창세기 34 – KLB & ASCB

Korean Living Bible

창세기 34:1-31

디나 사건

1레아가 낳은 야곱의 딸 디나가 어느 날 그 땅 여자들을 방문하러 나갔 는데

2히위 사람 하몰의 아들이며 그 지역 추장인 세겜이 그녀를 보고 끌고 가서 강간하였다.

3그러나 그의 마음이 야곱의 딸 디나에게 깊이 끌려 그녀를 사랑하며 부드러운 말로 그녀를 위로하고

4자기 아버지 하몰에게 “이 여자를 내 아내로 맞게 해 주십시오” 라고 하였다.

5야곱은 자기 딸 디나가 강간을 당했다는 말을 들었으나 자기 아들들이 들에서 양을 치고 있었으므로 그들이 돌아올 때까지는 침묵을 지키기로 하였다.

6세겜의 아버지 하몰이 와서 야곱과 말하고 있을 때

7마침 야곱의 아들들이 들에서 돌아와 그 일을 듣게 되었다. 그들은 세겜이 해서는 안 될 그런 못된 짓을 하여 이스라엘 사람을 욕되게 했다는 데 대해 놀라움과 분노를 금치 못하였다.

8그러나 하몰은 야곱에게 이렇게 말하였다. “내 아들 세겜이 당신의 딸을 마음에 두고 연모하고 있으니 그녀와 결혼하게 해 주십시오.

9우리와 서로 혼인 동맹을 맺어 당신들의 딸을 우리에게 주고 우리 딸을 당신들이 데려가시오.

10당신들은 우리 땅에 정착하여 어디든지 원하는 곳에 살 수 있고 마음대로 매매하며 재산을 소유할 수도 있습니다.”

11그러자 세겜도 디나의 아버지와 그녀의 남자 형제들에게 이렇게 말하였다. “나에게 호의를 베풀어 주십시오. 당신들이 요구하는 것은 무엇이든지 주겠습니다.

12당신들이 원하는 예물을 말하십시오. 만일 이 처녀만 내 아내로 주신다면 당신들이 그 어떤 것을 요구해도 내가 다 드리겠습니다.”

13야곱의 아들들은 세겜이 자기들의 누이 디나를 더럽혔으므로 세겜과 하몰을 속여

14이렇게 대답하였다. “우리는 그렇게 할 수 없소. 할례받지 않은 사람에게 우리 누이를 줄 수 없단 말이오. 그렇게 하는 것은 우리에게 수치가 될 뿐이오.

15하지만 당신들이 우리 조건에 응한다면 우리가 당신들의 요구를 들어주겠소. 당신들도 우리처럼 모든 남자들의 포피를 베어 할례를 행하시오.

16그러면 우리가 당신들에게 우리 딸을 주고 당신들의 딸을 우리 아내로 맞아 우리가 당신들과 함께 살며 당신들과 한 민족이 될 것이오.

17그러나 만일 당신들이 우리 말대로 할례를 받지 않으면 우리는 우리 34:17 히 ‘딸’누이를 데리고 가겠소.”

18하몰과 그의 아들 세겜은 이 조건을 기꺼이 받아들였다.

19그리고 자기 집안에서 가장 중요한 인물인 세겜은 그 조건을 이행하는 데 지체하지 않았다. 이것은 그가 야곱의 딸을 사랑하였기 때문이었다.

20그래서 하몰과 그의 아들 세겜은 성문 집회 장소로 가서 그 곳에 모인 주민들에게 이렇게 말하였다.

21“이 사람들은 우리들에게 호의적입니다. 이 땅은 그들이 살기에도 충분하니 그들이 우리 땅에 살면서 매매하도록 합시다. 그러면 우리가 그들과 서로 결혼할 수 있습니다.

22그러나 우리도 이 사람들처럼 모든 남자들이 포피를 베어 할례를 받아야만 그들이 우리와 한 민족이 되어 함께 사는 것을 허락할 것입니다.

2334:23 암시됨.우리가 이 조건에만 응한다면 그들의 모든 짐승과 재산이 다 우리의 소유가 되지 않겠습니까? 그러니 우리가 그들의 요구대로 하여 그들이 우리와 함께 살도록 합시다.”

24그러자 모든 주민들은 하몰과 세겜의 말에 동의하여 성 안의 모든 남자들이 다 할례를 받았다.

253일 후에 그들이 아직 고통을 당하고 있을 때 디나의 오빠 시므온과 레위가 칼을 가지고 가서 그 성을 기습하여 모든 남자들을 죽여 버렸다.

26그들은 하몰과 그의 아들 세겜을 칼로 죽이고 디나를 세겜의 집에서 데려왔으며

27그 후에 야곱의 여러 아들들이 시체가 있는 곳으로 가서 그들의 누이가 수모를 당한 그 성을 약탈하였다.

28이렇게 그들은 양과 소와 나귀와 성과 들에 있는 모든 것을 빼앗고

29여자들과 아이들을 다 붙잡아 왔으며 집 안에 있는 모든 것을 약탈해 왔다.

30그러자 야곱이 시므온과 레위에게 말하였다. “너희가 내 입장을 난처하게 하였다. 이 땅에 사는 가나안 사람들과 브리스 사람들이 나를 증오할 것이다. 우리는 수가 얼마되지 않는데 만일 그들이 합세하여 공격해 온다면 우리 집안은 망하고 말 것이다.”

31그러나 그들은 “그가 우리 누이를 창녀처럼 취급해도 괜찮다는 말씀입니까?” 하고 대꾸하였다.

Asante Twi Contemporary Bible

1 Mose 34:1-31

Sekem Gu Dina Ho Fi

1Ɛda koro bi, Lea ne Yakob ba Dina firii adi kɔsraa mmabaawa a wɔwɔ wɔn mpɔtam hɔ no. 2Ɛberɛ a Hewifoɔhene Hamor babarima Sekem hunuu Dina no, ɔkyeree no kɔtoo no monnaa. 3Ɛfiri saa ɛberɛ no, Sekem tuu nʼani sii Yakob ba Dina so. Ɔbɔɔ mmɔden ara sɛ, ɔne no bɛkasa ama wapene so, na waware no. 4Ɛno enti, Sekem dii ho nkɔmmɔ kyerɛɛ nʼagya Hamor sɛ, “Mepɛ sɛ meware ababaawa yi, enti kɔka ne ho asɛm ma me!”

5Ɛberɛ a Yakob tee sɛ Sekem akɔkyere ne babaa Dina, akɔto no monnaa no, na ne mmammarima no nyinaa ne wɔn agya anantwie wɔ wiram. Enti, Yakob anka hwee kɔsii sɛ wɔbaeɛ.

6Asɛm yi akyiri no, Sekem agya Hamor kɔɔ Yakob nkyɛn ne no kɔdii nkɔmmɔ. 7Yakob mmammarima no tee wɔn nuabaa Dina ho asɛm pɛ, wɔfiri wiram hɔ baeɛ. Wɔn werɛ hoeɛ na wɔn bo nso fuu yie, ɛfiri sɛ Sekem ayɛ aniwudeɛ wɔ Israel. Ɔne Yakob babaa daeɛ, na yei yɛ akyiwadeɛ.

8Nanso, Hamor ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Me ba Sekem ani gye wo ba Dina ho. Mesrɛ wo, fa no ma no, na ɔnware no. 9Mo ne yɛnni awadeɛ. Momfa mo mmammaa mma yɛn, na yɛnware wɔn, na yɛn nso, yɛmfa yɛn mmammaa mma mo awadeɛ. 10Mobɛtumi ne yɛn atena. Asase yi nyinaa yɛ mo dea. Montena so, nni dwa wɔ so, mpɛ mu agyapadeɛ.”

11Afei, Sekem ka kyerɛɛ Dina agya ne ne nuammarima no sɛ “Monnye me ntom. Biribiara a mobɛgye me no, mɛtua. 12Ɔbaa no ti adeɛ ne biribiara a mobɛgye aka ho no, mommɔ ɛboɔ biara a mopɛ, na mɛtua. Deɛ ɛhia me ara ne sɛ, mode ababaawa no bɛma me aware.”

13Esiane sɛ na Sekem agu wɔn nuabaa Dina ho fi no enti, mmuaeɛ a wɔmaa Sekem ne nʼagya Hamor no anyɛ nokorɛ. Na mmom, na wɔwɔ adwene foforɔ bi wɔ akyire. 14Yakob mmammarima no ka kyerɛɛ Sekem ne nʼagya Hamor sɛ, “Yɛrentumi mfa yɛn nuabaa mma ɔbarima a ɔntwaa twetia awadeɛ. Sɛ yɛyɛ saa a, na yɛagu yɛn ho anim ase. 15Ansa na yɛde yɛn nuabaa bɛma wo awadeɛ no, gye sɛ woatwitwa wo mmarima nyinaa twetia te sɛ yɛn. 16Sɛ moyɛ saa deɛ a, yɛne mo bɛdi awadeɛ. Mobɛware yɛn mmaa, na yɛn nso, yɛaware mo mmaa. Yɛne mo bɛtena fɛfɛɛfɛ sɛ nnipa baako. 17Sɛ moampene so amma wɔantwitwa mo twetia deɛ a, yɛbɛgye yɛn nuabaa de no akɔ.”

18Asɛm a wɔkaeɛ no tɔɔ Hamor ne ne ba Sekem asom. 19Sekem a na ɔyɛ aberanteɛ a ɔdi mu wɔ nʼagya mma nyinaa mu no antwentwɛn ne nan ase koraa. Ɔkɔtwaa twetia no, sɛdeɛ Yakob mma no kaeɛ no, ɛfiri sɛ, na ɔpɛ Yakob babaa no yie. 20Enti, Hamor ne ne ba Sekem kɔbɔɔ dwa wɔ kuro no ɛpono ano ne ɛhɔ mmarima kɔkasaeɛ sɛ, 21“Yakob ne ne mma yi ne yɛn te yie. Mompene so na wɔne yɛn ntena yɛn asase yi so, na yɛnni edwa. Ɛfiri sɛ, yɛn asase yi so a yɛne wɔn bɛsene so. Yɛbɛtumi aware wɔn mmammaa, na wɔn nso bɛtumi aware yɛn deɛ. 22Nanso, ansa na wɔn mmarima no bɛpene so ne yɛn atena sɛ nnipa korɔ no, gye sɛ yɛn mmarima nyinaa twitwa twetia, sɛdeɛ wɔn nso wɔatwitwa twetia no. 23Sɛ ɛba saa a, wɔn mmoa, wɔn agyapadeɛ ne wɔn mmoa ahodoɔ a ɛkeka ho no nyinaa remmɛyɛ yɛn dea anaa? Enti, momma yɛmpene so mma wɔn, na yɛne wɔn ntena.”

24Mmarima a wɔkɔhyiaa Hamor ne ne ba Sekem wɔ kuro no ɛpono ano no nyinaa ne wɔn yɛɛ adwene maa mmarima a wɔwɔ kurom hɔ nyinaa twitwaa twetia.

Dina So Aweretɔ

25Nnansa akyiri a na twetiatwa no enti, kurom hɔ mmarima no nyinaa deda hɔ a wɔgye wɔn ho a ɛnnye no, Yakob mmammarima baanu Simeon ne Lewi a wɔyɛ Dina nuammarima no faa wɔn mpea. Wɔkɔto hyɛɛ kuro no so, ɛberɛ a wɔn ani nna wɔn ho so, kunkumm mmarima a wɔwɔ kurom hɔ nyinaa. 26Wɔde pea kumm Hamor ne ne ba Sekem, na wɔfaa wɔn nuabaa Dina firii Sekem fie de no kɔɔ wɔn nkyɛn. 27Yakob mmammarima a wɔaka no nso to hyɛɛ kuro no so. Wɔtiatiaa nnipa a wɔawuwu no so, fom kuro no mu nneɛma nyinaa pasaa, ɛfiri sɛ, ɛhɔ na Sekem guu wɔn nuabaa Dina ho fi. 28Wɔfom wɔn anantwie, wɔn nnwan, wɔn mfunumu ne wɔn agyapadeɛ biara a ɛwɔ kuro no mu ne deɛ ɛwɔ wiram nyinaa. 29Wɔfaa wɔn ahodeɛ, wɔn yerenom ne wɔn mmaa, fom wɔn afie mu nneɛma nyinaa.

30Afei, Yakob ka kyerɛɛ Simeon ne Lewi sɛ, “Mode ɔhaw abɛto me so, ama ɛnnɛ me ho koraa abɔn Perisifoɔ ne Kanaanfoɔ a mete wɔn asase so yi. Yɛn nnɔɔso. Sɛ wɔka wɔn ho bom, bɛto hyɛ yɛn so a, wɔbɛhye me ne mʼasefoɔ nyinaa.”

31Na wɔbuaa wɔn agya sɛ, “Enti, anka yɛntena hɔ nhwɛ na ɔnyɛ yɛn nuabaa sɛ odwamanfoɔ anaa?”