1 ዜና መዋዕል 22 – NASV & AKCB

New Amharic Standard Version

1 ዜና መዋዕል 22:1-19

1ከዚያም ዳዊት፣ “ከእንግዲህ የእግዚአብሔር አምላክ ቤት በዚህ ይሆናል፤ እንዲሁም ስለ እስራኤል የሚቃጠል መሥዋዕት የሚቀርብበት መሠዊያ በዚሁ ይቆማል” አለ።

ቤተ መቅደሱን ለመሥራት የተደረገ ዝግጅት

2ስለዚህ ዳዊት በእስራኤል የሚኖሩ መጻተኞች እንዲሰበሰቡ አዘዘ፤ ከመካከላቸውም የእግዚአብሔር ቤተ መቅደስ የሚሠራበትን ጥርብ ድንጋይ እንዲያዘጋጁ ጠራቢዎችን መደበ። 3ለቅጥር በሮቹ ምስማርና ማጠፊያ የሚሆን ብዙ ብረትና ከብዛቱ የተነሣ ሊመዘን የማይቻል ናስ አዘጋጀ። 4እንዲሁም ሲዶናውያንና ጢሮሳውያን በብዛት አምጥተውለት ስለ ነበር፣ ስፍር ቍጥር የሌለው የዝግባ ዕንጨት አሰናዳ።

5ዳዊትም፣ “ልጄ ሰሎሞን ወጣት ነው፤ ልምዱም የለውም፤ ለእግዚአብሔር የሚሠራው ቤተ መቅደስ ደግሞ እጅግ የሚያምር፣ በአሕዛብም ሁሉ ዘንድ ዝናው የተሰማና እጅግ የተዋበ መሆን አለበት፤ ስለዚህ ሁሉንም እኔ አዘጋጃለሁ” አለ። እንዳለውም ዳዊት ከመሞቱ በፊት በብዛት አዘጋጀ።

6ከዚያም ልጁን ሰሎሞንን ጠርቶ ለእስራኤል አምላክ ለእግዚአብሔር ቤት እንዲሠራ አዘዘው።

7ዳዊትም ሰሎሞንን እንዲህ አለው፤ “ልጄ ሆይ፤ ለአምላኬ ለእግዚአብሔር ስም ቤት ለመሥራት በልቤ ዐስብ ነበር፤ 8ነገር ግን ከእግዚአብሔር እንዲህ የሚል ቃል መጣልኝ፤ ‘አንተ ብዙ ደም አፍስሰሃል፤ ብዙ ጦርነትም አድርገሃል፤ በፊቴ በምድር ላይ ብዙ ደም ያፈሰስህ ስለሆነ፣ አንተ ለስሜ ቤት አትሠራልኝም፤ 9ነገር ግን የሰላምና የዕረፍት ሰው የሆነ ልጅ ትወልዳለህ፤ በየአቅጣጫው ካሉ ጠላቶቹ አሳርፈዋለሁ፤ ስሙም ሰሎሞን ይባላል። በዘመኑም ለእስራኤል ሰላምንና ጸጥታን እሰጣለሁ። 10ለስሜ ቤት የሚሠራልኝ እርሱ ነው። እርሱ ልጅ ይሆነኛል፤ እኔም አባት እሆነዋለሁ። ዙፋኑንም በእስራኤል ላይ ለዘላለም አጸናለሁ።’

11“አሁንም ልጄ ሆይ፤ እግዚአብሔር ከአንተ ጋር ይሁን፤ እንድትፈጽመው በተናገረውም መሠረት፣ ተሳክቶልህ የአምላክህን የእግዚአብሔርን ቤት ለመሥራት ያብቃህ። 12በእስራኤል ላይ አለቃ ባደረገህ ጊዜ፣ የአምላክህን የእግዚአብሔርን ትእዛዝ ትፈጽም ዘንድ እግዚአብሔር ጥበብንና ማስተዋልን ይስጥህ። 13እግዚአብሔር በሙሴ አማካይነት ለእስራኤል የሰጠውን ሕጉንና ሥርዐቱን ተጠንቅቀህ ብትጠብቅ ይሳካልሃል፤ አይዞህ ጠንክር፤ በርታ፤ ተስፋም አትቍረጥ።

14ለእግዚአብሔር ቤት እንዲሆንም አንድ ሺሕ መክሊት22፥14 3,450 ሜትሪክ ቶን ያህል ነው ወርቅ፣ አንድ ሚሊዮን መክሊት22፥14 34,500 ሜትሪክ ቶን ያህል ነው ብር፣ ከብዛቱ የተነሣ ሊመዘን የማይቻል ናስና ብረት ለማዘጋጀት በተቻለኝ ሁሉ ጥሬአለሁ፤ በተረፈ አንተ ጨምርበት። 15ድንጋይ ጠራቢዎች፣ ግንበኞች፣ ዐናጢዎች የሆኑ ብዙ ሠራተኞች፣ እንዲሁም በልዩ ልዩ ሙያ የተጠበቡ ሰዎች አሉህ፤ 16እነዚህም ቍጥራቸው እጅግ የበዛ የወርቅ፣ የብር፣ የናስና የብረት ሠራተኞች ናቸው። በል ሥራህን ጀምር፤ እግዚአብሔርም ከአንተ ጋር ይሁን።”

17ከዚያም ዳዊት የእስራኤል መሪዎች ሁሉ ልጁን ሰሎሞንን እንዲረዱት አዘዘ፤ 18እንዲህም አለ፤ “እግዚአብሔር አምላካችሁ እስካሁን ከእናንተ ጋር አይደለምን? በየአቅጣጫውስ ዕረፍትን ሰጥቷችሁ የለምን? የምድሪቱን ነዋሪዎች በእጄ አሳልፎ ሰጥቶኛል፤ ምድሪቱም ለእግዚአብሔርና ለሕዝቡ ተገዝታለች። 19አሁንም እግዚአብሔር አምላካችሁን ለመፈለግ ልባችሁንና ነፍሳችሁን ሰብስቡ። የእግዚአብሔርን የኪዳኑን ታቦትና ንዋያተ ቅድሳቱን ለእግዚአብሔር ስም ወደሚሠራው ቤተ መቅደስ አምጥታችሁ የአምላክን የእግዚአብሔርን መቅደስ ሥሩ።”

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Beresosɛm 22:1-19

1Afei, Dawid kae se, “Ɛha ne baabi a wobesi Awurade Nyankopɔn Asɔredan no ne afɔremuka a Israel bɛbɔ so ɔhyew afɔre no.”

Asɔredan No Si Ho Ahoboa

2Ɛno nti Dawid hyɛ ma wɔfrɛfrɛɛ ahɔho a wɔte Israel nyinaa boaa ano. Ɔma wotwaa abo a wɔde besi Onyankopɔn Asɔredan no. 3Dawid maa nnade pii a wɔde bɛyɛ nnadewa a ɛho behia ama apon ne mpontare. Ɔmaa kɔbere mfrafrae nso bebree a na wontumi nkari mpo. 4Ɔmaa sida nnua pii nso, efisɛ na mmarima a wofi Tiro ne Sidon de bebree abrɛ Dawid dedaw.

5Dawid kae se, “Me babarima Salomo nnyinii, na onni osuahu bi, nanso ɛsɛ sɛ saa asɔredan yi yɛ kɛse, gye din na ɛyɛ anuonyamhyɛ wɔ wiase mmaa nyinaa. Enti mefi ase nnɛ yi ara ayɛ ahoboa ama ne si.” Enti Dawid pɛɛ adansi ho nneɛma bebree guu hɔ ansa na ɔrewu.

6Afei, Dawid soma kɔfaa ne babarima Salomo, na ɔka kyerɛɛ no sɛ onsi asɔredan mma Awurade, Israel Nyankopɔn. 7Dawid ka kyerɛɛ no se, “Me ba, na anka mepɛ sɛ misi asɔredan de hyɛ Awurade, me Nyankopɔn, din anuonyam. 8Nanso Awurade ka kyerɛɛ me se, ‘Woakunkum nnipa bebree wɔ akodi akɛse a wudii no mu. Na esiane sɛ woahwie mogya bebree agu wɔ mʼanim nti, ɛnyɛ wo na wubesi asɔredan de ahyɛ me din anuonyam. 9Na wobɛwo ɔbabarima a ne bere so asomdwoe ne ahotɔ bɛba. Mɛma asomdwoe abɛda ɔne nʼatamfo a wɔwɔ nsase a atwa ha ahyia no nyinaa ntam. Wɔbɛfrɛ no Salomo. Nʼahenni mu no, mɛma asomdwoe ne ahotɔ aba Israel. 10Ɔno ne obi a obesi asɔredan, de ahyɛ me din anuonyam. Ɔbɛyɛ me babarima na mayɛ nʼagya. Na mɛma nʼahenni ahengua atim wɔ Israel afebɔɔ.’

11“Afei, me ba, Awurade nka wo ho na ɔmma wo nkɔso bere a wudi nʼahyɛde so, na woresi Awurade, wo Nyankopɔn, asɔredan yi. 12Na Awurade mma wo nyansa ne ntease, na woadi Awurade, wo Nyankopɔn mmara so bere a wudi Israel so hene yi. 13Sɛ wudi mmara ne ahyɛde a Awurade nam Mose so de maa Israel no so yiye a, ebesi wo yiye. Yɛ den na yɛ nnam. Nsuro na mma wo koma ntu.

14“Mayɛ adwumaden apɛ Awurade Asɔredan no si ho nneɛma, sikakɔkɔɔ bɛyɛ tɔn mpem anan (4,000), dwetɛ bɛyɛ tɔn mpem aduanan (40,000) ne nnade ne kɔbere mfrafrae pii a wontumi nkari mpo. Maboaboa nnua ne abo a wɔde bɛyɛ afasu no, nanso ebia ɛsɛ sɛ wopɛ bi ka ho. 15Wowɔ abo adansifo, nnua adwumfo ne nnwuma ahorow mu adwumfo bebree. 16Wɔyɛ abenfo wɔ sikakɔkɔɔ, dwetɛ adwinni mu, kɔbere mfrafrae ne nnade ho adwumayɛfo. Afei fi adwuma no ase, na Awurade nka wo ho.”

17Na Dawid hyɛɛ Israel ntuanofo nyinaa sɛ wɔmmoa Salomo wɔ saa dwumadi no mu. 18Ɔkae se, “Awurade, wo Nyankopɔn ka wo ho. Wama asomdwoe aba wo ne aman a atwa wo ho ahyia no ntam. Ɔde wɔn ama me, nti wɔyɛ Awurade ne ne nkurɔfo nkoa. 19Afei fi wo koma nyinaa mu hwehwɛ Awurade, wo Nyankopɔn. Si Awurade Nyankopɔn kronkronbea sɛnea ɛbɛyɛ a, wubetumi de Awurade Apam Adaka no ne Onyankopɔn akronkronne no nyinaa akɔ asɔredan a wɔasi de rehyɛ Awurade din anuonyam no mu.”