ማቴዎስ 12 – NASV & ASCB

New Amharic Standard Version

ማቴዎስ 12:1-50

ሰንበትን ስለ ማክበር

12፥1-8 ተጓ ምብ – ማር 2፥23-28ሉቃ 6፥1-5

12፥9-14 ተጓ ምብ – ማር 3፥1-6ሉቃ 6፥6-11

1ከዚህ በኋላ ኢየሱስ በሰንበት ቀን በእህል ዕርሻ ውስጥ ዐለፈ፤ ደቀ መዛሙርቱም ስለ ራባቸው እሸት ቀጥፈው ይበሉ ጀመር። 2ፈሪሳውያንም ይህን አይተው፣ “እነሆ፣ ደቀ መዛሙርትህ በሰንበት ቀን መደረግ የሌለበትን እያደረጉ ነው” አሉት።

3እርሱም እንዲህ አላቸው፤ “ዳዊትና አብረውት የነበሩት ሰዎች በተራቡ ጊዜ፣ እርሱ ምን እንዳደረገ አላነበባችሁምን? 4ወደ እግዚአብሔር ቤት ገባ፤ ለካህናት እንጂ ለእርሱም ሆነ አብረውት ለነበሩት ያልተፈቀደውን የተቀደሰ ኅብስት በላ። 5ወይስ ካህናት ሰንበትን ሽረው በቤተ መቅደስ ውስጥ ሥራ ቢሠሩ በደል እንደማይሆንባቸው ከኦሪት ሕግ አላነበባችሁም? 6ነገር ግን እላችኋለሁ፤ ከቤተ መቅደስ የሚበልጥ12፥6 ወይም አንድ ነገር፤ 41 እና 42 ይመ በዚህ አለ። 7‘ከመሥዋዕት ይልቅ ምሕረትን እወድዳለሁ’ የሚለው ቃል ምን ማለት እንደ ሆነ ብታውቁ ኖሮ፣ በንጹሓን ላይ ባልፈረዳችሁ ነበር። 8የሰው ልጅ የሰንበት ጌታ ነውና።”

9ከዚያ ስፍራ ዕልፍ ብሎ በመሄድ ወደ ምኵራባቸው ገባ፤ 10በዚያም አንድ እጁ ሽባ የሆነ ሰው ነበር፤ ኢየሱስን ሊከስሱት ምክንያት ፈልገው፣ “በሰንበት ቀን መፈወስ ተፈቅዷል?” ብለው ጠየቁት።

11እርሱም፣ “ከእናንተ መካከል የአንዱ ሰው በግ በሰንበት ቀን ጕድጓድ ቢገባበት፣ በጉን ከገባበት ጕድጓድ ጐትቶ አያወጣውምን? 12ታዲያ ሰው ከበግ እጅግ አይበልጥምን? ስለዚህ በሰንበት ቀን በጎ ማድረግ ተፈቅዷል” አላቸው።

13ከዚያም ሰውየውን፣ “እጅህን ዘርጋ” አለው፤ ሰውየውም እጁን ዘረጋ፤ እንደ ሌላኛውም እጁ ደኅና ሆነለት። 14ፈሪሳውያን ግን ከዚያ ወጣ ብለው ኢየሱስን እንዴት እንደሚገድሉት ተማከሩ።

እግዚአብሔር የመረጠው አገልጋይ

15ኢየሱስ ሐሳባቸውን ዐውቆ ከዚያ ዘወር አለ። ብዙ ሕዝብም ተከተለው፤ ሕመምተኞችን ሁሉ ፈወሰ፤ 16ማንነቱን ለማንም እንዳይናገሩ አዘዛቸው። 17ይህም የሆነው በነቢዩ በኢሳይያስ እንዲህ ተብሎ የተነገረው ትንቢት ይፈጸም ዘንድ ነው፤

18“እነሆ፤ የመረጥሁት፣

የምወድደውና በእርሱ ደስ የሚለኝ አገልጋዬ፣

መንፈሴን በእርሱ ላይ አኖራለሁ፤

እርሱም ለአሕዛብ ፍትሕን ያውጃል።

19አይጨቃጨቅም ወይም አይጮኽም፤

ድምፁም በአደባባይ አይሰማም።

20ፍትሕን ለድል እስኪያበቃ ድረስ፣

የተቀጠቀጠውን ሸንበቆ አይሰብርም፤

የሚጤሰውንም የጧፍ ክር አያጠፋም።

21አሕዛብ በስሙ ተስፋ ያደርጋሉ።”

ኢየሱስ በአጋንንት ሥልጣን አጋንንትን ያወጣል መባሉ

12፥25-29 ተጓ ምብ – ማር 3፥23-27ሉቃ 11፥17-22

22ከዚህ በኋላ በጋኔን የተያዘ ዕውርና ድዳ የሆነ ሰው ወደ እርሱ አመጡ፤ ኢየሱስም ፈወሰው፤ ሰውየውም ማየትና መናገር ቻለ። 23ሕዝቡም ሁሉ ተደንቀው፣ “ይህ ሰው የዳዊት ልጅ ይሆንን?” አሉ።

24ነገር ግን ፈሪሳውያን ይህን በሰሙ ጊዜ፣ “ይህ ሰው አጋንንትን የሚያስወጣው በአጋንንት አለቃ በብዔልዜቡል ብቻ መሆን አለበት” አሉ።

25ኢየሱስም ሐሳባቸውን ዐውቆ እንዲህ አላቸው፤ “እርስ በእርሱ የተከፋፈለ መንግሥት ሁሉ ይወድቃል፤ እርስ በእርሱም የተከፋፈለ ከተማ ወይም ቤት አይጸናም። 26ሰይጣንም ሰይጣንን የሚያስወጣ ከሆነ፣ እርስ በእርሱ ተለያይቷል ማለት ነው፤ እንዲህ ከሆነ ደግሞ መንግሥቱ እንዴት ጸንቶ ሊቆም ይችላል? 27እኔ አጋንንትን የማስወጣው በብዔልዜቡል ከሆነ፣ ልጆቻችሁ በምን ሊያስወጧቸው ነው? ስለዚህ ልጆቻችሁ ይፈርዱባችኋል። 28እኔ ግን አጋንንትን የማስወጣው በእግዚአብሔር መንፈስ ከሆነ፣ የእግዚአብሔር መንግሥት ወደ እናንተ መጥታለች።

29“ወይስ አንድ ሰው ወደ ኀይለኛ ሰው ቤት ገብቶ ንብረቱን ለመዝረፍ ቢፈልግ፣ አስቀድሞ ያንን ኀይለኛ ሰው ሳያስር እንዴት አድርጎ ይሳካለታል? ኋላም ቤቱን መበዝበዝ ይችላል።

30“ከእኔ ጋር ያልሆነ ሁሉ ይቃወመኛል፤ ከእኔም ጋር የማይሰበስብ ሁሉ ይበትናል። 31ስለዚህ እላችኋለሁ፤ ኀጢአት መሥራትና የስድብ ቃል ሁሉ መናገር ለሰዎች ይቅር ይባልላቸዋል፤ ነገር ግን በመንፈስ ቅዱስ ላይ የሚነገር የስድብ ቃል ይቅር አይባልም። 32ማንም ሰው በሰው ልጅ ላይ የሚናገረው ክፉ ቃል ይቅር ይባላል፤ በመንፈስ ቅዱስ ላይ የሚናገረው ክፉ ቃል ግን በዚህም ሆነ በወዲያኛው ዓለም ይቅር አይባልም።

33“ዛፍ ሁሉ በፍሬው ስለሚታወቅ፣ መልካም ፍሬ እንድታገኙ መልካም ዛፍ ይኑራችሁ፤ መጥፎ ዛፍ ቢኖራችሁ ግን መጥፎ ፍሬ ታገኛላችሁ። 34እናንት የእፉኝት ልጆች፤ እናንተ ክፉዎች ስትሆኑ መልካም ነገር መናገር እንዴት ትችላላችሁ? በልብ ውስጥ የሞላውን አንደበት ይናገረዋልና። 35መልካም ሰው በልቡ ካከማቸው መልካም ነገር በጎ ነገር ያወጣል፤ ክፉ ሰውም በልቡ ካከማቸው ክፉ ነገር መጥፎ ነገር ያወጣል። 36ነገር ግን እላችኋለሁ፤ ሰዎች ስለ ተናገሩት ከንቱ ቃል ሁሉ በፍርድ ቀን ይጠየቁበታል። 37ምክንያቱም ከቃልህ የተነሣ ትጸድቃለህ፤ ከቃልህም የተነሣ ይፈረድብሃልና።”

ማረጋገጫ ምልክት ስለ መሻት

12፥39-42 ተጓ ምብ – ሉቃ 11፥29-32

12፥43-45 ተጓ ምብ – ሉቃ 11፥24-26

38ከዚያም አንዳንድ የአይሁድ ሃይማኖት መምህራንና ፈሪሳውያን፣ “መምህር ሆይ፤ ከአንተ ታምራዊ ምልክት ማየት እንፈልጋለን” አሉት።

39እርሱ ግን መልሶ እንዲህ አላቸው፤ “ክፉና አመንዝራ ትውልድ ምልክትን ይጠይቃል፤ ነገር ግን ከነቢዩ ዮናስ ምልክት በስተቀር ሌላ ምልክት አይሰጠውም። 40ዮናስ በዓሣ ዐንበሪ ሆድ ውስጥ ሦስት ቀንና ሦስት ሌሊት እንደ ቈየ፣ እንዲሁ የሰው ልጅ ሦስት ቀንና ሦስት ሌሊት በምድር ሆድ ውስጥ ይቈያል። 41የነነዌ ሰዎች በፍርድ ዕለት ከዚህ ትውልድ ጋር ተነሥተው ይፈርዱበታል፤ እነርሱ በዮናስ ስብከት ንስሓ ገብተዋልና። እነሆ፤ ከዮናስ የሚበልጥ እዚህ አለ። 42በፍርድ ዕለት የደቡብ ንግሥት ከዚህ ትውልድ ጋር ተነሥታ ትፈርድበታለች፤ የሰሎሞንን ጥበብ ለመስማት ከምድር ዳርቻ መጥታለችና። እነሆ፤ ከሰሎሞን የሚበልጥ እዚህ አለ።

43“ርኩስ መንፈስ ከሰው ከወጣ በኋላ፣ ዕረፍት ለማግኘት ውሃ በሌለበት ደረቅ ቦታ ይንከራተታል፤ የሚሻውን ዕረፍት ግን አያገኝም። 44ከዚያም፣ ‘ወደ ነበርሁበት ቤት ተመልሼ ልሂድ’ ይላል፤ ሲመለስም ቤቱ ባዶ ሆኖ፣ ጸድቶና ተዘጋጅቶ ያገኘዋል። 45ከዚያም ይሄድና ከራሱ የባሱ ሌሎች ሰባት ክፉ መናፍስት ይዞ ይመጣል፤ እነርሱም ሰውየው ውስጥ ገብተው ይኖራሉ። የዚያም ሰው የኋለኛው ሁኔታ ከፊተኛው የከፋ ይሆናል። በዚህ ክፉ ትውልድም ላይ እንዲሁ ይሆንበታል።”

የኢየሱስ እናትና ወንድሞች

12፥46-50 ተጓ ምብ – ማር 3፥31-35ሉቃ 8፥19-21

46ኢየሱስ ለሕዝቡ ሲናገር ሳለ፣ እናቱና ወንድሞቹ ሊያነጋግሩት ፈልገው በውጭ ቆመው ነበር። 47አንድ ሰውም፣ “እነሆ፣ እናትህና ወንድሞችህ ሊያነጋግሩህ ፈልገው በውጭ ቆመዋል” አለው።12፥47 አንዳንድ ትርጕሞች ይህን ጥቅስ ይዘልላሉ።

48ኢየሱስም፣ “እናቴ ማን ናት? ወንድሞቼስ እነማን ናቸው?” ሲል መለሰለት። 49በእጁም ወደ ደቀ መዛሙርቱ እያመለከተ እንዲህ አለ፤ “እናቴና ወንድሞቼ እነዚህ ናቸው፤ 50በሰማይ ያለውን የአባቴን ፈቃድ የሚያደርግ ሁሉ፣ ወንድሜ፣ እኅቴና እናቴም ነው።”

Asante Twi Contemporary Bible

Mateo 12:1-50

Homeda Ho Asɛnka

1Homeda bi, Yesu ne nʼasuafoɔ no kɔfaa aburoofuo bi mu. Wɔnam aburoofuo no mu no, ɛkɔm dee asuafoɔ no ma wɔpempanee aburoo no bi weeɛ. 2Farisifoɔ bi hunuu deɛ asuafoɔ no reyɛ no, anyɛ wɔn abodwo. Wɔbisaa Yesu sɛ, “Woahunu sɛ wʼasuafoɔ no abu Homeda mmara no so?”

3Yesu nso bisaa wɔn sɛ, “Monkenkanee deɛ Ɔhene Dawid yɛeɛ, ɛberɛ a ɛkɔm dee ɔne wɔn a na wɔka ne ho no? 4Wɔkɔɔ Onyankopɔn fie kɔdii burodo a wɔde abɔ afɔdeɛ a anka wɔnni ho kwan sɛ wɔdi, agye ɔsɔfoɔ nko ara no. Ɛno nso yɛ mmara so buo? 5Na monnsane nkane mfirii Mose mmara no mu, sɛ asɔfoɔ a wɔyɛ asɔrefie adwuma no tumi yɛ adwuma Homeda nso? 6Mereka ama moate aseɛ sɛ, deɛ ɔkyɛn asɔrefie no wɔ ha! 7Sɛ moate asɛm a ɛse, ‘Mmɔborɔhunu na mepɛ na ɛnyɛ afɔrebɔ’ no ase yie a, anka moremmu wɔn a wɔnni fɔ no fɔ. 8Na me, Onipa Ba no, meyɛ Homeda no wura”.

9Yesu firii deɛ ɔwɔ hɔ kɔɔ hyiadan mu. 10Ɔhunuu ɔbarima bi wɔ dan mu hɔ a na ne nsa baako awu. Farisifoɔ no bisaa Yesu sɛ, “Enti mmara ma ho kwan sɛ obi sa yadeɛ Homeda anaa?”12.10 Mmara akyerɛkyerɛfoɔ mma ayaresa ho kwan homeda; gye sɛ wɔhunu sɛ, sɛ wɔansa ɔyarefoɔ no yadeɛ da no ara na adeɛ kye a, ɔbɛwu. Obi a na ne nsa awu no deɛ na ɛnyɛ deɛ owuo hunahuna noɔ. Wɔbisaa yei sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛnya ɛkwan atoto nʼano na wɔakye no!

11Yesu buaa wɔn sɛ, “Mo mu hwan na ɔwɔ odwan baako na sɛ ɔkɔtɔ amena mu Homeda a, ɔrenyi no? Ɛkwan biara so wobɛkɔ akɔyi no. 12Onipa som bo sene odwan! Yei enti ɛwɔ ho kwan sɛ wɔyɛ papa Homeda.”

13Afei, Yesu ka kyerɛɛ deɛ ne nsa awu no sɛ, “Tene wo nsa!” Ɔyarefoɔ no tenee ne nsa. Ɔtenee ne nsa no, ahoɔden baa mu ma ɛyɛɛ sɛ baako no. 14Farisifoɔ no firii adi kɔtuu sɛdeɛ wɔbɛkyere Yesu akum no no ho agyina.

15Esiane sɛ na ɔnim ɛpɔ a wɔrebɔ wɔ ne ho no enti, ɔfirii hyiadan no mu maa nnipadɔm dii nʼakyi. Ɔsaa wɔn mu ayarefoɔ no nyinaa yadeɛ. 16Nanso, ɔbɔɔ wɔn ano sɛ wɔmmmɔ nʼanwanwadeɛ a ɔyɛeɛ no ho dawuro. 17Na nkɔm a Odiyifoɔ Yesaia hyɛɛ no aba mu sɛ:

18“Monhwɛ mʼakoa a mayi no,

deɛ medɔ no a me kra ani sɔ no,

mede me honhom mɛgu no so,

na wabu amanaman atɛn.

19Ɔrenko, na ɔrenteateam.

Na obi rente ne nne abɔntene so!

20Ɔrensɛe demmire ɛyɛ mmerɛ no.

Kanea ntoma a ɛnnɛre yie no, ɔrennum;

kɔsi sɛ ɔnam atɛntenenee so de nkonimdie aba.

21Ne din bɛyɛ amanaman nyinaa anidasoɔ.”

Farisifoɔ Ka Sɛ Yesu Yɛ Ɔbonsam

22Afei, wɔde obi a ɔyɛ mumu yɛ onifirani na honhommɔne nso wɔ ne so brɛɛ Yesu sɛ ɔnsa no yadeɛ. Yesu saa no yadeɛ ma ɔkasaeɛ sane hunuu adeɛ. 23Nnipadɔm a wɔwɔ hɔ no ho dwirii wɔn. Wɔkaa sɛ, “Ɛbɛtumi aba sɛ Yesu yi yɛ Dawid Ba no, Agyenkwa no anaa?”

24Nanso, Farisifoɔ no tee anwanwadeɛ a Yesu yɛeɛ no, wɔkaa sɛ, “Ɔnam ahonhommɔne nyinaa panin Ɔbonsam, Beelsebul no so na ɔtu ahonhommɔne.”

25Yesu hunuu wɔn adwene, maa wɔn mmuaeɛ sɛ, “Ahemman biara a ɛdi mpaapaemu no ntumi nnyina. Saa ara nso na kuro anaa efie biara a ɛdi mpaapaemu no ntumi nnyina. 26Na sɛ ɔbonsam nso ko tia ne ho a, ɛbɛyɛ dɛn na nʼahennie agyina? 27Na sɛ menam Beelsebul tumi so na metu ahonhommɔne a, hwan so na mo nkurɔfoɔ nam tu ahonhommɔne? Saa na ɛteɛ de a, mo nkurɔfoɔ no ara na wɔbɛbu mo atɛn. 28Na sɛ mede Onyankopɔn honhom na ɛtu ahonhommɔne deɛ a, na Onyankopɔn Ahennie aba mo so.

29“Obi ntumi nkɔ ɔhoɔdenfoɔ fie mu nkɔwia no, agye sɛ, onipa ko no di ɛkan de ahoma kyekyere no.

30“Obiara a ɔnni mʼafa no, tia me. Na deɛ ɔne me mmoaboa ano no hwete mu. 31Mereka akyerɛ mo sɛ, wɔde bɔne ne abususɛm nyinaa bɛkyɛ nnipa, nanso abususɛm a ɛtia Honhom Kronkron no deɛ, wɔremfa nkyɛ. 32Deɛ ɔbɛkasa atia Onipa Ba no, wɔde bɛkyɛ no. Nanso, deɛ ɔbɛkasa atia Honhom Kronkron no deɛ, wɔremfa nkyɛ no da biara da.

Dua Ne Nʼaba

33“Dua biara aba na wɔde hunu ne su. Dua pa so aba pa na dua bɔne nso so aba bɔne. 34Awɔ mma! Ɛbɛyɛ dɛn na abɔnefoɔ sɛ mo atumi aka deɛ ɛyɛ ho asɛm? Deɛ ayɛ akoma ma abu so no na ano ka. 35Onipa pa anom asɛm da nnepa a ɛwɔ ne mu no adi. Saa ara na onipa bɔne nso anom asɛm da nnebɔne a ɛwɔ ne mu no adi. 36Mereka makyerɛ mo sɛ, Atemmuo da no, asɛnhunu biara a obi aka no, ɔbɛbu ho akonta. 37Wʼanomu asɛm so na wɔnam bɛbu wo bem anaa ɛfɔ”.

Wɔpɛ Sɛ Yesu Yɛ Nsɛnkyerɛnneɛ Bi

38Ɛda bi, Yudafoɔ mpanimfoɔ bi a Farisifoɔ bi ka wɔn ho baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, ɔnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi nkyerɛ wɔn.

39Yesu buaa wɔn sɛ, “Ɔman a wɔyɛ abɔnefoɔ a wɔnni gyidie na wɔpɛ sɛ wɔhunu nsɛnkyerɛnneɛ. Nanso, wɔrenhunu nsɛnkyerɛnneɛ biara ka Odiyifoɔ Yona deɛ no ho. 40Na sɛdeɛ Yona kɔdii bonsu yam nnansa no, saa ara na ɛsɛ sɛ Onipa Ba no kɔdi asase mu nnansa. 41Atemmuo da no, Ninewe mmarima bɛsɔre atia nnɛmma yi na wɔabu mo fɔ ɛfiri sɛ, ɛberɛ a Yona kaa asɛmpa no, wɔnuu wɔn ho. Nanso, deɛ ɔsene Yona wɔ ha. 42Atemmuo da no, Seba Ɔhemmaa bɛsɔre atia ɔman yi ɛfiri sɛ, ɔfiri asase ano nohoa bɛtiee Salomo nyansa nsɛm. Nanso, deɛ ɔsene Salomo no wɔ ha.

43“Saa ɔman debɔneyɛfoɔ yi te sɛ obi a honhommɔne wɔ ne soɔ. Sɛ honhommɔne no tu firi ne mu a, ɛkyinkyini, hwehwɛ homebea nanso, ɛnnya bi. 44Sɛ ɛba saa a, deɛ honhommɔne no ka ne sɛ, ‘Mɛsane akɔ onipa a mefirii ne mu baeɛ no mu bio.’ Ɔsane kɔ onipa no mu na ɔhunu sɛ ne mu da mpan, na wɔasiesie hɔ fɛfɛɛfɛ a, 45ɔsane nʼakyi kɔfa ahonhommɔne afoforɔ nson a wɔyɛ den kyɛn no ba ma wɔn nyinaa bɛtena ne mu. Yei ma onipa no asetena no sɛe kyɛn ne kane asetena no.”

Yesu, Ne Maame Ne Ne Nuanom

46Ɛberɛ a Yesu reka asɛmpa akyerɛ nnipadɔm wɔ efie bi mu no, ne maame ne ne nuanom bɛgyinaa afikyire pɛɛ sɛ wɔne no kasa. 47Nnipa a wɔwɔ hɔ no mu baako kɔka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Wo maame ne wo nuanom gyina afikyire hɔ pɛ sɛ wɔne wo kasa”.

48Yesu kaa sɛ, “Hwan ne me maame? Ɛhefoɔ ne me nuanom?” 49Ɔkaa saa wieeɛ no, ɔde ne nsa kyerɛɛ nnipadɔm no, ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Yeinom ne me maame ne me nuanom”. 50Ɔsane kaa bio sɛ, “Obiara a ɔbɛyɛ mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no apɛdeɛ no, ɔno ne me nuabarima, ne me nuabaa ne me maame”.