ማቴዎስ 23 – NASV & ASCB

New Amharic Standard Version

ማቴዎስ 23:1-39

ኢየሱስ ፈሪሳውያንንና የኦሪት ሕግ መምህራንን ነቀፈ

23፥1-7 ተጓ ምብ – ማር 12፥3839ሉቃ 20፥45-46

23፥37-39 ተጓ ምብ – ሉቃ 13፥3435

1ከዚያም ኢየሱስ ለሕዝቡና ለደቀ መዛሙርቱ እንዲህ ሲል ተናገረ፤ 2“የኦሪት ሕግ መምህራንና ፈሪሳውያን በሙሴ ወንበር ላይ ተቀምጠዋል። 3ስለዚህ የሚነግሯችሁን ሁሉ አድርጉ፤ ጠብቁትም፤ ነገር ግን እንደሚናገሩት አያደርጉምና ተግባራቸውን አትከተሉ። 4እንዲሁም ለመሸከም የማይቻል ከባድ ሸክም አስረው በሰዎች ትከሻ ላይ ይጭናሉ፤ ራሳቸው ግን በጣታቸው እንኳ አይነኩትም።

5“ለመታየት ሲሉ የሚያደርጉትን ሁሉ በሰው ፊት ያደርጋሉ፤ አሸንክታባቸውን23፥5 ከቅዱሳት መጻሕፍት የተወሰዱ ጥቅሶች የተጻፉበት በግንባርና በክንድ ላይ የሚታሰር ትንሽ ጥቅልል ነው። ያሰፋሉ፤ የቀሚሳቸውን ዘርፍ ያስረዝማሉ። 6በግብዣ ቦታ የከበሬታ ስፍራ፣ በምኵራብም የመጀመሪያውን መቀመጫ መያዝ ይወድዳሉ። 7እንዲሁም በገበያ መካከል ሰላምታ መቀበልንና በሰዎች አንደበት ‘መምህር’ ተብለው መጠራትን ይሻሉ።

8“እናንተ ግን ‘መምህር’ ተብላችሁ አትጠሩ፤ አስተማሪያችሁ አንድ ብቻ ነው፤ እናንተ ሁላችሁም ወንድማማቾች ናችሁና። 9በሰማይ ያለ አንድ አባት ስላላችሁ፣ በምድር ማንንም ‘አባት’ ብላችሁ አትጥሩ። 10መምህራችሁ አንዱ ክርስቶስ ስለሆነ፣ ‘መምህር’ ተብላችሁ አትጠሩ። 11ከመካከላችሁ ከሁላችሁ የሚበልጠው አገልጋያችሁ ይሆናል፤ 12ራሱን ከፍ ከፍ የሚያደርግ ይዋረዳል፣ ራሱን የሚያዋርድ ግን ይከበራል።

13“እናንተ ግብዞች የኦሪት ሕግ መምህራንና ፈሪሳውያን፤ ሰዎች ወደ መንግሥተ ሰማይ እንዳይገቡ በሰዎች ላይ በሩን ስለምትዘጉባቸው ወዮላችሁ! እናንተ ራሳችሁ አትገቡም፤ መግባት የሚፈልጉትንም አታስገቡም። 14እናንተ ግብዞች የኦሪት ሕግ መምህራንና ፈሪሳውያን፤ ወዮላችሁ የመበለቶችን ቤት እያራቈታችሁ፣ ለሰው ይምሰል ረዥም ጸሎት ስለምታደርጉ የከፋ ፍርድ ትቀበላላችሁ።23፥14 አንዳንድ ትርጕሞች ይህን ክፍል አይጨምሩም።

15“እናንተ ግብዞች የኦሪት ሕግ መምህራንና ፈሪሳውያን፤ አንድን ሰው ወደ አይሁድ ሃይማኖት ለማስገባት በባሕርና በየብስ ስለምትጓዙ፣ ባመነም ጊዜ ከእናንተ በዕጥፍ የባሰ የገሃነም ልጅ ስለምታደርጉት ወዮላችሁ።

16“እናንተ ዕውር መሪዎች፤ ወዮላችሁ! ‘ማንም በቤተ መቅደስ ቢምል ምንም አይደለም፤ ነገር ግን በቤተ መቅደሱ ውስጥ ባለው ወርቅ ቢምል መሐላው ይደርስበታል’ ትላላችሁ። 17እናንተ የታወራችሁ ተላላዎች! ከወርቁና ወርቁን ከቀደሰው ቤተ መቅደስ የቱ ይበልጣል? 18እንዲሁም፣ ‘ማንም በመሠዊያው ቢምል ምንም አይደለም፤ ነገር ግን በላዩ ላይ ባለው መባ ቢምል መሐላው ይደርስበታል’ ትላላችሁ፤ 19እናንተ ዕውሮች፤ ከመባውና መባውን ከቀደሰው መሠዊያ የቱ ይበልጣል? 20ስለዚህ፣ በመሠዊያው የማለ፣ በመሠዊያውና በላዩ ላይ ባለው ሁሉ ይምላል። 21እንዲሁም በቤተ መቅደሱ የማለ፣ በቤተ መቅደሱና በውስጡ በሚያድረው ይምላል። 22በሰማይ የማለም በእግዚአብሔር ዙፋንና በዙፋኑ ላይ በተቀመጠው ይምላል።

23“እናንት ግብዞች የኦሪት ሕግ መምህራንና ፈሪሳውያን፤ ወዮላችሁ! ከአዝሙድ፣ ከእንስላልና ከከሙን ዐሥራት እየሰጣችሁ በሕጉ ውስጥ ዋነኛ የሆኑትን ማለትም ፍትሕን፣ ምሕረትንና ታማኝነትን ግን ንቃችኋልና፤ እነዚያን ሳትተዉ እነዚህን ማድረግ በተገባችሁ ነበር፤ 24እናንት የታወራችሁ መሪዎች፤ ትንኝን አጥርታችሁ ትጥላላችሁ፤ ግመልን ግን ትውጣላችሁ።

25“እናንተ ግብዞች የኦሪት ሕግ መምህራንና ፈሪሳውያን፤ ወዮላችሁ! የጽዋውንና የወጭቱን ውጭ ትወለውላላችሁ፤ በውስጣቸው ግን ቅሚያና ሥሥት ሞልቶባቸዋል። 26አንተ ዕውር ፈሪሳዊ አስቀድመህ የጽዋውንና የወጭቱን ውስጥ አጽዳ፤ ከዚያም ውጭው የጸዳ ይሆናል።

27“እናንት ግብዞች የኦሪት ሕግ መምህራንና ፈሪሳውያን፤ ውጫቸው በኖራ ተለስነው የሚያምሩ፣ ውስጣቸው ግን በሙታን ዐፅምና በብዙ ርኩሰት የተሞላ መቃብሮችን ስለምትመስሉ ወዮላችሁ! 28እናንተም በውጭ ለሰዎች ጻድቃን ትመስላላችሁ፤ ውስጣችሁ ግን በግብዝነትና በክፋት የተሞላ ነው።

29“እናንተ ግብዞች የኦሪት ሕግ መምህራንና ፈሪሳውያን፤ ወዮላችሁ! የነቢያትን መቃብር እየገነባችሁ፣ የጻድቃንንም ሐውልት እያስጌጣችሁ፣ 30‘በአባቶቻችን ዘመን ብንኖር ኖሮ፣ የነቢያትን ደም በማፍሰስ አንተባበራቸውም ነበር’ ትላላችሁና። 31በዚህም የነቢያት ገዳዮች ለነበሩት አባቶቻችሁ ልጆች መሆናችሁን በራሳችሁ ላይ ትመሰክራላችሁ። 32እንግዲህ የአባቶቻችሁን ጅምር ተግባር ከፍጻሜ አድርሱ!

33“እናንተ እባቦች፤ የእፉኝት ልጆች! ከገሃነም ፍርድ እንዴት ልታመልጡ ትችላላችሁ? 34ስለዚህ ነቢያትን፣ ጠቢባንንና መምህራንን እልክላችኋለሁ፤ ከነዚህም አንዳንዶቹን ትገድላላችሁ፤ አንዳንዶቹን ትሰቅላላችሁ፤ ሌሎቹንም በምኵራቦቻችሁ ትገርፏቸዋላችሁ፤ ከከተማ ወደ ከተማ ታሳድዷቸዋላችሁ። 35ስለዚህ፣ ከጻድቁ ከአቤል ደም ጀምሮ በመቅደሱና በመሠዊያው መካከል እስከ ገደላችሁት እስከ በራክዩ ልጅ እስከ ዘካርያስ ደም ድረስ፣ በምድር ላይ ለፈሰሰው ንጹሕ ደም ሁሉ እናንተ ተጠያቂዎች ናችሁ። 36እውነት እላችኋለሁ፤ ላለፈው ነገር ሁሉ ይህ ትውልድ ይጠየቅበታል።

37“አንቺ ነቢያትን የምትገድዪ፣ ወደ አንቺ የተላኩትንም በድንጋይ የምትወግሪ ኢየሩሳሌም ሆይ፤ አንቺ ኢየሩሳሌም! ዶሮ ጫጩቶቿን በክንፎቿ ሥር እንደምትሰበስብ፣ ልጆችሽን ለመሰብሰብ ስንት ጊዜ ፈለግሁ! እናንተ ግን ፈቃደኛ አልሆናችሁም፤ 38እነሆ፤ ቤታችሁ ወና ሆኖ ይቀርላችኋል! 39እላችኋለሁና፤ ‘በጌታ ስም የሚመጣ የተባረከ ነው’ እስከምትሉ ድረስ ዳግመኛ አታዩኝም።”

Asante Twi Contemporary Bible

Mateo 23:1-39

Yesu Ka Atwerɛsɛm No Akyerɛkyerɛfoɔ Ne Farisifoɔ Anim

1Afei, Yesu ka kyerɛɛ nnipadɔm no ne nʼasuafoɔ no sɛ, 2“Atwerɛsɛm no Akyerɛkyerɛfoɔ ne Farisifoɔ no na wɔkyerɛ Mose mmara no ase. 3Yei enti, ɛsɛ sɛ motie wɔn, na moyɛ biribiara a wɔkyerɛ mo. Nanso, monnyɛ deɛ wɔyɛ no bi ɛfiri sɛ, deɛ wɔka no, ɛnyɛ ɛno na wɔyɛ. 4Wɔhyɛ mo, ma modi mmara a ɛyɛ den so a wɔn ankasa mpɛ sɛ wɔdi so.

5“Biribiara a wɔyɛ no yɛ ɔyɛkyerɛ. Wɔatwerɛ Onyame Asɛm abɔ wɔn moma ne wɔn nsa so, na wɔhyɛ wɔn ntadeɛ de kyerɛ sɛ wɔyɛ ateneneefoɔ. 6Na sɛ wɔkɔ apontoɔ ase nso a, wɔpɛ sɛ daa wɔtena mpanin tenabea. Afei, wɔkɔ asɔre nso a, wɔpɛ sɛ wɔtena mpanin tenabea pa. 7Sɛ wode obuo kyea wɔn abɔntene so na wofrɛ wɔn ‘Rabi’ anaa ‘Owura’ a, ɛyɛ wɔn dɛ.

8“Mommma obiara mfrɛ mo saa. Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn nko ara na ɔyɛ Owura. Mo nyinaa moyɛ pɛ sɛ anuanom. 9Mommfrɛ obiara wɔ asase so ha sɛ ‘Agya,’ ɛfiri sɛ, Onyankopɔn a ɔwɔ ɔsoro no nko ara na ɛsɛ sɛ wɔfrɛ no saa. 10Na mommma wɔmmfrɛ mo ‘Owura,’ ɛfiri sɛ, ɔbaako pɛ na ɔyɛ mo wura a ɔne Agyenkwa no. 11Wobrɛ wo ho ase som afoforɔ a, wobɛyɛ ɔkɛseɛ. Wopɛ sɛ woyɛ kɛse a, yɛ ɔsomfoɔ. 12Na obiara a ɔbɛma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase; saa ara nso na obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.

Yesu Kasa Tia Nyaatwomyɛ

13“Monnue! Mo Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ nyaatwomfoɔ, ɛfiri sɛ, mosi afoforɔ Ɔsoro Ahennie ho ɛkwan. Mo a, monkɔ mu. Mo nso a, momma afoforɔ a wɔpɛ sɛ wɔkɔ mu no ɛkwan. 14Nyaatwomfoɔ! Mobɔ mpaeɛ atentene wɔ mmɔntene so de kyerɛ sɛ moyɛ ateneneefoɔ wɔ ɛberɛ a motu akunafoɔ firi wɔn afie mu.

15“Monnue! Mo Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ nyaatwomfoɔ! Mokɔ ewiase afanan nyinaa sɛ mobɛnya onipa fua abɛfra mo mu. Na sɛ monya obi saa a, mosɛe no ma ɔyɛ ɔbonsam ba sene sɛdeɛ moteɛ no.

16“Monnue! Akwankyerɛfoɔ anifirafoɔ a moka sɛ, sɛ obi de asɔredan ka ntam a, ɛno deɛ, ɛnyɛ hwee. Na sɛ ɔde sikakɔkɔɔ a ɛwɔ asɔredan no mu ka ntam deɛ a, ɛnneɛ, ntam no kyekyere onii no. 17Anifirafoɔ nkwaseafoɔ! Asɔredan no ne emu sikakɔkɔɔ no mu deɛ ɛwɔ he na ɛsom bo; sikakɔkɔɔ no anaa asɔredan no a ɛte sikakɔkɔɔ no ho no? 18Na moka sɛ, ‘Sɛ obi ka afɔrebukyia no ntam a, ɛnyɛ hwee. Na mmom, sɛ ɔka ayɛyɛdeɛ a ɛgu afɔrebukyia no so ntam deɛ a, ɛkyekyere onii no’ 19Anifirafoɔ! Afɔrebukyia a ɛte ayɛyɛdeɛ a ɛgu so no ho no ne ayɛyɛdeɛ a ɛgu so no mu deɛ ɛwɔ he na ɛsom bo? 20Sɛ woka afɔrebukyia no ntam a, woka afɔrebukyia no ne ɛso ayɛyɛdeɛ no nyinaa ntam, 21na sɛ woka asɔredan no ntam a, woka asɔredan no ne Onyankopɔn a ɔte mu no nyinaa ntam. 22Na sɛ woka ɔsoro ntam a, na woreka Onyankopɔn ahennwa ne Onyankopɔn no ankasa ntam.

23“Monnue! Mo Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ nyaatwomfoɔ! Moyi ntotosoɔ dudu wɔ afifideɛ a ɛwɔ mo mfikyifuo mu no ho, nanso mogya nneɛma a ɛsom bo te sɛ atɛntenenee, ahummɔborɔ ne nokorɛdie. Ɛwom sɛ ɛsɛ sɛ moyiyi ntotosoɔ dudu no deɛ, nanso ɛnsɛ sɛ mogya nneɛma a ɛsom bo no. 24Anifirafoɔ akwankyerɛfoɔ! Mosɔne deɛ morenom so, yi mu nwansena nanso momene yoma!

25“Monnue! Mo Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ nyaatwomfoɔ! Motwi mo kuruwa ne mo ayowaa ho fɛfɛɛfɛ nanso emu no deɛ, asisie ne pɛsɛmenkomenya ahyɛ no ma tɔ. 26Farisifoɔ anifirafoɔ! Montwi kuruwa no mu kane, na kuruwa no ho nyinaa bɛte!

27“Monnue! Mo Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ! Mote sɛ ɛda a wɔasra ho fɛfɛɛfɛ nanso awufoɔ nnompe ne nneɛma funu ahyɛ mu ma tɔ. 28Moyɛ mo anim sɛ ateneneefoɔ, nanso bɔne ahodoɔ ahyɛ mo mu ma tɔ.

29“Monnue! Mo Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ nyaatwomfoɔ! Mosisi nna akɛseɛ ma adiyifoɔ a mo ara mo agyanom kunkumm wɔn, na mode nhwiren gugu ateneneefoɔ a wɔkunkum wɔn no da so, 30na motwa mo ho ka sɛ, ‘Sɛ na yɛte ase saa ɛberɛ no a, anka yɛrenyɛ bɔne a yɛn agyanom yɛeɛ no.’ 31Sɛ moka saa a, mobu mo ho fɔ sɛ moyɛ atirimuɔdenfoɔ mma. 32Na modi wɔn anammɔn akyi yɛ saa bɔne korɔ no ara bi pɛpɛɛpɛ.

33“Awɔ! Nhurutoa mma! Mobɛyɛ dɛn adwane amanehunu ogya mu atemmuo no? 34Mɛsoma adiyifoɔ ne anyansafoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ aba mo nkyɛn. Mobɛbɔ wɔn mu bi asɛnnua mu akum wɔn. Mobɛbɔ ebinom akyi mmaa wɔ mo asɔredan mu, na moataa ebi firi nkuro so akɔ nkuro so. 35Na ateneneefoɔ mogya a moahwie agu asase so nyinaa, ɛfiri Habel so de kɔsi Barakia ba Sakaria a mokumm no wɔ asɔredan ne afɔrebukyia ntam no, bɛba mo so. 36Mereka makyerɛ mo sɛ, atemmuo a wɔaboaboa ano no nyinaa bɛba nnɛmma yi so.

37“Ao Yerusalem, Yerusalem, wo a wokum adiyifoɔ, na wosi wɔn a wɔasoma wɔn wo nkyɛn aboɔ, mpɛn ahe na anka mepɛɛ sɛ meboaboa wo mma ano, sɛdeɛ akokɔbaatan boaboa ne mma ano ne ntaban ase, nanso moampɛ! 38Wɔbɛgya mo efie fituo ama mo. 39Na mese mo sɛ, ɛfiri sɛsɛɛ morenhunu me bio kɔsi sɛ, mobɛka sɛ, ‘Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba no.’ ”