ホセア書 7 – JCB & ASCB

Japanese Contemporary Bible

ホセア書 7:1-16

7

1わたしはイスラエルを赦したかったが、

イスラエルの罪はあまりにもひどかった。

うそつきやどろぼうや追いはぎにならなければ、

だれもサマリヤに住めないほどだ。

2イスラエルの民は、

わたしが見ていることなど気にもかけない。

その罪深い行いが、

あらゆる面から彼らの正体をあばいている。

わたしはそれをすべて見ている。

3王は彼らの悪事を喜び、

君主たちは彼らのうそに笑い転げる。

4彼らはみな姦通者だ。

パンを焼く者が小麦粉をこね、

それがふくらむのを待つ間を除いて、

パン焼きがまがいつも燃えているように、

この民はいつも欲望を燃やしている。

5王の誕生日に、君主たちは王を酔わせる。

王は自分を笑い者にし、

自分をあざける者たちと酒を飲む。

6彼らの心は陰謀で炉のように燃えさかる。

その計略は夜通しくすぶり、

朝になると、めらめらと燃え上がる。

7彼らは次から次へと王を殺す。だが、誰ひとり、

わたしに助けを呼び求めようとしない。

8わたしの民は異教徒とつき合い、

その悪に染まっている。

こうして生焼けの菓子のように、

何の役にも立たなくなる。

9外国の神々を礼拝することで、

彼らの力は奪われてしまった。

だが、それに気づいていない。

エフライムは白髪になっているのに、

自分が老い衰えたことを知らない。

10ほかの神々を自慢することで、

公然と自分を罪に定めている。

それでも自分の神のもとには帰らず、

神を見つけようともしないのだ。

11エフライムは愚かで、思慮の欠けた鳩だ。

エジプトに呼びかけ、アッシリヤに飛んで行く。

12だが、わたしは飛んでいるイスラエルに網を投げ、

空から落ちる鳥のように引き落とす。

わたしは、そのすべての悪行に報いる。

13わたしを捨てたわたしの民は災いだ。

わたしに罪を犯したのだから滅びうせよ。

わたしは救い出したかったが、

彼らは強情で、真理を受け入れようとしなかった。

14彼らは心配のあまり眠れない。

それでも、わたしに助けを求めない。

それどころか異教の神々を拝み、

それらに収穫と繁栄を願い求めている。

15わたしは彼らを助け、また強くした。

それなのに今、彼らはわたしに背を向けている。

16彼らはあたり一帯を見回すが、

いと高き神がいる天には目を向けない。

まるで、いつも的をはずす、曲がった弓のようだ。

指導者たちは、わたしへの傲慢な態度のために

敵の剣に倒れる。

こうして全エジプトが彼らをあざ笑うようになる。

Asante Twi Contemporary Bible

Hosea 7:1-16

1ɛberɛ biara a mɛsa Israel yadeɛ no,

Efraim nnebɔne da adi.

Samaria awurukasɛm nso daa adi.

Wɔyɛ nnaadaafoɔ

akorɔmfoɔ a wɔbubu adan ani kɔ afie mu,

ne akwanmukafoɔ a wɔbɔ korɔno wɔ mmɔntene so.

2Na wɔnhunu sɛ

mekae wɔn nnebɔne nyinaa.

Wɔn bɔne bunkam fa wɔn so;

ɛgu mʼanim ɛberɛ biara.

3“Wɔde atirimuɔdensɛm gyegye ɔhene no ani,

na wɔde atorɔ nso gyegye ahenemma no ani.

4Wɔn nyinaa yɛ awaresɛefoɔ

a akɔnnɔ redɛre wɔ wɔn mu.

Wɔte sɛ fononoo a wɔasɔ mu ogya

ɛberɛ a burodotofoɔ ahyɛ aseɛ refotɔ nʼasikyiresiam.

5Ɛda a ɔhene rehyɛ fa no

ahenemma boro nsã,

na ɔhene no fɛdifoɔ ne wɔn bɔ mu goro.

6Wɔn akoma te sɛ fononoo;

wɔde atirimpɔ bɔne kɔ ɔhene anim.

Wɔn nsusuiɛ bɔne no dɛɛdɛɛ anadwo mu nyinaa;

adekyeeɛ mu no, ɛdɛre te sɛ ogyaframa.

7Wɔn nyinaa ayɛ hye sɛ fononoo.

Wɔkunkumm wɔn sodifoɔ.

Wɔn ahemfo nyinaa hwehwe ase

na wɔn mu biara nnsu mfrɛ me.

8“Efraim ne aman no adi afra

Efraim yɛ ɔfam a anyinya a wɔnkusaeɛ.

9Ananafoɔ twe nʼahoɔden,

nanso ɔnhunu.

Ɛdwono aba ne tiri so,

nanso nʼani mmaa so.

10Israel ahantan di adanseɛ tia no,

nanso yei nyinaa akyi no

ɔnnsane nkɔ Awurade ne Onyankopɔn nkyɛn,

na ɔnhwehwɛ no nso.

11“Efraim te sɛ aborɔnoma a

wɔtumi daadaa no na ɔnni adwene.

Ɔfrɛ Misraim,

na wadane akɔ Asiria.

12Sɛ wɔkɔ a, mɛto mʼasau agu wɔn so;

atwe wɔn aba fam te sɛ ewiem nnomaa.

Sɛ mete sɛ wɔretu abom a,

mɛkyere wɔn.

13Nnome nka wɔn,

ɛfiri sɛ wɔatwe wɔn ho afiri me ho!

Ɔsɛeɛ mmra wɔn so,

ɛfiri sɛ wɔate me so atua!

Anka mepɛ sɛ megye wɔn

nanso wotwa atorɔ fa me ho.

14Wɔmmfiri wɔn akoma mu nnsu mfrɛ me

mmom wɔtwa adwo wɔ wɔn mpa so.

Wɔboaboa wɔn ho ano kɔpɛ aduane ne nsã foforɔ,

nanso wɔtwe wɔn ho firi me ho.

15Metetee wɔn, hyɛɛ wɔn den,

nanso wɔbɔ pɔ bɔne tia me.

16Wɔnnhwehwɛ Ɔsorosoroni no;

wɔte sɛ tadua a asɛeɛ,

wɔn ntuanofoɔ bɛtotɔ wɔ akofena ano

ɛfiri sɛ, wɔnnkasa obuo so.

Yei enti wɔbɛdi wɔn ho fɛ

wɔ Misraim asase so.