エゼキエル書 41 – JCB & ASCB

Japanese Contemporary Bible

エゼキエル書 41:1-26

41

1その後、その人は私を、神殿の中央の大広間である本堂へ連れて行きました。その入口の壁柱を測りましたが、幅は縦横とも六キュビトでした。 2玄関の間口は十キュビト、奥行きは五キュビトでした。本堂は長さ四十キュビト、幅二十キュビトでした。 3その人は本堂の奥の部屋に入り、入口の柱を測ると、二十キュビトの厚さがありました。入口の幅は六十キュビト、それに続く廊下の長さは七キュビトでした。 4奥の間は二十キュビト平方あり、「これが至聖所だ」と私に教えてくれました。

5その人が神殿の壁を測ると、六キュビトあり、その外側に小部屋が並んでいました。各部屋の間口は四キュビトでした。 6これらの部屋は階段式に三段に重なっており、各階に三十の小部屋がありました。部屋はみな、神殿の壁に固定してあり、大梁で支えられていませんでした。 7階段式の小部屋は上に行くほど広くなり、神殿の壁が上に行くほど狭くなっているのと対応していました。神殿のわきには階段があり、上の階に上がれるようになっていました。 8私は、神殿が高台の上に建てられていて、一番下の小部屋の土台も、その高台にあるのを見ました。その高さは六キュビトでした。 9これらの小部屋の外壁の厚さは五キュビトあり、高台の端まで五キュビトの空地が両側に残っていました。 10その高台から二十キュビト離れた内庭には、神殿をはさんで両側に部屋が並んでいました。 11階段式の小部屋には戸が二つあり、五キュビトの空地に向かって開くようになっていました。一つの戸は北に向き、もう一つの戸は南に向いていました。

12西側には、神殿の庭に面して大きな建物が建っていました。その間口は七十キュビト、奥行きは九十キュビトありました。壁の厚さは五キュビトでした。 13それから、その人が神殿とその回りとを測ると百キュビト平方でした。 14神殿の東側の内庭も幅が百キュビトあり、 15-16神殿の西側の建物も、二つの壁を含めると同じ百キュビトの幅になりました。

神殿の本堂にも、至聖所にも、玄関にも羽目板が張り巡らされ、それぞれ格子窓が取りつけてありました。神殿の内側の壁にも、窓の上と下の部分に羽目板が張られていました。 17-18至聖所に通じる戸の上も羽目板が張られていました。壁には、それぞれ二つの顔を持つケルビムとなつめやしの木とが交互に彫刻してありました。 19-20その顔の一つ、人間の顔は一方のなつめやしの木の方を向き、もう一つの顔、若いライオンの顔は反対側のなつめやしの木の方を向いていました。このような彫刻が、神殿の内壁全体を覆っていました。

21本堂の入口の柱は四角で、至聖所の前には祭壇のようなものがありました。しかも、それは木製でした。 22この祭壇は二キュビト四方で、高さが三キュビトありました。その四隅も、台も、側面も、全部木でできていました。その人は私に、「これは神の壇だ」と説明してくれました。 23本堂と至聖所には二重の扉がついていて、 24それぞれの扉は折りたたみ式の二枚戸になっていました。 25本堂に通じる扉には、神殿の内側の壁と同じように、ケルビムとなつめやしの木が彫刻してありました。玄関の上には木製のひさしがついていました。 26そのひさしの上と、玄関の両側と、神殿のわきの小部屋にも、それぞれなつめやしの木の彫刻がしてあり、格子窓がついていました。

Asante Twi Contemporary Bible

Hesekiel 41:1-26

1Ɔbarima no de me kɔɔ asɔredan no mu, na ɔsusuu afadum no; na ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn nkron wɔ ne fa biara. 2Aboboano no tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn dunum, na afasuo a epuepue wɔ afaanu no tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn nson ne fa. Afei ɔsusuu Asɔredan no mu a na ne tentene yɛ anammɔn aduosia na ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduasa.

3Afei ɔkɔɔ kronkronbea hɔ kɔsusuu nʼafadum a ɛwɔ nʼaboboano no; ebiara tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn mmiɛnsa. Aboboano no tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn nkron, na afasuo a epuepue afaanu no nso tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn edu ne fa. 4Na ɔsusuu kronkronbea no mu tentene; na ɛyɛ anammɔn aduasa na ne tɛtrɛtɛ kɔsi asɔredan no nso yɛ anammɔn aduasa. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Ɛha ne Kronkron Mu Kronkronbea.”

5Ɔsusuu asɔredan no fasuo; na ne pipiripie yɛ anammɔn nson, na adan a ɛwowɔ nkyɛn nkyɛn a atwa asɔredan no ho ahyia no mu biara tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn nsia. 6Wɔsisii nkyɛnkyɛn adan wɔ asan mmiɛnsa a ɛtoa so so. Adan aduasa wɔ asan biara so. Wɔayɛ asan yi a adan no sisi soɔ no traawa te sɛ apa a atwa asɔredan no ɔfasuo no ho ahyia. Ɛyɛ nnyinasoɔ ma adan no, nanso ɛnka asɔredan no ɔfasuo no. 7Nkyɛnkyɛn adan a ɛwowɔ soro no mu trɛ sene deɛ ɛwowɔ aseɛ. Asan mmiɛnsa a atwa asɔredan no ho ahyia no, deɛ ɛwɔ ɔsoro biara trɛ sene deɛ ɛwɔ nʼase, ɛno enti nkyɛnkyɛn adan a ɛwowɔ soro mu trɛ sene deɛ ɛwowɔ nʼase. Atwedeɛ bi firi asan a ɛwɔ fam pa ara no so foro tra mfimfini asan no kɔ asan a ɛtɔ so mmiɛnsa so.

8Mehunuu bamma a atwa asɔredan no ho ahyia a ɛyɛ nkyɛnkyɛn adan no fapem. Na ne tentene yɛ anammɔn nkron. 9Nkyɛnkyɛn adan afasuo a ɛwɔ akyire no pipiripie yɛ anammɔn nson ne fa. Ɛkwan a ɛda asɔredan no nkyɛnkyɛn adan no a atwa asɔredan no ho ahyia 10ne asɔfoɔ adan no ntam yɛ anammɔn aduasa. 11Na apono deda nkyɛnkyɛn adan no ano a ani hwɛ ɛkwan no. Na baako wɔ atifi fam na baako nso wɔ anafoɔ fam; na bamma no anim a ɛkyerɛ ɛkwan no so no pipiripie yɛ anammɔn nson ne fa wɔ ho nyinaa.

12Ɛdan a ani hwɛ asɔredan no adihɔ wɔ atɔeɛ fam no tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn ɔha ne enum. Ɛdan no ɔfasuo no pipiripie yɛ anammɔn nson ne fa wɔ ho nyinaa na ne tentene yɛ anammɔn ɔha aduasa enum.

13Ɔsusuu asɔredan no, na ne tentene yɛ anammɔn ɔha ne aduonum, afei asɔredan no adihɔ ne ɛdan no a nʼafasuo ka ho no nso tentene yɛ anammɔn ɔha ne aduonum. 14Asɔredan no adihɔ a ɛwɔ apueeɛ fam, de bɛsi asɔredan no anim yɛ anammɔn ɔha ne aduonum.

15Afei ɔsusuu ɛdan a ani hwɛ adihɔ a ɛwɔ asɔredan no akyi ne ɛho mmarannaa a ɛwowɔ ɛfa biara; na ne tentene yɛ anammɔn ɔha ne aduonum.

Asɔredan no mu, kronkronbea no mu ne ntwonoo a ani hwɛ adihɔ, 16ne aboboano, mpomma nketenkete ne mmarannaa a atwa mmiɛnsa yi ho ahyia, deɛ ɛka ho biara ne aboboano no, na wɔde nnua aduradura ho. Ɛfam afasuo no ho kɔka mpomma no ano ne mpomma no, na wɔde dua aduradura ho. 17Ɛkwan a ɛda ɛpono a ɛkɔ kronkronbea nu mu no atifi ne afasuo no ho nyinaa, kronkrommea no mu ne asɔredan no mu no nyinaa no, 18na wɔakurukyire Kerubim ne mmɛdua. Mmɛdua no didi Kerubim no akyi. Kerubim biara wɔ anim mmienu. 19Onipa anim kyerɛ mmɛdua wɔ fa baako na gyata anim kyerɛ mmɛdua wɔ fa baako a aka. Na wɔakurukyire wɔ asɔredan no ho nyinaa. 20Asɔredan no mu, ɛfiri fam kɔsi ɛkwan a ɛda ɛpono no atifi ne afasuo ho nyinaa no, na wɔakurukyire Kerubim ne mmɛdua.

21Na asɔredan no mu wɔ aponnwa a ɛyɛ ahanan, na deɛ ɛwɔ Kronkron Mu Kronkron no anim no nso te saa ara. 22Na afɔrebukyia a wɔde dua asene wɔ hɔ a ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn ɛnan ne fa a na ɛyɛ ahinanan a ɛfa biara susu anammɔn mmiɛnsa; ne ntweaso, ne nnyinasoɔ ne nʼafafa no, wɔde dua na ayɛ. Ɔbarima no ka kyerɛɛ me sɛ, “Saa ɛpono yi na ɛsi Awurade anim.” 23Asɔredan no mu ne Kronkron Mu Kronkron no nyinaa wowɔ apono a ɛyɛ afanu. 24Ɛpono biara wɔ mmukamu mmienu. 25Na wɔakurukyire Kerubim ne mmɛdua wɔ asɔredan no mu apono so te sɛ deɛ wɔayɛ wɔ afasuo no ho no, ɛnna wɔabɔ dua nkatasoɔ wɔ ntwonoo no anim. 26Ntwonoo no afasuo a ɛwowɔ afa afa no na mpomma nketenkete wɔ mu a wɔakurukyire mmɛdua wɔ afa biara. Na nkyɛnkyɛn adan a ɛwɔ asɔredan no ho nso wowɔ dua nkatasoɔ.