ヨシュア記 23 – JCB & AKCB

Japanese Contemporary Bible

ヨシュア記 23:1-16

23

ヨシュアの告別説教 

1主がイスラエルを敵から守り、彼らに勝利を与えてから、かなりの年月がたち、ヨシュアも老人になりました。 2彼は、イスラエルの指導者である長老、裁判官、長たちを呼び、語りました。「私も、もう年をとった。 3あなたがたは、私の生涯を通じて、主があなたがたのためにどれほどのことをしてくださったか、つぶさに見てきたはずだ。敵と戦い、この地を分け与えてくださったのもあなたがたの神、主である。 4-5見てのとおり、私は、すでに征服した国々だけでなく、まだ征服していない国々をも各部族に分配した。ヨルダン川から地中海に至る全地域はあなたがたのものだ。主が必ず、現在そこに住んでいる人々を一掃し、約束どおり、あなたがたが住めるようにしてくださる。 6ただ、モーセの律法に記されたことは、一つ残らず守りなさい。少しでも違反してはならない。 7この地になお残っている異教の民とは、断じて交わってはならない。その神々の名を口にしてもいけない。まして神々によって誓ったり、礼拝したりすることなど、あってはならない。 8ただ、今まで同様、主にのみ従いなさい。 9主が、目の前の強大な国を次々と追い払ってくださった以上、もうだれ一人、立ち向かう者はいない。 10あなたがたは一人で千人を向こうに回して戦うことができる。主が約束どおり、あなたがたに味方して戦ってくださるからだ。 11心して、いつまでも主を愛し続けなさい。 12もし主を愛さず、周辺の民と結婚したりするなら、 13しっかり覚えておきなさい。主は、敵であるその住民をこの地から追い出すのをやめられるだろう。それどころか、彼らの存在はあなたがたにとって罠となり、落とし穴となる。また、わき腹を打つむち、目を刺すとげとなる。そしてついには、あなたがたのほうが主の与えてくださったこの良い地から消え失せることになるのだ。

14まもなく私は、世の人々の例にならい死を迎えるだろう。よくわかってくれていると思うが、主のお約束はすべて実現した。 15-16だが主は、約束どおり良いものを与えてくださったのと同じ確かさで、あなたがたが従わない場合には、災いを下す方である。ほかの神々を拝んだりすれば、この地から抹殺されることになる。主の怒りが燃え上がれば、たちどころに滅ぼされてしまうのだ。」

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yosua 23:1-16

Yosua Ne Israel Di Nkra

1Mfe bebree twaa mu a Awurade maa Israelfo no ahotɔ a wɔn atamfo no mu biara anhaw wɔn bio. Yosua a afei na wanyin yiye no 2frɛɛ mpanyimfo, ntuanofo, atemmufo ne adwumayɛfo a wɔwɔ Israel nyinaa. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mprempren, mabɔ akwakoraa. 3Moahu biribiara a Awurade, mo Nyankopɔn ayɛ ama mo me nkwa nna yi mu. Awurade, mo Nyankopɔn ako atia mo atamfo. 4Mede amanaman no nsase a yennya nnii so ne nea yɛadi so ama mo sɛ mo agyapade, efi Asubɔnten Yordan kosi Po Kɛse a ɛwɔ atɔe fam no. 5Saa asase yi bɛyɛ mo dea, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn bɛpam nnipa a wɔtete so mprempren no nyinaa. Mubesi wɔn anan mu atena hɔ, sɛnea Awurade, mo Nyankopɔn hyɛɛ mo bɔ no.

6“Enti, monyɛ den! Monhwɛ na munni nkyerɛkyerɛ a wɔakyerɛw wɔ Mose Mmara Nhoma no mu no so pɛpɛɛpɛ. Monntwe mo ho mfi ho ɔkwan biara so. 7Monhwɛ yiye sɛ mo ne nnipa foforo a wɔda so te asase no so no nnya ayɔnkofa biara. Mpo, mommmɔ wɔn anyame din na moabɔ wɔn din aka ntam anaasɛ moasom wɔn. 8Na munni Awurade, mo Nyankopɔn no nokware sɛnea moayɛ abesi nnɛ yi.

9“Efisɛ Awurade apam amanaman akɛse a wɔyɛ den ama mo, enti obiara nni hɔ a watumi adi mo so nkonim. 10Mo mu biara betumi atu atamfo apem agu, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn ko ma mo sɛnea wahyɛ bɔ no. 11Enti monhwɛ yiye na monnɔ Awurade, mo Nyankopɔn no.

12“Nanso sɛ motwe mo ho fi ne ho, na mo ne saa amanaman yi nkaefo a wɔwɔ mo mu yi di aware a, 13ɛno de akyinnye biara nni ho sɛ Awurade, mo Nyankopɔn rempam wɔn mfi mo asase so. Mmom, wɔbɛyɛ mfiri ama mo, mo akyi mmaa, ne mo aniwa mu nsɔe de kosi sɛ mo ase bɛtɔre afi asase pa yi a Awurade, mo Nyankopɔn de ama mo no so.

14“Ɛrenkyɛ biara mewu, sɛnea obiara kɔ no. Mo koma mu no munim sɛ ɛbɔ biara a Awurade, mo Nyankopɔn hyɛɛ no aba mu. Bɔhyɛ no mu biara nni hɔ a amma mu! 15Nanso sɛnea Awurade, mo Nyankopɔn de nnepa a ɔhyɛɛ ho bɔ maa mo no, saa ara na sɛ moanyɛ osetie amma no a ɔde amanehunu bɛba mo so. Ɔbɛpra mo afi saa asase pa a ɔde ama mo yi so. 16Sɛ mubu Awurade, mo Nyankopɔn apam no so na mosɔre anaa mosom anyame foforo a, nʼabufuw bɛhyew mo na ɔbɛpra mo ntɛm so afi asase pa a ɔde ama mo no so.”