ኤርምያስ 48 – NASV & ASCB

New Amharic Standard Version

ኤርምያስ 48:1-47

ስለ ሞዓብ የተነገረ መልክት

48፥29-36 ተጓ ምብ – ኢሳ 16፥6-12

1ስለ ሞዓብ፤

የእስራኤል አምላክ የሰራዊት ጌታ እግዚአብሔር እንዲህ ይላል፤

“ናባው ትጠፋለችና ወዮላት፤

ቂርያታይም ትዋረዳለች፤ ትያዛለችም፤

ምሽጎች48፥1 ወይም ሚሥጋብ ይደፈራሉ፤ ይፈራርሳሉም።

2ከእንግዲህ ሞዓብ አትከበርም፤

ሰዎች በሐሴቦን48፥2 ሐሴቦን የሚለው የዕብራይስጡ ቃል አነባበብ መዶለት ከሚለው የዕብራይስጥ ቃል ጋር ተመሳሳይ ነው። ተቀምጠው፣

‘ኑ ያቺን አገር እናጥፋት’ ብለው ይዶልቱባታል።

መድሜን48፥2 መድሜን የሚለው የሞዓባውያን ከተማ ስም አነባበብ ጸጥ ከሚለው የዕብራይስጥ ቃል ጋር ተመሳሳይ ነው። ሆይ፤ አንቺም ደግሞ ጸጥ ትደረጊያለሽ፤

ሰይፍም ያሳድድሻል።

3ከሖሮናይም የሚወጣውን ጩኸት፣

የመውደምና የታላቅ ጥፋት ድምፅ ስሙ!

4ሞዓብ ትሰበራለች፤

ልጆቿም ጩኸት ያሰማሉ።48፥4 የዕብራይስጡና የሰብዓ ሊቃናት ትርጕሞች ለዞአር ያውጃሉ ይላሉ።

5ክፉኛ እያለቀሱ፣

ወደ ሉሒት ሽቅብ ይወጣሉ፤

ስለ ደረሰባቸውም ጥፋት መራራ ጩኸት እያሰሙ፣

ወደ ሖርናይም ቍልቍል ይወርዳሉ።

6ሽሹ፤ ሕይወታችሁንም አትርፉ!

በምድረ በዳ እንዳለ ቍጥቋጦ48፥6 ወይም እንደ አሮኤር ሁኑ።

7በድርጊታችሁና በብልጽግናችሁ ስለምትታመኑ፣

እናንተም ትማረካላችሁ፤

ካሞሽም ከካህናቱና ከመኳንንቱ ጋር፣

በምርኮ ይወሰዳል።

8በእያንዳንዱ ከተማ ላይ አጥፊ ይመጣል፤

አንድም ከተማ አያመልጥም።

እግዚአብሔር ተናግሯልና፣

ሸለቆው ይጠፋል፤

ዐምባውም ይፈርሳል።

9በርራ እንድታመልጥ፣

ለሞዓብ ክንፍ ስጧት፤

ከተሞቿም ምንም እስከማይኖርባቸው ድረስ፣

ባድማ48፥9 ወይም የተተወች ምድር እንድትሆን/በሞዓብ ላይ ጨው ነስንሱባት ይሆናሉ።

10የእግዚአብሔርን ሥራ በቸልታ የሚያከናውን ርጉም ይሁን፤

ሰይፉን ደም ከማፍሰስ የሚከላከል የተረገመ ይሁን፤

11“ሞዓብ በአንቡላው ላይ እንዳረፈ የወይን ጠጅ፣

ከልጅነት ጀምሮ የተረጋጋ ነበረ፤

ከዕቃ ወደ ዕቃ አልተገላበጠም፤

በምርኮም አልተወሰደም፤

ቃናው እንዳለ ነው፤

መዐዛውም አልተለወጠም።

12ስለዚህ ዕቃውን የሚገለብጡ ሰዎችን

የምልክበት ጊዜ ይመጣል፤”

ይላል እግዚአብሔር

“እነርሱም ይደፉታል፤

ዕቃውን ባዶ ያስቀራሉ፤

ማንቈርቈሪያዎቹንም ይሰባብራሉ።

13የእስራኤል ቤት፤

በቤቴል ታምኖ እንዳፈረ ሁሉ፣

ሞዓብም በካሞሽ ያፍራል።

14“እናንተ፣ ‘እኛ ተዋጊዎች ነን፤

በጦርነትም ብርቱ ነን’ ልትሉ እንዴት ቻላችሁ?

15ሞዓብ ትጠፋለች፤ ከተሞቿም ይወረራሉ፤

ምርጥ ወጣቶቿም ወደ መታረድ ይወርዳሉ፤”

ይላል ስሙ የሰራዊት ጌታ እግዚአብሔር የሆነው ንጉሥ፤

16“የሞዓብ ውድቀት ተቃርቧል፤

ጥፋቱም ፈጥኖ ይመጣበታል።

17በዙሪያው የምትኖሩ ሁሉ፤

ዝናውን የምታውቁ ሁሉ አልቅሱለት፤

‘ብርቱው ከዘራ፣

የከበረው በትር እንዴት ሊሰበር ቻለ’ በሉ።

18“ሞዓብን የሚያጠፋ፣

በአንቺ ላይ ይመጣልና፤

የተመሸጉ ከተሞችሽንም ያጠፋልና፤

አንቺ የዲቦን ሴት ልጅ ሆይ፤

ከክብርሽ ውረጂ፤

በደረቅም መሬት ተቀመጪ።

19አንቺ በአሮዔር የምትኖሪ ሆይ፤

በመንገድ አጠገብ ቆመሽ ተመልከቺ፤

የሚሸሸውን ወንድ፣ የምታመልጠውንም ሴት፣

‘ምን ተፈጠረ?’ ብለሽ ጠይቂ።

20ሞዓብ በመፍረሱ ተዋርዷል፤

ዋይ በሉ፤ ጩኹ፤

የሞዓብን መደምሰስ፣

በአርኖን አጠገብ አስታውቁ።

21ፍርድ በዐምባው ምድር፦

በሖሎን፣ በያሳና በሜፍዓት ላይ፣

22በዲቦን፣ በናባውና በቤት ዲብላታይም ላይ፣

23በቂርያታይም፣ በቤት ጋሙልና በቤትምዖን ላይ፣

24በቂርዮትና በባሶራ ላይ፤

በሩቅና በቅርብ ባሉት በሞዓብ ከተሞች ሁሉ ላይ መጥቷል።

25የሞዓብ ቀንድ48፥25 ቀንድ እዚህ ቦታ ኀይልን በትእምርትነት ይመለከታል። ተቈርጧል፤

እጁም ተሰባብሯል፤”

ይላል እግዚአብሔር

26እግዚአብሔርን ንቋልና፣

ሞዓብን በመጠጥ አስክሩት።

ሞዓብ በትፋቱ ላይ ይንከባለል፤

ለመዘባበቻም ይሁን።

27በእስራኤል ላይ ስታላግጥ አልነበረምን?

ስለ እርሷ በተናገርህ ቍጥር፣

እያቃለልሃት ራስህን የምትነቀንቀውስ፣

ከሌቦች ጋር ስትሰርቅ ተይዛለችን?

28እናንተ በሞዓብ የምትኖሩ ሆይ፤

ከከተማ ወጥታችሁ በዐለት መካከል ኑሩ፤

በገደል አፋፍ ላይ ጐጆዋን እንደምትሠራ፣

እንደ ርግብ ሁኑ።

29“ስለ ሞዓብ ትዕቢት፣

ስለ እብሪቱና ስለ ኵራቱ፣

ስለ ትምክሕቱና ስለ መጓደዱ፣

ስለ ልቡም ማበጥ ሰምተናል።

30መዳፉን ዐውቃለሁ፤ ነገር ግን ከንቱ ነው፤”

ይላል እግዚአብሔር

“ጕራውም ፋይዳ አይኖረውም።

31ስለዚህ ለሞዓብ አለቅሳለሁ፤

ለሞዓብ ምድር ሁሉ ዋይ እላለሁ፤

ለቂርሔሬስ ሰዎችም የልቅሶ ድምፅ አሰማለሁ።

32የሴባማ ወይን ሆይ፤

ለኢያዜር ካለቀስሁት እንኳ ይልቅ አለቅስልሻለሁ፤

ቅርንጫፎችሽ እስከ ባሕሩ ተዘርግተዋል፤

እስከ ኢያዜርም ደርሰዋል፤

ለመከር በደረሰው ፍሬሽና በወይንሽ ላይ፣

አጥፊው መጥቷል።

33ከሞዓብ የአትክልት ቦታና ዕርሻ፣

ሐሤትና ደስታ ርቋል፤

የወይን ጠጅ ከመጭመቂያው እንዳይወርድ አድርቄዋለሁ፤

በእልልታ የሚጨምቀውም አይገኝም፤

በዚያ ድምፅ ቢሰማም፣

የእልልታ ድምፅ አይደለም።

34“ከሐሴቦን እስከ ኤልያሊና እስከ ያሀጽ፣

ከዞዓር እስከ ሖሮናይም፣ እስከ ዔግላት ሺሊሺያ ድረስ፣

ጩኸታቸው ከፍ ብሎ ይሰማል፤

የኔሞሬም ውሃ እንኳ ደርቋልና።

35በመስገጃ ኰረብቶች ላይ የሚሠዉትን፣

ለአማልክታቸው የሚያጥኑትን፣

ከሞዓብ አጠፋለሁ፤”

ይላል እግዚአብሔር

36“ስለዚህ ልቤ ለሞዓብ እንደ ዋሽንት ያንጐራጕራል፤

ለቂርሔሬስ ሰዎችም እንደ ዋሽንት ያንጐራጕራል።

ያከማቹት ንብረት ጠፍቷልና።

37የእያንዳንዱ ሰው ራስ፣

ጢምም ሁሉ ተላጭቷል፤

እጅ ሁሉ ተቸፍችፏል፤

ወገብም ሁሉ ማቅ ታጥቋል።

38በሞዓብ ቤቶች ጣራ ሁሉ ላይ፣

በሕዝብም አደባባዮች፣

ሐዘን እንጂ ሌላ የለም፤

እንደማይፈለግ እንስራ፣

ሞዓብን ሰብሬአለሁና፤”

ይላል እግዚአብሔር

39“እንዴት ተንኰታኰተ! ምንኛስ አለቀሱ!

ሞዓብ እንዴት ዐፍሮ ጀርባውን አዞረ!

ሞዓብ የመሰደቢያ፣

በዙሪያው ላሉትም ሁሉ የሽብር ምልክት ሆነ።”

40እግዚአብሔር እንዲህ ይላል፤

“እነሆ፤ እንደ ንስር ተወርውሮ ይወርድበታል፤

ክንፎቹንም በሞዓብ ላይ ይዘረጋል።

41ከተሞቹ48፥41 ወይም ቂርያት ይወረራሉ፤

ምሽጎቹም ይያዛሉ፤

በዚያን ቀን የሞዓብ ጦረኞች ልብ፣

በምጥ እንደ ተያዘች ሴት ልብ ይሆናል።

42ሞዓብ እግዚአብሔርን አቃልሏልና ይጠፋል፤

መንግሥትነቱም ይቀራል።

43የሞዓብ ሕዝብ ሆይ፤

ሽብርና ጕድጓድ፣ ወጥመድም ይጠብቅሃል፤”

ይላል እግዚአብሔር

44“ከሽብር የሚሸሽ ሁሉ፣

ጕድጓድ ውስጥ ይገባል፤

ከጕድጓዱም የሚወጣ፣

በወጥመድ ይያዛል፤

በሞዓብ ላይ፣

የቅጣቱን ዓመት አመጣለሁና፣”

ይላል እግዚአብሔር

45“የሞዓብን ግንባር፣

የደንፊዎችን ዐናት የሚያቃጥል፣

እሳት ከሐሴቦን፣

ነበልባል ከሴዎን ቤት ወጥቷልና፤

ኰብላዮች በሐሴቦን ጥላ ሥር፣

ተስፋ ቈርጠው ቆመዋል።

46ሞዓብ ሆይ፤ ወዮልህ!

የካሞሽ ሕዝብ ተደምስሷል፤

ወንዶች ልጆችህ በምርኮ ተወስደዋል፤

ሴቶች ልጆችህም ተግዘዋል።

47“ነገር ግን የኋላ ኋላ፣

የሞዓብን ምርኮ እመልሳለሁ፤”

ይላል እግዚአብሔር

በሞዓብ ላይ የተወሰነው ፍርድ ይኸው ነው።

Asante Twi Contemporary Bible

Yeremia 48:1-47

Nsɛm A Ɛfa Moab Ho

1Asɛm a ɛfa Moab ho no nie:

Yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ:

“Nebo nnue, na wɔbɛsɛe no.

Wɔbɛgu Kiriataim anim ase, na wɔakye no;

wɔbɛgu aban denden no anim ase, na wɔadwiri agu fam.

2Wɔrenkamfo Moab bio;

Hesbon mmarima bɛbɔ nʼasehweɛ ho pɔ;

‘Mommra, momma yɛn nkɔbɔ saa ɔman yi.’

Mo nso, Madmen mmarima mobɛka mo ano atom;

akofena no bɛtaa mo.

3Montie osu a ɛfiri Horonaim,

adesɛeɛ ne ɔsɛeɛ ho su.

4Wɔbɛbɔ Moab:

na ne mma nketewa bɛteateam.

5Wɔforo kɔ Luhit,

wɔde agyaadwotwa a emu yɛ den na ɛrekɔ;

ɛkwan a ɛkɔ Horonaim so no

wɔte ahoyera mu agyaadwotwa wɔ adesɛeɛ no ho.

6Monnwane! Montu mmirika mpere mo nkwa.

Momfa mo ho nsie sɛ wira wɔ anweatam so.

7Esiane sɛ mode mo ho to mo nneyɛɛ ne mo ahonya so enti,

mo nso wɔbɛfa mo nnommum,

na Kemos bɛkɔ nnommumfa mu,

ɔne nʼasɔfoɔ ne adwumayɛfoɔ.

8Ɔsɛefoɔ no bɛtu kuro biara so sa,

na emu biara renya ne ho ntete.

Wɔbɛsɛe bɔnhwa no

na wɔasɛe mmepɔ mpampam a ɛyɛ tamaa no,

ɛfiri sɛ Awurade akasa.

9Momfa nkyene nhyɛ Moab,

ɛfiri sɛ wɔrebɛsɛe no;

ne nkuro bɛda mpan a

obiara rentena soɔ.

10“Nnome nka deɛ ɔtwentwɛnee ne nan ase wɔ Awurade adwumayɛ ho!

Nnome nka deɛ ɔmmfa nʼakofena nhwie mogya nguo!

11“Moab atena ase asomdwoeɛ mu firi ne mmerante ɛberɛ mu,

te sɛ nsã ase puo a ataa dinn

a wɔnnhwie mfirii ahina mu nkɔguu ahina foforɔ mu da;

saa ara na Moab nso nkɔɔ nnommumfa mu da.

Enti ɔte sɛ deɛ ɔte ara,

na ne ho hwa nsesa.

12Nanso, nna bi reba,”

Awurade na ɔseɛ,

“a mɛsoma mmarima a wɔhwie nsã firi ahina mu,

na wɔbɛhwie no agu;

wɔbɛma nʼahina mu ayɛ hwee

na wɔabobɔ ne nkuruwa.

13Afei Kemos ho bɛyɛ Moab aniwu,

sɛdeɛ Israel efie anim guu ase

ɛberɛ a wɔde wɔn ho too Bet-El soɔ no.

14“Ɛyɛ dɛn na wotumi ka sɛ, ‘Yɛyɛ nnɔmmarima,

mmarima akokoɔdurufoɔ wɔ ɔsa mu’?

15Wɔbɛsɛe Moab na wɔatu ne nkuro so sa;

ne mmeranteɛ a wɔte apɔ no, wɔbɛkunkum wɔn,”

deɛ Ɔhene a wɔfrɛ no Asafo Awurade no seɛ nie.

16“Moab asehweɛ abɛn;

nʼamanehunu bɛba ntɛm.

17Monsu no, mo a motete ne ho nyinaa,

ne mo a monim ne din nyinaa;

monka sɛ, ‘Ɛyɛɛ dɛn na wɔabubu ahempoma a ɛyɛ den yi?

Ɛyɛɛ dɛn na wɔabu animuonyam poma fɛfɛ yi mu?’

18“Firi wʼanimuonyam mu,

na bɛtena asase wesee no so,

wo a wote Ɔbabaa Dibon mu,

ɛfiri sɛ deɛ ɔsɛe Moab no

bɛtu aba wo so;

abɛsɛe wo nkuropɔn a ɛwɔ banbɔ no.

19Gyina kwankyɛn na hwɛ,

wo a wote Aroer.

Bisa ɔbarima a ɔredwane no ne ɔbaa a ɔrefiri mu afi,

bisa wɔn sɛ, ‘Asɛm bɛn na asie?’

20Moab anim agu ase, ɛfiri sɛ wɔabubu no pasaa;

montwa adwo na monteateam!

Mommɔ dawuro wɔ Arnon ho sɛ

wɔasɛe Moab.

21Atemmuo aba bepɔ tamaa so

wɔ Holon, Yahas ne Mefaat,

22Dibon ne Nebo ne Bet-Diblataim

23ne Kiriataim ne Bet Gamul ne Bet Meon

24ne Keriot ne Bosra

wɔ Moab nkuro nyinaa, deɛ ɛwɔ akyirikyiri ne deɛ ɛbɛn.

25Wɔatwa Moab abɛn;

na ne basa abu,”

Awurade na ɔseɛ.

26“Momma no mmoro nsã,

ɛfiri sɛ wabu Awurade animtia.

Momma Moab nyantam wɔ ne feɛ mu;

momma no nyɛ fɛdideɛ.

27Ɛnyɛ Israel na na ɔyɛ mo fɛdideɛ?

Wɔkyeree no akorɔmfoɔ mu anaa,

a enti mowoso mo ti animtiabuo so

ɛberɛ biara a mobɛka ne ho asɛm?

28Monfifiri mo nkuro so nkɔtena abotan mu,

mo a motete Moab.

Monyɛ sɛ aborɔnoma a ɔyɛ ne pirebuo

wɔ ɔbodan ano.

29“Yɛate Moab ahantan no

nʼahomasoɔ ne gye a ɔgye ne ho di mmorosoɔ;

nʼahantan ne nʼahomasoɔ,

ne nʼakoma mu ahohoahoa.

30Menim nʼasoɔden nanso ɛyɛ ɔkwa,”

Awurade na ɔseɛ,

“na nʼahohoahoa mfa hwee mma.

31Enti metwa adwo ma Moab,

mesu team ma Moabfoɔ nyinaa,

medi awerɛhoɔ ma nnipa a wɔwɔ Kir Hereset.

32Mesu ma mo sɛdeɛ Yaser su,

Ao Sibma bobe.

Mo mman dendane kɔɔ ɛpo ho pɛɛ;

kɔduruu Yaser ɛpo ho.

Ɔsɛefoɔ no abɛgu

mo nnuaba a abereɛ ne mo bobe no so.

33Ahosɛpɛ ne anigyeɛ atu afiri

Moab nnuaba nturo ne mfuo so.

Matwa nsã a ɛtene firi nsakyimena no so;

obiara mmfa ahosɛpɛ ntiatia bobe no so.

Ɛwom sɛ nteateam wɔ hɔ deɛ,

nanso ɛnyɛ ahosɛpɛ nteateam.

34“Wɔn su ano den gyegye firi

Hesbon de kɔsi Eleale ne Yahas,

firi Soar de kɔsi Horonaim ne Eglat Selisiya.

Mpo, nsuo a ɛwɔ Nimrim no awe.

35Moab hɔ no,

mede sorɔnsorɔmmea afɔrebɔ ne nnuhwam

a wɔhye ma wɔn anyame no bɛba awieeɛ,”

Awurade na ɔseɛ.

36“Enti mʼakoma su sɛ atɛntɛbɛn ma Moab;

esu sɛ atɛntɛbɛn ma nnipa a wɔwɔ Kir Hereset.

Ahonyadeɛ a wɔpɛeɛ no kɔ.

37Wɔabɔ etire biara tikwa

na wɔayi abɔgyesɛ biara;

nsa nyinaa ho ayɛ akamakam

na ayitoma sisi obiara asene.

38Adan a ɛwɔ Moab nyinaa atifi

ne ɔmanfoɔ adwaberem nyinaa,

biribiara nni hɔ sɛ awerɛhoɔ,

ɛfiri sɛ mabubu Moab

ayɛ no sɛ ahina a obiara mpɛ,”

Awurade na ɔseɛ.

39“Hwɛ sɛdeɛ wabubuo afa! Hwɛ sɛdeɛ wɔretwa adwoɔ!

Na hwɛ sɛdeɛ Moab de aniwuo dane nʼakyi!

Moab ayɛ fɛdideɛ

ne ahodwiredeɛ ama wɔn a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa.”

40Yei ne deɛ Awurade seɛ:

“Monhwɛ! Ɔkɔdeɛ reto hoo aba fam.

Watrɛ ne ntaban mu wɔ Moab so.

41Wɔbɛfa Keriot nnommum

na wafa nʼaban denden no.

Saa ɛda no Moab nnɔmmarima akoma

bɛtu sɛ ɔbaa a ɔrekyem awoɔ so.

42Wɔbɛsɛe Moab na ɛrenyɛ ɔman bio,

ɛfiri sɛ, ɔbuu Awurade animtia.

43Ehu, nkomena ne mfidie retwɛn mo,

Ao Moabfoɔ,”

Awurade na ɔseɛ.

44“Deɛ ɔdwane deɛ ɛyɛ hu no

bɛtɔ nkomena mu,

deɛ ɔbɛforo afiri nkomena no mu no,

afidie bɛyi no;

na mede Moab asotwe afe no bɛba ne so,”

Awurade na ɔseɛ.

45“Hesbon nwunu ase

na adwanefoɔ no gyinagyina a wɔnni mmoa biara,

ɛfiri sɛ ogya bi atu afiri Hesbon;

ɛgyadɛreɛ bi firi Sihon mfimfini;

ɛhye Moabfoɔ moma,

ne ahohoahoafoɔ a wɔn ano yɛ den no ti kwankoraa.

46Nnome nka wo Ao, Moab!

Wɔasɛe Kemos nkurɔfoɔ no;

wɔde wo mmammarima kɔ nnommumfa mu

na wo mmammaa nso kɔ nkoasom mu.

47“Nanso mede Moab adenya bɛsane ama no

wɔ nna a ɛbɛba no mu,”

Awurade na ɔseɛ.

Moab atemmuo no awieeɛ nie.