1 ሳሙኤል 7 – NASV & ASCB

New Amharic Standard Version

1 ሳሙኤል 7:1-17

1የቂርያትይዓሪም ሰዎችም መጥተው የእግዚአብሔርን ታቦት ይዘው ወጡ፤ ከዚያም በኰረብታው ላይ ወዳለው ወደ አሚናዳብ ቤት ወሰዱት። የእግዚአብሔርን ታቦት እንዲጠብቅም ልጁን አልዓዛርን ቀደሱት።

የፍልስጥኤማውያን መሸነፍ

2ታቦቱ በቂርያትይዓሪም ከተቀመጠ ረዥም ጊዜ ሆነው፤ በአጠቃላይ ሃያ ዓመት ቈየ። የእስራኤል ሕዝብ ሁሉ አዘነ፤ እግዚአብሔርንም ፈለገ። 3ሳሙኤልም የእስራኤልን ቤት ሁሉ፣ “በፍጹም ልባችሁ ወደ እግዚአብሔር የምትመለሱ ከሆነ፣ ሌሎችን አማልክትና አስታሮትን ከመካከላችሁ አስወግዱ፤ ራሳችሁንም ለእግዚአብሔር አሳልፋችሁ ስጡ፤ እርሱንም ብቻ አምልኩ፤ እርሱም ከፍልስጥኤማውያን እጅ ይታደጋችኋል።” አላቸው። 4ስለዚህ እስራኤላውያን የበኣልንና የአስታሮትን አማልክት አስወግደው፣ እግዚአብሔርን ብቻ አመለኩ።

5ከዚያ በኋላ ሳሙኤል፣ “እስራኤልን ሁሉ በምጽጳ ሰብስቡ፤ እኔም ስለ እናንተ ወደ እግዚአብሔር እጸልያለሁ” አለ። 6እስራኤላውያን በምጽጳ በተሰበሰቡ ጊዜ፣ ውሃ ቀድተው በእግዚአብሔር ፊት አፈሰሱ፤ በዚያች ዕለት ጾሙ፤ በዚያም “እግዚአብሔርን በድለናል” ብለው ተናዘዙ። ሳሙኤልም በምጽጳ እስራኤልን ይፈርድ ነበር።

7እስራኤል በምጽጳ መሰብሰባቸውን ፍልስጥኤማውያን በሰሙ ጊዜ፣ የፍልስጥኤማውያን ገዦች ሊወጓቸው ወጡ፤ እስራኤላውያንም ይህን ሲሰሙ፣ ፍልስጥኤማውያንን ፈሩ፤ 8ሳሙኤልንም፣ “አምላካችን እግዚአብሔር ከፍልስጥኤማውያን እጅ ያድነን ዘንድ ስለ እኛ ወደ እርሱ መጸለይህን አታቋርጥ” አሉት። 9ሳሙኤልም አንድ የሚጠባ የበግ ግልገል ወስዶ ሙሉ ለሙሉ የሚቃጠል መሥዋዕት በማድረግ ለእግዚአብሔር አቀረበው፤ ስለ እስራኤልም ወደ እግዚአብሔር ጸለየ፤ እግዚአብሔርም መለሰለት።

10ሳሙኤል የሚቃጠለውን መሥዋዕት በሚያሳርግበት ጊዜ፣ ፍልስጥኤማውያን እስራኤልን ለመውጋት ቀረቡ። ይሁን እንጂ በዚያ ዕለት እግዚአብሔር በፍልስጥኤማውያን ላይ ከባድ የነጐድጓድ ድምፅ ስላንጐዳጐደባቸው እጅግ ተሸበሩ፤ ድልም ተመተው ከእስራኤላውያን ፊት ሸሹ። 11እስራኤላውያንም ከምጽጳ ወጥተው ፍልስጥኤማውያንን በየመንገዱ እየገደሉ ከቤትካር በታች እስካለው ስፍራ ድረስ አሳደዷቸው።

12ከዚህ በኋላ ሳሙኤል አንድ ድንጋይ ወስዶ በምጽጳና በሼን መካከል አቆመው፤ ስሙንም “እግዚአብሔር እስከ አሁን ድረስ ረድቶናል” ሲል “አቤንኤዘር7፥12 አቤኔዘር ማለት የርዳታ ድንጋይ ማለት ነው።” ብሎ ጠራው። 13በዚህ ሁኔታ ፍልስጥኤማውያን ድል ስለ ተመቱ፣ የእስራኤልን ምድር ዳግመኛ አልወረሩም።

ሳሙኤል በሕይወት በነበረበት ዘመን ሁሉ፣ የእግዚአብሔር እጅ በፍልስጥኤማውያን ላይ ከብዳ ነበር። 14ፍልስጥኤማውያን ከእስራኤል የወሰዷቸው ከአቃሮን እስከ ጌት የነበሩ ከተሞች ለእስራኤል ተመለሱላት፤ ግዛታቸውም ከፍልስጥኤማውያን እጅ ነፃ ወጣች፤ በእስራኤልና በአሞራውያንም መካከል ሰላም ነበረ።

15ሳሙኤል በሕይወት በነበረበት ዘመን ሁሉ፣ እስራኤልን ይዳኝ ነበር። 16በየዓመቱ በቤቴል፣ በጌልገላና በምጽጳ እየተዘዋወረ፣ በእነዚህ ቦታዎች ሁሉ በእስራኤል ላይ ይፈርድ ነበር። 17ከዚያም በአርማቴም ወዳለው ቤቱ ይመለስ ነበር፤ በዚያም ደግሞ በእስራኤል ላይ ይፈርድ ነበር። በዚያም ለእግዚአብሔር መሠዊያ ሠራ።

Asante Twi Contemporary Bible

1 Samuel 7:1-17

1Enti, Kiriat-Yearimfoɔ bɛgyee Awurade Apam Adaka7.1 Adaka no sii hɔ ara kɔsii sɛ Dawid fa sane de kɔɔ Yerusalem (2 Sam 6.2-3). no. Wɔde kɔɔ Abinadab efie a ɛda bepɔ nkyɛn baabi. Ɛhɔ na wɔdwiraa ne babarima Eleasa sɛ ɔnhwɛ so. 2Apam Adaka no kyɛree yie wɔ Kiriat-Yearim. Ɛdii mfirinhyia aduonu wɔ hɔ. Saa ɛberɛ no Israel nyinaa twaa agyaadwoɔ, ɛfiri sɛ na ayɛ sɛ Awurade agya wɔn.

Samuel Yɛ Israel So Ɔtɛmmufoɔ

3Na Samuel ka kyerɛɛ Israelfoɔ nyinaa sɛ, “Sɛ mode mo akoma nyinaa resane akɔ Awurade nkyɛn deɛ a, ɛnneɛ, montwe mo ho mfiri ananafoɔ anyame ne Astoret ahoni ho. Monsi mo adwene pi sɛ mobɛyɛ ɔsetie ama Awurade, na monsom ɔno nko, na ɔbɛgye mo afiri Filistifoɔ nsam.” 4Enti, Israelfoɔ no too Baalim ne Astoret guiɛ, somm Awurade nko.

5Afei, Samuel ka kyerɛɛ Israelfoɔ no nyinaa sɛ, “Mo nyinaa mommra Mispa, na memmɔ Awurade mpaeɛ mma mo.” 6Enti, wɔboaa wɔn ho ano wɔ hɔ. Na wɔn nyankomadeɛ mu no, wɔsaa nsuo firi abura bi mu, na wɔhwie guu Awurade anim. Wɔdii abuada ɛda no, na wɔkaa nokorɛ sɛ wɔayɛ bɔne atia Awurade. Enti, Mispa hɔ na Samuel bɛyɛɛ Israel so ɔtemmufoɔ.

7Ɛberɛ a Filistifoɔ sodifoɔ no tee sɛ Israel nyinaa aboa wɔn ho ano wɔ Mispa no, wɔboaboaa wɔn akodɔm ano, tu teneeɛ. Na Israelfoɔ no tee sɛ Filistifoɔ no rebɛn wɔn no, wɔn akoma tuu yie. 8Wɔdwane toaa Samuel sɛ, “Srɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn, na ɔnnye yɛn mfiri Filistifoɔ nsam.” 9Enti, Samuel faa odwan ba a ɔnyiniiɛ de ne mua no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa Awurade. Ɔsrɛɛ Awurade maa Israelfoɔ, na Awurade tieeɛ.

10Ɛberɛ a Samuel gu so rebɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no, Filistifoɔ no baa sɛ wɔrebɛko. Nanso, Awurade de aprannaa nne a emu yɛ duru yie kasa firi soro, maa basabasayɛ sii Filistifoɔ no mu, maa Israelfoɔ no dii wɔn so nkonim. 11Israel mmarima pamoo wɔn firi Mispa, kɔsii Bet-Kar, kunkumm wɔn guu ɛkwan so.

12Ɛnna Samuel faa ɔboɔ kɛseɛ bi de sii Mispa ne Sen ntam. Na ɔtoo no edin Ebeneser a aseɛ ne “Ɔboa boɔ” na ɔkaa sɛ, “Ɛha na Awurade aboa yɛn abɛsi!”

13Enti, wɔdii Filistifoɔ no so, na wɔantumi ammɛgye Israelfoɔ nsase amfa wɔ ɛberɛ tenten bi mu. Na Samuel nkwa nna mu nyinaa, Awurade nsa a ɛyɛ den no tiaa Filistifoɔ. 14Na Israel nkuro a ɛbɛn Ekron ne Gat no a na Filistifoɔ no agyegye no. Wɔde asase a aka a Filistifoɔ no agyegyeɛ no kaa ho. Ɛmaa asomdwoeɛ baa Israel ne Amorifoɔ7.14 Edin “Amorifoɔ” no sɛ wɔbɔ so a, na wɔkyerɛ Kanaanfoɔ nyinaa. ntam saa ɛberɛ no.

15Samuel kɔɔ so yɛɛ Israel so ɔtemmufoɔ ne nkwa nna a aka nyinaa. 16Afe biara, na ɔtu kwan kyinkyini bu atɛn wɔ nʼasɛnniiɛ. Ɔfiri aseɛ wɔ Bet-El7.16 Bet-El, Gilgal ne Mispa yɛ nkurotoɔ mmiɛnsa a ɛwɔ Benyamin mantam mu a na wɔasisi Kronkronbea wɔ hɔ (hwɛ Yos 4.19). de kɔ Gilgal na wawie wɔ Mispa. Ɔbuu Israelfoɔ atɛn wɔ saa nkurotoɔ yi biara so. 17Afei, na ɔsane ba ne kurom Rama bɛdi nsɛm wɔ hɔ nso. Na Samuel sii afɔrebukyia wɔ Rama de maa Awurade.