エゼキエル書 28 – JCB & ASCB

Japanese Contemporary Bible

エゼキエル書 28:1-26

28

ツロの君主についての預言

1また、次のような主のことばが示されました。

2-3「人の子よ、ツロの君主に言いなさい。」

神である主はこう語ります。

「おまえは身のほどをわきまえず、

自分を神にしてしまうほど思い上がり、

大海に浮かぶ島で神の座についている。

だが、いくら神のようにふるまっても、

おまえは人であって神ではない。

確かに、おまえはダニエルよりも賢く、

どんな秘密もおまえには筒抜けだ。

4その知恵と知識を駆使して、

おまえは金、銀、財宝を手に入れ、大きな富を築いた。

5そう、おまえの知恵がおまえを大金持ちにし、

高慢にしたのだ。」

6それゆえ、神である主はこう語ります。

「おまえは、自分が神のように賢いと言っている。

7それで、諸国に恐れられている敵の大軍が、

知恵を自慢しているおまえに向かって剣を抜き、

その栄華を汚す。

8海の真ん中の島で、おまえを地獄の穴へ突き落とし、

剣で八つ裂きにする。

9それでも、自分は神だと言うのか。

侵略者たちにとっては、

おまえは神ではなく、ただの人間だ。

10おまえは外国人の手で、

まるでごみ屑のように、

無造作に殺される。」

わたしがこう言うと、神である主は語ります。

11また、次のような主のことばがありました。 12「人の子よ、ツロの王のために泣け。

神、主はこう語る、と告げよ。

おまえは知恵に満ち、美を極めていた。

13おまえは神の園、エデンのような所にいて、

その服には、最高級の金の台に、ルビー、トパーズ、

ダイヤモンド、かんらん石、しまめのう、碧玉、

サファイヤ、紅玉、エメラルドなど

あらゆる種類の宝石をはめ込んだ飾りをつけていた。

みな、おまえが王となった日に贈られた物だ。

14わたしはおまえを、

油注がれた守護者ケルブに任命した。

おまえは神の聖なる山に近づき、

火の石の間を歩いていた。

15王となってから、不正が見つかる時まで、

おまえがやったことはみな完璧だった。

16しかし、莫大な富に目がくらんで、

おまえは罪を犯したのだ。

そこでわたしは、普通の罪人と同じように、

おまえを神の山から追い出した。

ああ、すぐれたケルブよ。

わたしはおまえを火の石の間から消滅させた。

17おまえは自分の美しさを鼻にかけ、思い上がっていた。

栄華のために、自分の知恵を台なしにしてしまった。

それゆえ、おまえを地面にたたき伏せ、

何事が起こったのかと好奇の目をみはる王たちの前に、

おまえの無力さを見せつけたのだ。

18おまえは不正な商いをして自分を汚した。

それゆえ、おまえ自身の所業から火を引き出し、

みんなが見ている前でおまえを焼き、

地上の灰としたのだ。

19おまえを知っていた者はみな、

その恐ろしい運命に背筋を凍らせる。

おまえは見せしめとして、永久に滅ぼされるのだ。」

シドンについての預言

20次のようなことばもありました。

21「人の子よ、シドンの町にこう預言せよ。」

22神である主がこう語ります。

「シドンよ。わたしはおまえの敵となり、

わたしの力を現そう。

おまえを滅ぼして、わたしのきよさが示されるとき、

それを見る者はみな、わたしが主であることを知る。

23疫病をはやらせ、兵を送って滅ぼす。

傷ついた者たちは町の通りで、

四方から攻め寄せる敵兵に殺される。

その時、おまえはわたしが主であることを知る。

24おまえも、他のイスラエルの近隣の国々も、かつてはイスラエルをさげすみ、邪険にしてきたのだが、これからはもう、いばらやとげのようにイスラエルを突き刺したり、引き裂いたりしなくなる。

25イスラエルの民は、わたしがその先祖ヤコブに与えた地に再び住むようになる。散らしておいた遠くの国々から、わたしがもう一度、彼らを集めるからだ。こうしてわたしは、国々にわたしのきよさを示す。 26彼らはイスラエルに安らかに住み、家を建て、ぶどう畑を作る。こうしてイスラエルをさげすんだ回りの国々がみな罰せられるとき、彼らは、わたしが彼らの神、主であることを知る。」

Asante Twi Contemporary Bible

Hesekiel 28:1-26

Nkɔmhyɛ A Ɛtia Tirohene

1Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2“Onipa ba, ka kyerɛ Tiro sodifoɔ no sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:

“ ‘Wofiri wʼahantan akoma mu ka sɛ,

“Meyɛ onyame;

mete onyame bi ahennwa so

wɔ ɛpo mfimfini.”

Nanso woyɛ onipa, wonyɛ onyame,

ɛwom, wodwene sɛ wonim nyansa sɛ onyame bi.

3Wonim nyansa sene Daniel anaa?

Wonim kokoamsɛm biara anaa?

4Wonam wo nyansa ne nhunumu so

anya ahodeɛ ama wo ho.

Woapɛ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ bebree

agu wʼakoradan mu.

5Wonam wʼadwadie mu nyansa so

ama wʼahonya adɔɔso,

na wʼahonya enti

wahoran wɔ wʼakoma mu.

6“ ‘Ɛno enti sei na Otumfoɔ Awurade seɛ:

“ ‘Esiane sɛ wodwene sɛ wonim nyansa

te sɛ Onyame enti,

7mede ananafoɔ reba abɛtia wo,

amanaman no mu ɔdesɛefoɔ pa ara;

wɔbɛtwetwe wɔn akofena

wɔ wʼahoɔfɛ ne wo nyansa so

na wɔahwire wʼanimuonyam no.

8Wɔde wo bɛto amena no mu,

na wobɛwu owu yaaya

wɔ ɛpo mfimfini.

9Afei wobɛka sɛ, “Meyɛ onyame,”

wɔ wɔn a wɔkumm woɔ no anim anaa?

Wobɛyɛ onipa na ɛnyɛ onyame

wɔ wɔn a wɔkumm woɔ no nsam.

10Wobɛwu momonotofoɔ wuo

wɔ ananafoɔ nsam.

Me na maka, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’ ”

11Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 12“Onipa ba, ma kwadwom a ɛfa Tirohene ho a ka kyerɛ no sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:

“ ‘Na anka woyɛ pɛyɛ nhwɛsodeɛ,

na wowɔ nyansa na woyɛ ahoɔfɛ dua.

13Na anka wowɔ Eden

Onyankopɔn turo no mu.

Wɔde abohemaa nyinaa siesie wo:

bogyanamboɔ, akarateboɔ ne bɔwerɛboɔ

sikabereɛboɔ, apopobibirieboɔ ne ahwehwɛboɔ,

aboɔdemmoɔ, nsrammaboɔ ne ahahammonoboɔ.

Wɔde sika kɔkɔɔ na ayɛ wʼahyehyɛdeɛ,

wɔsiesiee ne nyinaa ɛda a wɔbɔɔ woɔ.

14Wɔsraa wo ngo sɛ ɔhwɛfoɔ Kerub,

ɛfiri sɛ saa na mehyɛɛ woɔ.

Na wowɔ Onyankopɔn bepɔ kronkron no so;

wonantee ogya aboɔ mu.

15Na anka wʼakwan ho nni asɛm

ɛfiri ɛda a wɔbɔɔ woɔ no

kɔsii sɛ wɔhunuu amumuyɛ wɔ wo mu.

16Wʼadwadie a emu trɛ no enti

wɔde akakabensɛm hyɛɛ wo ma

na woyɛɛ bɔne.

Ɛno enti mepamoo wo firii

Onyankopɔn bepɔ no so wɔ animguaseɛ mu,

na meyii wo adi, Ao ɔhwɛfoɔ Kerub,

firii ogya aboɔ no mu.

17Wo horanee wɔ wʼakoma mu

wʼahoɔfɛ enti,

na womaa wo nyansa porɔeɛ,

wʼanimuonyam no enti.

Enti metoo wo twenee fam;

na mede wo yɛɛ ahwɛdea wɔ ahemfo anim.

18Wode wo nnebɔne ne adwadie mu nsisie

agu wo kronkrommea ho fi,

ɛno enti memaa ogya firii wo mu

na ɛhyee wo,

na mema wo danee nsõ

wɔ wɔn a na wɔrehwɛ no nyinaa anim.

19Aman a na wɔnim woɔ nyinaa

ho adwiri wɔn wɔ wo ho:

wʼawieeɛ ayɛ ahomete

na wɔrenhunu wo bio.’ ”

Nkɔmhyɛ A Ɛtia Sidon

20Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 21“Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Sidon na hyɛ nkɔm tia no 22na ka sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:

“ ‘Me ne wo anya, Ao Sidon

na mɛnya animuonyam wɔ wo mu.

Wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no,

ɛberɛ a mede asotwe aba wo so

na mada me ho adi sɛ ɔkronkronni wɔ wo mu.

23Mɛma ɔyaredɔm aba wo so

na mama mogya atene wɔ wo mmɔntene so.

Apirafoɔ bɛtotɔ wɔ wo mu,

ɛberɛ a akofena redi ahim wɔ wo ho nyinaa.

Afei na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.

24“ ‘Na Israelfoɔ rennya ayɔnkofoɔ a wɔwɔ adwemmɔne, wɔn a wɔwowɔ yayaaya sɛ ɔhwerɛm ne nkasɛɛ bio. Afei na wɔbɛhunu sɛ mene Otumfoɔ Awurade no.

25“ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Sɛ meboa Israelfoɔ ano firi aman a wabɔ wɔn apete no so a, mɛda me kronkronyɛ adi wɔ wɔn mu, ama amanaman no ahunu. Afei wɔbɛtena wɔn ankasa asase a mede maa me ɔsomfoɔ Yakob no so. 26Wɔbɛtena hɔ asomdwoeɛ mu na wɔbɛsisi adan, ayeyɛ bobe nturo; Wɔbɛtena ase asomdwoeɛ mu wɔ ɛberɛ a matwe nʼayɔnkofoɔ a wɔkasa tiaa no no nyinaa aso. Afei wɔbɛhunu sɛ mene Awurade, wɔn Onyankopɔn no.’ ”