歴代誌Ⅰ 27 – JCB & AKCB

Japanese Contemporary Bible

歴代誌Ⅰ 27:1-34

27

軍隊の組織

1イスラエル軍は、二万四千人からなる十二分団に分けられ、毎年、一か月交替で軍務につきました。各分団には、将校と軍政官が配属されていました。

2-3第一分団長、ザブディエルの子でペレツの子孫に当たるヤショブアム。第一の月に軍務につく二万四千の将兵を指揮。 4第二分団長、アホアハの子孫のドダイ。第二の月に軍務につく者を指揮。副官はミクロテ。 5-6第三分団長、ベナヤ。第三の月に軍務につく者を指揮。彼は大祭司エホヤダの子で、ダビデの軍隊で最強と言われた三十人勇士の筆頭。息子アミザバデが次の分団長となる。 7第四分団長、ヨアブの兄弟のアサエル。第四の月に軍務につく者を指揮。のちに息子ゼバデヤが後を継ぐ。 8第五分団長、イズラフ出身のシャムフテ。第五の月に軍務につく者を指揮。 9第六分団長、テコア出身のイケシュの子イラ。第六の月に軍務につく者を指揮。 10第七分団長、エフライムのペロニ出身のヘレツ。第七の月に軍務につく者を指揮。 11第八分団長、ゼラフ出身のフシャ族のシベカイ。第八の月に軍務につく者を指揮。 12第九分団長、ベニヤミンのアナトテ出身のアビエゼル。第九の月に軍務につく者を指揮。 13第十分団長、ゼラフのネトファ出身のマフライ。第十の月に軍務につく者を指揮。 14第十一分団長、エフライムのピルアトン出身のベナヤ。第十一の月に軍務につく者を指揮。 15第十二分団長、オテニエルに属するネトファ出身のヘルダイ。第十二の月に軍務につく者を指揮。

各部族の長

16-22イスラエルの各部族の長は次のとおり。ルベン族の長、ジクリの子エリエゼル。シメオン族の長、マアカの子シェファテヤ。レビ族の長、ケムエルの子ハシャブヤ。アロンの子孫の長、ツァドク。ユダ族の長、ダビデの兄弟エリフ。イッサカル族の長、ミカエルの子オムリ。ゼブルン族の長、オバデヤの子イシェマヤ。ナフタリ族の長、アズリエルの子エリモテ。エフライム族の長、アザズヤの子ホセア。マナセの半部族の長、ペダヤの子ヨエル。ギルアデ地域のマナセの半部族の長、ゼカリヤの子イド。ベニヤミン族の長、アブネルの子ヤアシエル。ダン族の長、エロハムの子アザルエル。

23ダビデは人口調査の時、二十歳以下は数に入れませんでした。民の人口を爆発的に増やすという主の約束があったからです。 24ヨアブにさせた人口調査は、途中で主の怒りが下ったために完了しませんでした。そのため、調査の最終結果はダビデ王の年代記に載っていません。

王室の責任者たち

25アディエルの子アズマベテは、宮殿の宝物倉を管理する最高責任者でした。ウジヤの子ヨナタンは、イスラエルの町や村、要塞などにある宝物倉の責任者でした。 26ケルブの子エズリは、王室所有地で働く人々の監督でした。 27ラマ出身のシムイは、王室ぶどう園の監督でした。シェファム出身のザブディは、ぶどう酒の製造と貯蔵の責任をもちました。 28ゲデル出身のバアル・ハナンは、ペリシテ人の領土と隣接する低地にある、王室のオリーブ畑と桑の木を管理する責任を受け持ちました。ヨアシュは、オリーブ油の製造と貯蔵を受け持ちました。 29シャロン出身のシルタイは、シャロン平原で牛の群れの飼育に当たりました。アデライの子のシャファテは、谷にいる牛の群れの飼育に当たりました。 30らくだはイシュマエルの地出身のオビルが、雌ろばはメロノテ出身のエフデヤが世話をしました。 31羊の群れを世話したのは、ハガル人ヤジズでした。これらの人々はみな、ダビデ王の監督下にありました。

32王子の教育係は、ダビデ王のおじに当たる見識ある相談役ヨナタンで、王子の後見人はハクモニの子エヒエルでした。 33アヒトフェルは王の相談役、アルキ人フシャイは王の個人的な相談相手でした。 34ベナヤの子エホヤダとエブヤタルが、アヒトフェルを補佐しました。ヨアブはイスラエル軍の将軍(最高司令官)でした。

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Beresosɛm 27:1-34

Asahene Ne Wɔn Akuw

1Israelfo akuw ahorow no ni—mmusua mpanyimfo, asahene ne asraafo mpanyimfo a na wɔhwɛ asraafo akuw ahorow so de som ɔhene, a kuw biara kɔ adwuma ɔsram baako wɔ afe mu. Na dɔm a wɔwɔ kuw biara mu nso dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000). Wɔn din na edidi so yi.

2Sabdiel babarima Yasobeam na na ɔyɛ kuw a edi kan no sahene, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a edi kan wɔ afe no mu. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000). 3Na ɔyɛ Peres aseni a na ɔhwɛ asraafo mpanyimfo no nyinaa so ɔsram a edi kan no mu.

4Dodai a na ɔyɛ Ahoa aseni na na ɔyɛ kuw a ɛto so abien a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so abien mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000), a na Miklot yɛ nʼabediakyiri.

5Ɔsɔfo Yehoiada babarima Benaia na na ɔyɛ kuw a ɛto so abiɛsa a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so abiɛsa mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000). 6Saa Benaia yi na na ɔhwɛ Dawid asraafo akunini kuw, a na wɔfrɛ wɔn Akofo Akɛse Aduasa no so. Ne babarima Amisabad na na ɔyɛ nʼabediakyiri.

7Yoab nuabarima Asahel na na ɔyɛ kuw a ɛto so anan, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so anan mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000). Asahel babarima Sebadia na odii nʼade.

8Samhut a ɔyɛ Yisrahini na na ɔyɛ kuw a ɛto so anum, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so anum mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000).

9Ikes babarima Ira a ofi Tekoa no na na ɔyɛ kuw a ɛto so asia, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so asia mu no sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000).

10Heles a na ɔyɛ Efraim aseni a ofi Pelon no na na ɔyɛ kuw a ɛto so ason, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so ason mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000).

11Sibekai a na ɔyɛ Sera aseni a ofi Husa no na na ɔyɛ kuw a ɛto so awotwe, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so awotwe mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000).

12Abieser a na ofi Anatot a ɛda Benyamin asase so no na na ɔyɛ kuw a ɛto so akron, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so akron mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000).

13Maharai a ɔyɛ Serah aseni a ofi Netofa no na na ɔyɛ kuw a ɛto so du, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so du mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000).

14Benaia a ofi Piraton a ɛwɔ Efraim no na na ɔyɛ kuw a ɛto so dubaako, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so dubaako mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000).

15Heldai a ɔyɛ Otniel a ofi Netofa aseni no na na ɔyɛ kuw a ɛto so dumien, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so dumien mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000).

Mmusuakuw No Ntuanofo

16Mmusuakuw no ne wɔn ntuanofo ni:

Ruben abusuakuw: Sikri babarima Elieser;

Simeon abusuakuw: Maaka babarima Sefatia;

17Lewi abusuakuw: Kemuel babarima Hasabia;

Aaron (asɔfo no) abusuakuw: Sadok;

18Yuda abusuakuw: Dawid nuabarima Elihu;

Isakar abusuakuw: Mikael babarima Omri;

19Sebulon abusuakuw: Obadia babarima Yismaia;

Naftali abusuakuw: Asriel babarima Yerimot;

20Efraim abusuakuw: Asasia babarima Hosea;

Manase (atɔe fam) abusuakuw: Pedaia babarima Yoel;

21Manase (apuei fam) abusuakuw Sakaria babarima Ido;

Benyamin abusuakuw: Abner babarima Yaasiel;

22Dan abusuakuw: Yeroham babarima Asarel.

Eyinom ne Israel mmusuakuw no ne wɔn ntuanofo.

23Bere a Dawid ma wɔkan nnipa no, wɔankan wɔn a wonnii mfe aduonu, efisɛ na Awurade ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma Israelfo no adɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma. 24Yoab na ofii nnipakan no ase, nanso wanwie, efisɛ Onyankopɔn bo fuw Israel. Wɔankyerɛw nnipa no nyinaa dodow angu Ɔhene Dawid nkrataa mu.

Dawid Ahenni Mu Mpanyimfo

25Adiel babarima Asmawet na na ɔhwɛ ahemfi sikakorabea so.

Usia babarima Yonatan no na na ɔhwɛ ɔmantam no sikakorabea a ɛwowɔ nkurow, nkuraa ne aban a ɛwɔ Israel nyinaa so.

26Kelub babarima Esri na na ɔhwɛ apaafo a na wɔdɔw ɔhene mfuw so.

27Simei a na ofi Rama na na ɔhwɛ ɔhene bobe mfuw so.

Sabdi a ofi Sifim na na ɔhwɛ aba a wɔde yɛ nsa ne nsa a wɔayɛ so.

28Baal-Hanan a ofi Geder no na na ɔhwɛ ɔhene ngonnua ne ankye nnua a na ɛwɔ Yuda bepɔw ase no so.

Yoas na na ɔhwɛ ma wɔyɛ ngo.

29Sitrai a ofi Saron na na ɔhwɛ anantwi a na wɔwɔ Saron sare so no so.

Adlai babarima Safat na na ɔhwɛ anantwi a wɔwɔ abon ahorow mu no so.

30Ismaelni Obil na na ɔhwɛ yoma so.

Yehdia a ofi Meronot na na ɔhwɛ mfurum so.

31Yasis a ofi Hagar na na ɔhwɛ ɔhene nguan so.

Saa mpanyimfo yi nyinaa na na wɔhwɛ ɔhene Dawid agyapade so.

32Yonatan a na ɔyɛ Dawid wɔfa no yɛɛ ɔfotufo nyansafo maa ɔhene. Na ɔyɛ ɔkyerɛwfo a ɔwɔ nhumu.

Na Hakmoni babarima Yehiel na na ɔkyerɛ ɔhene mmabarima ade.

33Ahitofel na na ɔyɛ ɔhene fotufo.

Na Husai a ofi Arki yɛ ɔhene adamfo.

34Benaia babarima Yehoiada na odii Ahitofel ade na Abiatar bɛtoaa adedi no so.

Yoab na na ɔyɛ Israel asraafodɔm no so sahene.