1 ዜና መዋዕል 9 – NASV & AKCB

New Amharic Standard Version

1 ዜና መዋዕል 9:1-44

1እስራኤል ሁሉ በየትውልድ ሐረጋቸው ተቈጥረው ስማቸው በእስራኤል ነገሥታት መዝገብ ላይ ሰፈረ።

የኢየሩሳሌም ከተማ ሕዝብ

9፥1-17 ተጓ ምብ – ነህ 11፥3-19

የይሁዳ ሕዝብ ከፈጸሙት በደል የተነሣ ተማርከው ወደ ባቢሎን ተወሰዱ። 2በመጀመሪያ በየርስታቸውና በየከተሞቻቸው ተመልሰው የሰፈሩት ጥቂት እስራኤላውያን፣ ካህናት፣ ሌዋውያንና በቤተ መቅደሱ ውስጥ የጕልበት ሥራ የሚሠሩ አገልጋዮች ነበሩ።

3በኢየሩሳሌም ይኖሩ የነበሩ የይሁዳ፣ የብንያም፣ የኤፍሬምና የምናሴ ነገዶች የሚከተሉት ናቸው፤

4ከይሁዳ ልጅ፣ ከፋሬስ ዘሮች፣ የባኒ ልጅ፣ የአምሪ ልጅ፣ የዖምሪ ልጅ፣ የዓሚሁድ ልጅ ዑታይ።

5ከሴሎናውያን፦

የበኵር ልጁ ዓሣያና ወንዶች ልጆቹ።

6ከዛራውያን፦

ይዑኤል፤

የሕዝቡ ቍጥር ስድስት መቶ ዘጠና ነበረ።

ከይሁዳ ነገድ የሰው ቍጥር ስድስት መቶ ዘጠና ነበር።

7ከብንያማውያን፦

የሐስኑአ ልጅ፣ የሆዳይዋ ልጅ፣ የሜሱላም ልጅ ሰሉ። 8የይሮሐም ልጅ ብኔያ፤ የሚክሪ ልጅ፣ የኦዚ ልጅ ኤላ፤ የይብንያ ልጅ፣ የራጉኤል ልጅ፣ የሰፋጥያ ልጅ ሜሱላም።

9በትውልድ ሐረግ መዝገቡ ላይ በተጻፈው መሠረት ከብንያም ነገድ የሕዝቡ ቍጥር ዘጠኝ መቶ ሃምሳ ስድስት ነበረ፤ እነዚህ ሁሉ ወንዶች የቤተ ሰብ አለቆች ነበሩ።

10ከካህናቱ፦

ዮዳኤ፣ ዮአሪብ፣ ያኪን፤

11የእግዚአብሔር ቤት አለቃ የሆነው የአኪጦብ ልጅ፣ የመራዮት ልጅ፣ የሳዶቅ ልጅ፣ የሜሱላም ልጅ፣ የኬልቅያስ ልጅ ዓዛርያስ።

12የመልክያ ልጅ፣ የጳስኮር ልጅ፣ የይሮሐም ልጅ ዓዳያ፤ የኢሜር ልጅ፣ የምሺላሚት ልጅ፣ የሜሱላም ልጅ፣ የየሕዜራ ልጅ፣ የዓዲኤል ልጅ መዕሣይ።

13የቤተ ሰብ አለቃ የነበሩት ካህናት ቍጥር አንድ ሺሕ ሰባት መቶ ስድሳ ነበረ፤ እነዚህም በእግዚአብሔር ቤት ለሚከናወነው አገልግሎት ብቁ ሰዎች ነበሩ።

14ከሌዋውያን ወገን፦

ከሜራሪ ዘሮች የአሳብያ ልጅ፣ የዓዝሪቃም ልጅ፣ የአሱብ ልጅ ሸማያ፣ 15በቅበቃር፣ ኤሬስ፣ ጋላልና የአሳፍ ልጅ፣ የዝክሪ ልጅ፣ የሚካ ልጅ መታንያ።

16የኤዶታም ልጅ፣ የጋላል ልጅ፣ የሰሙስ ልጅ አብድያ። እንዲሁም በነጦፋውያን ከተሞች የኖረው የሕልቃና ልጅ፣ የአሳ ልጅ በራክያ።

17የቤተ መቅደሱ በር ጠባቂዎች፦

ሰሎም፣ ዓቁብ፣ ጤልሞን፣ አሒማንና ወንድሞቻቸው፤ አለቃቸውም ሰሎም ነበረ፤ 18እርሱም በስተ ምሥራቅ በሚገኘው በንጉሡ በር እስካሁን ድረስ ተመድቧል። እነዚህም የሌዋውያኑ ሰፈር በር ጠባቂዎች ነበሩ።

19የቆሬ ልጅ የአብያሳፍ ልጅ፣ የቆሬ ልጅ ሰሎምና ከእርሱም ቤተ ሰብ የሆኑት ቆሬያውያን ወደ እግዚአብሔር ማደሪያ9፥19 በዚህ በቍጥር 21 እና 23 ላይ ቤተ መቅደሱን ያመለክታል። የሚያስገባውን በር ይጠብቁ እንደ ነበር ሁሉ፣ እነዚህም ወደ ቤተ መቅደሱ የሚያስገባውን በር ይጠብቁ ነበር።

20በቀድሞ ጊዜ የበር ጠባቂዎቹ አለቃ የአልዓዛር ልጅ ፊንሐስ ነበረ፤ እግዚአብሔርም ከእርሱ ጋር ነበረ።

21ወደ መገናኛው ድንኳን የሚያስገባውን በር የሚጠብቀው ደግሞ የሜሱላም ልጅ ዘካርያስ ነበረ።

22መግቢያ በሮቹን እንዲጠብቁ የተመረጡት በአጠቃላይ ሁለት መቶ ዐሥራ ሁለት ነበሩ።

እነርሱም በትውልድ ሐረጋቸው መሠረት በሚኖሩባቸው መንደሮች ተቈጥረው ተመዘገቡ፤ በር ጠባቂዎቹን በዚያ ቦታ ላይ የመደቧቸው ዳዊትና ባለ ራእዩ ሳሙኤል ነበሩ። 23የማደሪያውን ድንኳን፣ ማለትም የእግዚአብሔርን ቤት የሚጠብቁትም እነርሱና ዘሮቻቸው ነበሩ። 24በር ጠባቂዎቹም በምሥራቅ፣ በምዕራብ፣ በሰሜንና፣ በደቡብ በሚገኙት በአራቱም ማእዘኖች ላይ ነበሩ። 25ወንድሞቻቸውም በየመንደሮቻቸው ሆነው በየጊዜው እየወጡ የጥበቃውን ሥራ ሰባት ሰባት ቀን ያግዟቸው ነበር። 26ሌዋውያን የነበሩት አራቱ የበር ጠባቂ አለቆች ግን በእግዚአብሔር ቤት ውስጥ የሚገኙትን ክፍሎችና ግምጃ ቤቶች በኀላፊነት ይጠብቁ ነበር። 27የጥበቃውን ሥራ የሚያከናውኑት እነርሱ በመሆናቸው የሚያድሩትም በዚያው በእግዚአብሔር ቤት አካባቢ ነበረ፤ ጧት ጧትም ደጆቹን የሚከፍቱት እነርሱ ነበሩ።

28ከእነርሱም አንዳንዶቹ ለቤተ መቅደሱ አገልግሎት የሚውሉ ዕቃዎችን በኀላፊነት ይጠብቁ ነበር፤ ዕቃዎቹም በሚገቡበትና በሚወጡበት ጊዜ ሁሉ ይቈጥሩ ነበር። 29ሌሎቹ ሌዋውያን ደግሞ ዕቃዎቹንና የቤተ መቅደሱን ንዋያተ ቅድሳት፣ ዱቄቱን፣ የወይን ጠጁን፣ የወይራ ዘይቱን፣ ዕጣኑን፣ የሽቱውን ቅመማ ቅመም እንዲጠብቁ ተመድበው ነበር። 30ከካህናቱም አንዳንዶቹ የሽቱውን ቅመማ ቅመም ይለውሱና ያዘጋጁ ነበር። 31የቆሬያዊው የሰሎም በኵር ልጅ ሌዋዊው ማቲትያ የቍርባኑን እንጀራ የመጋገር ኀላፊነት ተሰጥቶት ነበር። 32በየሰንበቱ ለሚዘጋጀው ገጸ ኅብስትም ኀላፊነቱ የተሰጠው ከቀዓታውያን ወንድሞቻቸው መካከል ለአንዳንዶቹ ነበር።

33የሌዋውያን ቤተ ሰብ አለቆች የነበሩት መዘምራኑ ደግሞ በቤተ መቅደሱ ክፍሎች ውስጥ እንዲኖሩና ከሌላው ሥራ ሁሉ ነጻ እንዲሆኑ ተደርጎ ነበር፤ ምክንያቱም ቀንና ሌሊት የሚሠሩት ሥራ ነበራቸው።

34እነዚህ ሁሉ የሌዋውያን ቤተ ሰብ አለቆች ሲሆኑ፣ በትውልድ ሐረጋቸው መሠረት ተመዘገቡ፤ የሚኖሩትም በኢየሩሳሌም ነበረ።

የሳኦል ትውልድ ሐረግ

9፥34-44 ተጓ ምብ – 1ዜና 8፥28-38

35የገባዖን አባት9፥35 አባት ማለት፣ የማኅበረ ሰብ መሪ ወይም፣ የጦር መሪ ማለት ነው። ይዒኤል የሚኖረው በገባዖን ነበረ፤

የሚስቱም ስም መዓካ ይባላል። 36የበኵር ልጁ ዓብዶን ሲሆን፣ የእርሱም ተከታዮች ዱር፣ ቂስ፣ በኣል፣ ኔር፣ ናዳብ፣ 37ጌዶር፣ አሒዮ፣ ዛኩር፣ ሚቅሎት ነበሩ። 38ሚቅሎት ሳምአን ወለደ፤ እነርሱም ከዘመዶቻቸው ጋር በኢየሩሳሌም አቅራቢያ ይኖሩ ነበር።

39ኔር ቂስን ወለደ፤ ቂስ ሳኦልን ወለደ፤ ሳኦል ዮናታንን፣ ሜልኪሳን፣ አሚናዳብን፣ አስበኣልን9፥39 ኢሽጠቦሼት በመባልም ይታወቃል። ወለደ።

40የዮናታን ወንድ ልጅ፤

መሪበኣል9፥40 ሜፊቦስቴ በመባልም ይታወቃል። ነው፤ መሪበኣል ሚካን ወለደ።

41የሚካ ወንዶች ልጆች፤

ፒቶን፣ ሜሌክ፣ ታሬዓ፣ አካዝ።

42አካዝ የዕራን ወለደ፤ የዕራም ናሌሜትን፣ ዓዝሞትን፣ ዘምሪን ወለደ፤ ዘምሪም ሞጻን ወለደ። 43ሞጻም ቢንዓን ወለደ፤ ልጁ ረፋያ ነበረ፤ ልጁ ኤልዓሣ፣ ልጁ ኤሴል።

44ኤሴል ስድስት ወንዶች ልጆች ነበሩት፤ ስማቸውም፦

ዓዝሪቃም፣ ቦክሩ፣ እስማኤል፣ ሸዓርያ፣ አብድዩ፣ ሐናን፤ እነዚህ የኤሴል ወንዶች ልጆች ናቸው።

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Beresosɛm 9:1-44

1Wɔkyerɛw Israel anato biara mu nnipa din guu Israel ne Yuda Ahemfo nhoma mu. Esiane sɛ na Yudafo no nni Awurade nokware no nti, wotwaa wɔn asu kɔɔ Babilonia.

Atukɔfo A Wɔsan Bae

2Wɔn a wɔsan ba bɛfaa wɔn agyapade wɔ wɔn nkurow dedaw mu no yɛ mpapahwekwa. Wɔne asɔfo, Lewifo ne asɔredan mu aboafo no bi na wɔbae.

3Nnipa a wofi Yuda, Benyamin, Efraim ne Manase mmusuakuw mu ba bɛtenaa Yerusalem.

4Abusua baako a wɔsan bae no yɛ Amihud babarima Utai a ɔyɛ Omri babarima na ɔno nso yɛ Imri babarima na ɔno nso yɛ Bani babarima a wɔyɛ Yuda babarima Peres asefo.

5Wɔn a wɔsan bae a na wofi Silonfo abusua mu no yɛ:

Asaia a ɔyɛ abakan no ne ne mmabarima.

6Serah abusua mu no:

Yeuel ne nʼabusuafo na wɔsan bae.

Yuda abusuakuw no mu mmusua ahansia aduɔkron (960) na wɔsan bae.

7Wɔn a wofi Benyamin abusuakuw mu a wɔsan bae no ne:

Mesulam babarima Salu, a ɔyɛ Hodawia babarima na ɔno nso yɛ Hasenua babarima;

8Yibneia a ɔyɛ Yeroham babarima, Ela a ɔyɛ Usi babarima, Mikri babarima; Mesulam a ɔyɛ Sefatia babarima, Reuel babarima, Yibnia babarima bae.

9Saa mmarima yi nyinaa, na wɔyɛ mmusua ntuanofo, na wɔakyerɛw wɔn din wɔ wɔn mmusuakuw anato nhoma mu. Benyamin abusuakuw mu mmusua ahankron ne aduonum asia na wɔsan bae.

Asɔfo A Wɔsan Bae

10Asɔfo a wɔsan bae no bi ne:

Yedaia, Yehoriarib, Yakin,

11Asaria a ɔyɛ Hilkia babarima a ɔno nso yɛ Mesulam babarima na ɔno nso yɛ Sadok babarima na ɔno nso yɛ Meraiot babarima na ɔno nso yɛ Ahitub babarima. Na Asaria yɛ Onyankopɔn fi ahwɛfo so panyin.

12Asɔfo a wɔsan bae no bi ne Adaia a ɔyɛ Yeroham babarima a na ɔno nso yɛ Pashur babarima na ɔno nso yɛ Malkia babarima ne Masai a ɔyɛ Adiel babarima na ɔno nso yɛ Yahsera babarima na ɔno nso yɛ Mesulam babarima a ɔno nso yɛ Mesilemit babarima na ɔno nso yɛ Imer babarima.

13Asɔfo a wɔsan bae nyinaa dodow yɛ apem ahanson aduosia. Na wɔyɛ mmusua ntuanofo a wɔyɛ nsiyɛfo. Na wɔn adwuma ne sɛ, wɔsom wɔ Onyankopɔn fi.

14Lewifo a wɔsan bae no yɛ:

Semaia a ɔyɛ Hasub babarima a na ɔyɛ Asrikam babarima a na ɔno nso yɛ Hasabia babarima a na ɔyɛ Merari aseni,

15Bakbakar, Heres, Galal, Mika babarima Matania a ɔyɛ Sikri babarima na ɔno nso yɛ Asaf babarima,

16Obadia a ɔyɛ Semaia babarima a ɔyɛ Galal babarima na ɔno nso yɛ Yedutun babarima ne Asa a ɔyɛ Elkana babarima Berekia a wɔtenaa Netofa asase so.

17Apon ano hwɛfo a wɔsan bae no yɛ:

Salum, Akub, Talmon, Ahiman ne wɔn abusuafo. Salum na na ɔyɛ ɔpon ano hwɛfo panyin. 18Kan no nso, na anka wɔn na wɔhwɛ ɔhene pon a ɛkyerɛ apuei fam no so. Na saa mmarima no som sɛ Lewifo atenae apon ano ahwɛfo.

19Na Salum yɛ Kore babarima a ɔyɛ Ebiasaf a ofi Kora abusua mu aseni. Na ɔne nʼabusuafo a wɔyɛ Korafo no na na wɔwɛn ɔkwan a ɛkɔ kronkronbea hɔ no, sɛnea na wɔn mpanyimfo wɛn Ahyiae Ntamadan wɔ Awurade atenae hɔ no.

20Eleasar babarima Pinehas na kan no na ɔhwɛ apon ano ahwɛfo no so, na Awurade ka ne ho.

21Akyiri no, Meselemia babarima Sakaria na na ɔwɛn ɔkwan a ɛkɔ Ahyiae Ntamadan no mu no ano.

22Ne nyinaa mu, saa bere no, na apon ano ahwɛfo no dodow yɛ ahannu ne dumien (212) a na wɔakyerɛw wɔn din wɔ wɔn anato nkrataa mu wɔ wɔn nkuraa.

Dawid ne Samuel a na ɔyɛ ɔdehufo no ama wɔn dibea a ɛsom bo. 23Saa apon ano ahwɛfo yi ne wɔn asefo no, na wɔkyekyɛ wɔn mu kɔwɛn ɔkwan a ɛkɔ Awurade fi, a kan no na ɛyɛ ntamadan no ano. 24Wɔde apon ano ahwɛfo no gyinagyinaa afanan no nyinaa a ɛyɛ apuei, atɔe, atifi ne anafo. 25Bere ano bere ano, na wɔn abusuafo a wɔwɔ nkuraa no bɛboa wɔn wɔ wɔn nnanson nnanson dwumadi mu. 26Na saa Lewifo apon ano ahwɛfo mpanyimfo baanan no adwuma no yɛ nea ekura asodi kɛse, efisɛ wɔn na na wɔhwɛ adan ne sikakoradan a ɛwɔ Onyankopɔn fi hɔ no so. 27Wɔwɛn Onyankopɔn fi hɔ anadwo, efisɛ na ɛyɛ wɔn asɛde. Afei, na ɛyɛ wɔn adwuma sɛ da biara anɔpa wobuebue apon no.

28Na apon ano ahwɛfo no bi adwuma ne sɛ, wɔhwɛ nneɛma ahorow a wɔde yɛ ɔsom adwuma no so. Sɛ wɔrekɔfa, na wɔresan de akogu hɔ no nyinaa, wɔhwɛ sɛ bi renyera. 29Afoforo nso hwɛ nneɛma a wɔde asiesie hɔ, nneɛma a ɛwɔ kronkronbea hɔ, nneɛma a wɔde brɛ wɔn, sɛ ebia, asikresiam a wɔayam no muhumuhu, nsa, ngo, nnuhuam ne kurobow ahorow so. 30Nanso na asɔfo no na wodi nnuhuam no ne kurobow no ho dwuma. 31Lewini a wɔfrɛ no Matitia a ɔyɛ Korani Salum abakan no na na ɔto brodo a wɔde bɔ afɔre no. 32Na nnipa bi a wofi Kohat abusua mu nso na na wɔhwɛ, siesie brodo a wɔde to pon Homeda no.

33Nnwom ho nimdefo a na wɔn nso yɛ Lewifo atitiriw no nyinaa, na wɔtete Asɔredan no mu. Na wɔmma wɔnnyɛ dwuma foforo biara, esiane wɔn adwuma a wɔyɛ no mmere nyinaa nti.

34Na saa nnipa yi nyinaa tete Yerusalem. Na wɔyɛ Lewifo mmusua no nyinaa ntuanofo a wɔakyerɛw wɔn din ahyɛ wɔn anato krataa mu.

Ɔhene Saulo Anato

35Yeiel (Gibeon agya) tenaa Gibeon.

Na ne yere din de Maaka, 36a na ne babarima abakan din de Abdon. Na Yeiel mmabarima a wɔaka no din de Sur, Kis, Baal, Ner, Nadab, 37Gedor, Ahio, Sakaria ne Miklot. 38Miklot na ɔyɛ Simeam agya. Na saa abusuafo yi tete bemmɛn wɔn ho wɔn ho wɔ Yerusalem.

39Ner na ɔwoo Kis. Kis na ɔwoo Saulo, Saulo na ɔwoo Yonatan, Malki-Sua, Abinadab ne Esbaal.

40Yonatan babarima ne:

Merib-Baal (anaa Mefiboset) na Merib-Baal woo Mika.

41Mika mmabarima ne:

Piton, Melek, Tarea ne Ahas.

42Ahas woo Yara.

Yara woo Alemet, Asmawet ne Simri.

Na Simri woo Mosa. 43Mosa woo Binea.

Binea woo Refaia.

Refaia woo Elasa.

Elasa woo Asel.

44Asel woo mmabarima baasia a wɔne:

Asrikam, Bokeru, Ismael, Searia, Obadia ne Hanan. Na eyinom yɛ Asel mma.