ኤርምያስ 32 – NASV & ASCB

New Amharic Standard Version

ኤርምያስ 32:1-44

ኤርምያስ የዕርሻ ቦታ መግዛቱ

1የይሁዳ ንጉሥ ሴዴቅያስ በነገሠ በዐሥረኛው ዓመት፣ ይኸውም በባቢሎን ንጉሥ በናቡከደነፆር ዐሥራ ስምንተኛ ዘመነ መንግሥት፣ ከእግዚአብሔር ዘንድ ወደ ኤርምያስ የመጣው ቃል ይህ ነው፤ 2በዚያን ጊዜም የባቢሎን ንጉሥ ሰራዊት ኢየሩሳሌምን ከብቦ ነበር፤ ነቢዩ ኤርምያስም በይሁዳ ንጉሥ ቤተ መንግሥት በዘብ ጠባቂዎች አደባባይ ተዘግቶበት ነበር።

3የይሁዳ ንጉሥ ሴዴቅያስም እንዲህ በማለት አሳስሮት ነበር፤ “እንዴት እንደዚህ ያለ ትንቢት ትናገራለህ? ‘እግዚአብሔር፤ “ይህችን ከተማ ለባቢሎን ንጉሥ አሳልፌ እሰጣታለሁ፤ እርሱም ይይዛታል። 4የይሁዳ ንጉሥ ሴዴቅያስም ለባቢሎን ንጉሥ ዐልፎ ይሰጣል፤ ፊት ለፊትም ያነጋግረዋል፤ በዐይኖቹም ያየዋል እንጂ ከባቢሎናውያን32፥4 ወይም ከለዳውያን፤ በ5፡24፡25፡28፡29 እና 43 ይመ። እጅ አያመልጥም። 5ሴዴቅያስንም ወደ ባቢሎን ይወስደዋል፤ በፍርዴ እስከምጐበኘውም ድረስ በዚያ ይቈያል፤ ይላል እግዚአብሔር፤ ከባቢሎናውያን ጋር ብትዋጉ አይሳካላችሁም” ይላል’ ትላለህ።”

6ኤርምያስም የእግዚአብሔር ቃል ወደ እኔ እንዲህ ሲል መጣ አለ፦ 7“የአጎትህ የሰሎም ልጅ አናምኤል ወደ አንተ መጥቶ፣ ‘የመቤዠት መብት የአንተ ስለሆነ፣ በዓናቶት ያለውን መሬቴን ግዛኝ’ ይልሃል።”

8እግዚአብሔርም እንደ ተናገረኝ፣ የአጎቴ ልጅ አናምኤል ወደ ዘብ ጠባቂዎቹ አደባባይ መጥቶ፣ “የመቤዠቱን ርስት የማድረጉ መብት የአንተ ስለሆነ፣ በብንያም አገር በዓናቶት ያለውን መሬቴን ለራስህ እንዲሆን ግዛው” አለኝ። ይህም የእግዚአብሔር ቃል እንደ ሆነ ዐወቅሁ፤ 9ስለዚህ በዓናቶት ያለውን መሬት ከአጎቴ ልጅ ከአናምኤል ገዛሁ፤ ዐሥራ ሰባት ሰቅል32፥9 200 ግራም ያህል ነው። ብር መዝኜ ሰጠሁት። 10በውሉም ሰነድ ላይ ፈረምሁ፤ አሸግሁትም። ብሩንም በምስክሮች ፊት በሚዛን መዘንሁለት። 11የስምምነቱ ዝርዝር ያለበትን፣ የታሸገውንና ያልታሸገውን የግዥውን የውል ሰነድ ወሰድሁ፤ 12በአጎቴም ልጅ በአናምኤልና በውሉ ላይ በፈረሙት ምስክሮች ፊት እንዲሁም በዘብ ጠባቂዎች አደባባይ ተቀምጠው በነበሩ አይሁድ ሁሉ ፊት ለመሕሤያ ልጅ ለኔርያ ልጅ ለባሮክ ሰጠሁት።

13በእነርሱ ፊት ለባሮክ እንዲህ የሚል ትእዛዝ ሰጠሁት፤ 14“የእስራኤል አምላክ የሰራዊት ጌታ እግዚአብሔር እንዲህ ይላል፤ ‘የታሸገውንና ያልታሸገውን፣ ሁለቱን የግዥ ውል ሰነዶች ለብዙ ጊዜ ሳይበላሹ እንዲቈዩ ወስደህ በሸክላ ዕቃ ውስጥ አኑራቸው። 15የእስራኤል አምላክ የሰራዊት ጌታ እግዚአብሔር እንዲህ ይላልና፤ ሰዎች በዚህ ምድር ቤት፣ የዕርሻ ቦታና የወይን አትክልት ስፍራ እንደ ገና ይገዛሉ።’

16“ለኔርያ ልጅ ለባሮክ የግዥ ውሉን ከሰጠሁ በኋላ፣ ወደ እግዚአብሔር እንዲህ ብዬ ጸለይሁ፤

17“አቤት፣ ጌታ እግዚአብሔር ሆይ፤ አንተ ሰማያትንና ምድርን በታላቅ ኀይልህና በተዘረጋች ክንድህ ፈጥረሃል፤ የሚሳንህም አንዳች ነገር የለም። 18ፍቅርና ቸርነትን ለእልፍ አእላፍ ታሳያለህ፤ ይሁን እንጂ የአባቶችን በደል ከእነርሱ በኋላ በሚነሡ ልጆቻቸው ጕያ ትመልሳለህ፤ ስምህ የሰራዊት ጌታ እግዚአብሔር የሆነ፣ ታላቅና ኀያል አምላክ ሆይ፤ 19ዕቅድህ ታላቅ፣ በሥራም ብርቱ ነህ፤ ዐይኖችህ የሰው ልጆችን መንገዶች ሁሉ ያያሉ፤ ለእያንዳንዱም እንደ መንገዱና እንደ ሥራው ትከፍለዋለህ። 20በግብፅ ታምራትንና ድንቆችን አደረግህ፤ እስከ ዛሬም ድረስ በእስራኤልና በሰው ልጆች ሁሉ መካከል እንደዚያው እያደረግህ ዛሬም ስምህ ገናና ነው። 21በታምራትና በድንቅ፣ በብርቱ እጅና በተዘረጋች ክንድ፣ እጅግ በሚያስፈራም ግርማ ሕዝብህን እስራኤልን ከግብፅ አወጣህ። 22ለአባቶቻችን ልትሰጣቸው የማልህላቸውን፣ ማርና ወተት የምታፈስሰውን ይህችን ምድር ሰጠሃቸው፤ 23ወደዚያም ገብተው ወረሷት፤ ነገር ግን አልታዘዙህም፤ ሕግህንም አልጠበቁም፤ እንዲያደርጉት ያዘዝሃቸውን ከቶ አላደረጉም፤ ስለዚህ ይህን ሁሉ ጥፋት በላያቸው አመጣህ።

24“እነሆ፤ ከተማዪቱን ለመያዝ የዐፈር ድልድል በዙሪያዋ ተሠርቷል፤ ከሰይፍ፣ ከራብና ከቸነፈር የተነሣ ከተማዪቱን ለሚወጓት ለባቢሎናውያን ዐልፋ ልትሰጥ ነው፤ እንደምታየውም የተናገርኸው እየተፈጸመ ነው። 25አንተ ግን ጌታ እግዚአብሔር ሆይ፤ ከተማዪቱ ለባቢሎናውያን ዐልፋ እየተሰጠች፣ ‘መሬቱን በብር ግዛ፤ ግዥውንም በምስክሮች ፊት ፈጽም’ ትለኛለህ።”

26ከዚያም በኋላ የእግዚአብሔር ቃል ወደ ኤርምያስ እንዲህ ሲል መጣ፤ 27“እነሆ፤ እኔ የሰው ልጆች ሁሉ አምላክ እግዚአብሔር ነኝ፤ በውኑ የሚያቅተኝ ነገር አለን? 28ስለዚህ እግዚአብሔር እንዲህ ይላል፤ እነሆ፤ ይህችን ከተማ ለባቢሎናውያንና ለባቢሎን ንጉሥ ለናቡከደነፆር አሳልፌ እሰጣታለሁ፤ እርሱም ይይዛታል። 29ከተማዪቱን የሚወጓት ባቢሎናውያን ወደ ውስጥ ይገባሉ፤ በእሳትም ያቃጥሏታል፤ ያስቈጡኝ ዘንድ ሕዝቡ በየሰገነቱ ላይ ለበኣል ያጠኑባቸውንና ለሌሎችም አማልክት የመጠጥ ቍርባን ያቀረቡባቸውን ቤቶች ጭምር ያነድዳሉ።

30“የእስራኤል ሕዝብና የይሁዳ ሕዝብ ከታናሽነታቸው ጀምሮ ከክፉ ነገር በቀር በፊቴ አንዳች በጎ ነገር አልሠሩም፤ በርግጥም የእስራኤል ሕዝብ በእጃቸው ሥራ አስቈጡኝ፤ ይላል እግዚአብሔር31ይህች ከተማ፣ ከተመሠረተችበት ጊዜ አንሥቶ እስከ ዛሬ ድረስ ከፊቴ እንዳስወግዳት ቍጣዬንና መዓቴን አነሣሥታለች፤ 32የእስራኤልና የይሁዳ ሕዝብ፣ እነርሱ፣ ነገሥታታቸው፣ ባለሥልጣኖቻቸው፣ ካህናታቸው፣ ነቢያታቸው፣ የይሁዳ ሰዎችና የኢየሩሳሌም ነዋሪዎች ባደረጉት ክፋት ሁሉ አስቈጡኝ። 33ፊታቸውን ሳይሆን ጀርባቸውን ሰጡኝ፤ ደጋግሜ ባስተምራቸውም አይሰሙም፤ ተግሣጽም አይቀበሉም። 34ስሜ በተጠራበት ቤት አስጸያፊ ጣዖታቸውን አቆሙ፤ አረከሱትም። 35ወንዶችና ሴቶች32፥35 ወይም ወንዶችና ሴቶች ልጆቻቸውን በእሳት ያሳልፉ ዘንድ ልጆቻቸውን ለሞሎክ ይሠዉ ዘንድ በሄኖም ሸለቆ ለበኣል መስገጃ ኰረብቶችን ሠሩ፤ ነገር ግን ይሁዳን ኀጢአት ለማሠራት እንደዚህ ያለውን አስጸያፊ ተግባር እንዲፈጽሙ እኔ አላዘዝሁም፤ ከቶም አላሰብሁም።

36“ ‘በሰይፍ፣ በራብና በቸነፈር ለባቢሎን ንጉሥ ዐልፋ ትሰጣለች’ ስላልሃት ስለዚህች ከተማ፣ የእስራኤል አምላክ እግዚአብሔር እንዲህ ይላል፤ 37‘በጽኑ ቍጣዬና በታላቅ መቅሠፍቴ እነርሱን ካሳደድሁበት ምድር ሁሉ በእውነት እሰበስባቸዋለሁ፤ ወደዚህም ስፍራ እመልሳቸዋለሁ፤ በሰላምም እንዲቀመጡ አደርጋቸዋለሁ። 38እነርሱ ሕዝብ ይሆኑኛል፤ እኔም አምላክ እሆናቸዋለሁ። 39ለእነርሱና ከእነርሱም በኋላ ለልጆቻቸው መልካም እንዲሆንላቸው ዘወትር ይፈሩኝ ዘንድ፣ አንድ ልብ አንድም ሐሳብ እሰጣቸዋለሁ። 40መልካምን ነገር ለእነርሱ ከማድረግ እንዳልቈጠብና ከእኔም ፈቀቅ እንዳይሉ መፈራቴን በውስጣቸው ላኖር ከእነርሱ ጋር የዘላለም ቃል ኪዳን እገባለሁ። 41ለእነርሱ መልካም በማድረግ ደስ ይለኛል፤ በፍጹም ልቤና በፍጹም ነፍሴ በእውነት በዚህች ምድር እተክላቸዋለሁ።’

42እግዚአብሔር እንዲህ ይላል፤ ‘በዚህ ሕዝብ ላይ ይህን ሁሉ ታላቅ ጥፋት እንዳመጣሁ እንደዚሁ ቃል የገባሁላቸውን መልካም ነገር ሁሉ እሰጣቸዋለሁ። 43እናንተም፣ “ለባቢሎናውያን ዐልፋ ስለ ተሰጠች፣ ሰውና እንስሳ የማይኖሩባት ባድማ ናት” ባላችኋት በዚህች ምድር እንደ ገና መሬት ይገዛል። 44ምርኳቸውን ስለምመልስላቸው32፥44 ወይም ከምርኮ ስለምመልሳቸው በብንያም አገር፣ በኢየሩሳሌም ዙሪያ ባሉ መንደሮች፣ በይሁዳ ከተሞችና በተራራማው አገር ከተሞች፣ በምዕራብ ተራሮች ግርጌና በኔጌብ ባሉ ከተሞች፣ መሬት በጥሬ ብር ይገዛል፤ ውሉም ተፈርሞ፤ በምስክሮች ፊት ይታሸጋል፤’ ይላል እግዚአብሔር።”

Asante Twi Contemporary Bible

Yeremia 32:1-44

Yeremia Tɔ Asase

1Yei ne asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ wɔ Yudahene Sedekia adedie afe a ɛtɔ so edu a na ɛyɛ Nebukadnessar adedie afe a ɛtɔ so dunwɔtwe. 2Na Babiloniahene akodɔm aka Yerusalem ahyɛ a na odiyifoɔ Yeremia nso da dua mu wɔ awɛmfoɔ adihɔ a ɛwɔ Yuda ahemfie.

3Na Yudahene Sedekia de no ato afiase na ɔrebisa no sɛ adɛn enti na wohyɛ nkɔm sɛ, “Deɛ Awurade seɛ nie: ‘Mede saa kuropɔn yi rebɛhyɛ Babiloniahene nsa, na wafa no nnommum. 4Yudahene Sedekia renya ɛkwan nnwane mfiri Babiloniafoɔ nsam, na ampa ara hyɛ na wɔde no bɛhyɛ Babiloniahene nsa, na ɔne no akasa anim ne anim na ɔde nʼani ahunu no. 5Ɔde Sedekia bɛkɔ Babilonia, na ɛhɔ na ɔbɛtena akɔsi sɛ me ne no bɛdi, Awurade na ɔseɛ. Sɛ woko tia Babiloniafoɔ no a worenni nkonim.’ ”

6Yeremia kaa sɛ, “Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, 7Wo wɔfa Salum babarima Hanamel rebɛba wo nkyɛn, abɛka sɛ, ‘Tɔ mʼasase a ɛwɔ Anatot32.7 Anatot—Yeremia kurom. no, ɛfiri sɛ woyɛ me busuani nimpɔn na wowɔ ho ɛkwan, na ɛyɛ wʼasɛdeɛ nso sɛ wotɔ.’

8“Na sɛdeɛ Awurade aka no me wɔfa ba Hanamel baa me nkyɛn wɔ awɛmfoɔ adihɔ hɔ bɛkaa sɛ, ‘Tɔ mʼasase a ɛwɔ Anatot wɔ Benyamin mantam mu no. Esiane sɛ wowɔ ho ɛkwan sɛ wogyeɛ na wofa no enti, tɔ na fa.’

“Mehunuu sɛ yei yɛ Awurade asɛm.” 9Enti, metɔɔ asase a na ɛwɔ Anatot no firii me wɔfa ba Hanamel nkyɛn na metuaa dwetɛ gram ɔha ne aduɔkron ɛnan (194) maa no. 10Mede me nsa hyɛɛ adetɔ nwoma no ase, sɔɔ ano32.10 sɔɔ ano—Ɛnyɛ sɛ ɔde nsa bɛhyɛ aseɛ sɛ ɛyɛ nokorɛ nko, na mmom, sɛdeɛ wɔbɛhyɛ nhyehyɛeɛ no mu nsɛm no mu den na amma obiara antumi ansakra mu. wɔ adansefoɔ anim, na mede nsania karii dwetɛ mpɔ no. 11Na mefaa adetɔ nwoma no, deɛ wɔasɔ ano a ɛho nhyehyɛeɛ wɔ mu no, ne deɛ wɔnsɔɔ ano no nso, 12na mede saa adetɔ nwoma no maa Neria babarima Baruk32.12 Baruk—Aseɛ ne “Awurade ahyira no.” Na ɔyɛ Yeremia twerɛfoɔ nokwafoɔ. a, ɔyɛ Maaseia nana no wɔ me wɔfa ba Hanamel, adansefoɔ a wɔde wɔn nsa hyɛɛ adetɔ nwoma no ase ne Yudafoɔ a na wɔwɔ awɛmfoɔ adihɔ hɔ no nyinaa anim.

13“Meka kyerɛɛ Baruk wɔ wɔn nyinaa anim sɛ, 14‘Deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn no seɛ nie, Fa saa adetɔ so nwoma yi, deɛ wɔasɔ ano ne deɛ wɔnnsɔɔ ano, na fa gu dɔteɛ asuhina mu, sɛdeɛ ɛbɛkyɛre yie.32.14 fa to asuhina mu sɛdeɛ ɛbɛkyɛre yie—Krataa a wɔhunuu no asuhina mu wɔ Ɛlefantin ne Kumram (nkuro a ɛdeda Nkyene Po atɔeɛ fam) no dii mfeɛ 2,000 ne akyire a ɛho anka. 15Deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn, no seɛ nie: Wɔbɛtotɔ afie, mfuo ne bobe nturo wɔ asase yi so bio.’

16“Mede adetɔ nwoma no maa Neria babarima Baruk. Akyire no, mebɔɔ Awurade mpaeɛ sɛ,

17“Ao, Otumfoɔ Awurade, wo na wonam wo tumi ne wo basa a woatene muo so abɔ ɔsoro ne asase. Biribiara nyɛ den mma wo. 18Woyi ɔdɔ adi kyerɛ mpempem, nanso wotua agyanom amumuyɛ so ka gu wɔn mma a wɔdi wɔn akyi srɛ so. Ao, Onyankopɔn a woso na wowɔ tumi, wo din ne Asafo Awurade, 19wo botaeɛ so, na wo nneyɛeɛ yɛ kɛseɛ. Wʼaniwa hunu nnipa akwan nyinaa; na wotua obiara ka sɛdeɛ nʼabrabɔ ne ne nneyɛeɛ teɛ. 20Woyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ wɔ Misraim na atoa so de abɛsi ɛnnɛ wɔ Israel ne adasamma nyinaa mu, na wode agye din a ɛwɔ wo de bɛsi ɛnnɛ. 21Wode nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ, nsa a ɛyɛ den ne abasa a watene mu ne nneɛma ɛyɛ hu yii wo ɔman Israel firii Misraim. 22Wode asase a wokaa ho ntam sɛ wode bɛma wɔn agyanom no maa wɔn, asase a nufosuo ne ɛwoɔ resene so. 23Wɔba bɛfaeɛ, na wɔtenaa so, nanso wɔantie wo, na wɔanni wo mmara so; wɔanyɛ deɛ wohyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no. Enti wode saa amanehunu yi nyinaa baa wɔn so.

24“Hwɛ sɛdeɛ wɔasisi ntuano mpampim de rebɛgye kuropɔn no. Esiane akofena, ɛkɔm ne ɔyaredɔm enti, wɔde kuropɔn no bɛhyɛ Babiloniafoɔ a wɔreto ahyɛ ne so no nsa. Deɛ wokaeɛ no aba mu sɛdeɛ wohunu no seesei no. 25Na ɛwom sɛ wɔde kuropɔn no bɛhyɛ Babiloniafoɔ nsa deɛ, nanso wo, Ao, Otumfoɔ Awurade, ka kyerɛ me sɛ, ‘Fa dwetɛ tɔ asase na ma adansefoɔ mmra ɛho nhyehyɛeɛ no mu.’ ”

26Ɛna Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ, 27“Mene Awurade adasamma nyinaa Onyankopɔn. Na biribi yɛ den dodo ma me anaa? 28Enti, deɛ Awurade seɛ nie: Mede kuropɔn yi rebɛhyɛ Babiloniafoɔ ne Babiloniahene Nebukadnessar nsa, na wɔafa. 29Babiloniafoɔ a wɔreto ahyɛ saa kuropɔn yi so no bɛba mu, na wɔato mu ogya; wɔbɛhye no dworobɛɛ, ɛno ne afie a nnipa hyee nnuhwam wɔ atifi maa Baal na wɔhwiee afɔrebɔ nsã maa anyame foforɔ de hyɛɛ me abufuo.

30“Israelfoɔ ne Yudafoɔ nyɛɛ biribiara sɛ bɔne wɔ mʼani so, ɛfiri wɔn mmabunu berɛ mu; ampa ara Israelfoɔ nnyɛɛ biribiara sɛ wɔde nneɛma a wɔde wɔn nsa ayɛ bɛhyɛ me abufuo, Awurade na ɔseɛ. 31Ɛfiri da a wɔkyekyeree saa kuropɔn yi de bɛsi ɛnnɛ, wahyɛ me abufuo ne abufutrasoɔ a ɛsɛ sɛ anka meyi no firi mʼani so. 32Israelfoɔ ne Yudafoɔ de bɔne a wɔayɛ nyinaa ahyɛ me abufuo, wɔn, wɔn ahemfo ne adwumayɛfoɔ, wɔn asɔfoɔ ne adiyifoɔ, mmarima a wɔwɔ Yuda ne nnipa a wɔwɔ Yerusalem. 33Wɔdanee wɔn akyi kyerɛɛ me; ɛwom, mekyerɛkyerɛ wɔn ɛberɛ biara deɛ, nanso wɔantie na wɔammfa ntenesoɔ. 34Wɔasisi ahoni a ɛyɛ akyiwadeɛ wɔ efie a me Din da so no mu, de guu ho fi. 35Wɔsisii sorɔnsorɔmmea maa Baal wɔ Ben Hinom bɔnhwa mu, de wɔn mmammarima ne mmammaa bɔɔ afɔdeɛ maa Molek, wɔ ɛberɛ a menhyɛɛ wɔn na ɛmmaa mʼadwene mu da sɛ wɔnyɛ saa akyiwadeɛ yi mma Yuda nyɛ bɔne.

36“Woreka wɔ kuropɔn yi ho sɛ, ‘Wɔnam akofena, ɛkɔm ne ɔyaredɔm so de bɛhyɛ Babiloniahene nsa’; nanso yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: 37Ampa ara mɛboaboa wɔn ano afiri nsase a mefiri mʼabufuhyeɛ mu pamoo wɔn kɔguiɛ hɔ; mɛsane de wɔn aba ha na mama wɔatena ase ahotɔ mu. 38Wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ, na mayɛ wɔn Onyankopɔn. 39Na mɛma wɔn akoma korɔ na wɔayɛ wɔn adeɛ abɔ mu, sɛdeɛ, ɛberɛ biara wɔbɛsuro me wɔn ankasa ne wɔn nkyirimma yiedie enti. 40Na me ne wɔn bɛyɛ daapem apam: Merennyae wɔn yieyɛ da, na mede ɔpɛ bɛhyɛ wɔn akoma mu, ama wɔn asuro me, sɛdeɛ wɔrentwe wɔn ho mfiri me ho da. 41Mʼani bɛgye sɛ mɛyɛ wɔn yie, na ampa ara mede mʼakoma ne me kra nyinaa bɛdua wɔn wɔ asase yi so.

42“Yei ne deɛ Awurade seɛ: Sɛdeɛ mede amanehunu kɛseɛ yi nyinaa aba nkurɔfoɔ yi so no, saa ara na mede yiedie a mahyɛ wɔn ho bɔ no bɛma wɔn. 43Wɔbɛtotɔ nsase bio wɔ ha, deɛ moka wɔ ho sɛ, ‘Wɔde ahyɛ Babiloniafoɔ nsa, ɛno enti ada mpan, na nnipa anaa mmoa nni so.’ 44Wɔde dwetɛ bɛtotɔ nsase, na wɔbɛyɛ adetɔ nwoma wɔ so. Wɔbɛsɔ ano wɔ adansefoɔ anim wɔ Benyamin mantam, nkuraase a atwa Yerusalem ho ahyia, nkuro a ɛwɔ Yuda, bepɔ so ɔman, atɔeɛ fam mmepɔ ase ne Negeb, ɛfiri sɛ, mɛsane de wɔn ahonyadeɛ ama wɔn, Awurade na ɔseɛ.”