歴代誌Ⅰ 23 – JCB & ASCB

Japanese Contemporary Bible

歴代誌Ⅰ 23:1-32

23

レビ人の組み分け

1すっかり年老いたダビデはソロモンに王位を譲り、 2その即位式にイスラエルのすべての政治的、宗教的指導者を召集しました。 3レビ族で三十歳以上の男の人数を数えたところ、その合計は三万八千でした。

4-5ダビデはこのように指示しました。「そのうち、二万四千人は神殿の仕事を監督しなさい。六千人は管理者と裁判官、四千人は門衛となり、あとの四千人は私の作った楽器で主を賛美しなさい。」

6ダビデは彼らを、レビの三人の息子の名にちなんで、ゲルションの組、ケハテの組、メラリの組に分けました。

7ゲルションの組は、さらに二人の子の名にちなんで、ラダンの班とシムイの班に分けられました。 8-9その班がまた、ラダンとシムイの子たちの名にちなんで、六つのグループに分けられました。ラダンの子は、指導者エヒエル、ゼタム、ヨエル。シムイの子はシェロミテ、ハジエル、ハラン。

10-11シムイの各氏族には、四人の子の名がつけられました。長はヤハテで、次がジザ。エウシュとベリアは子どもが少なかったので、合わせて一つの氏族を構成しました。

12ケハテの組は、その子の名にちなんで、アムラム、イツハル、ヘブロン、ウジエルの四つの班に分けられました。

13アムラムはアロンとモーセの父です。アロンとその子たちは、人々のささげ物を主に奉納する奉仕に取り分けられました。アロンはいつも主に仕え、御名によって人々を祝福したからです。

14-15神の人モーセについて言えば、その子ゲルショムとエリエゼルはレビ族に入れられました。 16ゲルショムの子たちの長はシェブエルです。 17エリエゼルのひとり息子のレハブヤは子どもが大ぜいいたので、氏族の長となりました。

18イツハルの子たちの長はシェロミテ。

19ヘブロンの子たちの長はエリヤ。第二はアマルヤ、第三はヤハジエル、第四はエカムアム。

20ウジエルの子らの長はミカで、第二はイシヤ。

21メラリの子はマフリとムシ。マフリの子はエルアザルとキシュ。 22エルアザルには息子がなく、娘たちが、いとこに当たるキシュの息子たちと結婚しました。 23ムシの子はマフリ、エデル、エレモテ。

24人口調査の時、二十歳以上のレビ人はみな、以上の氏族やその一族に組み入れられ、神殿の奉仕を割り当てられました。 25ダビデがこう言ったからです。「イスラエルの神、主は平和を与えてくださった。これからは、主はエルサレムにお住みになる。 26レビ人はもう、幕屋や礼拝の器具をいちいち運ばなくてもよい。」

27このレビ族の人口調査は、ダビデが死ぬ前に行った最後のものでした。 28レビ人の仕事は、神殿でいけにえをささげるアロンの子孫である祭司を補佐することでした。また、神殿の管理に当たり、きよめの儀式を行う手伝いもしました。 29供えのパン、穀物のささげ物用の小麦粉、それにオリーブ油で揚げたり、オリーブ油を混ぜ合わせたりした、パン種(イースト菌)を入れない薄焼きのパンなどを用意しました。また、すべての物の重さや大きさをはかり、 30毎日、朝と夕方には、主の前に立って感謝をささげ、賛美しました。 31さらに、焼き尽くすいけにえ、安息日のいけにえ、新月の祝いや各種の例祭用のいけにえも用意しました。そのときに応じて必要な数のレビ人がこれに当たりました。 32彼らは幕屋や神殿の管理を行い、求められることは何でも行って、祭司たちを助けました。

Asante Twi Contemporary Bible

1 Berɛsosɛm 23:1-32

Lewifoɔ Nnwuma

1Ɛberɛ a Dawid bɔɔ akɔkoraa no, ɔyii ne babarima Salomo sɛ ɔno na ɔbɛdi Israel so ɔhene.

2Dawid frɛfrɛɛ Israel amanyɛ ntuanofoɔ nyinaa ne asɔfoɔ, a Lewifoɔ ka ho sɛ, wɔmmra ahensie afahyɛ no ase. 3Wɔkanee Lewifoɔ a wɔadi mfirinhyia aduasa anaa deɛ ɛboro saa, na wɔn nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduasa nwɔtwe. 4Na Dawid kaa sɛ, “Wɔn mu mpem aduonu ɛnan bɛhwɛ Awurade Asɔredan no ho adwuma so. Mpem nsia bɛsom sɛ mpanimfoɔ ne atemmufoɔ. 5Mpem ɛnan bɛyɛ apono ano ahwɛfoɔ na mpem ɛnan foforɔ de nnwontodeɛ a mayɛ no bɛkamfo Awurade.”

6Na Dawid kyekyɛɛ Lewifoɔ no mu akuakuo de mmusuakuo a wɔyɛ Lewi mmammarima Gerson, Kohat ne Merari asefoɔ no din totoo wɔn so.

Gersonfoɔ

7Gerson mmammarima ne:

Libni ne Simei.

8Libni asefoɔ no mu baasa yɛ:

Yehiel (a ɔyɛ abusuapanin), Setam ne Yoɛl.

9Yeinom na na wɔyɛ Libni abusua no mpanimfoɔ.

Na Simei asefoɔ baasa no ne Selomot, Hasiel ne Haran.

10Simei asefoɔ baanan a wɔaka no ne:

Yahat, Sisa, Yeus ne Beria.

11Na Yahat yɛ ɔbapanin, na Sisa di Yahat akyi. Wɔfaa Yeus ne Beria sɛ abusua baako, ɛfiri sɛ, na wɔn mu biara nni mmammarima dodoɔ.

Kohatfoɔ

12Na Amram, Ishar, Hebron ne Usiel ka Kohat asefoɔ no ho.

13Amram mmammarima yɛ:

Aaron ne Mose.

Wɔyii Aaron ne nʼasefoɔ sɛ wɔnni nneɛma kronkron no ho dwuma, na wɔmmɔ afɔdeɛ wɔ Awurade anim, nsom Awurade, na wɔnhyira wɔ ne din mu daa daa. 14Mose a ɔyɛ Onyankopɔn onipa no deɛ, wɔde ne mmammarima kaa Lewi abusuakuo ho.

15Mose mmammarima no yɛ

Gersom ne Elieser.

16Na Sebuel a ɔyɛ abusuapanin no ka Gersom asefoɔ no ho.

17Na Elieser wɔ ɔbabarima baako a wɔfrɛ no Rehabia a na ɔyɛ abusuapanin.

Na Rehabia mmammarima yɛ bebree.

18Na Selomit a ɔyɛ abusuapanin no ka Ishar asefoɔ no ho.

19Na Yeria a ɔyɛ abusuapanin,

Amaria a ɔdi hɔ,

Yahasiel a ɔtɔ so mmiɛnsa

ne Yekameam a ɔtɔ so ɛnan no

ne Hebron mmammarima no.

20Na Mika a ɔyɛ abusuapanin ne Yisia a ɔdi hɔ no

yɛ Usiel asefoɔ no.

Merarifoɔ

21Na Mahli ne Musi yɛ

Merari mmammarima.

Mahli mmammarima ne:

Eleasa ne Kis.

22(Eleasa wuiɛ a wanwo mmammarima biara, na mmom, mmammaa nko ara. Ne mmammaa no warewaree wɔn nuanom a wɔyɛ Kis mmammarima.)

23Musi mmammarima baasa no din de:

Mahli, Eder ne Yeremot.

24Yeinom na na wɔn mmusua enti wɔyɛ Lewi asefoɔ, na wɔyɛ wɔn mmusua akuo no ntuanofoɔ a na wɔahwɛ atwerɛ wɔn din. Na ɛsɛ sɛ wɔn mu biara di mfirinhyia aduonu anaa deɛ ɛboro saa, ansa na waso Awurade fie som. 25Na Dawid kaa sɛ, “Awurade, Israel Onyankopɔn ama yɛn asomdwoeɛ, na daa ɔbɛtena Yerusalem. 26Afei, ɛho nhia sɛ Lewifoɔ no bɛsoa Ahyiaeɛ Ntomadan no ne ne nkuku ne ne nkaka de adi atutena.” 27Sɛdeɛ Dawid no ara akwankyerɛ a ɛtwa toɔ no seɛ no, ɛsɛ sɛ wɔtwerɛ Lewifoɔ a wɔadi mfirinhyia aduonu ne deɛ ɛboro saa nyinaa din ma ɔsom.

28Na Lewifoɔ no adwuma ne sɛ, wɔbɛboa asɔfoɔ no a wɔyɛ Aaron asefoɔ no wɔ ɔsom nnwuma a wɔyɛ wɔ Awurade fie no mu. Afei, wɔbɛhwɛ adihɔ ne adan a ɛwɔ nkyɛnkyɛn no so. Na wɔbɛboa ahodwira nnwuma mu, na wɔasom akwan ahodoɔ so wɔ Onyankopɔn efie. 29Na wɔhwɛ burodo kronkron a wɔkora no didipono so no, asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde bɔ aduane afɔdeɛ, taterɛ a mmɔreka nni mu, ɔfam a wɔde ngo dua sradeɛ akye ne burodo afoforɔ a wɔde afrafra no so. Afei, na wɔn asɛdeɛ bi nso ne sɛ, wɔhwɛ nsania ne susudua nso so. 30Na anɔpa ne anwummerɛ biara nso, wɔgyina Awurade anim to aseda ne nkamfo nnwom ma no. 31Wɔboa ɔhyeɛ afɔdeɛ a wɔbɔ ma Awurade homeda ahodoɔ mu wɔ Ɔbosome Foforɔ Afahyɛ mu ne nnapɔnna nyinaa ho dwumadie mu. Ɛberɛ biara, na Lewifoɔ dodoɔ a ɛfata wɔ hɔ a wɔsom Awurade anim.

32Ɛno enti, Lewifoɔ no a na wɔsom wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu kɔɔ so somm wɔ Asɔredan no mu. Na wɔde nokorɛdie yɛɛ wɔn som no nnwuma wɔ Awurade efie.