歴代誌Ⅱ 13 – JCB & ASCB

Japanese Contemporary Bible

歴代誌Ⅱ 13:1-22

13

ユダの王アビヤ

1-2アビヤは、イスラエルの王ヤロブアムの第十八年に、エルサレムで、ユダの新しい王となりました。彼は三年の間王位にあり、母はギブア出身のウリエルの娘ミカヤ(マアカ)でした。彼が王になってまもなく、ユダとイスラエルとの間に戦争がありました。 3アビヤ王の率いる、鍛え抜かれた四十万のユダ軍は、ヤロブアム王の率いる、強力なイスラエル軍八十万と対抗しました。 4ユダ軍がエフライムの山地にあるツェマライム山に到着した時、アビヤ王は、ヤロブアム王とイスラエル軍に向かって叫びました。

5「よく聞け! ダビデ王の子孫が代々イスラエルの王になるという主の約束を、よもや知らぬはずはあるまい。 6おまえたちの王ヤロブアムは、ダビデの子ソロモンの家来で、主君に反逆した者ではないか。 7そのうえ、ろくでもない不満分子の集団が加わって、ソロモンの子レハブアムに公然と反抗した。レハブアムはまだ若く、臆病だったので、立ち向かうことができなかった。 8ほんとうにおまえたちは、ダビデの子孫の治める主の王国を、打ち負かせるとでも思っているのか。おまえたちの軍勢は、われわれの二倍もあるが、ヤロブアムが神だと言って造った金の子牛のためにのろわれているのだ。 9おまえたちは主の祭司とレビ人を追い出し、代わりに異教の祭司を任命した。ほかの民族のように、若い雄牛一頭と雄羊七頭を持って来る者をだれかれなく受け入れ、おまえたちの神ならぬものの祭司にしている! 

10だが、われわれはイスラエルの神を信じる。神を捨てるようなことはしなかった。それに、アロンの直系の子孫だけが祭司で、その働きを助けるのはレビ人だけだ。 11彼らは朝夕、焼き尽くすいけにえを主にささげ、香りの高い香をたき、供えのパンを聖なる机の上に置いている。金の燭台には、毎晩、火がともされている。このように、われわれは主の教えを忠実に守っているが、おまえたちはその主を捨ててしまった。 12これではっきりわかるように、神はわれわれとともにおられ、導いておられる。しかも、主に仕える祭司たちは進軍ラッパを吹き鳴らして、われわれをおまえたちと戦わせようとしている。イスラエルよ、父祖の神、主と戦ってはならない! とうてい勝ち目はないのだから。」

13-14その間にヤロブアムは、こっそり伏兵を相手の背後に回らせたので、ユダは敵にはさまれたかたちになりました。それを知ったユダの民は主にあわれみを求めて叫び、祭司たちはラッパを吹き鳴らし、 15-16一斉にときの声を上げました。すると、戦いの流れがイスラエルからユダに変わりました。 17その日、アビヤ王とユダ軍は、イスラエル軍のえり抜きの兵士五十万を打ちました。

18-19こうしてユダは、父祖の神、主に信頼してイスラエルを破り、ヤロブアム王の軍勢を追い散らしました。そして、その支配下にあったベテル、エシャナ、エフラインの町、さらに周辺の村々を占領しました。 20イスラエルの王ヤロブアムは、アビヤ王が生きている間勢力を挽回することができず、ついに主に打たれて死にました。

21そうする間にユダの王アビヤは力を増し、十四人の妻をめとり、二十二人の息子と十六人の娘をもうけました。 22アビヤ王の言行のすべては、『預言者イドの注解』に記されています。

Asante Twi Contemporary Bible

2 Berɛsosɛm 13:1-22

Abia Ne Yeroboam Di Ako

1Ɛberɛ a Yeroboam dii ɔhene wɔ Israel no, ne mfeɛ dunwɔtwe so, na Abia hyɛɛ aseɛ dii ɔhene wɔ Yuda. 2Ɔdii ɔhene mfeɛ mmiɛnsa wɔ Yerusalem. Na ne maame din de Maaka a ɔyɛ Uriel a ɔfiri Gibea no babaa.

Na ɔko baa Abia ne Yeroboam ntam. 3Ɔhene Abia de akofoɔ akɛseɛ mpem ahanan dii Yuda anim, kɔhyiaa Yeroboam a ɔno nso akɔfa mmarima akofoɔ akokoɔdurufoɔ ɔpeha nwɔtwe afiri Israel.

4Ɛberɛ a Yuda akodɔm no duruu Efraim mmepɔ nsase no so no, Abia gyinaa bepɔ Semaraim so, teaam kyerɛɛ Yeroboam ne Israelfoɔ akodɔm no sɛ, “Montie me! 5Monnim sɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, ne Dawid yɛɛ daa apam de Israel ahennwa maa ɔne nʼasefoɔ afebɔɔ? 6Nanso, Nebat babarima Yeroboam a na ɔyɛ Dawid babarima Salomo ɔsomfoɔ teta bi no bɛyɛɛ ne wura ɔfatwafoɔ. 7Na ɛmaa ahuhufoɔ dɔm kɔboaa no, bu faa Salomo babarima Rehoboam so na ɛsiane sɛ na ɔnyiniiɛ, na ɔnni osuahunu biara enti, wantumi annyina ne wɔn anni asie.

8“Wogye di yie sɛ wobɛtumi agyina, atia Awurade ahennie a Dawid asefoɔ tua ano? Wʼakodɔm no so yie. Nantwie mma a Yeroboam de sikakɔkɔɔ yɛeɛ ne mo anyame. 9Woapam Awurade asɔfoɔ ne Lewifoɔ no, na woahyɛ wʼankasa asɔfoɔ te sɛ abosomman no pɛ. Ɛnnɛ yi, woma obiara bɛyɛ ɔsɔfoɔ. Obiara a ɔde nantwie ba ne nnwennini nson bɛba sɛ wɔnnyina so nhyɛ no ɔsɔfoɔ no, ɔtumi bɛyɛ ɔsɔfoɔ ma saa mo anyame no.

10“Na yɛn deɛ, Awurade ne yɛn Onyankopɔn, na yɛnnyaa no da. Aaron asefoɔ nko ara na wɔsom Awurade sɛ asɔfoɔ, na Lewifoɔ nko ara na wɔtumi boa wɔn wɔ wɔn dwumadie mu. 11Wɔde ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ne ɔhyeɛ aduhwam brɛ Awurade daa anɔpa ne anwummerɛ. Wɔde Hyiadan mu Burodo no to ɛpono kronkron no so, na daa anwummerɛ, wɔsɔ sikakɔkɔɔ kaneadua no. Yɛredi Awurade, yɛn Onyankopɔn, nkyerɛkyerɛ so, nanso moagya no. 12Enti, ɛsɛ sɛ mote aseɛ sɛ Onyankopɔn ka yɛn ho. Ɔno ne yɛn kannifoɔ. Nʼasɔfoɔ hyɛn wɔn totorobɛnto, di yɛn anim, de yɛn kɔ ɔko tia mo. Ao Israelfoɔ, monnko ntia Awurade, mo agyanom Onyankopɔn, na morenni nkonim.”

13Nanso, na Yeroboam ayɛ nwaa ama nʼakodɔm a wɔwɔ hɔ no bi afa Yuda mmarima akyi akɔtɛ wɔn. 14Ɛberɛ a Yuda hunuu sɛ wɔfiri wɔn anim ne wɔn akyi ato ahyɛ wɔn so no, wɔsu frɛɛ Awurade sɛ ɔmmoa wɔn. Na asɔfoɔ no hyɛnee ntotorobɛnto, 15na Yuda mmarima no hyɛɛ aseɛ teateaam. Wɔn ko no mu nteateamu no mu no, Onyankopɔn kaa Yeroboam ne Israel akodɔm no guiɛ, wɔ Abia ne Yuda akodɔm anim. 16Israel akodɔm no dwane firii Yuda, na Onyankopɔn maa Yuda dii nkonim. 17Abia ne nʼakodɔm kunkumm Israel akodɔm no bebree. Ɛda no, wɔn a wɔtotɔɔɛ wɔ Israel akodɔm a wɔdi mu no yɛ mpem ahanum. 18Na Yuda dii Israel so nkonim, ɛfiri sɛ, wɔde wɔn ho too Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn no so.

19Abia ne nʼakodɔm kɔɔ so taa Yeroboam akodɔm no, faa wɔn nkuro no bi te sɛ Bet-El, Yesana ne Efron ne ɛho nkurotoɔ. 20Enti, ɛberɛ a Abia te ase no deɛ, Yeroboam a ɔyɛ Israelhene annya tumi biara, na akyire no, Awurade bɔɔ no ma ɔwuiɛ.

21Yudahene Abia kɔɔ so nyaa tumi. Ɔwaree yerenom dunan. Ɔwoo mmammarima aduonu mmienu ne mmaa dunsia.

22Abia ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne ne nsɛm ne dwuma a ɔdiiɛ no, wɔatwerɛ agu Odiyifoɔ Ido Nkyerɛmu Nwoma mu.