歴代誌Ⅱ 22 – JCB & ASCB

Japanese Contemporary Bible

歴代誌Ⅱ 22:1-12

22

ユダの王アハズヤ

1エルサレムの人々は、ヨラムの末子アハズヤ(別名エホアハズ)を新しく王に選びました。アラビヤ(アラブ)人の略奪部隊が、年長の息子たちを殺してしまったからです。 2アハズヤは二十二歳で王となり、一年間エルサレムで治めました。母親はオムリの孫娘のアタルヤでした。 3彼もまた、母にそそのかされてアハブ王の悪い例にならいました。 4父ヨラムの死後、アハブ家の者たちが助言者となったので、彼はアハブ王に引けを取らないほど、主の前に悪を行う王になりました。

5アハブ家の悪い助言者に操られて、アハズヤは、イスラエルの王アハブの子ヨラムと同盟を結びました。その時、ヨラム王はシリヤの王ハザエルとラモテ・ギルアデで戦っていたので、アハズヤは軍を率いて援軍に駆けつけました。イスラエルの王ヨラムは負傷し、 6治療のため、イズレエルに帰って来ました。ユダの王アハズヤは、彼を見舞いにイズレエルに行きました。 7ところが、このことが彼のいのち取りになりました。神は、ヨラムと同盟を結んだアハズヤに罰を下そうと決めていたのです。ヨラムを見舞ったアハズヤは、彼と手を組んで、ニムシの子エフーとの戦いに出かけました。このエフーこそ、アハブ家を倒すため、神が立てた人物だったのです。

8エフーはアハブ家の者を追いかけ、手あたりしだいに殺していましたが、ユダの高官とアハズヤの甥たちとを見つけたので、彼らも殺しました。 9エフーと家臣たちは、なおアハズヤを捜し回り、ついにサマリヤの町に隠れていた王を見つけ出したのです。王はエフーの前に引き出されて殺されましたが、熱心に主に仕えたあのヨシャパテ王の孫だということで、王にふさわしく葬られました。

アタルヤと祭司エホヤダ

10わが子アハズヤの死の知らせを受けた王母アタルヤは、孫たちを殺してしまったので、跡を継いで王となるべき子はヨアシュのほかにいませんでした。 11ヨアシュは、王の妹である叔母エホシェバに助け出され、宮殿の物置小屋に隠されていたのです。彼女はヨラム王の娘で、祭司エホヤダの妻でした。 12ヨアシュは、アタルヤが女王であった六年間、叔母や叔父、乳母たちに守られて、ずっと神殿にかくまわれていました。

Asante Twi Contemporary Bible

2 Berɛsosɛm 22:1-12

Ahasia Di Ɔhene Wɔ Yuda

1Afei, ɔmanfoɔ a wɔwɔ Yerusalem no sii Yehoram babarima kumaa Ahasia ɔhene a ɔdi hɔ. Na Arabfoɔ afomfafoɔ akuo akunkum mmammarima mpanimfoɔ no nyinaa. Ɛno enti, Yehoram babarima kumaa Ahasia na ɔdii ɔhene wɔ Yuda.

2Ahasia dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu mmienu, na ɔdii ɔhene afe wɔ Yerusalem. Na ne maame a ɔyɛ Israelhene Omri nana no din de Atalia.

3Ahasia nso yɛɛ ɔhene Ahab abusua bɔne a wɔyɛeɛ no bi, ɛfiri sɛ, ne maame hyɛɛ no nkuran wɔ bɔneyɛ mu. 4Ɔyɛɛ bɔne Awurade ani so sɛdeɛ Ahab yɛeɛ no. Nʼagya wuo akyi no, Ahab abusuafoɔ na wɔbɛyɛɛ nʼafotufoɔ. Wɔn na wɔde no kɔɔ ɔsɛeɛ mu. 5Esiane wɔn afotubɔne enti, Ahasia de ne ho kɔbɔɔ ɔhene Yoram a ɔyɛ Israelhene Ahab babarima ho. Wɔtuu Aramhene Hasael so sa wɔ Ramot-Gilead. Ɔko no mu, Aramfoɔ no piraa Yoram. 6Yoram sane kɔɔ Yesreel kɔsaa nʼapirakuro no, na Yudahene Ahasia kɔɔ Yesreel kɔsraa no.

7Na yei danee mfomsoɔ kɛseɛ, ɛfiri sɛ, na Onyankopɔn ayɛ nʼadwene sɛ, ɔbɛtwe Ahasia aso. Saa nsrahwɛ yi mu na Ahasia ne Yoram kɔhyiaa Nimsi babarima Yehu, a na Awurade ayi no sɛ ɔntwa Ahab fie adedie ntoatoasoɔ no so. 8Ɛberɛ a Yehu rebu atɛn atia Ahab fie no, ɔhyiaa Yuda mpanimfoɔ ne Ahasia abusuafoɔ bi a na wɔresom Ahasia. Enti, Yehu kunkumm wɔn nyinaa. 9Afei, Yehu mmarima hwehwɛɛ Ahasia, na wɔkɔhunuu no sɛ wakɔtɛ Samaria kuropɔn no mu. Wɔde no brɛɛ Yehu, na ɔkumm no. Wɔsiee Ahasia maa ɛyɛɛ fɛ, ɛfiri sɛ, nnipa dii ne ho adanseɛ sɛ, “Ɔyɛ Yehosafat a ɔde nʼakoma nyinaa hwehwɛɛ Awurade no nana.” Ahasia abusua mu nnipa a wɔkaa akyire no mu biara amfata sɛ ɔdi ahennie no so.

Atalia Di Yuda So Ɔhene

10Ɛberɛ a Yudahene Ahasia ne maame Atalia tee sɛ ne babarima no awuo no, ɔkekaa ne ho, pɛɛ sɛ ɔsɛe Yuda adehyeɛ abusua no. 11Nanso, Ahasia nuabaa Yehoseba, a na ɔyɛ ɔhene Yehoram babaa, faa Ahasia babarima abadomaa Yoas firii ɔhene no mma a aka a wɔrebɛkum wɔn no mu. Ɔde Yoas ne onipa a ɔhwɛ no no kɔsiee pia bi mu. Yei ne ɛkwan a ɔsɔfoɔ Yehoiada yere Yehoseba faa so de abɔfra no sieeɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na Atalia nnya no nkum no. 12Yoas hyɛɛ Onyankopɔn Asɔredan mu hɔ mfeɛ nsia wɔ ɛberɛ a na Atalia di ɔman no so no.