መሳፍንት 2 – NASV & AKCB

New Amharic Standard Version

መሳፍንት 2:1-23

የእግዚአብሔር መልአክ በቦኪም

1የእግዚአብሔር መልአክ ከጌልገላ ወደ ቦኪም ወጥቶ እንዲህ አለ፤ “ከግብፅ ምድር አወጣኋችሁ፤ ለቀደሙትም አባቶቻችሁ ልሰጣቸው ወደ ማልሁላቸው ምድር አመጣኋችሁ፤ እንዲህም አልሁ፤ ከእናንተ ጋር የገባሁትን ቃል ኪዳኔን አላፈርስም፤ 2እናንተም ከዚህች ምድር ነዋሪዎች ጋር ቃል ኪዳን አታድርጉ፤ መሠዊያቸውንም አፍርሱ፤ እናንተ ግን አልታዘዛችሁኝም፤ ይህን ያደረጋችሁት ለምንድን ነው? 3ስለዚህ አሁንም ከፊታችሁ አሳድጄ እንደማላስወጣቸው እነግራችኋለሁ፤ ነገር ግን እነርሱ የጐን ውጋት፣ አማልክታቸውም ወጥመድ ይሆኑባችኋል።”

4የእግዚአብሔርም መልአክ ይህን ቃል ለእስራኤላውያን ሁሉ በተናገረ ጊዜ፣ ሕዝቡ ድምፃቸውን ከፍ አድርገው አለቀሱ፤ 5ያንን ስፍራ ቦኪም2፥5 ቦኪም ማለት አልቃሽ ማለት ነው። ብለው ጠሩት፤ በዚያም ለእግዚአብሔር መሥዋዕት አቀረቡ።

ያለ መታዘዝ ውጤት

6ኢያሱ ሕዝቡን ካሰናበተ በኋላ እያንዳንዱ የእስራኤል ነገድ ምድሪቱን ለመውረስ ወደየርስቱ ሄደ። 7ኢያሱ በሕይወት በነበረበት ዘመን ሁሉ እንዲሁም ከእርሱ በኋላ እግዚአብሔር ለእስራኤል ያደረገውን ታላላቅ ነገሮች ሁሉ ያዩ አለቆች በነበሩበት ዘመን ሁሉ ሕዝቡ እግዚአብሔርን አመለከ።

8የእግዚአብሔር አገልጋይ የነዌ ልጅ ኢያሱ በመቶ ዐሥር ዓመቱ ሞተ። 9እነርሱም በኰረብታማው በኤፍሬም አገር በምትገኘው ከገዓስ ተራራ በስተ ሰሜን ባለችው በራሱ ርስት ላይ በተምናሔሬስ ቀበሩት።

10ያ ሁሉ ትውልድ ወደ አባቶቹ ከተከማቸ በኋላ እግዚአብሔርንም ሆነ እርሱ ለእስራኤል ሕዝብ ያደረገውን ነገር የማያውቅ ሌላ ትውልድ ተነሣ። 11ከዚያም እስራኤላውያን በእግዚአብሔር ፊት ክፉ ነገር አደረጉ፤ የበኣል አማልክትንም አመለኩ። 12ከግብፅ ምድር ያወጣቸውን የአባቶቻቸውን አምላክ እግዚአብሔርን ተዉ፤ በዙሪያቸው ያሉት ሕዝቦች የሚያመልኳቸውን አማልክት ተከተሉ፤ ሰገዱላቸውም። እግዚአብሔርንም አስቈጡት፤ 13እርሱን ትተው በኣልንና አስታሮትን አምልከዋልና 14እግዚአብሔር በእስራኤል ላይ በመቈጣቱ ለሚዘርፏቸው አሳልፎ ሰጣቸው፤ በዙሪያቸው ላሉ ጠላቶቻቸው ሸጣቸው። 15እስራኤላውያን ለውጊያ በሚወጡበት ጊዜ ሁሉ እግዚአብሔር አስቀድሞ በእነርሱ ላይ እንደ ተናገረውና እንደ ማለው ይሸነፉ ዘንድ የእግዚአብሔር እጅ ትከፋባቸው ነበር፤ ከዚህም የተነሣ እጅግ ተጨነቁ።

16እግዚአብሔርም ከእነዚህ ወራሪዎች የሚያድኗቸውን መሳፍንት2፥16 በዚህም ከ17-19 ባለው ክፍል መሪ ተብሎ ሊተረጐም ይችላል። አስነሣ፤ 17እስራኤላውያን ግን ሌሎችን አማልክት ተከትለው አመነዘሩ፤ ሰገዱላቸውም እንጂ መሳፍንታቸውን አልሰሙም። አባቶቻቸው እግዚአብሔርን በመታዘዝ በሄዱበት መንገድ ሳይሆን፣ አባቶቻቸው የእግዚአብሔርን ሕግ በመከተል ከሄዱበት መንገድ ፈጥነው ፈቀቅ አሉ። 18እግዚአብሔር መሳፍንትን ባሰነሣላቸው ቍጥር ከመስፍኑ ጋር ስለሚሆን፣ እርሱ በሕይወት እስካለ ድረስ እግዚአብሔር ከጠላቶቻቸው ያድናቸው ነበር፤ ከጠላቶቻቸው ሥቃይና መከራ ሲደርስባቸው በሚጮኹበት ጊዜ እግዚአብሔር ይራራላቸው ነበር። 19መስፍኑ ከሞተ በኋላ ግን ሕዝቡ ሌሎችን አማልክት በመከተል፣ እነርሱን በማገልገልና በማምለክ ከአባቶቻቸው ይልቅ ወደ ክፉ መንገድ ተመለሱ፤ ክፉ ሥራቸውንና የእልኸኝነት መንገዳቸውንም አይተውም ነበር።

20ስለዚህ እግዚአብሔር በእስራኤል ላይ እጅግ ተቈጣ፤ እንዲህም አለ፤ “ይህ ሕዝብ ለቀደሙ አባቶቹ የሰጠሁትን ቃል ኪዳን ስለ ተላለፈ፣ እኔንም ስላልሰማ፣ 21ኢያሱ በሞተ ጊዜ ከተዋቸው በምድሪቱ ከነበሩት ሕዝቦች አንዳቸውንም እንኳ በፊታቸው አሳድጄ አላስወጣም። 22ይህን የማደርገውም አባቶቻቸው እንዳደረጉት ሁሉ፣ እስራኤላውያን የእግዚአብሔርን መንገድ የሚጠብቁ መሆን አለመሆናቸውን ለማወቅ እፈትናቸው ዘንድ እነርሱን መሣሪያ ለማድረግ ነው።” 23ስለዚህ እግዚአብሔር እነዚያን ሕዝቦች በዚያው እንዲኖሩ አደረገ፤ በኢያሱ እጅ አሳልፎ በመስጠት ወዲያውኑ አሳድዶ አላስወጣቸውም።

Akuapem Twi Contemporary Bible

Atemmufo 2:1-23

Awurade Bɔfo Ba Bokim

1Na Awurade bɔfo fi Gilgal kɔɔ Bokim de nkra kɔmaa Israelfo no se, “Miyii mo fii Misraim, de mo baa asase a mekaa ho ntam sɛ mede bɛma mo agyanom no so. Mekae se, Meremmu mʼapam a me ne mo ayɛ no so. 2Mo fam de ne sɛ, mo ne nnipa a wɔte asase yi so no nnyɛ apam biara na mmom mobɛsɛe wɔn afɔremuka nyinaa. Na adɛn nti na moanni me mmara nsɛm so? 3Nea moayɛ yi nti, merempam nnipa a wɔtete mo asase so no. Wɔbɛyɛ mo nkyɛn mu nsɔe na wɔn anyame nso ayɛ mfiri a wɔasum ahintaw mo.”

4Awurade bɔfo kasa wiee no Israelfo no suu dennen. 5Enti wɔtoo beae hɔ din “Agyaadwotwa.” Na wɔbɔɔ afɔre wɔ hɔ maa Awurade.

Yosua Wu

6Yosua gyaa nkurɔfo no kwan akyi no, mmusuakuw no mu biara kɔfaa nʼagyapade a wɔde maa no sɛ ne kyɛfa no. 7Na Israelfo no som Awurade wɔ Yosua ne mpanyimfo a wɔanyinyin sen Yosua a wohuu nneɛma akɛse a Awurade yɛ maa Israel, Yosua nkwa nna nyinaa mu no.

8Afei, Nun babarima Yosua, Awurade somfo wui a na wadi mfirihyia ɔha ne du. 9Wosiee no wɔ ne wugyaw asase a na ɛwɔ Timnat-Heres, Efraim bepɔw asase no a ɛwɔ Gaas bepɔw no atifi fam no.

Israelfo Yɛ Asoɔden Tia Awurade

10Saa awo ntoatoaso no akyi no, awo ntoatoaso foforo nyin a na wonnim Awurade, na wɔnkae nneɛma akɛse a wayɛ ama Israel no. 11Na Israelfo no yɛɛ nea enye wɔ Awurade ani so, na wɔsom Baalim ahoni. 12Wogyaw Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn a oyii wɔn fii Misraim no. Wodii anyame foforo akyi, som saa anyame no a ɛyɛ nnipa a wɔatwa wɔn ho ahyia no dea. Na wɔmaa Awurade bo fuwii. 13Wogyaw Awurade akyidi, kɔsom Baalim ne Astoret ahoni. 14Eyi maa Awurade bo fuw Israel, enti ɔde wɔn hyɛɛ afowfo nsa, maa wowiaa wɔn ahode. Ɔtɔn wɔn maa wɔn atamfo a wɔatwa wɔn ho ahyia, na wɔantumi annyina wɔn ano. 15Bere biara a Israelfo bɛkɔ ɔko no, Awurade ko tia wɔn ma wodi nkogu, sɛnea ɔhyɛɛ bɔ no. Enti wɔn ho hiahiaa wɔn papaapa.

Onyankopɔn Gye Ne Nkurɔfo

16Afei, Awurade pagyaw atemmufo ma wobegyee Israelfo fii wɔn atamfo nsam. 17Nanso Israelfo no antie atemmufo no. Wɔkɔɔ so de wɔn ho bɔɔ anyame foforo, kotow wɔn. Wɔtwee wɔn ho ntɛm so fii wɔn agyanom a wɔyɛɛ osetie maa Awurade mmara nsɛm no kwan so. 18Bere biara a Awurade de otemmufo bi bedua Israel so no, na ɔka saa otemmufo no ho na ogye nnipa no fi wɔn atamfo no nsam wɔ saa otemmufo no nkwa nna nyinaa mu. Efisɛ Awurade huu ne nkurɔfo a wɔredi wɔn nya na wɔrehu amane no mmɔbɔ. 19Nanso atemmufo no wu akyi no, nnipa no san kɔɔ wɔn bra bɔne no mu a, afei na wɔasɛesɛe sen wɔn a wodii wɔn anim kan no. Wodii anyame foforo akyi. Wɔkotow wɔn, som wɔn. Na wɔampɛ sɛ wogyae wɔn nnebɔnesɛm ne asobrakye no.

20Enti Awurade bo fuw Israel. Ɔkae se, “Esiane sɛ saa nnipa yi abu apam a me ne wɔn agyanom yɛe so, na wɔapo me mmara nsɛm nti, 21merempam aman a Yosua anni wɔn so ansa na ɔrewu no. 22Meyɛɛ eyi de sɔɔ Israel hwɛe sɛ wobetie Awurade sɛnea wɔn agyanom yɛe no.” 23Ɛno nti na amma Awurade ampam aman no ntɛm so na wamma Yosua ammedi wɔn nyinaa so no.