욥기 2 – KLB & ASCB

Korean Living Bible

욥기 2:1-13

욥의 두 번째 시험

1어느 날 또 2:1 원문에는 ‘하나님의 아들들이’여호와의 천사들이 여호와 앞에 나와 섰을 때 사탄도 그들 가운데 와 있었다.

2그때 여호와께서 사탄에게 물었다. “네가 어디서 왔느냐?” “땅을 두루 돌아다니다가 왔습니다.”

3“네가 내 종 욥을 주의하여 보았느냐? 그처럼 진실하고 정직하며 나를 두려운 마음으로 섬기고 악을 멀리하는 사람은 세상에 없다. 네가 나를 자극하여 아무 이유 없이 그를 해치게 하였으나 그는 여전히 진실을 간직하고 있다.”

4“가죽은 가죽으로 바꾸는 법입니다. 사람이 자기 생명을 구하기 위해서는 무엇이든지 포기할 것입니다.

5이제 주의 손을 펴서 그의 살과 뼈를 한번 쳐 보십시오. 그러면 당장 그가 정면으로 주를 저주할 것입니다.”

6“좋다. 네가 그를 네 마음대로 하여라. 그러나 그의 생명만은 해하지 말아라.”

7그래서 사탄은 여호와 앞에서 물러가 욥을 쳐서 그의 발바닥에서부터 머리 끝까지 악성 종기가 나게 하였다.

8욥이 재 가운데 앉아서 기와 조각을 가져다가 자기 몸을 긁고 있는데

9그의 아내가 와서 말하였다. “당신이 이래도 진실을 고수할 셈이오? 하나님이나 저주하고 죽으시오.”

10그러나 욥은 이렇게 대답하였다. “당신의 말은 어리석은 여자의 말과 같소. 우리가 하나님께 복도 받았는데 재난을 당하지 말라는 법이 있겠소?” 이 모든 일을 당하고서도 욥은 입술로 하나님께 범죄하지 않았다.

욥의 세 친구

11그때 욥의 세 친구들은 욥이 당한 모든 일을 듣고 서로 연락하여 그를 찾아보고 위로하고자 각자 자기 집에서 출발했다. 그들은 데만 사람 엘리바스와 수아 사람 빌닷과 나아마 사람 소발이었다.

12그들은 멀리서 욥을 바라보고 알아볼 수 없을 만큼 그가 변한 것을 보자 소리 높여 울며 슬픔에 못 이겨 자기들의 옷을 찢고 하늘을 향해 티끌을 날려 자기들의 머리에 뿌렸다.

13그러고서 그들은 밤낮 7일을 꼬박 그와 함께 땅바닥에 앉아 있었으나 욥의 고통이 너무 큰 것을 보았기 때문에 말 한마디 하는 자가 없었다.

Asante Twi Contemporary Bible

Hiob 2:1-13

Hiob Sɔhwɛ A Ɛtɔ So Mmienu

1Ɛda foforɔ bi, abɔfoɔ no baa Awurade anim bio na Satan nso kaa wɔn ho baeɛ. 2Awurade bisaa Satan sɛ, “Wofiri he na wobaa ha?”

Satan buaa Awurade sɛ, “Mefiri asase so akyinkyinakyinkyini ne emu akɔneabadie mu.”

3Na Awurade bisaa Satan sɛ, “Woadwene mʼakoa Hiob ho anaa? Obiara nte sɛ ɔno wɔ asase so, ne ho nni asɛm na ɔtene. Ɔyɛ onipa a ɔsuro Onyankopɔn na ɔkyiri bɔne. Ɛwom sɛ wohyɛɛ me sɛ mensɛe no a menni nnyinasoɔ biara deɛ, nanso ɔda so gyina ne pɛpɛyɛ no mu.”

4Satan buaa Awurade sɛ, “Wedeɛ pere wedeɛ. Onipa de deɛ ɔwɔ nyinaa bɛma de apere ne nkwa. 5Sɛ ɛbɛtumi a tene wo nsa fa ka ne honam ne ne nnompe, na ɔbɛdome wo wɔ wʼanim!”

6Awurade ka kyerɛɛ Satan sɛ, “Ɛyɛ, ɔwɔ wo nsam na ne nkwa deɛ, gyaa mu ma no.”

7Enti, Satan firii Awurade anim, na ɔmaa akuro a ɛyɛ yea totɔɔ Hiob ho firi ne nan ase kɔsii nʼapampam. 8Afei, na kyɛmferɛ na Hiob de dwi ne ho, ɛberɛ a ɔte nsõ mu.

9Ne yere bisaa no sɛ, “Woda so kura wo pɛpɛyɛ no mu ara? Dome Onyankopɔn, na wu!”

10Na Hiob buaa no sɛ, “Wokasa sɛ ɔbaa a ɔyɛ ɔkwasea. Ade pa deɛ, yɛagye afiri Onyankopɔn nsam na ade bɔne na yɛmpo anaa?”

Yei nyinaa mu, Hiob anka asɛm bɔne.

Hiob Nnamfo Baasa No

11Ɛberɛ a Hiob nnamfo baasa bi a wɔne Temanni Elifas,2.11 Na Elifas yɛ Edomni a ɔfiri Teman. Suhini Bildad ne Naamani Sofar tee amanehunu a aba Hiob so no, wɔfirii wɔn afie mu, hyia yɛɛ adwene sɛ wɔbɛkɔ akɔhwɛ no na wɔakyekye ne werɛ. 12Wɔhunuu Hiob firii akyiri no, wɔanhunu sɛ ɛyɛ ɔno; wɔhyɛɛ aseɛ twaa agyaadwoɔ, sunsuanee wɔn ntadeɛ mu, tuu mfuturo guu wɔn tiri so. 13Na wɔne no tenaa fam nnanson, awia ne anadwo. Na obiara ankasa, ɛfiri sɛ, wɔhunuu sɛ nʼamanehunu no nyɛ asɛmwa.