1وَقَالَ أَلِيهُو أَيْضاً: 2«أَتَحْسِبُ هَذَا عَدْلاً؟ ثُمَّ تَقُولُ: إِنَّ هَذَا حَقِّي أَمَامَ اللهِ، 3وَتَسْأَلُ: أَيَّةُ مَنْفَعَةٍ لِي؟ هَلْ أَكُونُ فِي حَالٍ أَفْضَلَ لَوْ لَمْ أُخْطِئْ؟ 4سَأُجِيبُكَ أَنْتَ وَأَصْدِقَاءَكَ مَعَكَ: 5انْظُرْ إِلَى السَّمَاوَاتِ وَتَأَمَّلْ: تَفَرَّسْ فِي السُّحُبِ الشَّامِخَةِ فَوْقَكَ. 6إِنْ أَثِمْتَ فَمَاذَا يُؤَثِّرُ هَذَا فِيهِ؟ وَإِنْ كَثَّرْتَ خَطَايَاكَ فَأَيُّ شَيْءٍ يَلْحَقُ بِهِ؟ 7وَإِنْ كُنْتَ بَارّاً فَمَاذَا تُعْطِيهِ؟ أَوْ مَاذَا يَأْخُذُ مِنْ يَدِكَ؟ 8إِنَّ شَرَّكَ يُؤَثِّرُ فِي إِنْسَانٍ نَظِيرِكَ، وَبِرَّكَ يَفِيدُ فَقَطْ أَبْنَاءَ النَّاسِ.
9لأَنَّ مِنْ كَثْرَةِ الْجَوْرِ يَسْتَغِيثُ الْمَظْلُومُونَ طَلَباً لِلْخَلاصِ مِنْ قَبْضَةِ الْعُتَاةِ، 10وَلَكِنْ لَا أَحَدَ يَقُولُ: أَيْنَ اللهُ صَانِعِي، الْوَاهِبُ تَرْنِيماً فِي اللَّيْلِ، 11الَّذِي عَلَّمَنَا أَكْثَرَ مِنْ وُحُوشِ الأَرْضِ، وَجَعَلَنَا أَعْظَمَ حِكْمَةً مِنْ طُيُورِ السَّمَاءِ. 12يَسْتَغِيثُونَ بِهِ فَلا يُجِيبُ مِنْ جَرَّاءِ تَشَامُخِ الأَشْرَارِ 13فَإِنْ كَانَ اللهُ لَا يَسْمَعُ لِصُرَاخِهِمِ الفَارِغِ، وَلا يَأْبَهُ القَدِيرُ لَهُ 14فَكَمْ بِالأَحْرَى لَا يَسْمَعُ لَكَ عِنْدَمَا تَقُولُ إِنَّكَ لَا تَرَاهُ! لَكِنِ اصْبِرْ، فَدَعْوَاكَ أَمَامَهُ 15وَالآنَ، لأَنَّهُ لَمْ يُجَازِ فِي غَضَبِهِ وَلَمْ يُبَالِ بِمُعَاقَبَةِ الإِثْمِ، 16فَغَرَ أَيُّوبُ فَاهُ بِالْبَاطِلِ، وَأَكْثَرَ مِنَ الْكَلامِ بِجَهْلٍ!»
1Afei, Elihu kaa sɛ:
2“Wogye di sɛ yei fata?
Woka sɛ, ‘Onyankopɔn bɛtwitwa agye me.’
3Nanso wobisa no sɛ, ‘Mfasoɔ bɛn na mɛnya,
na sɛ manyɛ bɔne a, mfasoɔ bɛn na mɛnya?’
4“Mepɛ sɛ mebua wo
ne wo nnamfonom nyinaa.
5Ma wʼani so kyerɛ ɔsoro na hwɛ;
hwɛ omununkum a ɛwɔ wʼatifi ɔsorosoro nohoa. 6Sɛ woyɛ bɔne a, ɛkwan bɛn so na ɛsakyera Onyankopɔn?
Mpo sɛ wo bɔne dɔɔso a, nsunsuansoɔ bɛn na ɛnya wo ne so?
7Sɛ wotene a, ɛdeɛn na wode ma noɔ
anaasɛ ɛdeɛn na ɔnya firi wo nsam?
8Wʼamumuyɛ pira onipa a ɔte sɛ wo
na wo tenenee pira nnipa mma nko ara.
9“Nnipa su ɛberɛ a wɔwɔ nhyɛsoɔ ase;
na wɔsrɛ mmoa firi deɛ ɔwɔ tumi nsam.
10Nanso, obi mmisa sɛ, ‘Ɛhe na Onyankopɔn, me Yɛfoɔ no wɔ,
deɛ ɔma nnwom anadwo no,
11deɛ ɔkyerɛ yɛn nimdeɛ bebree sene asase so mmoa
na ɔma yɛhunu nyansa sene ewiem nnomaa?’
12Sɛ nnipa su team a, ɔmmua,
amumuyɛfoɔ ahantan enti.
13Ampa ara Onyankopɔn rentie wɔn nkotosrɛ hunu no;
na Otumfoɔ remmu.
14Woka sɛ wonhunu no,
nanso sɛ wotwɛn no a,
ɔde atɛntenenee bɛba
enti ɛsɛ sɛ wotwɛn no.
15Bio, woka sɛ nʼabufuo mmfa asotweɛ mma
na nʼani nni amumuyɛsɛm akyi pii.
16Enti Hiob bue nʼano ka nsɛm hunu;
nimdeɛ a ɔnni enti, ɔkeka nsɛm bebree.”