ሕዝቅኤል 13 – NASV & AKCB

New Amharic Standard Version

ሕዝቅኤል 13:1-23

የሐሰተኛ ነቢያት መወገዝ

1የእግዚአብሔር ቃል እንዲህ ሲል ወደ እኔ መጣ፤ 2“የሰው ልጅ ሆይ፤ ትንቢት በሚናገሩት በእስራኤል ነቢያት ላይ ትንቢት ተናገር፤ ከገዛ ራሳቸው ትንቢት የሚናገሩትን እንዲህ በላቸው፤ የእግዚአብሔርን ቃል ስሙ፤ 3ጌታ እግዚአብሔር እንዲህ ይላል፤ ‘አንዳች ነገር ሳያዩ የራሳቸውን መንፈስ ለሚከተሉ ሞኞች13፥3 ወይም ክፉዎች ነቢያት ወዮላቸው! 4እስራኤል ሆይ፤ ነቢያትሽ በፍርስራሽ መካከል እንደሚኖሩ ቀበሮዎች ናቸው። 5በእግዚአብሔር ቀን በሚሆነው ጦርነት ጸንቶ መቆም እንዲችል፣ የተሰነጠቀውን ቅጥር ለእስራኤል ቤት ለመጠገን ወደዚያ አልወጣችሁም። 6ራእያቸው ሐሰት፣ ትንቢታቸው ውሸት ነው፤ እግዚአብሔር ሳይልካቸው፣ “እግዚአብሔር እንዲህ ይላል” ይላሉ፤ ይህም ሆኖ የተናገሩት ይፈጸማል ብለው ይጠብቃሉ። 7እኔ ሳልናገር፣ “እግዚአብሔር እንዲህ ይላል” ስትሉ ሐሰተኛ ራእይ ማየታችሁ፣ ውሸተኛስ ትንቢት መናገራችሁ አይደለምን?

8“ ‘ስለዚህ ጌታ እግዚአብሔር እንዲህ ይላል፤ “ቃላችሁ ሐሰት፣ ራእያችሁም ውሸት ስለሆነ እኔ በእናንተ ላይ ተነሥቻለሁ፤ ይላል ጌታ እግዚአብሔር9እጄ የሐሰት ራእይ በሚያዩና በሚያሟርቱ ነቢያት ላይ ተነሥቷል። የሕዝቤ ጉባኤ ተካፋይ አይሆኑም፤ በእስራኤል ቤት መዝገብ አይጻፉም፤ ወደ እስራኤልም ምድር አይገቡም። በዚያ ጊዜ እኔ ጌታ እግዚአብሔር እንደ ሆንሁ ታውቃላችሁ።”

10“ ‘ሰላም ሳይኖር፣ “ሰላም አለ” እያሉ ሕዝቤን ያስታሉ፤ ሕዝቡ ካብ ሲሠራ እነርሱ በኖራ ይለስናሉ፤ 11ስለዚህ በኖራ ለሚለስኑት ካቡ እንደሚወድቅ ንገራቸው። ዶፍ ይወርዳል፤ ታላቅ የበረዶ ድንጋይ እሰድዳለሁ፤ ዐውሎ ነፋስም ይነሣል። 12እነሆ ካቡ ሲፈርስ ሕዝቡ “የለሰናችሁበት ኖራው ወዴት ሄደ?” ብለው አይጠይቋችሁምን?

13“ ‘ስለዚህ ጌታ እግዚአብሔር እንዲህ ይላል፤ በመዓቴ ዐውሎ ነፋስ እሰድዳለሁ፣ በቍጣዬ የበረዶ ድንጋይ እልካለሁ፤ ዶፍም ከታላቅ ጥፋት ጋር ይወርዳል። 14በኖራ የለሰናችሁትን ካብ አፈርሳለሁ፤ መሠረቱም ተገልጦ እስኪታይ ድረስ ከምድር ጋር አደባልቀዋለሁ። ቅጥሩ13፥14 ወይም ከተማው በሚወድቅበት ጊዜ፣ እናንተም በውስጡ ታልቃላችሁ። በዚያን ጊዜ እኔ እግዚአብሔር እንደ ሆንሁ ታውቃላችሁ። 15መዓቴንም በቅጥሩና ኖራ በለሰኑት ሰዎች ላይ እሰድዳለሁ፤ እናንተንም እንዲህ እላችኋለሁ፤ “ቅጥሩና ቅጥሩን በኖራ የለሰኑት የሉም፤ 16ኢየሩሳሌም ትንቢት የተናገሩላትና ሰላም ሳይኖር የሰላም ራእይ ያዩላት የእስራኤል ነቢያት ጠፍተዋል”፤ ይላል ጌታ እግዚአብሔር።’

17“አሁንም የሰው ልጅ ሆይ፤ ከራሳቸው አመንጭተው ትንቢት ወደሚናገሩ ወደ ሕዝብህ ሴቶች ልጆች ፊትህን መልስ፤ ትንቢትም ተናገርባቸው፤ 18እንዲህም በል፤ ‘ጌታ እግዚአብሔር እንዲህ ይላል፤ “የሕዝብን ነፍስ ለማጥመድ፣ ለአስማታቸው ለእጃቸው አንጓ ሁሉ አሸንክታብ ለሚያሰፉና፣ የተለያየ መጠን ያለውን የራስ መሸፈኛ ለሚያበጁ ሴቶች ወዮላቸው! በውኑ የሕዝቤን ነፍስ እያጠመዳችሁ የራሳችሁን ነፍስ ታድናላችሁን? 19ዕፍኝ ለማይሞላ ገብስና ለቍራሽ እንጀራ ስትሉ ሐሰትን የሚያደምጥ ሕዝቤን እየዋሻችሁ መሞት የማይገባውን በመግደል፣ መኖር የማይገባውንም በማትረፍ በሕዝቤ መካከል አርክሳችሁኛል።”

20“ ‘ስለዚህ ጌታ እግዚአብሔር እንዲህ ይላል፤ “እነሆ የሕዝብን ነፍስ እንደ ወፍ በምታጠምዱበት አሸንክታብ ላይ ተነሥቻለሁ፤ ከክንዳችሁ ላይ እቀዳድደዋለሁ፤ እንደ ወፍ የምታጠምዱትንም ሕዝብ ነጻ አወጣዋለሁ። 21መሸፈኛችሁን ቀድጄ ሕዝቤን ከእጃችሁ አድናለሁ፤ ከእንግዲህም ወዲህ በቍጥጥራችሁ ሥር አይሆኑም፤ በዚያ ጊዜ፣ እኔ እግዚአብሔር እንደ ሆንሁ ታውቃላችሁ። 22እኔ ያላሳዘንሁትን ጻድቅ በውሸት ስላሳዘናችሁ፣ ኀጢአተኛም ከክፉ መንገዱ ተመልሶ ሕይወቱን እንዳያድን በኀጢአቱ ስላበረታታችሁት፣ 23ከእንግዲህ የሐሰት ራእይ አታዩም፣ ሟርትም አታሟርቱም፤ ሕዝቤን ከእጃችሁ አድናለሁ፤ በዚያ ጊዜ እኔ እግዚአብሔር እንደ ሆንሁ ታውቃላችሁ።” ’ ”

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hesekiel 13:1-23

Atoro Adiyifo Atemmu

1Awurade asɛm baa me nkyɛn se, 2“Onipa ba, hyɛ nkɔm tia Israel adiyifo a wɔhyɛ nkɔm mprempren no. Ka kyerɛ wɔn a wɔbɔ wɔn tirim hyɛ nkɔm no se: ‘Muntie Awurade asɛm! 3Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Nnome nka adiyifo nkwaseafo a wodi wɔn ankasa honhom akyi na wonhuu hwee no. 4Ao Israelfo, mo adiyifo yi te sɛ nnwiriwii mu sakraman. 5Monkɔɔ sɛ morekosiesie afasu no afaafa a abubu no ama Israelfi, sɛnea ebetumi agyina pintinn wɔ ɔko no ano wɔ Awurade da no.’ 6Wɔn adehu yɛ atoro, na wɔn adebisa yɛ nnaadaa. Wɔka se, ‘Awurade aka se,’ wɔ bere a Awurade nsomaa wɔn, nanso wɔhwɛ anim sɛ wɔn nkɔmhyɛ bɛba mu. 7Sɛ moka se, ‘Sɛɛ na Awurade se,’ wɔ bere a menkasae a, na mo anisoadehu nyɛ atoro? Na mo adebisa nso, ɛnyɛ nnaadaa ana?

8“Ɛno nti, sɛnea Otumfo Awurade se ni: ‘Mo nsɛm a ɛyɛ atoro ne mo nnaadaa anisoadehu nti, me ne mo anya’, Otumfo Awurade asɛm ni. 9Me nsa betia adiyifo a wɔn anisoadehu yɛ atoro na wɔn abisa yɛ nnaadaa. Wɔremfra me nkurɔfo bagua mu, na wɔrenkyerɛw wɔn din wɔ Israelfi nhoma no mu na wɔn anan rensi Israel asase so. Na afei mubehu sɛ mene Otumfo Awurade.

10“Esiane sɛ wɔama me nkurɔfo ayera kwan, na wɔka se ‘Asomdwoe,’ wɔ bere a asomdwoe nni hɔ, na afei sɛ wɔto ɔfasu a enni ahoɔden bi a na wɔde akaadoo afa so, 11ɛno nti ka kyerɛ wɔn a wɔka akaadoo no se, ɔfasu no rebebu. Osu a ɔhweam wɔ mu bɛtɔ, na mɛsoma mparuwbo, na mframa a ano yɛ den bɛbɔ. 12Na sɛ ɔfasu no bu gu fam a, nnipa remmisa wo se, ‘he na akaadoo a wɔde sraa ho no afa,’ ana?

13“Ɛno nti, nea Otumfo Awurade ka ni: ‘Mʼabufuwhyew mu, mɛma ahum atu, na mʼabufuw mu no, mparuwbo ne osuhweam de adesɛe ahoɔden atɔ. 14Medwiriw ɔfasu a mode akaadoo afa ho no na mabubu agu fam ama ne fapem ho ada hɔ. Sɛ ɔfasu no hwe ase a, wɔbɛsɛe mo wɔ mu, na mubehu sɛ mene Awurade. 15Enti mede mʼabufuwhyew bɛkɔ ɔfasu no ne wɔn a wɔde akaadoo sraa ho no so. Mɛka akyerɛ mo se, “Ɔfasu no nni hɔ bio na saa ara na wɔn a wɔde akaadoo sraa ho no nso nni hɔ, 16saa Israel adiyifo a wɔhyɛɛ nkɔm maa Yerusalem na wohuu asomdwoe anisoade wɔ bere a asomdwoe nni hɔ no,” Otumfo Awurade na ose.’

17“Afei onipa ba, ma wʼani nkɔ wo nkurɔfo a wɔbɔ wɔn tirim hyɛ nkɔm no mmabea so. Hyɛ nkɔm tia wɔn 18na ka se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Nnome nka mmea a wɔpempam ntafowayi bansrɛ hyehyɛ wɔn nsakɔn na wɔpempam nkataanim ntiaa ne atenten kata wɔn anim de sum nnipa mfiri. Mubesum me nkurɔfo nkwa mfiri na mo de, moakora mo de so ana? 19Moasopa me wɔ me nkurɔfo mu de agye atoko nsa ma kakraa bi ne brodo asinasin. Monam atoro a mudi kyerɛ me nkurɔfo a wotie atoro so akunkum wɔn a anka ɛnsɛ sɛ wowuwu, na moama wɔn a anka ɛnsɛ sɛ wɔtena nkwa mu no afa wɔn ho adi.

20“ ‘Ɛno nti, sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mitia mo ntafowayi bansrɛ a mode sum nkurɔfo mfiri sɛ nnomaa no, na mɛtetew afi mo abasa so; megyaa nnipa a musum wɔn afiri sɛ nnomaa no. 21Mɛtetew mo nkataanim no mu afi mo anim, na magye me nkurɔfo nkwa afi mo nsam, na morennya wɔn so tumi bio. Afei mubehu sɛ me ne Awurade. 22Esiane sɛ mode atoro maa atreneefo aba mu buu wɔ bere a menhyɛɛ wɔn awerɛhow, na mohyɛɛ amumɔyɛfo nkuran se wɔnkɔ so wɔ wɔn akwammɔne so na moagye wɔn nkwa no 23nti, morenhu atoro anisoade bio na mubegyae ntafowayi nso. Megye me nkurɔfo afi mo nsam na afei mubehu sɛ me ne Awurade no.’ ”