サムエル記Ⅰ 2 – JCB & ASCB

Japanese Contemporary Bible

サムエル記Ⅰ 2:1-36

2

ハンナの祈り

1ハンナは祈りました。

「ああ、うれしゅうございます、主よ。

こんなにも祝福していただいて。

私は敵にはっきり答えることができます。

主が悩みを取り去ってくださいましたから。

私は喜びでいっぱいです。

2主のように聖なるお方はありません。

あなたのほかに神はないのです。

私たちの神のような大岩はありません。

3思い上がりも、尊大さも許されません。

主は何もかもご存じで、

すべての行為をおさばきになるのです。

4力を誇った者が弱くなり、

弱かった者が今や強くなっています。

5満ち足りていた者が今は飢え、

飢えていた者が満ち足りています。

不妊の女が今は七人の子持ちとなり、

多産の女がもう子を産めません。

6主は殺し、

主はいのちをお与えになります。

7主は、ある人々を貧しくし、

また、ある人々を裕福になさいます。

主はある者を倒し、

また、ある者を立ち上がらせてくださいます。

8主は、貧しい者をちりの中から、灰の山から引き上げ、

高貴な者のように取り扱い、

栄光の座につかせてくださいます。

この世はすべて主のものですから。

主はこの世界をふさわしくされました。

9主は信仰者を守られます。

しかし、悪者は暗闇に葬り去られます。

だれも自力でははい上がれません。

10主は手向かう者を打ちのめし、

天から彼らに雷鳴をとどろかせます。

主は地を隅々までさばき、

ご自分が選んだ王に特別な力を授け、

主に油注がれた者に大きな栄誉をお与えになるのです。」

11そののちエルカナとハンナは、サムエルを残してラマに帰りました。幼いサムエルは、祭司エリのもとで主に仕える者となりました。

エリの息子たち

12ところでエリの息子たちは、主をないがしろにする、不道徳でよこしまな者たちでした。 13-14いけにえをささげている人がいると、しもべを送り、いけにえの動物の肉が煮えている大なべの中に、そのしもべが三つ又の肉刺しを突き刺して、これらはみなエリの息子のものだと宣告しました。彼らは、いけにえをささげて礼拝するためにシロにやって来るすべてのイスラエル人に対して、このように行っていました。 15時には、祭壇で脂肪を焼く儀式が行われないうちから、しもべをやって、生の肉をよこせと言うことさえありました。焼き肉にして食べるためでした。

16いけにえをささげている人が、「いくらでもお取りになってけっこうです。しかし、まず〔律法のとおりに〕脂肪をすっかり焼いてしまわなければなりません」と答えると、使いの者はこう言うのです。「いや、たった今ほしいのだ。つべこべ言うなら、力ずくでももらうぞ。」

17こんなふうに、彼らは主の前に非常に大きな罪を犯しました。主へのささげ物を侮るようなことをしたからです。

18サムエルはまだ子どもでしたが、一人前の祭司のように、小さな亜麻布の儀式服を着て、主に仕えていました。 19毎年、母親が小さな上着をこしらえ、夫とともに、いけにえをささげに来る時に持って来てくれていたのです。 20エルカナとハンナが家路につく前に、エリは二人を祝福し、主にささげた子の代わりに、もっと子どもが授かるよう主に願い求めてくれました。 21それで主はハンナに、三人の息子と二人の娘を授けました。一方、少年サムエルは、主のもとで成長していきました。

22エリはすでに高齢に達していましたが、身辺の出来事についてはよくわきまえていました。例えば、息子たちが幕屋(聖所)の入口で仕えている女たちを誘惑したことも、ちゃんと知っていました。

23-25エリは息子たちを呼びつけて注意しました。「私は民から、おまえたちのおぞましい悪行についてさんざん聞かされた。よくも民を罪に惑わすようなことをしてくれたものだ。少しの罪でもきびしい罰が下るのに、主に対するおまえたちの罪には、どれほど重い罰が下るか知れたものではない。」

しかし、息子たちは耳を貸そうともしませんでした。というのは、主がすでに、この二人のいのちを絶とうとしていたからです。

26一方、少年サムエルはすくすく育ち、人からも神からも愛されました。

エリへの預言

27ある日、一人の預言者が来て、エリに主のことばを伝えました。「イスラエルの民がエジプトで奴隷だった時、わたしははっきり力を示したではないか。 28そして、なみいる同胞の中からあなたの先祖レビを選んで、祭司としたのではなかったか。その務めは、わたしの祭壇でいけにえをささげ、香をたき、祭司の服を着て仕えることだった。わたしは、あなたがた祭司にも、いけにえのささげ物を分け与えたではないか。 29それなのに、どうしてささげ物を一人占めしようとするのか。わたしよりも息子のほうが大事なのか。よくも親子して最上のささげ物によって肥え太ったものだ。

30それゆえ、イスラエルの神であるわたしは、こう宣言する。レビ族の一門であるあなたの家系が常に祭司となると約束したのは確かだが、今や、それがいつまでも続くと考えたら、大きな間違いである。わたしは、わたしを重んじる者を重んじる。わたしを侮る者は、わたしも軽んじる。 31あなたの家系は断絶する。これ以上、祭司を務めるには及ばない。家族全員、長寿を全うせずに死ぬのだ。よわいを重ねる者は一人もいない。 32あなたがたは、わたしが民に与える繁栄をうらやむだろう。あなたの一族は苦難と窮乏に陥る。だれ一人、長生きできない。 33かろうじて生き残った者も、悲嘆にくれて日を過ごす。子どもたちは、剣によって殺される。 34わたしのことばに偽りがないことを見せよう。二人の息子ホフニとピネハスは、同じ日に死ぬことになる。

35代わりに、わたしは一人の忠実な祭司を起こす。彼はわたしに仕え、わたしが告げるとおり正しく行うだろう。その子孫を末代まで祝福し、その一族を王の前に永遠の祭司とする。 36だから、あなたの子孫はみな、彼に頭を下げ、金と食物を乞うようになる。彼らはこう言ってすがるだろう。『どうか、祭司のどんな仕事でもさせてください。何とか食べていきたいのです』と。」

Asante Twi Contemporary Bible

1 Samuel 2:1-36

Hana Ayɛyie Mpaeɛbɔ

1Na Hana bɔɔ mpaeɛ sɛ,

“Mʼakoma di ahurisie wɔ Awurade mu!

Ao, Awurade mu na me nhyira wɔ!

Afei, manya mmuaeɛ ama mʼatamfoɔ,

na mʼani gye wɔ wo gyeɛ no ho.

2“Obiara nyɛ kronkron sɛ Awurade!

Obi bi nka wo ho;

Ɔbotan bi nni hɔ sɛ yɛn Onyankopɔn.

3“Gyae ahantansu ne ahomasoɔ no,

nkasa wɔ ahantan so saa!

Ɛfiri sɛ, Awurade yɛ Onyankopɔn a ɔnim wo nneyɛeɛ

na ɔbɛbu wo deɛ woayɛ no so atɛn.

4“Wɔn a na wɔyɛ atumfoɔ no nnyɛ atumfoɔ bio;

na wɔn a na wɔyɛ mmerɛ no nso, afei, wɔayɛ den.

5Wɔn a na wɔdidi mee pintinn no afei ɔkɔm rekum wɔn.

Na wɔn a ɔkɔm rekum wɔn no nso afei wɔamee pintinn.

Afei, obonini wɔ mma baason,

na ɔbaa a na ɔwɔ mma pii no mma bɛbɔ no.

6Awurade de nkwa ne owuo nyinaa ba;

Ɔka ebi hyɛ damena mu, na ɔnyane ebinom.

7Awurade yɛ obi ohiani na wayɛ obi ɔdefoɔ;

ɔbrɛ obi ase na wapagya obi.

8Ɔpagya ohiani firi mfuturo mu

aane, ɔyi no firi nsosie mu;

ɔyɛ wɔn sɛ mmapɔmma

de wɔn tena animuonyam nkonnua so.

“Ɛfiri sɛ, asase fapem yɛ Awurade dea,

na watoto ewiase sɛdeɛ ɛsɛ.

9Ɔbɛbɔ nyamesurofoɔ ho ban,

na amumuyɛfoɔ bɛyera esum mu.

“Sɛ ahoɔden mu nko deɛ a, obi renni nim;

10Wɔn a wɔko tia Awurade no, ɔbɛdwerɛ wɔn.

Ɔdwa aprannaa firi ewiem gu wɔn so;

Awurade bu atɛn wɔ asase so baabiara.

“Ɔma ne ɔhempɔn ahoɔden kɛseɛ;

deɛ wasra no no, ɔhyɛ nʼahoɔden mu den.”

11Afei, Elkana ne Hana gyaa Samuel hɔ kɔɔ efie wɔ Rama. Na abarimaa no bɛyɛɛ Awurade ɔboafoɔ, ɛfiri sɛ, ɔboaa ɔsɔfoɔ Eli.

Eli Mmammarima Amumuyɛfoɔ

12Eli mmammarima no yɛ asansafoɔ a wɔmfɛre Awurade, 13anaa wɔn asɔfodwuma. Ɛberɛ biara a obi bɛba abɛbɔ afɔdeɛ no na wɔrenoa ɛnam no, Eli mma no soma ɔsomfoɔ de adinam a ɛwɔ ano mmiɛnsa ba. Ɛberɛ a ɛnam no si ogya so no, 14ɔsomfoɔ no de adinam no wɔ dadesɛn no mu. Na wɔhyɛ sɛ deɛ adinam no bɛwɔ mu no nyinaa yɛ Eli mma no dea. Wɔde Israelfoɔ a wɔba Silo hɔ nyinaa faa saa ɛkwan yi so. 15Ɛtɔ dabi a, ansa na wɔbɛhye sradeɛ2.15 Na mmara no ka sɛ, ɛsɛ sɛ wɔhye sradeɛ ne sradenam wɔ afɔrebukyia no so (3 Mose 3.16; 4.8-10). no, ɔsɔfoɔ no ɔsomfoɔ ba bɛka kyerɛ onipa a ɔrebɔ afɔdeɛ no sɛ, “Ma ɔsɔfoɔ no ɛnam no bi, na ɔntoto. Ɔmpɛ wo ɛnam a woanoa, na mmom, ɛnam mono nko ara.”

16Onipa a ɔrebɔ afɔdeɛ no ka sɛ, “Fa dodoɔ biara a wopɛ, nanso sradeɛ no deɛ, ɛsɛ sɛ wɔhye ansa.” Ɛhɔ na ɔsomfoɔ no bɛka sɛ, “Dabi, fa ma me seesei ara, anyɛ saa a, mede tumi bɛfa.”

17Na saa bɔne a mmeranteɛ yi yɛ yi yɛ akyiwadeɛ wɔ Awurade anim, ɛfiri sɛ, na wɔbu Awurade afɔrebɔ no animtia.

18Samuel deɛ, ɛwom na ɔyɛ abarimaa, nanso na ɔyɛ Awurade ɔboafoɔ. Na wɔde nwera asɔfotadeɛ ahyɛ no te sɛ ɔsɔfoɔ. 19Afe biara a ne maame ne ne kunu rekɔbɔ afirinhyia afɔdeɛ no, na ne maame pam batakari kumaa bi de kɔma no. 20Ansa na wɔbɛsane akɔ efie no, Eli hyira Elkana ne ne yere ka sɛ, “Awurade mma ɔbaa yi nwo mma, na ɔmmɛsi deɛ ɔbɔɔ ho mpaeɛ nyaeɛ a ɔde no maa Awurade no ananmu.” 21Na Awurade maa Hana woo mmammarima baasa ne mmammaa baanu. Na Samuel nyinii wɔ Awurade anim.

22Afei, Eli bɔɔ akɔkoraa, nanso na ɔnim deɛ ne mmammarima no de reyɛ Israelfoɔ. Nhwɛsoɔ bi ne sɛ, na ɔnim sɛ ne mmammarima no fa mmabaawa a wɔboa ntomadan no ano adwumayɛ no. 23Eli ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Metete mo ho nsɛm firi ɔmanfoɔ nkyɛn a ɛfa amumuyɛsɛm a modie no ho. Adɛn enti na mokɔ so yɛ bɔne? 24Me mma, ɛsɛ sɛ mogyae! Mo ho nsɛm a metete firi Awurade nkurɔfoɔ nkyɛn fa mo ho no nyɛ. 25Sɛ obi yɛ bɔne tia ɔfoforɔ a, Onyankopɔn tumi gyina mu ma ɔfɔdifoɔ no. Nanso, sɛ obi yɛ bɔne tia Awurade a, hwan na ɔbɛtumi adi agyinamu?” Eli mma no antie wɔn agya no afotuo, na Awurade nso reyɛ nʼadwene sɛ ɔbɛkum wɔn.

26Na abɔfra Samuel nyiniiɛ, na ɔkɔɔ so nyaa adom firii Awurade ne ɔmanfoɔ nkyɛn.

Eli Abusuafoɔ Kɔkɔbɔ

27Ɛda koro bi Onyankopɔn onipa bi baa Eli nkyɛn de nkra yi brɛɛ no sɛ, “Sei na Awurade ka, ‘Manna me ho adi pefee ankyerɛ wʼagya fie ɛberɛ a na wɔyɛ nkoa wɔ Misraim no anaa? 28Israel mmusuakuo no nyinaa mu no, Aaron na meyii no sɛ, ɔnyɛ me ɔsɔfoɔ a ɔbɛkɔ afɔrebukyia anim akɔhye aduhwam, na wahyɛ asɔfotadeɛ wɔ mʼanim. Na mede afɔdeɛ a wɔbɔɔ no ogya so no nyinaa maa mo asɔfoɔ no. 29Adɛn enti na motiatia me kum afɔdeɛ ne mʼaduane afɔdeɛ so? Adɛn enti na mobu mo mmammarima sene me? Moawe afɔrebɔdeɛ a me nkurɔfoɔ Israelfoɔ bɔ no mu kyɛfa a ɛyɛ no, na monam so ayeyɛ akɛseɛ!’

30“Enti, asɛm a Awurade, Israel Onyankopɔn ka ne sɛ, ‘Meremma nneɛma bɔne a moreyɛ yi nkɔ so! Mehyɛɛ bɔ sɛ wo Lewi abusua fa no bɛyɛ mʼasɔfoɔ, nanso, wɔn a wɔdi me ni no, mɛdi wɔn ni; na wɔn a wɔbu me animtia no, mɛbɔ wɔn ahohora. 31Mɛma mo fiefoɔ agyae mʼasɔfodie som no. Mpatuwuo mpa mo fie da na mo mu biara rentena ase nni mfeɛ, mmee. 32Mode anibereɛ na ɛbɛhwɛ nkɔsoɔ a mede bɛma me nkurɔfoɔ Israelfoɔ. Na mo abusuafoɔ no mu biara nni hɔ a ɔbɛbɔ akɔkoraa. 33Wɔn a wɔbɛka akyire no bɛtena ase awerɛhoɔ ne ntehem mu. Na wɔn mma bɛwuwu atɔfowuo.

34“ ‘Na sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wobɛhunu sɛ deɛ maka no bɛba mu saa no enti, mɛma wo mmammarima baanu no a ɛyɛ Hofni ne Pinehas no awuwu da korɔ mu. 35Ɛno akyi masi ɔsɔfoɔ foforɔ a ɔyɛ ɔnokwafoɔ a ɔbɛsom me, na wayɛ deɛ mɛkyerɛ no sɛ ɔnyɛ biara. Mɛhyira nʼasefoɔ, na ne fiefoɔ bɛyɛ ahene a mɛsra wɔn ngo no asefoɔ akɔsi daa. 36Na wʼasefoɔ nyinaa bɛkoto nʼasefoɔ, asrɛsrɛ wɔn sika ne aduane. Wɔbɛka sɛ, “Mesrɛ mo, momma yɛn nnwuma bi nyɛ wɔ asɔfoɔ no mu sɛdeɛ ɛbɛma yɛanya aduane adi, amee.” ’ ”