歴代誌Ⅰ 14 – JCB & AKCB

Japanese Contemporary Bible

歴代誌Ⅰ 14:1-17

14

王権の確立

1ツロの王ヒラムはダビデの宮殿の建築を助けようと、石工や大工を送り、たくさんの杉材を提供しました。 2ダビデは、主がなぜ自分を王とし、王国を強大にしてくださったのか、その理由がはっきりわかりました。主の民に喜びを与えるためだったのです。 3ダビデはエルサレムに移ってからさらに妻をめとり、多くの息子や娘をもうけました。

4-7エルサレムで生まれた子は次のとおりです。シャムア、ショバブ、ナタン、ソロモン、イブハル、エリシュア、エルペレテ、ノガハ、ネフェグ、ヤフィア、エリシャマ、ベエルヤダ、エリフェレテ。

8ペリシテ人は、ダビデがイスラエルの新しい王になったと聞くと、何とかして彼を捕らえようと兵を集めました。一方ダビデもペリシテ人の来襲を事前に知り、軍隊を召集しました。 9ペリシテ人はレファイムの谷に侵入し、 10それを知ったダビデは主に伺いを立てました。「もし出て行って戦ったら、私は勝てるでしょうか。」

すると主は、「そうしなさい。勝利を与えよう」と答えました。

11そこでダビデはバアル・ペラツィムで攻撃をかけ、彼らを粉砕しました。彼は、「神様は私を用いて、水がどっと破れ出るように敵を打ち破ってくださった!」と言って喜びました。そういうわけで、そこはバアル・ペラツィム(「破れの場所」の意)と呼ばれるようになりました。

12戦いのあとイスラエル軍は、ペリシテ人が置き去りにして行った多くの偶像を拾い集めましたが、ダビデはそれを焼き捨てるよう命じました。

13そののち、ペリシテ人は再びレファイムの谷に侵入して来ました。 14この時もダビデは、どのようにすべきか主に伺いを立てると、主はこう答えました。「バルサム樹の林を回って行き、そこから攻めなさい。 15バルサム樹の木々の上から行進の音が聞こえたら、それを合図に攻めるのだ。わたしがあなたの先に立って進み、敵を打つ。」

16ダビデは命じられたとおりにしました。彼はギブオンからゲゼルに至るまでことごとく、ペリシテ軍を打ち破りました。 17こうして主は、ダビデへの恐れを諸国の民に植えつけたので、ダビデの名声はあまねく広まりました。

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Beresosɛm 14:1-17

Dawid Ahemfi Ne Nʼabusua

1Afei, Tirohene Huram somaa abɔfo ne abo adansifo ne nnua dwumfo kɔɔ Dawid nkyɛn sɛ, wonkosi ahemfi mma no. Afei, Huram san de sida nnua a wɔbɛpae kɔe. 2Na Dawid huu sɛ Awurade de no asi Israel so hene, na esiane Israel nti, wayɛ nʼahenni kɛse.

3Afei, Dawid waree mmea bebree wɔ Yerusalem, na ɔwowoo mmabarima ne mmabea bebree. 4Dawid mmabarima a wɔwoo wɔn wɔ Yerusalem no ne Samua, Sobab, Natan ne Salomo, 5Yibhar, Elisua, ne Elpelet, 6Noga, Nefeg ne Yafia, 7Elisama, Beeliada ne Elifelet.

Dawid Di Filistifo So Nkonim

8Bere a Filistifo tee sɛ wɔasra Dawid ngo ama wadi Israel nyinaa so hene no, wɔboaboaa wɔn asraafo nyinaa ano sɛ, wɔrebɛkyere no. Na wɔka kyerɛɛ Dawid se wɔreba ne so, enti ɔno nso ne ne mmarima fii kurow no mu kohyiaa wɔn. 9Na Filistifo no abedu Refaim bon asɛe hɔ pasaa. 10Enti Dawid bisaa Onyankopɔn se, “Mimpue na me ne Filistifo no nkɔko? Wode wɔn bɛhyɛ me nsa ana?”

Awurade buae se, “Yiw, wo ne wɔn nkɔko, na mɛma woadi wɔn so nkonim.”

11Enti Dawid ne nʼakofo kɔɔ Baal-Perasim kodii Filistifo no so wɔ hɔ. Dawid teɛɛ mu se, “Onyankopɔn ayɛ! Ɔnam me so ama mabɔ awura mʼatamfo mu te sɛ, nsuyiri a ano yɛ den.” Enti, wɔtoo beae hɔ din Baal-Perasim (a nkyerɛase ne sɛ “Awurade a ɔbɔ wura mu”). 12Filistifo no gyaw wɔn ahoni nyinaa hɔ nti, Dawid hyɛ ma wɔhyew ne nyinaa.

13Nanso ankyɛ biara, Filistifo no san baa obon no mu bio bɛsɛee hɔ. 14Dawid bisaa Onyankopɔn nea ɔnyɛ bio. Onyankopɔn buae se, “Nkɔ tee nkɔtow nhyɛ wɔn so. Mmom, fa wɔn ho kosi wɔn akyi na montow nhyɛ wɔn so wɔ baabi a ɛbɛn baka nnua no. 15Na sɛ mote nnyigye bi te sɛ nnipa bi a wɔrebɔ nsra anan ase wɔ baka nnua no atifi a, montow nhyɛ wɔn so. Ɛno na ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ, Onyankopɔn adi mo anim rekɔka Filistifo no agu.” 16Enti Dawid yɛɛ nea Onyankopɔn hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no, na ɔkaa Filistifo asraafo no guu fi Gibeon de kosii Geser.

17Na Dawid din hyetaa baabiara, na Awurade maa aman no nyinaa suroo Dawid.