歴代誌Ⅱ 3 – JCB & ASCB

Japanese Contemporary Bible

歴代誌Ⅱ 3:1-17

3

神殿の建設

1ついに神殿の建設が始まりました。敷地はエルサレムのモリヤ山上で、ここは、かつて主がソロモンの父ダビデに姿を現したエブス人オルナンの打ち場があった所です。ダビデはかねて、そこを神殿の建設予定地にしていました。 2工事が始まったのは、ソロモン王の治世第四年、第二の月の二日でした。

3まず神殿の土台は、長さ六十キュビト(約二・六メートル)、幅二十キュビト(八・八メートル)。 4屋根つきの玄関は、神殿の幅と同じ二十キュビトの長さで、内側の壁と天井には純金を張りつめました。屋根の高さは百二十キュビト(約五・三メートル)。 5神殿の主要部は糸杉で覆い、純金を張りつめ、なつめやしの木と鎖を彫刻しました。 6壁の内側はより美しさを増すために、宝石で飾りました。ここで用いた金はパルワイム産の最上のものです。 7神殿内は、壁も、梁も、扉も、敷居も金を張りつめ、壁にはケルビム(天使を象徴する像)を刻みました。

8神殿の奥に、二十キュビト四方の至聖所(神の箱を安置する部屋)がありました。ここにも、六百タラント(二十・四トン)の金を張りつめました。 9五十シェケル(五百七十五グラム)の金の釘を使い、階上の部屋も金を張りました。

10一番奥の至聖所に、王はケルビムを二つすえ、それにも金をかぶせました。 11-13この像は床の上に立ち、顔を部屋の外に向け、一方の壁からもう一方の壁まで翼をいっぱいに広げていました。 14王はまた、至聖所の入口に、ケルビムの縫い取り模様のある青と紅の亜麻布製の幕をかけました。

15神殿の前には、二本の柱を立てました。それぞれ高さは三十五キュビト(十五・四メートル)で、さらにその上に、高さ五キュビト(二・二メートル)の柱頭がありました。 16その頂に百個のざくろがついた鎖を取りつけました。 17それから、この柱を神殿正面の右と左に立て、右側の柱をヤキン、左側の柱をボアズと名づけました。

Asante Twi Contemporary Bible

2 Berɛsosɛm 3:1-17

Salomo Si Asɔredan No

1Na Salomo hyɛɛ aseɛ sii Awurade Asɔredan no wɔ Yerusalem Moria bepɔ so a ɛhɔ na Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ Salomo agya Ɔhene Dawid no. Wɔsii Asɔredan no wɔ Yebusini Arauna ayuporobea hɔ, beaeɛ a Dawid yi too hɔ no. 2Salomo dii adeɛ no, ne mfeɛ ɛnan so, Adar bosome (bɛyɛ Oforisuo) mu, na wɔhyɛɛ ɛdan no sie ase.

3Na Onyankopɔn Asɔredan no fapem atweeɛmu yɛ anammɔn aduɔkron, ɛnna ne tɛtrɛtɛ mu yɛ anammɔn aduasa. 4Ntwonoo a ɛwɔ Asɔredan no anim tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduasa, a ɛne Asɔredan no tɛtrɛtɛ yɛ pɛ.

Afasuo a ɛwɔ ntwonoo no mu no nyinaa, wɔde sikakɔkɔɔ adura mu. Ntwonoo no ɔsorokɔ yɛ anammɔn aduasa.

5Pepeaa nnua na wɔde samm Asɔredan no mu, na wɔde sikakɔkɔɔ amapa guu so, dii mmɛdua ne nkɔnsɔnkɔnsɔn adwinnie wɔ so. 6Aboɔdemmoɔ a ɛyɛ fɛ ne sikakɔkɔɔ a ɛfiri Parwaim na wɔde siesiee Asɔredan no afasuo ho. 7Wɔde sikakɔkɔɔ guu Asɔredan no afasuo, afadum, apono ne aboboano nyinaa ho, na wɔdii Kerubim sɛso adwinnie wɔ afasuo no ho.

8Na Kronkron mu Kronkron hɔ tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduasa te sɛ asɔredan no ara, nʼatweeɛmu nso yɛ anammɔn aduasa. Sikakɔkɔɔ amapa bɛyɛ nkariboɔ tɔno aduonu mmiɛnsa na wɔde guu so. 9Sikakɔkɔɔ nnadewa a ebiara kari bɛyɛ gram ahanum ne aduɔson enum (575) na wɔde dii ɛdan no ho dwuma. Sikakɔkɔɔ amapa na wɔde guu soro adan no afasuo ani.

10Salomo yɛɛ Kerubim sɛso mmienu, de sikakɔkɔɔ amapa guu ho. Wɔde yeinom sisii Kronkron mu Kronkron hɔ. 11Kerubim mmienu no a wɔsisi hɔ no ntaban ka bɔ mu a, ne ntrɛmu yɛ anammɔn aduasa. Kerubim baako ataban baako a ɛpem ɔfasuo no tentene yɛ anammɔn nson ne fa. Ataban baako no nso a ɛyɛ anammɔn nson ne fa no, ɛne Kerubim baako no ataban hyia. 12Saa ara nso na Kerubim a ɔtɔ so mmienu no ataban baako mu ntrɛmu yɛ anammɔn nson ne fa, na ɛpem Asɔredan no ɔfasuo a ɛne ɔfasuo baako no di nhwɛanim. Ataban baako a aka no nso ntrɛmu a ɛyɛ anammɔn nson ne fa no, ɛhyia Kerubim a ɛdi ɛkan no ataban baako. 13Enti, na Kerubim mmienu no ntaban mu ntrɛmu yɛ anammɔn aduasa. Na wɔn nyinaa sisi hɔ a wɔn anim kyerɛ Asɔredan no mu.

14Salomo de ntwamutam3.14 Ntwamutam no kyɛ asɔredan no mu mmienu. Nnua apono no nso wɔtumi to mu. a ɔde bibire ne asaawa a ɛberedum ne koogyan ne nwera ayɛ, a wɔanwono Kerubim nsɛsodeɛ agu mu, sɛnee Kronkron mu Kronkron no kwan ano.

15Asɔredan no anim, Salomo yɛɛ afadum mmienu a emu biara ɔsorokɔ yɛ anammɔn aduonu nson. Na ntaasoɔ kata emu biara atifi a ɛno nso ɔsorokɔ yɛ anammɔn nson ne fa. 16Ɔyɛɛ ntweaban nsosɔmu, de siesiee afadum no atifi. Ɔsane yɛɛ ateaa aba nsɛso fɛfɛ de sosɔɔ ntweaban no mu. 17Afei, ɔde afadum mmienu no sisii Asɔredan no ano ɛkwan ano. Ɔde baako sii ɛkwan no anafoɔ fam no ano, ɛnna ɔde baako nso sii atifi fam. Ɔtoo deɛ ɛwɔ anafoɔ fam no edin Yakin, ɛnna deɛ ɛwɔ atifi fam no, ɔtoo no edin Boas.