ネヘミヤ 記 10 – JCB & ASCB

Japanese Contemporary Bible

ネヘミヤ 記 10:1-39

10

誓約書に署名した人々

1-8総督ネヘミヤは誓約書に署名しました。続いて署名した者の名は、次のとおりです。ゼデキヤ、セラヤ、アザルヤ、エレミヤ、パシュフル、アマルヤ、マルキヤ、ハトシュ、シェバヌヤ、マルク、ハリム、メレモテ、オバデヤ、ダニエル、ギネトン、バルク、メシュラム、アビヤ、ミヤミン、マアズヤ、ビルガイ、シェマヤ。以上は祭司です。

9-13レビ人では――

アザヌヤの息子ヨシュア、ヘナダデの子のビヌイとカデミエル、シェバヌヤ、ホディヤ、ケリタ、ペラヤ、ハナン、ミカ、レホブ、ハシャブヤ、ザクル、シェレベヤ、シェバヌヤ、ホディヤ、バニ、ベニヌ。

14-27政治家では――

パルオシュ、パハテ・モアブ、エラム、ザト、バニ、ブニ、アズガデ、ベバイ、アドニヤ、ビグワイ、アディン、アテル、ヒゼキヤ、アズル、ホディヤ、ハシュム、ベツァイ、ハリフ、アナトテ、ネバイ、マグピアシュ、メシュラム、ヘジル、メシェザブエル、ツァドク、ヤドア、ペラテヤ、ハナン、アナヤ、ホセア、ハナヌヤ、ハシュブ、ロヘシュ、ピルハ、ショベク、レフム、ハシャブナ、マアセヤ、アヒヤ、ハナン、アナン、マルク、ハリム、バアナ。

28以上の人々は、全国民を代表して署名しました。一般市民も、祭司も、レビ人も、門衛も、聖歌隊員も、神殿奉仕者も、家族も、大人はみな、国内の異教徒と手を切って、神に仕えようと決心していたからです。 29全員が心からこの誓約に同意し、もしモーセによって示された神の律法を破った場合には、神ののろいを受けてもよいと宣言したのです。 30私たちはまた、娘や息子をユダヤ人以外の者とは結婚させないと誓いました。 31さらに、国内の異教徒が穀物など農産物を売りに来ても、安息日やほかの聖日には買わないことにしました。また、七年目には休耕し、ユダヤ人同士の借金は帳消しにしようと誓い合いました。

32このほか、神殿の維持管理のために毎年、神殿税を納めることを決めました。 33毎日供えるパンや、安息日、新月の祭り、例祭などのときの穀物のささげ物、焼き尽くすいけにえなどを用意したり、神殿での奉仕を進め、イスラエルを贖う役割を果たしていくためには、用具も調える必要があったからです。

34次に、律法に定められた、焼き/尽くすいけにえ用のたきぎを供給する順番を決めるため、祭司、レビ人、指導者たちの家族がくじを引きました。 35さらに、穀物でも果実でもオリーブの実でも、初物は神殿に持って来ることも決めました。 36そして、長男と、牛や羊など家畜の最初に生まれたものは、律法の規定どおりに神様にささげることにしました。つまり、神殿に仕える祭司のもとに連れて来ることにしたのです。 37人々が持って来た産物を、祭司は神殿にたくわえます。良質の穀物、他の奉納物、初物の果実、いちばん新しいぶどう酒やオリーブ油などです。また、レビ人には国じゅうの産物の十分の一を給付することも取り決めました。各地の農村から十分の一を集める責任はレビ人にあったからです。 38アロンの子孫である祭司は、レビ人がこの十分の一を受け取る際に立ち会わなければなりません。そして、そのまた十分の一は、神殿の倉庫に運び込むのです。 39こうして、定めどおり、人々とレビ人の差し出した穀物、新しいぶどう酒、オリーブ油は、祭司、門衛、聖歌隊員らをまかなうために、聖所の器具といっしょに倉庫に納めました。

このように、私たちは神殿をなおざりにしないことで一致したのです。

Asante Twi Contemporary Bible

Nehemia 10:1-39

1Nwoma a wɔgye too mu na wɔsɔɔ ano, saa edin yi na na ɛwɔ mu:

Hakalia babarima Nehemia a na ɔyɛ amrado.

Asɔfoɔ a wɔde wɔn nsa hyɛɛ aseɛ no ne Sedekia, 2Seraia, Asaria, Yeremia,

3Pashur, Amaria, Malkia,

4Hatus, Sebania, Maluk,

5Harim, Meremot, Obadia,

6Daniel, Gineton, Baruk,

7Mesulam, Abia, Miyamin,

8Maasia, Bilgai ne Semaia.

Yeinom ne asɔfoɔ no.

9Lewifoɔ a wɔde wɔn nsa hyɛɛ aseɛ no ne:

Asania babarima Yesua, Binui a ɔfiri Henadad abusua mu, Kadmiel,

10ne wɔn mfɛfoɔ Lewifoɔ a, wɔne:

Sebania, Hodia, Kelita, Pelaia, Hanan,

11Mika, Rehob, Hasabia,

12Sakur, Serebia, Sebania,

13Hodia, Bani ne Beninu.

14Ntuanofoɔ a wɔde wɔn nsa hyɛɛ aseɛ no ne:

Paros, Pahat-Moab, Elam, Satu, Bani,

15Buni, Asgad, Bebai,

16Adoniya, Bigwai, Adin,

17Ater, Hesekia, Asur,

18Hodia, Hasum, Besai,

19Harif, Anatot, Nebai,

20Magpias, Mesulam, Hesir,

21Mesesabel, Sadok, Yadua,

22Pelatia, Hanan, Anaia,

23Hosea, Hanania, Hasub,

24Halohes, Pilha, Sobek,

25Rehum, Hasabna, Maaseia,

26Ahiya, Hanan, Anan,

27Maluk, Harim, Baana.

28“Nnipa no nkaeɛ a wɔyɛ asɔfoɔ, Lewifoɔ, aponoanohwɛfoɔ, nnwomtofoɔ, Asɔredan mu asomfoɔ ne wɔn a wɔatwe wɔn ho afiri abosonsomfoɔ a wɔwɔ asase no so nyinaa, sɛdeɛ wɔbɛsom Onyankopɔn, na wɔanyinyini a wɔte asɛm ase no, 29wɔn nyinaa firi akoma pa mu kaa ntam, de kyekyeree wɔn ho. Wɔkaa ntam dii nse sɛ, sɛ wɔbu Onyankopɔn mmara a ɔnam ne ɔsomfoɔ Mose so de abrɛ wɔn no so a, nnome biara a Onyankopɔn de bɛba wɔn so no, wɔpene so. Wɔfiri akoma mu hyɛɛ bɔ sɛ, wɔbɛto wɔn bo adi Awurade, wɔn Wura, ahyɛdeɛ ne ne mmara nyinaa so.

Nnipa No Bɔhyɛ

30“Yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛremma yɛn mmammaa nware abosonsomfoɔ a wɔwɔ asase no so, na saa ara nso na yɛremma yɛn mmammarima nso nware wɔn mmammaa.

31“Yɛsane hyɛ bɔ sɛ, sɛ nnipa a wɔwɔ asase no so de adwadeɛ anaa atokoɔ ba bɛtɔn no homeda anaa ɛda kronkron bi a, yɛrentɔ bi. Na yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛrenyɛ adwuma biara mfeɛ nson a ɛbɛba biara mu, na ɛka biara a Yudafoɔ afoforɔ bi de yɛn no, yɛbɛtwam.

32“Deɛ ɛka ho ne sɛ, yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛbɛtua Asɔredan afirinhyia toɔ a wɔahyɛ yɛn sɛ yɛntua a ɛyɛ dwetɛ gram ɛnan, sɛdeɛ ɛbɛma wɔanya sika bebree de abɔ yɛn Onyankopɔn Asɔredan no ho bra. 33Yei bɛboa ama yɛanya Hyiadan mu Burodo no, na yɛatumi abɔ atokoɔ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ berɛ ano berɛ ano, abɔ homeda afɔdeɛ hodoɔ, adi ɔbosome foforɔ afahyɛ ahodoɔ ne dapɔnna ahodoɔ no. Saa ara na ɛbɛma yɛatumi abɔ kronkronyɛ afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ sɛ mpatadeɛ ama Israel. Afei, ɛbɛboa ama yɛanya nneɛma bi a ɛho bɛhia ama yɛn Onyankopɔn Asɔredan no ho adwumayɛ.

34“Yɛabɔ ntonto hodoɔ, ahunu afe biara mu mmerɛ a ɛfata sɛ asɔfoɔ, Lewifoɔ ne ɔmanfoɔ no abusuafoɔ de nnyensin ba Onyankopɔn asɔredan ho na wɔhye no Awurade, yɛn Onyankopɔn afɔrebukyia so, sɛdeɛ mmara no kyerɛ no.

35“Yɛhyɛ bɔ sɛ, daa yɛde otwakane biara mu kyɛfa bi, sɛ ɛyɛ asaseduane anaa aduaba a ɛfiri nnua so bɛba Awurade Asɔredan mu.

36“Yɛpene so sɛ, yɛde yɛn mmammarima a wɔyɛ abakan ne yɛn anantwie ne yɛn nnwan mmakan bɛma Onyankopɔn, sɛdeɛ mmara no kyerɛ no. Yɛde wɔn bɛma asɔfoɔ a wɔsom wɔ yɛn Onyankopɔn Asɔredan mu no.

37“Yɛbɛkora mfudeɛ no nyinaa wɔ yɛn Onyankopɔn Asɔredan adekoradan mu. Yɛde yɛn asikyiresiam a ɛyɛ pa ara ne atokoɔ nkaeɛ afɔrebɔdeɛ, yɛn nnuaba papa ne yɛn nsã foforɔ papa ne ngo bɛba. Na yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛde yɛn mfudeɛ biara a ɛfiri yɛn asase so nkyɛmu edu mu baako bɛbrɛ Lewifoɔ, ɛfiri sɛ, wɔn na wɔgyegye ntotosoɔ dudu no wɔ yɛn nkuraase. 38Ɔsɔfoɔ a ɔyɛ Aaron aseni bɛka Lewifoɔ no ho wɔ ɛberɛ a wɔregyegye ntotosoɔ dudu no. Na biribiara a wɔbɛgye sɛ ntotosoɔ dudu no, Lewifoɔ de mu nkyɛmu edu mu baako bɛkɔ yɛn Onyankopɔn Asɔredan no mu, na wɔde akɔsisi adekoradan10.38 Na adekoradan bebree wɔ asɔredan no mfinimfini a ɛhɔ na na wɔkora nneɛma a ɛyɛ kronkron. no mu. 39Ɛsɛ sɛ ɔmanfoɔ no ne Lewifoɔ no de afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ atokoɔ, nsã foforɔ ne ngo no bɛgu adekoradeɛ kronkron a ɛbɛn asɔfoɔ a wɔresom no, aponoanohwɛfoɔ ne nnwomtofoɔ no wɔ Asɔredan no mu.

“Enti, yɛbɔ mu hyɛ bɔ sɛ yɛrentoto yɛn Onyankopɔn Asɔredan no ase.”