미가 3 – KLB & AKCB

Korean Living Bible

미가 3:1-12

악한 지도자들과 예언자들

1이스라엘의 지도자들아, 들어라! 3:1 또는 ‘공의는 너희의 알 것이 아니냐?’너희는 정의를 실현해야 할 사람들이 아니냐?

2그런데도 너희는 선을 미워하고 악을 좋아하여 내 백성의 가죽을 벗기고 그들의 뼈에서 살을 뜯어내고 있다.

3너희는 내 백성의 고기를 먹고 그들의 뼈를 꺾어 냄비에 끓일 고기처럼 다지고 있다.

4그러므로 너희가 여호와께 부르짖어도 그가 응답하지 않으실 것이다. 너희가 악을 행하였으므로 너희가 기도할 때 여호와께서 외면하실 것이다.

5거짓 예언자들아, 너희는 여호와의 백성을 잘못된 길로 인도하고 있다. 너희에게 먹을 것을 주는 자들에게는 너희가 평안을 말해 주고 먹을 것을 주지 않는 자들에게는 좋지 못한 말로 위협하고 있다. 그러므로 이런 거짓 예언자들에게 여호와께서 말씀하신다.

6“너희에게 태양이 지고 어두운 밤이 닥칠 것이므로 너희가 환상을 보고 미래를 예언하거나 점을 치지 못할 것이다.”

7미래를 점치는 자들이 다 수치를 당할 것이다. 하나님이 응답하지 않으시므로 그들이 창피해서 자기들의 얼굴을 가릴 것이다.

8그러나 여호와께서 나에게 성령과 권능으로 채워 주시고 올바른 판단력을 주셨으므로 내가 이스라엘 백성의 죄를 과감하게 선언할 것이다.

9정의를 미워하고 불의를 일삼는 이스라엘의 지도자들아, 들어라.

10너희는 시온을 피로, 예루살렘을 죄악으로 건축하고 있다.

113:11 또는 ‘그 두령이’성을 다스리는 자들이 뇌물을 받고 재판을 하며 제사장들은 3:11 또는 ‘삯을 위해 교훈하며’급료를 받고 율법을 가르치고 예언자들은 돈을 받고 점을 쳐 주면서도 여호와의 이름을 들어 “여호와께서 우리 가운데 계시지 않느냐? 재앙이 우리에게 내리지 않을 것이다” 하고 말한다.

12그래서 너희 때문에 시온이 밭처럼 경작될 것이다. 예루살렘은 폐허가 되고 성전 언덕에는 잡목 숲이 무성할 것이다.

Akuapem Twi Contemporary Bible

Mika 3:1-12

Akannifo Ne Adiyifo Animka

1Afei mekae se,

“Muntie, mo Yakob akannifo,

mo a mudi Israelfi so.

Ɛsɛ sɛ muhu nea ɛyɛ atɛntrenee,

2Mo a mukyi nea eye na modɔ bɔne

moworɔw me nkurɔfo were

na motetew nam no fi wɔn nnompe ho;

3mowe me nkurɔfo nam,

mowae wɔn were,

bubu wɔn nnompe mu nketenkete;

mutwitwa wɔn sɛ nam a

mode regu kutu mu.”

4Afei wobesu afrɛ Awurade,

nanso ɔrennye wɔn so.

Saa bere no ɔde nʼanim besie wɔn,

bɔne a wɔayɛ nti.

5Nea Awurade se ni:

“Adiyifo a

wɔdaadaa me nkurɔfo no de,

obi ma wɔn biribi di a

wɔpae mu ka asomdwoe nsɛm,

na sɛ wɔamma wɔn biribi anni a,

adiyifo no siesie wɔn ho sɛ wobetu wɔn so sa.

6Enti ade bɛsa mo a morennya adaeso,

sum beduru mo a morennya ahintasɛm biara.

Owia bɛtɔ ama adiyifo no,

na adekyee bɛdan sum ama wɔn.

7Adehufo ani bewu

na wobegu asamanfrɛfo anim ase.

Wɔn nyinaa bɛkatakata wɔn anim,

efisɛ mmuae biara mfi Onyankopɔn hɔ mma.”

8Nanso me de, tumi ahyɛ me ma,

Awurade Honhom ahyɛ me ma

trenee ne ahoɔden

a mede bɛpae mu aka

Yakob amumɔyɛ ne Israel bɔne.

9Muntie, mo Yakobfi akannifo,

mo a mudi Israel so,

a mukyi atɛntrenee

na mokyea nea ɛteɛ nyinaa;

10Mo a mode mogyahwiegu kyekyeree Sion

ne awurukasɛm kyekyeree Yerusalem.

11Nʼakannifo no gye adanmude ansa na wobu atɛn,

nʼasɔfo gye sika ansa na wɔakyerɛkyerɛ,

nʼadiyifo de nkɔmhyɛ ayɛ sikapɛ.

Nanso wɔdan Awurade, na wɔka se,

Awurade nni yɛn ntam ana?

Ɔhaw biara remma yɛn so.”

12Na mo nti,

wobefuntum Sion te sɛ afuw,

Yerusalem bɛyɛ nnwiriwii siw,

na asɔredan no pampa bɛyɛ nkɔmoa so nkyɛkyerɛ.