवय कि तुमन परमेसर ले अपन-आप ला लड़त पावव।”

40तब ओमन गमलीएल के बात ला मान लीन अऊ प्रेरितमन ला बलाईन अऊ ओमन ला कोर्रा म पिटवाईन, अऊ ए हुकूम देके छोंड़ दीन कि यीसू के नांव म फेर कभू बात झन करिहव।

41प्रेरितमन ए बात म खुस होईन कि ओमन यीसू के नांव के खातिर निरादर होय के काबिल ठहरिन, अऊ ओमन खुसी मनावत धरम-महासभा ले बाहिर चले गीन। 42पर ओमन हर एक दिन मंदिर म अऊ घर-घर म उपदेस करे बर, अऊ ए बात के सुघर संदेस सुनाय बर बंद नइं करिन कि यीसू ह मसीह अय।

Asante Twi Contemporary Bible

Asomafoɔ 5:1-42

Anania Ne Safira

1Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Anania ne ne yere Safira kɔtɔn wɔn agyapadeɛ bi. 2Ɔne ne yere yi yɛɛ adwene de sika a wɔnyaeɛ no bi sieeɛ na wɔde nkaeɛ no brɛɛ asomafoɔ no.

3Petro bisaa no sɛ, “Anania, adɛn enti na woama ɔbonsam ho kwan ama wabɛhyɛ wo mu na woadi atorɔ akyerɛ Honhom Kronkron no na wode sika a wonyaeɛ no bi asie? 4Ansa na worebɛtɔn agyapadeɛ no na ɛyɛ wʼankasa wo dea; wotɔn wieeɛ no nso, sika a wonyaeɛ no, na ɛyɛ wo dea; na adɛn enti na woyɛɛ wʼadwene sɛ wobɛyɛ deɛ woayɛ yi? Ɛnyɛ nnipa na woadi atorɔ akyerɛ wɔn, na mmom, woadi atorɔ akyerɛ Onyankopɔn.”

5Anania tee saa asɛm yi ara pɛ, ɔtwa hwee fam wuiɛ; na ehu kaa obiara a ɔtee saa asɛm yi no. 6Wɔn mu mmeranteɛ no baeɛ bɛkyekyeree amu no firii adi kɔsiee no.

7Ɛbɛyɛ nnɔnhwere mmiɛnsa akyi no, ne yere a na ɔnnim asɛm a asi no baa hɔ. 8Petro bisaa no sɛ, “Wo ne wo kunu, motɔn mo asase no, sika a monyaeɛ nyinaa ara nie? Ka kyerɛ me.”

Ɔbuaa sɛ, “Aane ne nyinaa ne no.”

9Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Adɛn enti na wo ne wo kunu penee so sɛ mobɛsɔ Onyankopɔn Honhom ahwɛ? Hwɛ! Nnipa a wɔkɔsiee wo kunu no gyina ɛpono yi akyi, na saa ara na wo nso, wɔbɛsoa wo akɔsie wo.”

10Amonom hɔ ara, ɔtwa hwee Petro anim wuiɛ. Mmeranteɛ no bɛhunuu sɛ wawu no, wɔsoaa no, kɔsiee no wɔ ne kunu nkyɛn. 11Ehu kɛseɛ bɔɔ asafo no nyinaa ne nnipa a wɔtee saa asɛm yi no.

Asomafoɔ No Sa Nyarewa

12Na asomafoɔ no taa hyia wɔ asɔredan no fa baabi a wɔfrɛ no “Salomo Abrannaa” so hɔ. Sɛ wɔhyia wɔ hɔ saa a, wɔyɛ anwanwadeɛ ahodoɔ pii. 13Ɛwom sɛ na nnipa a wɔnka wɔn ho no di wɔn ho adanseɛ pa de, nanso wɔn mu biara antumi amfa wɔn ho ankɔbɔ asomafoɔ no ho. 14Akyire no, nnipa dodoɔ a wɔgyee Awurade diiɛ no bɛkaa agyidifoɔ no ho. 15Esiane anwanwadeɛ a na asomafoɔ no reyɛ no enti, wɔsoaa ayarefoɔ baa mmɔntene so de wɔn totoo mpa ne kɛtɛ so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Petro sunsum bɛtɔ wɔn mu bi so kɛkɛ. 16Nkurɔfoɔ a wɔfifiri nkuro a atwa Yerusalem ho ahyia no de wɔn ayarefoɔ ne wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn mu no baeɛ na wɔsaa wɔn nyinaa yadeɛ.

Wɔtaa Asomafoɔ No

17Ɔsɔfopanin ne nʼahokafoɔ ne Sadukifoɔ no ani beree asomafoɔ no so yie enti wɔyɛɛ adwene sɛ wɔbɛtwe wɔn aso. 18Ɛno enti, wɔkyeree asomafoɔ no de wɔn kɔguu afiase. 19Ɛda no ara anadwo, Awurade ɔbɔfoɔ bɛbuee afiase apono no dii asomafoɔ no anim ka kyerɛɛ wɔn sɛ, 20“Monkɔ asɔredan mu nkɔka nkwa foforɔ yi ho asɛm nkyerɛ nnipa no.”

21Asomafoɔ no dii asɛm a ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn no so; enti, anɔpahema no wɔkɔɔ asɔredan mu hɔ hyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛeɛ.

Ɔsɔfopanin no ne nʼahokafoɔ no frɛɛ Yudafoɔ mpanin maa wɔyɛɛ nhyiamu kɛseɛ bi; afei, wɔsoma maa wɔkɔɔ afiase hɔ sɛ wɔnkɔfa asomafoɔ no mmra wɔn anim. 22Nanso, ɛberɛ a nnipa no duruu afiase hɔ no, wɔanhunu asomafoɔ no; enti wɔsane ba bɛbɔɔ wɔn amaneɛ sɛ, 23“Ɛberɛ a yɛduruu afiase hɔ no, yɛhunuu sɛ wɔatoto afiase apono no nyinaa mu petee a awɛmfoɔ no gyinagyina ano. Nanso, yɛbuebuee apono no no, yɛanhunu obiara wɔ mu.” 24Ɛberɛ a ɔpanin a ɔhwɛ asɔredan mu awɛmfoɔ no so ne asɔfoɔ mpanin no tee saa asɛm yi no, wɔn adwene mu yɛɛ wɔn nnaa, ɛfiri sɛ, na wɔnhunu asɛm a asi.

25Ankyɛre koraa na ɔbarima bi baa hɔ bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Nnipa a mode wɔn guu afiase no gyinagyina asɔredan no mu rekyerɛkyerɛ nnipa no.” 26Awɛmfoɔ no so panin no tee asɛm yi no, ɔne ne nkurɔfoɔ no kɔkyeree asomafoɔ no de wɔn baeɛ. Awɛmfoɔ no so panin no ne awɛmfoɔ no amfa asomafoɔ no amma ɔhyɛ so, ɛfiri sɛ, na wɔnim sɛ, sɛ wɔyɛ saa a, nnipa no bɛsi wɔn aboɔ.

27Wɔde asomafoɔ no bɛgyinaa agyinatufoɔ no anim maa Ɔsɔfopanin no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, 28“Yɛhyɛɛ mo sɛ monnkyerɛkyerɛ wɔ Yesu din mu, nanso moantie. Mode mo nkyerɛkyerɛ yi afa Yerusalem baabiara, na mopɛ sɛ mokyerɛ sɛ, yɛn na yɛkumm saa ɔbarima no!”

29Petro ne asomafoɔ a wɔka ne ho no buaa wɔn sɛ, “Ɛsɛ sɛ yɛtie Onyankopɔn na ɛnyɛ nnipa, 30ɛfiri sɛ, mobɔɔ Yesu asɛnnua mu, kumm no no, yɛn agyanom Onyankopɔn nyanee no firii owuo mu. 31Onyankopɔn hyɛɛ no animuonyam de no tenaa ne nsa nifa so sɛ Ɔhene ne Agyenkwa a ɛnam so bɛma Israelfoɔ asakyera wɔn adwene na wɔde wɔn bɔne akyɛ wɔn. 32Yɛne Honhom Kronkron a ɛyɛ akyɛdeɛ a Awurade de ma wɔn a wɔtie no no di yei ho adanseɛ.”

33Agyinatufoɔ no tee saa asɛm yi no, wɔn bo fuiɛ na wɔkaa sɛ wɔbɛkum asomafoɔ no. 34Nanso, wɔn mu baako a wɔfrɛ no Gamaliel a ɔyɛ Farisini na ɔsane yɛ Atwerɛsɛm no ɔkyerɛkyerɛfoɔ a na nnipa bu no no, sɔre gyina hyɛɛ sɛ wɔmfa asomafoɔ no mfiri adi. 35Afei, ɔkasa kyerɛɛ agyinatufoɔ no sɛ, “Me nuanom Israel mmarima, monnwene deɛ mopɛ sɛ moyɛ saa nnipa yi no ho yie. 36Ɛnkyɛree biara na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Teuda sɔre, kaa sɛ ɔyɛ onipa titire bi maa nnipa bɛyɛ ahanan tu dii nʼakyi. Nanso, wɔkumm no ma nʼakyidifoɔ no nyinaa bɔ hweteeɛ. 37Nʼakyi no, Yuda a ɔfiri Galilea nso sɔree nnipakanberɛ no mu. Ɔno nso nnipa pii dii nʼakyi. Saa ara na ɔno nso wɔkumm no ma nʼakyidifoɔ no bɔ hweteeɛ. 38Ɛno enti metu mo fo sɛ, monnyaa saa nnipa yi ma wɔnkɔ wɔn baabi. Sɛ wɔn nkyerɛkyerɛ ne wɔn nnwuma yi firi onipa a, ɛbɛgu. 39Nanso, sɛ ɛfiri Onyankopɔn a morentumi nsi wɔn kwan. Mobɛhunu sɛ moreko atia Onyankopɔn.”

40Agyinatufoɔ no tiee Gamaliel afotuo no. Wɔmaa wɔde asomafoɔ no baeɛ maa wɔbɔɔ wɔn mmaa5.40 Yudafoɔ asotwe a ɛyɛ mmaabɔ aduanan a wɔayi so baako na wɔde hwee wɔn (2 Ko 11.24). hyɛɛ wɔn sɛ wɔmmmɔ Yesu din mfa nkyerɛkyerɛ bio. Afei wɔgyaa wɔn.

41Esiane sɛ asomafoɔ no hunuu sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔhunu amane wɔ Yesu din mu no enti, wɔde anigyeɛ na wɔfirii asɛnniiɛ hɔ. 42Wɔannyae Yesu Kristo ho asɛm pa no ka ne nkyerɛkyerɛ wɔ asɔrefie ne afie mu da.