1 ጢሞቴዎስ 4 – NASV & ASCB

New Amharic Standard Version

1 ጢሞቴዎስ 4:1-16

ለጢሞቴዎስ የተሰጠ መመሪያ

1በኋለኞች ዘመናት አንዳንዶች እምነትን ክደው አታላይ መናፍስትንና የአጋንንትን ትምህርት እንደሚከተሉ መንፈስ በግልጽ ይናገራል። 2እንዲህ ያለው ትምህርት የሚመጣው ኅሊናቸው በጋለ ብረት የተጠበሰ ያህል ከደነዘዘባቸው ግብዝ ውሸተኞች ነው። 3እነርሱ፣ ሰዎች እንዳያገቡ ይከለክላሉ፤ የሚያምኑና እውነትን የሚያውቁ ሰዎች እግዚአብሔር የፈጠረውን፣ በምስጋናም የሚቀበሉትን እንዳይበሉ ያዝዛሉ። 4እግዚአብሔር የፈጠረው ማንኛውም ነገር መልካም ነውና፤ በምስጋና ከተቀበሉትም የሚጣል ምንም ነገር የለም፣ 5በእግዚአብሔር ቃልና በጸሎት የተቀደሰ ነውና።

6ይህን ትእዛዝ ለወንድሞች ብታሳስብ፣ በእምነት ቃልና በተቀበልኸው መልካም ትምህርት ታንጸህ የክርስቶስ ኢየሱስ በጎ አገልጋይ ትሆናለህ። 7እግዚአብሔርን ከማያከብር ርባና ቢስ አፈ ታሪክና ከአሮጊቶች ተረታ ተረት ራቅ፤ ይልቁንም ለእውነተኛ መንፈሳዊ ሕይወት ራስህን አሠልጥን። 8የአካል ብቃት ልምምድ ለጥቂት ነገር ይጠቅማልና፤ ለእውነተኛ መንፈሳዊ ሕይወት ራስን ማሠልጠን ግን ለአሁኑም ሆነ ለሚመጣው ሕይወት ተስፋ ስላለው ለሁለቱም ይጠቅማል።

9ይህ ቃል የታመነና ሙሉ ለሙሉ ሊቀበሉት የሚገባ ነው። 10ለዚህ ብለን እንጥራለን፤ እንደክማለንም፤ ይኸውም ለሰዎች ሁሉ፣ በተለይም ለሚያምኑት አዳኝ በሆነው በሕያው እግዚአብሔር ተስፋ ስለምናደርግ ነው።

11እነዚህን ነገሮች እዘዝ፤ አስተምርም። 12ወጣትነትህን ማንም አይናቅ፤ ነገር ግን ለሚያምኑት በንግግርና በኑሮ፣ በፍቅር፣ በእምነትና በንጽሕና አርኣያ ሁንላቸው። 13እኔ እስክመጣ ድረስ ቅዱሳት መጻሕፍትን ለሕዝብ ለማንበብ፣ ለመምከርና ለማስተማር ትጋ። 14ሽማግሌዎች እጃቸውን በአንተ ላይ ሲጭኑ በትንቢት የተሰጠህን የጸጋ ስጦታ ቸል አትበል።

15ሰው ሁሉ ማደግህን ያይ ዘንድ በእነዚህ ነገሮች ላይ አትኵር፤ በትጋትም ፈጽማቸው። 16ለሕይወትህና ለትምህርትህ ተጠንቀቅ፤ በእነዚህም ጽና፤ ይህን ብታደርግ፣ ራስህንና የሚሰሙህንም ታድናለህና።

Asante Twi Contemporary Bible

1 Timoteo 4:1-16

Atorɔ Akyerɛkyerɛfoɔ

1Honhom no si no pi sɛ, akyire yi, nnipa bi bɛgyae gyidie no mu sɔ. Wɔbɛdi atorɔ ahonhom ne ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ akyi. 2Saa nkyerɛkyerɛ yi firi nyaatwomfoɔ nnaadaa a wɔyɛ adwenewuiɛfoɔ sɛ dadeɛ a wɔato wɔ ogya mu no. 3Saa nnipa no kyerɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ sɛ obi ware na nnuane bi nso wɔ hɔ a, ɛnyɛ sɛ onipa di. Nanso, Onyankopɔn bɔɔ saa nnuane no sɛ, sɛ agyidifoɔ a wɔahunu nokorɛ no nsa ka na wɔbɔ so mpaeɛ a, wɔtumi di. 4Biribiara a Onyankopɔn abɔ no yɛ. Ɛnsɛ sɛ wɔpo biribiara, na mmom, ɛsɛ sɛ wɔbɔ mpaeɛ gu ne nyinaa so. 5Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn asɛm no ne mpaeɛbɔ te ho.

6Sɛ woma anuanom no saa nkyerɛkyerɛ yi a, na ɛkyerɛ sɛ woyɛ Kristo ɔsomfoɔ pa a wɔnam nokorɛ ne gyidie ne nkyerɛkyerɛ pa so atete wo. 7Nsɛe wo berɛ wɔ atorɔsɛm ne mmerewa anansesɛm ho. Bɔ onyamesompa ho mmɔden. 8Ɛwom sɛ honam mu mmɔdemmɔ ho hia deɛ, nanso honhom mu mmɔdemmɔ ho hia akwan nyinaa mu, ɛfiri sɛ, ɛhyɛ yɛn ɛnnɛ asetena ne daakye asetena ho bɔ. 9Yei yɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ wɔgye tom na wɔgye di. 10Ɛno enti na ɛsɛ sɛ yɛpere na yɛyɛ adwuma denden, ɛfiri sɛ, yɛde yɛn anidasoɔ ahyɛ Onyankopɔn teasefoɔ a ɔyɛ nnipa nyinaa Agyenkwa no mu, ne titire wɔn a wɔgye asɛm no di no.

11Yeinom na ɛsɛ sɛ moka ho asɛm wɔ mo nkyerɛkyerɛ no mu. 12Mma obiara ho kwan mma ɔmmfa wo sɛ wonnyiniiɛ enti ɔbɛbu wo abomfiaa. Wo kasa mu, wo suban mu, wo dɔ mu, wo gyidie mu ne wo kronnyɛ mu no, ɛsɛ sɛ woyɛ nhwɛso pa. 13Nya adagyeɛ kenkan Atwerɛsɛm no na ka Asɛmpa no na kyerɛkyerɛ ansa na maba.

Fa Wo Dom Akyɛdeɛ Som

14Honhom mu akyɛdeɛ a mpanimfoɔ nam nkɔmhyɛ so de wɔn nsa guu wo so a wonyaeɛ no, nnyaa mu. 15Sɔ saa nneɛma no mu yie. Fa wo ho nyinaa ma wɔn sɛdeɛ ɛbɛma obiara ahunu wo nkɔsoɔ. 16Hwɛ wo ho so yie na hwɛ wo nkyerɛkyerɛ nso so. Kɔ so yɛ saa nneɛma yi nyinaa, ɛfiri sɛ, sɛ woyɛ saa a, wobɛgye wo ho ne wɔn a wɔtie wo no nkwa.