エペソ人への手紙 2 – JCB & ASCB

Japanese Contemporary Bible

エペソ人への手紙 2:1-22

2

恵みによる救い

1以前のあなたがたは、罪のために永遠に滅びる定めにありました。 2この世の人と同じ生き方をし、罪にまみれ、主に反抗する人の心に今も働いている、力ある支配者サタンの言うままになっていたのです。 3私たちもみな、以前はほかの人たちと同じで、その生活は、心にある悪を反映したものでした。欲望や心のおもむくままに生き、行動していたのです。私たちは、生まれながらに神の怒りを受けて当然の者でした。 4しかし神は、なんとあわれみに満ちたお方でしょう。こんな私たちを深く愛してくださって、 5罪のために霊的に死に果て、滅びる定めにあった私たちを、キリストの復活と共に生かしてくださいました。救われる価値などない私たちに、ただ一方的な恵みが注がれたのです。 6そして、キリストと共に、私たちを墓の中から栄光へと引き上げ、キリストと共に席に着かせてくださいました。 7神がキリスト・イエスを通してなしてくださった、すべてのことからも、神の恵みのすばらしさがわかります。私たちは今、その恵みがどんなに豊かであるかを示す見本とされているのです。

8あなたがたは、恵みにより、キリストを信じることによって救われたのです。しかも、そのキリストを信じることすらも、あなたがたから自発的に出たことではありません。それもまた、神からの賜物(贈り物)です。 9救いは、私たちの良い行いに対する報酬ではありません。ですから、だれ一人、それを誇ることはできません。 10私たちをこのように造り変え、キリスト・イエスによる新しい生活に入れてくださったのは神です。この新しい生活は、神がずっと以前から計画してくださったものであり、私たちが互いに助け合って過ごすためでした。

敵意と対立は除かれた

11あなたがたも以前は異教徒として、ユダヤ人から、神を信じない「汚れた者」と呼ばれていたことを思い出してください。もっとも、そういうユダヤ人も、神を敬うしるしとしての割礼(男子が生まれて八日目に、その性器の包皮を切り取る儀式)を受けて、信心深そうに儀式や礼拝を守っていたとはいえ、心は汚れたままだったのですが。 12そのころのあなたがたは、キリストとは全くの無縁で、神の民に敵対し、神から何の助けも約束されていませんでした。神もなく、望みもない、滅びる以外にない存在でした。

13しかし、以前は神から遠く離れていたあなたがたも、キリスト・イエスがその血をもってなしてくださったことによって、今では、神のそば近くにいるのです。 14キリストこそ、私たちの平和の道です。この方は、私たちユダヤ人とあなたがた外国人とを一つの家族とし、両者を隔てていた壁を打ちこわして、平和をつくり出してくださいました。 15ご自分の死によって、互いの激しい敵意を除いてくださったのです。その敵意の原因は、ユダヤ人を特別扱いし、外国人をのけ者にするユダヤ教のさまざまな戒律でした。その律法制度自体を無効にするために、キリストは死んでくださったのです。そして、互いに対立していた二つのものを融合させ、新しい一つの体をつくり上げて、平和を実現されました。 16両者が神と和解し、同じ体のそれぞれの器官になったので、互いの怒りは消え去りました。こうして互いの反目は、十字架によって終わりを告げたのです。

17そして、キリストは、遠く離れていたあなたがた外国人にも、近くにいた私たちユダヤ人にも、平和をもたらしてくださいました。 18このキリストによって、ユダヤ人も外国人も、一つの御霊に助けられつつ父である神のもとに行くことができるのです。 19あなたがたはもはや、神にとって見知らぬ他国人でも、天国に縁のないよそ者でもありません。神の家族の一員であり、神の国の市民なのです。すべてのクリスチャンと共に、神の一家を構成しているのです。 20あなたがたは使徒と預言者という土台の上に建てられており、この建物の最も重要な礎石はキリスト・イエスです。 21私たち信じる者は、聖なる神殿を目指す建物として、共にキリストにあって組み合わされて成長していくのです。 22あなたがたもまた、キリストにあって共に建てられ、聖霊によって神の住まれる所となるのです。

Asante Twi Contemporary Bible

Efesofoɔ 2:1-22

Yɛnya Nkwa Wɔ Kristo Mu

1Mo deɛ, na moawuwu wɔ mo amumuyɛ ne mo bɔne a 2na anka mote mu, ɛberɛ a na modi ewiase ne ewiem sodifoɔ ahennie akyi no ne honhom a seesei ɛreyɛ adwuma wɔ wɔn a wɔyɛ asoɔden mu no. 3Ɛberɛ bi, yɛn nyinaa ne wɔn tena dii honam akɔnnɔ akyi yɛɛ ɔhonam apɛdeɛ ne ne nsusuiɛ. Yɛn nso na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn abufuo ba yɛn so. 4Nanso, ɛsiane nʼadɔyɛ a ɛdɔɔso ma yɛn enti, Onyankopɔn a nʼahummɔborɔ dɔɔso no 5maa yɛn nkwa wɔ Kristo mu, wɔ ɛberɛ a anka yɛawuwu wɔ amumuyɛ mu mpo; adom enti na wɔagye mo nkwa. 6Onyankopɔn nyanee yɛn ne Kristo, na ɔde yɛn ne Kristo atena ɔsoro ahemman mu 7sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nna a ɛreba no mu, ɔbɛda nʼadom ahonya a ɛboro so no adi; nʼadɔeɛ a ɔnam Kristo Yesu so yɛɛ yɛn no. 8Ɛyɛ adom no enti na wɔnam gyidie so agye mo nkwa. Ɛmfiri mo ankasa, ɛyɛ Onyankopɔn akyɛdeɛ. 9Ɛmfiri nnwuma mu, na obi de ahoahoa ne ho. 10Onyankopɔn na wayɛ yɛn sɛdeɛ yɛteɛ yi. Ɔnam Kristo so bɔɔ yɛn sɛ yɛmmɛyɛ nnwuma pa a wasiesie ato hɔ no.

Kristo Mu Baako Yɛ

11Afei, monkae sɛ mo a na anka kane no wɔwoo mo amanamanmufoɔ, na wɔn a wɔfrɛ wɔn ho twetiatwafoɔ, (deɛ wɔde nsa ayɛ wɔ honam mu) frɛ mo momonotofoɔ, 12monkae sɛ saa ɛberɛ no, na moate mo ho afiri Kristo ho, na wɔnnkane mo mfra Israelfoɔ, na moyɛ ahɔhoɔ a monka bɔhyɛ apam no ho, na monni anidasoɔ ɛna monni Onyankopɔn nso wɔ ewiase. 13Nanso, afei mo a na anka mowɔ akyirikyiri no, wɔnam Kristo mogya no so atwe mo abɛn Onyankopɔn.

14Ɛfiri sɛ, Kristo no ankasa nam baako a wama Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ ayɛ no so de asomdwoeɛ aba. Ɔnam ɔno ankasa ne honam so bubuu ɔfasuo a na ɛtwa wɔn ntam ma wɔyɛ atamfoɔ no. 15Ɔnam ne onipadua so asɛe Mose Mmara ne nʼahyɛdeɛ tumi no. Ne botaeɛ ne sɛ ɔbɛma Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ ayɛ baako na ɔde asomdwoeɛ aba. 16Ɔnam asɛnnua a ɔde sɛee nitan a ɛwɔ wɔn ntam no so aka wɔn abom ayɛ onipadua baako na wapata wɔne Onyankopɔn ntam. 17Enti, Kristo ba bɛkaa Asɛmpa a ɛyɛ asomdwoesɛm no kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ akyirikyiri ne wɔn a wɔbɛn nyinaa. 18Ɔno enti yɛwɔ Honhom baako a yɛnam no so kɔ Agya no nkyɛn.

19Enti seesei, monnyɛ ahɔhoɔ ne amanfrafoɔ bio, na mmom mo ne Onyankopɔn nkurɔfoɔ no yɛ nnipa korɔ na mofra Onyankopɔn abusuafoɔ no mu, 20na wɔato mo asi asomafoɔ no ne adiyifoɔ no fapem a Kristo Yesu no ankasa yɛ ne tweatiboɔ no so. 21Ɔno na ɔma ɛdan mu no nyinaa yɛ baako na ɛbɛyɛ asɔredan kronkron wɔ Awurade mu. 22Ne mu na wɔresiesie mo na mo abɔ mu abɛyɛ efie a Onyankopɔn nam ne Honhom so tena mu.