1 ቆሮንቶስ 15 – NASV & ASCB

New Amharic Standard Version

1 ቆሮንቶስ 15:1-58

የክርስቶስ ትንሣኤ

1አሁንም ወንድሞች ሆይ፤ የሰበክሁላችሁንና የተቀበላችሁትን፣ ደግሞም ጸንታችሁ የቆማችሁበትን ወንጌል ላሳስባችሁ እወድዳለሁ፤ 2የሰበክሁላችሁን ቃል አጥብቃችሁ ብትይዙ፣ በዚህ ወንጌል ትድናላችሁ፤ አለዚያ ያመናችሁት በከንቱ ነው።

3እኔ የተቀበልሁትንና ከሁሉ በላይ የሆነውን15፥3 ወይም፤ ከሁሉ በፊት ለእናንተ አስተላልፌአለሁ፤ ቅዱሳት መጻሕፍት እንደሚሉት ክርስቶስ ስለ ኀጢአታችን ሞተ፤ 4ተቀበረ፤ በቅዱሳት መጻሕፍት እንደ ተጻፈውም በሦስተኛው ቀን ተነሣ፤ 5ከዚያም ለኬፋ15፥5 ጴጥሮስን ማለት ነው። ታየ፤ ቀጥሎም ለዐሥራ ሁለቱ ታየ፤ 6ከዚያም በኋላ ከአምስት መቶ በላይ ለሚሆኑ ወንድሞች በአንድ ጊዜ ታየ፤ ከእነዚህም አብዛኛዎቹ በሕይወት አሉ፤ አንዳንዶቹ ግን አንቀላፍተዋል። 7ከዚያም ለያዕቆብ ታየ፤ በኋላም ለሐዋርያት በሙሉ ታየ፤ 8ከሁሉም በኋላ እንደ ጭንጋፍ ለምቈጠር ለእኔ ደግሞ ታየ።

9እኔ ከሐዋርያት ሁሉ የማንስ፣ ሐዋርያ ተብዬ ልጠራ እንኳ የማይገባኝ ነኝ፤ ምክንያቱም የእግዚአብሔርን ቤተ ክርስቲያን አሳድጃለሁ፤ 10ነገር ግን በእግዚአብሔር ጸጋ አሁን የሆንሁትን ሆኛለሁ፤ ለእኔም የተሰጠኝ ጸጋ ከንቱ አልሆነም፤ እንዲያውም ከሁሉም በላይ በትጋት ሠርቻለሁ፤ ዳሩ ግን እኔ ሳልሆን ከእኔ ጋር ያለው የእግዚአብሔር ጸጋ ነው። 11እንግዲህ እኔም ሆንሁ እነርሱ የምንሰብከው ይህንኑ ነው፤ እናንተም ያመናችሁት ይህንኑ ነው።

የሙታን ትንሣኤ

12ክርስቶስ ከሙታን እንደ ተነሣ የሚሰበክ ከሆነ፣ ከእናንተ አንዳንዶቹ እንዴት የሙታን ትንሣኤ የለም ይላሉ? 13የሙታን ትንሣኤ ከሌለማ ክርስቶስም አልተነሣም ማለት ነዋ! 14ክርስቶስም ካልተነሣ ስብከታችን ዋጋ ቢስ ነው፤ እምነታችሁም ከንቱ ነው። 15ከዚህም በላይ፣ እግዚአብሔር ክርስቶስን ከሞት አስነሥቶታል ብለን በመመስከራችን፣ ሐሰተኞች የእግዚአብሔር ምስክሮች ሆነን ተገኝተናል፤ ሙታን የማይነሡ ከሆነ፣ ክርስቶስንም አላስነሣውም ማለት ነው፤ 16ምክንያቱም ሙታን ካልተነሡ፣ ክርስቶስም አልተነሣም። 17ክርስቶስም ካልተነሣ እምነታችሁ ከንቱ ነው፤ እናንተም እስከ አሁን ድረስ ከነኀጢአታችሁ አላችሁ ማለት ነው። 18እንዲህም ከሆነ፣ በክርስቶስ ያንቀላፉት ጠፍተዋል ማለት ነው። 19ክርስቶስን ተስፋ ያደረግነው ለዚህች ሕይወት ብቻ ከሆነ፣ ከሰው ሁሉ ይልቅ የምናሳዝን ነን።

20ነገር ግን ክርስቶስ ላንቀላፉት ሁሉ በኵራት ሆኖ በርግጥ ከሙታን ተነሥቷል። 21ሞት በአንድ ሰው በኩል እንደ መጣ፣ የሙታንም ትንሣኤ በአንድ ሰው በኩል ሆኗልና። 22ሰዎች ሁሉ በአዳም እንደሚሞቱ፣ እንደዚሁም ሰዎች ሁሉ በክርስቶስ ሕያዋን ይሆናሉ፤ 23ነገር ግን እያንዳንዱ በራሱ ተራ ይሆናል፤ መጀመሪያ በኵራት የሆነው ክርስቶስ፣ ከዚያም በኋላ እርሱ ሲመጣ የክርስቶስ የሆኑት። 24ከዚያም ግዛትን፣ ሥልጣንና ኀይልን ሁሉ ከደመሰሰ በኋላ መንግሥትን ለእግዚአብሔር አብ ሲያስረክብ፣ ያን ጊዜ ፍጻሜ ይሆናል። 25ጠላቶቹን ሁሉ ከእግሩ ሥር እስከሚያደርግ ድረስ ሊነግሥ ይገባዋልና። 26የሚደመሰሰውም የመጨረሻው ጠላት ሞት ነው፤ 27“ሁሉን ነገር ከእግሩ ሥር አስገዝቶለታል” ተብሏልና፤ ነገር ግን፣ ሁሉን ነገር አስገዛለት ሲል፣ ሁሉ ነገር በክርስቶስ ሥር እንዲገዛ ያደረገውን እግዚአብሔርን እንደማይጨምር ግልጽ ነው። 28ሁሉ ከተገዛለት በኋላ እግዚአብሔር ሁሉ በሁሉ እንዲሆን ወልድ ራሱ ደግሞ ሁሉን ላስገዛለት ለእርሱ ይገዛል።

29ትንሣኤ ከሌለማ ለሞቱ ሰዎች ብለው የሚጠመቁት ምን እያደረጉ ነው? ሙታን ከቶ የማይነሡ ከሆነ፣ ሰዎች ለእነርሱ ብለው ለምን ይጠመቃሉ? 30እኛስ ብንሆን ዘወትር ለአደጋ የምንጋለጠው ለምንድን ነው? 31ወንድሞች ሆይ፤ እኔ በየቀኑ እሞታለሁ፤ ይህንም በጌታችን በክርስቶስ ኢየሱስ በእናንተ ላይ ባለኝ ትምክሕት አረጋግጣለሁ። 32በኤፌሶን ከአራዊት ጋር የታገልሁት ለሰው አስተያየት ብቻ ከሆነ ትርፌ ምንድን ነው? ሙታን የማይነሡ ከሆነ፣

“ነገ ስለምንሞት፣

እንብላ፣ እንጠጣ፤”

እንደሚሉት መሆናችን ነው። 33አትሳቱ፤ “መጥፎ ጓደኝነት መልካሙን ጠባይ ያበላሻል።” 34ወደ ሰከነ ልቦናችሁ ተመለሱ፤ ኀጢአትንም አትሥሩ፤ እግዚአብሔርን የማያውቁ አሉና፤ ይህንም የምለው ላሳፍራችሁ ነው።

የትንሣኤ አካል

35ነገር ግን፣ “ሙታን እንዴት ይነሣሉ? የሚመጡትስ በምን ዐይነት አካል ነው?” የሚል ሰው ሊኖር ይችላል። 36አንተ ሞኝ! የምትዘራው ካልሞተ ሕይወት አያገኝም። 37የምትዘራውም የስንዴ ወይም የሌላ ዐይነት ዘር ቅንጣት ብቻ እንጂ ወደ ፊት የምታገኘውን አካል አይደለም። 38እግዚአብሔር ግን እንደ ፈቀደ አካልን ይሰጠዋል፤ ለእያንዳንዱም የዘር ዐይነት የራሱን አካል ይሰጠዋል። 39ሥጋ ሁሉ አንድ አይደለም፤ የሰው ሥጋ አንድ ነው፤ የእንስሳት ሥጋ ሌላ ነው፤ የዓሣ ሥጋ ሌላ ዐይነት ነው። 40እንዲሁም ሰማያውያን አካላት አሉ፤ ምድራውያን አካላት አሉ፤ ነገር ግን የሰማያዊ አካላት ክብር አንድ ነው፤ የምድራዊም አካላት ክብር ሌላ ነው። 41የፀሓይ ክብር አንድ ዐይነት ነው፤ የጨረቃ ክብር ሌላ ነው፤ የከዋክብት ደግሞ ሌላ ነው፤ የአንዱም ኮከብ ክብር ከሌላው ኮከብ ክብር ይለያል።

42የሙታን ትንሣኤም እንደዚሁ ነው፤ የሚበሰብስ አካል ይዘራል፤ የማይበሰብስ አካል ሆኖ ይነሣል፤ 43በውርደት ይዘራል፤ በክብር ይነሣል፤ በድካም ይዘራል በኀይል ይነሣል፤ 44ፍጥረታዊ አካል ይዘራል፤ መንፈሳዊ አካል ይነሣል።

ፍጥረታዊ አካል ካለ መንፈሳዊ አካል ደግሞ አለ። 45ስለዚህ፣ “የመጀመሪያው ሰው አዳም ሕያው ነፍስ ሆነ” ተብሎ ተጽፏል፤ የኋለኛው አዳም ግን ሕይወትን የሚሰጥ መንፈስ ሆነ። 46ነገር ግን በመጀመሪያ የመጣው መንፈሳዊው ሳይሆን ፍጥረታዊው ነው፤ ከዚያም በኋላ መንፈሳዊው መጣ። 47የመጀመሪያው ሰው ከምድር የተገኘ ምድራዊ ነው፤ የኋለኛው ግን ከሰማይ ነው። 48ከምድር የሆኑት እንደ ምድራዊው ናቸው፤ ከሰማይ የሆኑትም እንደ ሰማያዊው ናቸው። 49የምድራዊውን ሰው መልክ እንደ ለበስን፣ የሰማያዊውን ሰው መልክ ደግሞ እንለብሳለን።15፥49 አንዳንድ የጥንት ቅጆች እንልበስ ይላሉ።

50ወንድሞች ሆይ፤ ይህን እነግራችኋለሁ፤ ሥጋና ደም የእግዚአብሔርን መንግሥት አይወርሱም፤ የሚጠፋውም የማይጠፋውን አይወርስም። 51እነሆ፤ አንድ ምስጢር እነግራችኋለሁ፤ ሁላችን አናንቀላፋም፤ ነገር ግን ሁላችንም እንለወጣለን፤ 52ይህም የሚሆነው የመጨረሻው መለከት ሲነፋ ድንገት በቅጽበተ ዐይን ነው። መለከት ይነፋል፤ ሙታን የማይበሰብሱ ሆነው ይነሣሉ፤ እኛም እንለወጣለን። 53የሚጠፋው የማይጠፋውን፣ የሚሞተው የማይሞተውን ሊለብስ ይገባዋልና። 54የሚጠፋው የማይጠፋውን፣ የሚሞተውም የማይሞተውን በሚለብስበት ጊዜ፣ “ሞት በድል ተዋጠ” ተብሎ የተጻፈው ቃል ይፈጸማል።

55እንዲሁም፣ “ሞት ሆይ፤ ድል መንሣትህ የት አለ?

ሞት ሆይ፤ መንደፊያህስ የት አለ?”

56የሞት መንደፊያ ኀጢአት ነው፤ የኀጢአትም ኀይል ሕግ ነው። 57ነገር ግን በጌታችን በኢየሱስ ክርስቶስ በኩል ድልን ለሚሰጠን ለእግዚአብሔር ምስጋና ይሁን።

58ስለዚህ የተወደዳችሁ ወንድሞቼ ሆይ፤ ጸንታችሁ ቁሙ፤ በምንም ነገር አትናወጡ። ለጌታ ሥራ ዘወትር የምትተጉ ሁኑ፤ ምክንያቱም ለጌታ የምትደክሙት በከንቱ እንዳልሆነ ታውቃላችሁ።

Asante Twi Contemporary Bible

1 Korintofoɔ 15:1-58

Kristo Owusɔreɛ

1Afei, anuanom, mepɛ sɛ mekae mo adwene fa Asɛmpa a meka kyerɛɛ mo no a mogye too mu, nam so maa mo gyidie mu yɛɛ den no ho. 2Ɛno ne Asɛmpa a meka kyerɛɛ mo no. Sɛ mokura Asɛmpa no mu denden a, mobɛnya nkwa, gye sɛ moannye anni.

3Mekaa asɛm a meteeɛ a ɛho hia yie no kyerɛɛ mo sɛ, yɛn bɔne enti na Kristo wuiɛ sɛdeɛ wɔatwerɛ no Atwerɛsɛm mu sɛ, 4wɔsiee no, na ne nnansa so no, ɔsɔre firii awufoɔ mu sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Atwerɛsɛm no mu sɛ, 5ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ Petro ne asomafoɔ dumienu no nyinaa. 6Afei, mpofirim, ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ nʼakyidifoɔ bɛboro ahanum a wɔn mu bi te ase na wɔn mu bi nso awuwu. 7Afei, ɔyii ne ho adi kyerɛɛ Yakobo ne asomafoɔ no nyinaa. 8Akyire no koraa, ɔyii ne ho adi kyerɛɛ me a meyɛ obi a wɔanwo me ntɛm.

9Meyɛ obi a mesua koraa wɔ asomafoɔ no mu na memfata mpo sɛ wɔfrɛ me ɔsomafoɔ ɛfiri sɛ, metaa Onyankopɔn asafo. 10Nanso, Onyankopɔn adom enti, mete sɛ deɛ mete no ara na adom a ɔde dom me no aboa me yie. Ama matumi ayɛ adwuma denden asene asomafoɔ a aka no nyinaa a ɛmfiri mʼankasa mʼahoɔden mu, na mmom Onyankopɔn adom no na ɛredi dwuma wɔ me mu. 11Enti, sɛ ɛfiri me anaa ɛfiri wɔn no, Asɛmpa a yɛn nyinaa ka ni, na ɛno nso na mogye di.

Yɛn Owusɔreɛ

12Afei, sɛdeɛ Asɛmpa no ka sɛ wɔama Kristo asɔre afiri awufoɔ mu no, adɛn na mo mu bi tumi ka sɛ wɔrentumi mma awufoɔ nsɔre? 13Sɛ saa yɛ nokorɛ deɛ a, na ɛkyerɛ sɛ wɔamma Kristo ansɔre amfiri awufoɔ mu. 14Na sɛ wɔamma Kristo ansɔre amfiri awufoɔ mu a, na ɛkyerɛ sɛ, yɛnni asɛm biara ka, na mo nso monni asɛm biara a mobɛgye adi. 15Ɛno akyi koraa na ɛkyerɛ sɛ, yɛredi atorɔ fa Onyankopɔn ho, ɛfiri sɛ, yɛka sɛ ɔno na ɔnyanee Kristo firii awufoɔ mu. Na sɛ awufoɔ ntumi nsɔre a, ɛnneɛ na wɔamma Kristo nso ansɔre amfiri awufoɔ mu. 16Sɛ awufoɔ ntumi nsɔre a, na Kristo nso ansɔre. 17Na sɛ wɔamma Kristo ansɔre amfiri awufoɔ mu a, na mo gyidie no yɛ nnaadaa, na moda so yera wɔ mo bɔne mu. 18Ɛsane kyerɛ sɛ, wɔn a na wɔgye Kristo di a wɔawuwu no ayera. 19Na sɛ yɛn anidasoɔ wɔ Kristo mu no yɛ ma saa asetena yi nko ara a, ɛnneɛ na yɛyɛ mmɔbɔ sene obiara a ɔwɔ ewiase ha.

20Nanso, nokorɛ a ɛwom ne sɛ, wɔama Kristo asɔre afiri awufoɔ mu de ahyɛ mo den sɛ wɔn a wɔadeda wɔ owuo mu no, wɔbɛma wɔasɔresɔre. 21Na sɛdeɛ owuo nam onipa so baeɛ no, saa ara nso na owusɔreɛ nam onipa so ba. 22Owuo nam Adam so baa yɛn nyinaa so; saa ara nso na Kristo de nkwa brɛɛ yɛn nyinaa. 23Nanso, biribiara bɛyɛ nnidisoɔ nnidisoɔ a Kristo na ɔbɛdi ɛkan, na sɛ Kristo di ɛkan ba bio a, wɔn a wɔyɛ ne deɛ no nso adi akyire. 24Afei sɛ Kristo sɛe ahonhom mu atumfoɔ, ahoɔden ne tumi nyinaa a, awieeɛ no bɛba, na ɔde Ahennie no ama Onyankopɔn a ɔyɛ Agya no. 25Ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ Kristo di ɔhene kɔsi sɛ ɔbɛdi nʼatamfoɔ nyinaa so na ɔde wɔn ahyɛ ne nan ase. 26Ɔtamfoɔ a ɔtwa toɔ a ɔbɛdi ne so ne owuo. 27Sɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Ɔde nneɛma nyinaa bɛhyɛ ne tumi ase a,” wɔmmfa Onyankopɔn nka ho. Ɛyɛ Onyankopɔn na ɔde nneɛma nyinaa hyɛɛ Kristo tumi ase. 28Na sɛ wɔde nneɛma nyinaa hyɛ Kristo tumi ase a, ɔno ankasa a ɔyɛ Ɔba no de ne ho bɛhyɛ Onyankopɔn a ɔde nneɛma nyinaa hyɛɛ ne Ba no tumi ase no, ase; na Onyankopɔn adi biribiara so.

29Sɛ owusɔreɛ nni hɔ a, anka wɔn a wɔbɔ awufoɔ din bɔ asu no bɛyɛ dɛn? Wɔn adwene ne sɛn? Sɛ ɛyɛ nokorɛ sɛ deɛ wɔka sɛ, wɔnnyane awufoɔ mma nkwa mu a, adɛn enti na wɔbɔ awufoɔ din bɔ wɔn asu? 30Na adɛn na dɔnhwereɛ biara yɛde yɛn ho to amaneɛ mu? 31Anuanom, dɔnhwereɛ biara mehyia owuo. Esiane Yesu enti, ahohoahoa a mewɔ wɔ mo mu, na ɛma me ka yei. 32Modwene sɛ mfasoɔ bɛn na menyaa wɔ ɔko a me ne “nkekaboa” koo wɔ Efeso no? Na sɛ awufoɔ nsɔre mma nkwa mu a, ɛnneɛ

“Momma yɛnnidi na yɛnnom,

ɛfiri sɛ, ɔkyena yɛbɛwu” sɛdeɛ wɔka no.

33“Mommma wɔnnnaadaa mo. Nkɔmmɔ bɔne sɛe ɔbra pa.” 34Monyɛ mo asɛdeɛ na monnyae mo akwammɔne no. Meka yei de hyɛ mo aniwuo sɛ mo mu bi nnim Onyankopɔn.

Nipadua A Ɛsɔre

35Obi bɛbisa sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛtumi ama awufoɔ asɔre aba nkwa mu? Wɔbɛyɛ onipadua su bɛn?” 36Ɔkwasea! Sɛ wodua aba wɔ fam a, gye sɛ ɛwu ansa na afifiri. 37Na deɛ wodua wɔ fam no, ɛnyɛ dua, na mmom ɛyɛ awi aba anaasɛ aba foforɔ bi. 38Bɔbea a Onyankopɔn adwene ho sɛ ɔpɛ sɛ ɔde bɔ aba no na ɔde bɔ no; ɔma aba biara bɔbea a ɛfata no. 39Honam a ɛkata ateasefoɔ ho no nyinaa nyɛ honam korɔ. Nnipa wɔ wɔn honam; mmoa wɔ wɔn deɛ; nnomaa wɔ wɔn deɛ ɛnna nsuomnam nso wɔ wɔn deɛ. 40Ɔsoro onipadua wɔ hɔ, ɛnna ɛfam onipadua nso wɔ hɔ. Ahoɔfɛ bi wɔ hɔ ma ɔsoro onipadua nko ara, ɛnna ahoɔfɛ bi nso wɔ hɔ ma ɛfam onipadua. 41Owia wɔ nʼankasa nʼahoɔfɛ. Ɔsrane wɔ ne deɛ nko; nsoromma ahoɔfɛ gu ahodoɔ; na nsoromma no mu nso wɔwɔ ahoɔfɛ su ahodoɔ.

42Sɛ wɔma awufoɔ sɔre ba nkwa mu a, saa ara na ɛbɛba. Sɛ wɔsie onipadua no a, ɛporɔ; wɔma ɛsɔre nso a ɛmporɔ. 43Sɛ wɔsie onipadua a, ɛyɛ tan na ɛyɛ mmerɛ, nanso sɛ wɔma ɛsɔre a, ɛyɛ fɛ na ɛnya ahoɔden. 44Sɛ wɔsie onipadua no a, ɛyɛ honam na sɛ wɔma ɛsɔre a, ɛyɛ honhom.

Ɔhonam wɔ hɔ enti ɛsɛ sɛ honhom nso wɔ hɔ. 45Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Adam a ɔyɛ nnipa nyinaa kannifoɔ no, wɔbɔɔ no sɛ onipa ɔteasefoɔ”; nanso Adam a ɔtwa toɔ no yɛ Honhom a ɔma nkwa. 46Ɛnyɛ honhom mo ni na ɔbaa kane. Ɔbaa deɛ ɔkura honam fam onipadua no akyi. 47Wɔde fam mfuturo na ɛbɔɔ Adam a ɔdi ɛkan no. Adam a ɔtɔ so mmienu no firi ɔsoro. 48Wɔn a wɔte asase so no te sɛ deɛ wɔde dɔteɛ bɔɔ no no; na wɔn a wɔyɛ ɔsoro mma no te sɛ wɔn a wɔfiri ɔsoro. 49Sɛdeɛ yɛte sɛ nnipa a wɔde dɔteɛ bɔɔ yɛn no, saa ara na yɛbɛyɛ sɛ onipa a ɔfiri ɔsoro no.

50Anuanom, deɛ mepɛ sɛ mekyerɛ ne sɛ, deɛ wɔde honam ne mogya ayɛ no nni kyɛfa wɔ Onyankopɔn Ahennie no mu; na deɛ ɛporɔ no ntumi ntena hɔ. 51Montie saa ahintasɛm yi: Yɛn nyinaa renwu, nanso ɛberɛ tiawa bi mu wɔbɛsakyera yɛn nyinaa; 52sɛ totorobɛnto a ɛtwa toɔ no bɔ a, nsakraeɛ no bɛyɛ anibueɛ. Sɛ ɛbɔ a, awufoɔ bɛdane ateasefoɔ na yɛn nyinaa bɛsakyera. 53Na deɛ ɛporɔ no de deɛ ɛmporɔ akata ne ho, na deɛ ɛwu no de deɛ ɛnwu akata ne ho. 54Enti deɛ ɛporɔ de deɛ ɛmporɔ kata ne ho na deɛ ɛbɛwu de deɛ ɛrenwu kata ne ho a, Atwerɛsɛm no bɛba mu sɛ, “Wɔasɛe owuo; nkonim aba!”

55“Owuo, wo nkonim wɔ he?

Owuo, wo nwowɔeɛ wɔ he?”

56Owuo nya ne tumi firi bɔne mu na bɔne nso nya ne tumi firi Mmara no mu. 57Nanso, yɛda Onyankopɔn a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so ma yɛn tumi no ase!

58Enti, me nuanom, monnyina pintinn. Ɛda biara monyɛ Awurade adwuma, ɛfiri sɛ, menim sɛ moyɛ Awurade adwuma a ɛrenyɛ ɔkwa da.