エゼキエル書 20 – JCB & ASCB

Japanese Contemporary Bible

エゼキエル書 20:1-49

20

粛清される反逆のイスラエル

1エホヤキン王が捕らえ移されてから六年後の第五の月、イスラエルの長老たち数人が、主に伺いを立ててほしいと尋ねて来て、私の前に座っていました。 2その時、主はこのようなことばを私に与えました。 3「人の子よ、イスラエルの長老たちに、神である主はこう語ると言いなさい。よくも助けを求めに来られたものだ。わたしは決して語らない。 4さあ、人の子よ、彼らをさばき、責めなさい。先祖の時代から今日まで、この国の人々が行ってきた、すべての罪を教えてやりなさい。 5-6神はこう語ると告げるのだ。わたしがイスラエルを選び、エジプトでわたしが神であることを示した時、彼らとその子孫とにこう誓った。彼らをエジプトから連れ出し、彼らのために探しておいた、乳とみつが流れる最良の地に導くと。 7それから、こう命じた。『すべての偶像を捨てよ。わたしこそ、おまえたちの神、主だ。エジプトの神々を拝んで身を汚すようなことをしてはならない。』

8だが彼らは、わたしに背いて、いっこうに聞こうとしなかった。偶像を除くことも、エジプトの神々を捨てることもしなかった。それで、彼らがまだエジプトにいる時、わたしは彼らに怒りを注ごうと思った。

9-10しかし結局、そうはしなかった。イスラエルの神は自分の民を守ることもできなかった、とエジプト人にあざ笑われることがないように、わたしの名誉を守ろうとしたからだ。それで、エジプト人の目の前で、わたしの民をエジプトから連れ出し、荒野へ導き入れたのだ。 11そして、その荒野で、彼らにおきてを与えた。そのおきてを守ることによって、彼らが生きるためだった。わたしのおきてを守るなら、だれでも生きる。 12わたしは彼らに安息日(毎週七日目の休息日)を与えた。それは彼らとわたしとの間で、彼らを選び分けて、ほんとうに神の民とするのは、このわたしであることを思い起こさせるしるしだった。

13それなのに、イスラエルはわたしに逆らった。あの荒野で、わたしのおきてに従うことを拒んだのだ。わたしの定めを守るなら真のいのちが与えられるのに、それを守ろうとはしなかった。安息日も悪用した。それで、わたしは怒りを爆発させ、荒野で彼らを滅ぼしてしまおうと考えた。

14しかし、わたしの名誉を守るために、またも思いとどまった。エジプトから彼らを連れ出すのを見ていた国々の民に、主は民を守ることができず滅ぼすことになってしまったと言わせないためだ。 15そこでわたしは彼らに、一度は与えようと思った選ばれた地、乳とみつの流れる地に、彼らを導き入れないことにすると告げた。 16わたしのおきてを鼻であしらい、わたしの願いを無視し、安息日を守らなかった報いだ。彼らの心は偶像に引き寄せられていたのだ。 17それでも、わたしは彼らを惜しんで、荒野で滅ぼすことはしなかった。

18わたしは彼らの子どもたちに警告した。『親と同じ罪を犯してはならない。偶像礼拝で身を汚すな。 19わたしこそ、あなたがたの神である。わたしのおきてを守り、わたしの命令に従え。 20安息日を特別な日として、身も心もきよく過ごすのだ。安息日は、わたしがあなたがたの神、主であることを思い起こさせるために、わたしたちの間に立てた契約のしるしなのだから。』

21しかし、子どもたちもまた、わたしに逆らった。わたしのおきてを守るなら、正しく生きることができるのに、それを拒んだ。安息日も汚した。そこでわたしは言った。『もう限界だ。今すぐ、この荒野で、あなたがたに怒りを注ぎ出す。』 22それでもなお、わたしは彼らを罰せずにおいた。エジプトから彼らを連れ出したわたしの力を見た国々の中で、わたしの名が傷つけられないためだ。 23-24だが、彼らが荒野にいた時、はっきり言い渡した。わたしのおきてを守らず、それをあざ笑うかのように安息日を破り、父たちが拝んだ偶像を慕ったので、地の果てにまで彼らを散らす、と。 25わたしは、彼らが愚かな習慣や教えを取り入れるのを見ても、好きなようにさせておいた。そんなものを守っても、いのちを得ることなどできない。 26わたしは彼らに、自分のやっていることがどんなに恐ろしいことかを知らせ、また、わたしだけが神であることに気づいてほしいと思い、わたしが与えた非常に良いもので、彼らが自分の身を汚すのをそのままにさせた。彼らは、最初に生まれた子どもを偶像にささげて、焼き殺したのだ。

27-28人の子よ、神である主がこう語ると、彼らに告げよ。あなたがたの先祖は、約束の地に導き入れられてからも、高い丘や木の下で、所かまわずいけにえをささげ、香をたいて、いつもわたしを裏切り、冒瀆してはばからなかった。彼らが神々にいけにえをささげた時、わたしの怒りは燃え上がった。事もあろうに、偶像に香をたき、ぶどう酒を注いだからだ。 29そこで、『おまえたちがいけにえをささげに行く場所は何なのだ』と問いただした。それで、そこは今も、『いけにえの高台』と呼ばれている。

刷新される反逆のイスラエル

30神、主は、知りたがっている。あなたがたも先祖のように身を汚し、偶像を拝み続けるつもりなのか。 31現に今、偶像へのささげ物として幼児を焼き殺し、灰にしているのに、イスラエルよ、どうしてあなたがたの願いを聞いて、助けることができるだろうか。」

神である主は語ります。「わたしは生きている。いくら願っても、わたしは何も答えない。 32いくら、回りの国々を見ならって木や石の偶像を拝もうとしても、それはできない。

33わたしが鉄のこぶしを振り上げ、大きな怒りをこめて、おまえたちを治めるからだ。 34憤りをこめた強い力で、散らされていた国々からあなたがたを連れ出し、 35-36荒野にあるわたしの法廷に集め、そこであなたがたをさばく。あなたがたをエジプトから連れ出したあと、荒野でした時のように、反逆者を取り除く。 37あなたがたを念入りに数え上げ、ほんの一握りの者だけをイスラエルに戻す。 38残る大部分の者は、わたしに反逆して罪を犯しているので、みなの間から取り除く。彼らは捕らえられている国から連れ出されるが、イスラエルには入れない。このとおりのことが起こる時、あなたがたは、わたしが神であることを知るようになる。」

39ああ、イスラエルよ。神である主はこう語ります。「そんなにも偶像を拝みたければ拝むがいい。だが、そうするなら、わたしにささげ物を持って来るようなことはしてはならない。そのようなことをして、わたしの聖なる名を汚すようなことはやめよ。」

40主はこう語ります。「わたしの聖なる山エルサレムで、全イスラエルはわたしを礼拝する。その所で、わたしはあなたがたを喜んで迎え、いけにえと最上のささげ物を求めよう。 41わたしがあなたがたを捕囚から連れ戻す時、あなたがた自身がわたしにささげられた良い香りとなる。諸国の民はあなたがたの心に大きな変化が起こったことを知る。 42さらに、わたしが約束した地に連れ戻す時、あなたがたはわたしが主であることを知るようになる。 43その時、自分が犯した罪をことごとく思い起こし、その悪のゆえに自分自身を忌みきらうようになる。 44その悪にもかかわらず、あなたがたを祝福することによって、わたしの名誉を守る時、イスラエルよ、あなたがたはわたしが主であることを知るようになるのだ。」

エルサレムとネゲブへの預言

45さらに、このようなことばが主からありました。 46「人の子よ、エルサレムの方へ顔を向け、エルサレムとネゲブの森に、 47こう預言せよ。神のことばを聞け。ああ、森よ。わたしはおまえに火をつける。生木も枯れ木も、木という木をすべて焼き尽くそう。その燃えさかる炎は消されず、国中を焼け野原とする。 48そしてすべての国々は、主であるわたしが火をつけたことを知るだろう。その火が消されることはない。」

49そこで、私は叫びました。「おお主よ。彼らは私のことを、『なぞをかけるようにしか語らない者』と言っています。」

Asante Twi Contemporary Bible

Hesekiel 20:1-49

Otuatefoɔ Israel

1Afe a ɛtɔ so nson no bosome enum no ɛda a ɛtɔ so edu no, Israel mpanimfoɔ no mu bi bɛbisaa Awurade hɔ adeɛ, na wɔtenatenaa mʼanim.

2Na Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 3“Onipa ba, kasa kyerɛ Israel mpanimfoɔ no sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Moaba sɛ morebɛbisa me nkyɛn adeɛ anaa? Sɛ mete ase yi, meremma mo ɛkwan mma mommisa me nkyɛn mmoa, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ.’

4“Bu wɔn atɛn. Bu wɔn atɛn, onipa ba. Fa wɔn agyanom akyiwadeɛ a wɔyɛeɛ no si wɔn anim 5na ka kyerɛ wɔn sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɛda a meyii Israel no, memaa me nsa so kaa ntam kyerɛɛ Yakob efie asefoɔ na meyii me ho adi kyerɛɛ wɔn wɔ Misraim. Memaa me nsa so ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mene Awurade, mo Onyankopɔn.” 6Saa ɛda no, mekaa wɔn ntam sɛ mɛyi wɔn afiri Misraim na mede wɔn aba asase a mahwehwɛ ama wɔn, asase a ɛwoɔ ne nufosuo sene wɔ so, asase nyinaa mu deɛ ɛyɛ papa paa. 7Na meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo mu biara nto nsɛsodeɛ tantan a mode mo ani asi soɔ no ntwene na mommfa Misraim ahoni no ngu mo ho fi, mene Awurade, mo Onyankopɔn.”

8“ ‘Nanso wɔyɛɛ dɔm tiaa me na wɔantie me; Wɔantoto nsɛsodeɛ tantan no a wɔde wɔn ani asi soɔ no angu, na wɔannyae ahoni a ɛfiri Misraim no akyiri die. Enti mekaa sɛ mɛhwie mʼabufuhyeɛ agu wɔn so de awie mʼabufuo wɔ wɔn so wɔ Misraim. 9Nanso me din enti, meyɛɛ deɛ ɛmma wɔngu me ho fi wɔ amanaman a wɔtete mu no anim, aman a meyii me ho adi kyerɛɛ Israelfoɔ wɔ mu, de yii wɔn firii Misraim no. 10Enti medii wɔn anim firii Misraim, de wɔn baa ɛserɛ no so. 11Mede me nhyehyɛeɛ maa wɔn na me ma wɔhunuu me mmara, ɛfiri sɛ obiara a ɔdi soɔ no nam so bɛnya nkwa. 12Na mede me home nna maa wɔn sɛ ɛnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ wɔ yɛn ntam, sɛdeɛ wɔbɛhunu sɛ me Awurade na meyɛɛ wɔn kronkron.

13“ ‘Nanso, Israelfoɔ tee mʼanim atua wɔ ɛserɛ no so. Wɔanni me nhyehyɛeɛ so, na wɔpoo me mmara no, nanso onipa a ɔbɛdi soɔ no bɛnya nkwa wɔ wɔn mu, na wɔguu me home nna ho fi koraa. Enti mekaa sɛ mɛhwie mʼabufuhyeɛ agu wɔn so na masɛe wɔn wɔ ɛserɛ no so. 14Nanso, me din enti, meyɛɛ deɛ ɛmma ho ɛkwan ma wɔnngu me ho fi wɔ amanaman a meyii wɔn firii so no ani so. 15Afei memaa me nsa so kaa ntam wɔ ɛserɛ no so sɛ meremfa wɔn nkɔ asase a mede ama wɔn no so, asase a ɛwoɔ ne nufosuo sene soɔ, nsase nyinaa mu deɛ ɛyɛ pa ara no, 16ɛfiri sɛ, wɔpoo me mmara, wɔanni mʼahyɛdeɛ so na wɔguu me home nna ho fi, ɛsiane sɛ na wɔn akoma da wɔn ahoni no so. 17Nanso mehunuu wɔn mmɔbɔ, na mansɛe wɔn, na mantɔre wɔn ase wɔ ɛserɛ no so. 18Meka kyerɛɛ wɔn mma wɔ ɛserɛ no so sɛ, “Monnni mo agyanom ahyɛdeɛ ne wɔn mmara so, na mommfa wɔn ahoni ngu mo ho fi. 19Mene Awurade, mo Onyankopɔn; monni mʼahyɛdeɛ so na monhwɛ yie nni me mmara so. 20Monyɛ me home nna kronkron na ɛnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ wɔ me ne mo ntam. Afei mobɛhunu sɛ mene Awurade, mo Onyankopɔn no.”

21“ ‘Nanso mma no yɛɛ dɔm tiaa me. Wɔanni mʼahyɛdeɛ so, na wɔanhwɛ anni me mmara so, deɛ onipa di so a ɔbɛnya nkwa no. Wɔguu me home nna ho fi. Enti mekaa sɛ mɛhwie mʼabufuhyeɛ agu wɔn so de awie mʼabufuo a ɛtia wɔn wɔ ɛserɛ no so. 22Nanso metwentwɛn so, na me din enti, meyɛɛ deɛ amma ɛho ngu fi wɔ aman a meyii wɔn firii so no ani so. 23Memaa me nsa so kaa ntam wɔ ɛserɛ no so sɛ mɛhwete wɔn wɔ amanaman no so na mabɔ wɔn apansam wɔ nsase no so, 24ɛfiri sɛ, wɔanni me mmara so, na mmom wɔpoo mʼahyɛdeɛ guu me home nna ho fi, na wɔn ani kɔdii wɔn agyanom ahoni akyi. 25Bio, mede wɔn hyɛɛ nhyehyɛeɛ a ɛnyɛ, ne mmara a ɛde asotwe mmom na ɛbɛba wɔn so, na ɛnyɛ nkwa; 26memaa ho ɛkwan ma wɔde wɔn ayɛyɛdeɛ a ɛyɛ wɔn abakan bɔɔ afɔdeɛ de guu wɔn ho fi, sɛdeɛ mede ahodwirie bɛhyɛ wɔn ma ama wɔahunu sɛ me ne Awurade.’

27“Enti, onipa ba, kasa kyerɛ Israelfoɔ, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie: Na yei mu nso, mo agyanom poo me na wɔnam so kaa abususɛm tiaa me: 28Mede wɔn baa asase a maka ntam sɛ mede bɛma wɔn no so no, wɔbɔɔ afɔdeɛ, yɛɛ afɔrebɔdeɛ maa kokoɔ biara a ɛkorɔn anaa dua biara a ɛso wɔ nhahan de hyɛɛ me abufuo; wɔde nnuhwam maeɛ na wɔhwiee ahwiesa maa wɔn. 29Na mebisaa wɔn sɛ: Ɛhe ne saa sorɔnsorɔmmea a mokɔ hɔ yi?’ ” (Wɔfrɛ hɔ Bama de bɛsi ɛnnɛ.)

Atemmuo Ne Ɔgyeɛ

30“Enti ka kyerɛ Israel efie sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mobɛgu mo ho fi sɛdeɛ mo agyanom yɛeɛ na mo kɔn dɔ wɔn ahoni tantan no anaa? 31Sɛ mode mo ayɛyɛdeɛ a ɛyɛ mo mmammarima bɔ afɔdeɛ wɔ ogya so ma mo ahoni a, ɛnneɛ mokɔ so de mo ahoni nyinaa gu mo ho fi bɛsi ɛnnɛ. Memma mommɛbisa me hɔ adeɛ anaa, Ao Israel efie? Ampa ara, sɛ mete ase yi, Otumfoɔ Awurade asɛm nie, meremma mommmisa me hɔ adeɛ.

32“ ‘Moka sɛ, “Yɛpɛ sɛ yɛyɛ sɛ aman no, te sɛ ewiasefoɔ a wɔsom nnua ne aboɔ no.” Nanso deɛ ɛwɔ mo adwene mu no rensi da. 33Sɛ mete ase yi, Otumfoɔ Awurade asɛm nie, mede nsa a ɛyɛ den, basa a wɔatene mu ne abufuhyeɛ a wɔahwie agu bɛdi mo so. 34Mede mo bɛfiri amanaman no so, na maboaboa mo ano afiri nsase a wɔapete mo wɔ so no; mede nsa a ɛyɛ den ne abasa a wɔatene mu ne abufuhyeɛ a wɔahwie agu na ɛbɛyɛ. 35Mede mo bɛba amanaman no ɛserɛ so, na ɛhɔ na mɛbu mo atɛn animu ne animu. 36Sɛdeɛ mebuu mo agyanom atɛn wɔ Misraim ɛserɛ soɔ no, saa ara na mɛbu mo atɛn, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. 37Mɛma moafa mʼabaa no ase na mahunu mo yie na mede mo aba apam no nkyehoma ase. 38Mɛsa mo mu ayi wɔn a wɔyɛ dɔm tia me. Ɛwom sɛ mɛyi wɔn afiri aman a wɔte soɔ no mu, nanso wɔn nan rensi Israel asase so. Afei mobɛhunu sɛ mene Awurade no.

39“ ‘Na mo deɛ, Ao Israel efie, yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mo mu biara nkɔsom nʼahoni! Nanso, akyiri no, mobɛtie me na moremfa mo ayɛyɛdeɛ ne ahoni ngu me din kronkron ho fi bio. 40Ɛfiri sɛ, me bɛpɔ kronkron no so, Israel bepɔ a ɛkorɔn no so, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ, ɛhɔ, wɔ asase no so na Israel efie nyinaa bɛsom me, na ɛhɔ na mobɛsɔ mʼani. Ɛhɔ na mɛhia mo afɔrebɔdeɛ ne mo ayɛyɛdeɛ a ɛdi mu no aka mo afɔdeɛ kronkron no nyinaa ho. 41Sɛ meyi mo firi amanaman no mu na meboaboa mo ano firi nsase a wɔbɔɔ mo petee so no a, mobɛsɔ mʼani sɛ krobo a ɛyi hwa, afei mɛda me kronnyɛ adi wɔ mo mu ama amanaman no ahunu. 42Sɛ mede mo ba Israel asase a memaa me nsa so kaa ntam sɛ mede bɛma mo agyanom so a, na mobɛhunu sɛ mene Awurade. 43Ɛhɔ no, mobɛkae mo suban ne nneyɛɛ nyinaa a mode agu mo ho fi, na mo ho bɛyɛ mo nwunu ɛsiane amumuyɛ a moayɛ no nyinaa enti. 44Israel, ɛfata sɛ wɔtwe wʼaso. Nanso mene wo bɛdi no wɔ ɛkwan a ɛbɛhyɛ me din animuonyam so. Wobɛhunu sɛ mene Awurade no, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’ ”

Atemmuo A Ɛtia Anafoɔ Fam

45Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 46“Onipa ba, fa wʼani kyerɛ anafoɔ fam, ka asɛm tia anafoɔ fam na hyɛ nkɔm tia kwaeɛ a ɛwɔ anafoɔ fam asase soɔ. 47Ka kyerɛ anafoɔ fam kwaeɛ no sɛ: ‘Tie Awurade asɛm. Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Merebɛto wo mu ogya, na ɛbɛhye nnua a ɛwɔ wo so nyinaa: Deɛ ɛyɛ mono ne deɛ awoɔ. Wɔrennum ogyadɛreɛ no na ɛbɛhye asase no ani nyinaa; ɛfiri anafoɔ fam kɔsi atifi fam. 48Obiara bɛhunu sɛ me Awurade na masɔ ogya no ano; ɛrennum.’ ” 49Afei mekaa sɛ, “Aa Otumfoɔ Awurade! Wɔka fa me ho sɛ, ‘Ɛnyɛ mmɛ na ɔrebu yi anaa?’ ”