신명기 6 – KLB & ASCB

Korean Living Bible

신명기 6:1-25

제일 큰 계명

1“이 모든 것은 여러분의 하나님 여호와께서 여러분에게 가르치라고 나에게 명령하신 법과 규정입니다. 여러분은 들어가 살 땅에서 이것들을 지키십시오.

2이것은 여러분과 여러분의 후손이 평생 여호와 하나님을 두려운 마음으로 섬기고 내가 여러분에게 명령한 모든 법과 규정을 지킴으로 여러분이 오랫동안 번영을 누리며 살게 하려는 것입니다.

3그러므로 여러분은 이 모든 것을 잘 듣고 지키십시오. 그러면 여러분이 복을 받아 여러분 조상의 하나님 여호와께서 여러분에게 약속하신 대로 기름지고 비옥한 땅에서 크게 번성할 것입니다.

4“여러분, 잘 들으십시오. 우리 하나님 여호와는 단 한 분밖에 없는 여호와이십니다.

5여러분은 마음을 다하고 정성을 다하고 힘을 다하여 여러분의 하나님 여호와를 사랑하십시오.

6그리고 오늘 내가 여러분에게 전하는 이 말씀을 언제나 잊지 말고

7여러분의 자녀들에게 부지런히 가르치십시오. 여러분은 집에 있을 때나 길을 갈 때나 잠자리에 들 때나 아침에 일어날 때나 이것에 대하여 항상 이야기하십시오.

8또 여러분은 그것을 손에 매어 달고 이마에 붙여 항상 생각해야 합니다.

9그리고 여러분의 집 문기둥과 문에 그 말씀을 기록하십시오.”

불순종에 대한 경고

10“여러분의 하나님 여호와께서는 여러분의 조상 아브라함과 이삭과 야곱에게 약속하신 땅으로 여러분을 인도하시고 여러분이 건축하지 않은 크고 아름다운 성을 여러분에게 주실 것입니다.

11그리고 여러분이 구입하지 않은 좋은 물건들로 가득 찬 집과 여러분이 파지 않은 우물과 여러분이 심지 않은 포도원과 감람나무를 주시고 또 여러분에게 먹을 것을 충분히 주실 것입니다.

12그때 여러분은 이집트에서 종살이하던 여러분을 인도해 내신 여호와를 잊지 않도록 조심하십시오.

13여러분은 여러분의 하나님 여호와를 경배하고 그를 섬기십시오. 그리고 맹세할 때는 여호와의 이름으로만 맹세해야 합니다.

14여러분은 주위에 있는 다른 민족의 신들을 섬기지 마십시오.

15만일 여러분이 다른 신들을 섬기면 여러분 가운데 계시는 여러분의 하나님 여호와는 질투하는 하나님이시므로 대단히 노하셔서 여러분을 지상에서 쓸어 버리실 것입니다.

16여러분은 맛사에서처럼 여러분의 하나님 여호와를 시험하지 마십시오.

17-18여러분은 여호와 하나님이 여러분에게 명령하신 모든 것을 충실히 지키고 여호와께서 보시기에 옳고 선한 일을 해야 합니다. 그러면 여러분이 복을 받아 여호와께서 여러분의 조상들에게 약속하신 좋은 땅에 들어가 그것을 점령하고

19여호와의 말씀대로 여러분의 모든 원수들을 몰아낼 수 있을 것입니다.

20“훗날 여러분의 자녀들이 ‘우리 하나님 여호와께서 우리에게 이 모든 법을 지키라고 명령하신 목적이 무엇입니까?’ 하고 물으면

21여러분은 이렇게 대답하십시오. ‘우리가 옛날에 이집트에서 바로의 노예로 있었는데 여호와께서 큰 능력으로 우리를 거기서 구출해 내셨단다.

22그때 여호와께서는 우리가 보는 데서 이집트 사람들과 바로와 그의 모든 신하들에게 크고 놀라운 기적을 행하셨으며

23우리 조상들에게 약속하신 땅으로 인도하시려고 우리를 이집트에서 이끌어내셨다.

24그리고 여호와께서는 우리에게 이 모든 법을 지키고 자기를 두려운 마음으로 섬기라고 명령하셨다. 그것은 우리가 오늘날처럼 복을 누리며 살 수 있도록 하기 위해서였다.

25만일 우리가 우리 하나님 여호와께서 명령하신 이 모든 법을 충실히 지키면 6:25 또는 ‘그것이 곧 우리의 의로움이니라’여호와께서 우리를 의로운 사람으로 여기실 것이다.’ ”

Asante Twi Contemporary Bible

5 Mose 6:1-25

Awurade Wo Onyankopɔn

1Yeinom ne ahyɛdeɛ, mmara ne nhyehyɛeɛ a Awurade mo Onyankopɔn ka kyerɛɛ me sɛ menkyerɛ mo na monni so wɔ asase a moretwa Yordan akɔtena so no, 2sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mo, mo mma ne wɔn mma bɛsuro Awurade mo Onyankopɔn mmerɛ dodoɔ a mote ase. Sɛ modi ne mmara ne nʼahyɛdeɛ nyinaa so a, mo nkwa nna bɛware. 3Montie, Ao Israel, na monhwɛ yie nni so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɛbɛsi mo yie na mo ase atrɛ yie wɔ asase a nufosuo ne ɛwoɔ resene wɔ so sɛdeɛ Awurade, mo agyanom Onyankopɔn, hyɛɛ mo ho bɔ no.

4Tie, Ao Israel, Awurade yɛn Onyankopɔn yɛ Awurade koro. 5Awurade wo Onyankopɔn firi wʼakoma mu nyinaa ne wo kra nyinaa mu ne wʼahoɔden nyinaa mu. 6Momma saa mmaransɛm a mede rema wo ɛnnɛ yi ntena mo akoma mu. 7Momfa nhyɛ mo mma mu. Sɛ mowɔ fie anaa monam ɛkwan so, sɛ moda hɔ anaa mosɔre anɔpa a, monkyerɛkyerɛ wɔn. 8Monkyekyere no sɛ agyinahyɛdeɛ mmɔ mo nsa na momfa bi mmɔ abotire. 9Montwerɛ ngu mo fie aponnwa ne mo aboboanopono ho.

10Ɛrenkyɛre biara, Awurade mo Onyankopɔn de mo bɛba asase a ɔkaa ntam sɛ ɔde bɛma mo agyanom Abraham, Isak ne Yakob no. Ɛyɛ asase a animuonyam nkuropɔn a ɛnyɛ mo na mokyekyereeɛ ahyɛ so ma. 11Wɔde nneɛma pa a ɛnyɛ mo na moyɛeɛ bɛhyɛ no ma. Mobɛto nsuo afiri abura a ɛnyɛ mo na motuiɛ mu, na mobɛdidi afiri turo a ɛnyɛ mo na moyɛeɛ mu ne ngo nnua a ɛnyɛ mo na moduaeɛ. Sɛ modidi mee wɔ saa asase yi so wie a, 12monhwɛ yie na mo werɛ amfiri Awurade a ɔgyee mo firii nkoasom mu Misraim asase so no.

13Ɛsɛ sɛ mosuro Awurade, mo Onyankopɔn, na mosom ɔno nko ara. Ne din nko ara na momfa nka ntam. 14Monnni anyame foforɔ akyi—anyame a wɔyɛ nnipa a wɔatwa mo ho ahyia no dea; 15na Awurade mo Onyankopɔn a ɔwɔ mo ntam no yɛ Onyankopɔn ninkunfoɔ a nʼabufuhyeɛ no bɛhye mo na ɔbɛsɛe mo afiri asase so. 16Monnsɔ Awurade, mo Onyankopɔn, nhwɛ sɛdeɛ moyɛeɛ ɛberɛ a na mowɔ Masa no. 17Ɛsɛ sɛ modi Awurade mo Onyankopɔn ahyɛdeɛ so pɛpɛɛpɛ—monni mmara no mu nsɛm nyinaa so sɛdeɛ ɔde ama mo no. 18Monyɛ deɛ ɛtene na ɛyɛ wɔ Awurade ani so na biribiara awie mo yie. Na moakɔ akɔtena asase pa a Awurade hyɛɛ ho bɔ kyerɛɛ mo agyanom no. 19Mobɛpam atamfoɔ a wɔte mo asase no so nyinaa sɛdeɛ Awurade ka kyerɛɛ mo sɛ ɔbɛyɛ no.

20Daakye bi, mo mma bɛbisa mo sɛ, “Saa mmara ne nʼahyɛdeɛ a Awurade, yɛn Onyankopɔn de ama yɛn yi aseɛ ne sɛn?” 21Monka nkyerɛ wɔn sɛ “Na yɛyɛ Farao nkoa wɔ Misraim, nanso Awurade nam anwanwatumi so yii yɛn firii Misraim. 22Yɛhunuu Awurade nsɛnkyerɛnneɛ nnwuma a ɔyɛ tiaa Misraim, Farao ne ne nkurɔfoɔ nyinaa. 23Ɔyii yɛn firii Misraim sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛtumi de asase a wahyɛ yɛn agyanom ho bɔ no ama yɛn. 24Na Awurade yɛn Onyankopɔn hyɛɛ yɛn sɛ yɛnni mmara no nyinaa so na yɛmfa obuo ne anidie mma no sɛdeɛ ɛbɛma daakye asi yɛn yie sɛdeɛ ɛte ɛnnɛ yi. 25Ɛfiri sɛ, sɛ yɛdi mmara no nyinaa a Awurade, yɛn Onyankopɔn, de ama yɛn no so a, ɛbɛma yɛayɛ ateneneefoɔ.”