エゼキエル書 13 – JCB & ASCB

Japanese Contemporary Bible

エゼキエル書 13:1-23

13

さばきを受ける偽預言者

1それから、次のようなことばがありました。

2-3「人の子よ、イスラエルの偽預言者どもに預言しなさい。彼らは自分勝手に幻を考え出し、わたしが何も語らないのに、わたしからのお告げだと主張している。そのような者はのろわれるべきだ。 4ああ、イスラエルよ。あなたの預言者どもは、まるで廃墟にいるきつねのように城壁再建の役には立たない。 5ああ、悪い預言者ども。敵の攻撃に備えて城壁を補強し、主によってイスラエルを強化するために、おまえたちは何をしたのか。 6かえって、『これは神からのお告げです』と言って、偽りを語っている。わたしはおまえたちなど遣わさなかった。それなのに、自分たちの預言が実現することを期待している。 7見たこともないのに幻を見たと言ったり、わたしが何も語らないのに、『このお告げは神からのものです』と言ったりしたことを否定できるのか。」

8それゆえ、神である主は語ります。「わたしはこれらの幻と偽りのゆえに、おまえたちを滅ぼそう。 9わたしはおまえたちに向かい、イスラエルの指導者の中から切り捨てる。おまえたちの名を消し去る。おまえたちは二度と祖国を見ることがない。その時、おまえたちは、わたしが主であることを知る。 10まことに、この悪者どもは、『神は平安を下さる』と言って、わたしの民を惑わしている。彼らに平安を与えることなど、わたしの計画には全く入っていない。わたしの民はもろい壁を建てているのに、偽預言者どもはそれをほめそやし、しっくいで上塗りをしている。

11その者たちに、『その壁は倒れるぞ』と警告せよ。大雨が土台を浸食し、大粒の雹と激しい風が壁を打ち倒す。 12壁が倒れると、人々は、『なぜ初めから、それではだめだと注意してくれなかったのだ。なぜ、上塗りをして欠陥を覆うようなことをしたのだ』と叫ぶ。 13壁は必ず倒れるのだ。」そう主は言います。「わたしは怒りの嵐と洪水と雹とによって、壁をなぎ倒す。 14しっくいで上塗りした壁を打ち壊す。壁はおまえたちの上に倒れて、おまえたちを押しつぶす。その時、おまえたちは、わたしが主であることを知る。 15こうして、わたしの怒りは消える。それで、壁をほめそやした者どもについてわたしは、『壁も、それを建てた者たちも消え去った』と言おう。 16彼らはまさしく偽預言者だった。ほんとうは平安がないのに、エルサレムには平安がある、と言っていたのだ。」神である主がこう語るのです。

17-18「人の子よ。主からお告げを与えられているかのように装っている女預言者どもに、神である主はこう言うと語れ。『人々の手首に魔術のお札を結び、魔術のベールをかぶらせ、わたしの民のたましいを破滅させている女たちはのろわれよ。この女たちは、自分に利益がないと知ると、すぐに援助の手を引っ込める。 19ほんの一つかみの大麦のために、あるいは、ほんの一切れのパンのために、わたしの民をわたしから去らせようとするのか。おまえたちは、死んではならない者を死に追いやったのだ。わたしの民を欺き、生きていてはならない者にいのちを約束している。そうするのが、彼女たちの好む手口だ。』」

20主は語ります。「おまえたちがわたしの国民のたましいを魔術にかけているので、おまえたちを押し倒す。わたしは魔術のひもを引きちぎり、かごの鳥を放つように、わたしの民を解放する。 21魔術のベールも引き裂き、おまえたちの手からわたしの民を救い出す。もう彼らは、おまえたちの餌食ではない。その時、おまえたちも、わたしが主であることを知る。 22おまえたちの偽りは、わたしの意に反して、正しい人を落胆させた。それどころか、罪の生活を続ける者たちにいのちの約束をして、その悪者どもを力づけるようなことまでしたのだ。 23だが、もうそんなことは許されない。見たこともない幻を見たと言ったり、魔術をしたりすることもできなくなる。わたしがおまえたちを滅ぼして、わたしの民をおまえたちの手から救い出すからだ。こうしておまえたちも、わたしが主であることを知る。」

Asante Twi Contemporary Bible

Hesekiel 13:1-23

Atorɔ Adiyifoɔ Atemmuo

1Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, 2“Onipa ba, hyɛ nkɔm tia Israel adiyifoɔ a wɔhyɛ nkɔm seesei. Ka kyerɛ wɔn a wɔbɔ wɔn tirim hyɛ nkɔm no sɛ: ‘Montie Awurade asɛm! 3Yei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Nnome nka adiyifoɔ nkwaseafoɔ a wɔdi wɔn ankasa honhom akyi na wɔnhunuu hwee no. 4Ao Israelfoɔ, mo adiyifoɔ yi te sɛ mmubuiɛ mu kɔkɔbo. 5Monkɔeɛ sɛ morekɔsiesie afasuo no afaafa a abubu no ama Israel efie, sɛdeɛ ɛbɛtumi agyina pintinn wɔ ɔko no ano, Awurade ɛda no.’ 6Wɔn adehunu yɛ atorɔ, na wɔn adebisa yɛ nnaadaa. Wɔka sɛ, ‘Awurade aka sɛ,’ wɔ ɛberɛ a Awurade nsomaa wɔn, nanso wɔhwɛ anim sɛ wɔn nkɔmhyɛ bɛba mu. 7Sɛ wɔka sɛ, ‘Yei na Awurade seɛ’, wɔ ɛberɛ a menkasaeɛ a, na wɔn anisoadehunu nnyɛ atorɔ? Na wɔn adebisa nso, ɛnnyɛ nnaadaa anaa?

8“Ɛno enti, sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie: ‘Mo nsɛm a ɛyɛ atorɔ ne mo nnaadaa anisoadehunu enti, me ne mo anya’, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. 9Me nsa bɛtia adiyifoɔ a wɔn anisoadehunu yɛ atorɔ na wɔn abisa yɛ nnaadaa. Wɔremfra me nkurɔfoɔ badwafoɔ mu, na wɔrentwerɛ wɔn din wɔ Israel efie nwoma no mu, na wɔn nan rensi Israel asase so. Na afei wɔbɛhunu sɛ mene Otumfoɔ Awurade.

10“Esiane sɛ wɔama me nkurɔfoɔ ayera ɛkwan, na wɔka sɛ ‘Asomdwoeɛ’, wɔ ɛberɛ a asomdwoeɛ nni hɔ, na afei, sɛ wɔto ɔfasuo a ɛnni ahoɔden bi a wɔde akaadoo afa so enti, 11ka kyerɛ wɔn a wɔka akaadoo no sɛ, ɔfasuo no rebɛbu. Osubrane bɛtɔ, na mɛsoma asukɔtweaa, na mframa a ano yɛ den bɛbɔ. 12Na sɛ ɔfasuo no bu gu fam a, nnipa remmisa wɔn sɛ, ‘ɛhe na akaadoo a wɔde sraa ho no afa’ anaa?

13“Ɛno enti, deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie: ‘Mʼabufuhyeɛ mu, mɛma ahum atu, na mʼabufuo mu no, asukɔtweaa ne osubrane de adesɛeɛ ahoɔden atɔ. 14Mɛdwiri ɔfasuo a mode akaadoo afa ho no na mabubu agu fam ama ne fapem ho ada hɔ. Sɛ ɔfasuo no hwe ase a, wɔbɛsɛe mo wɔ mu, na mobɛhunu sɛ mene Awurade. 15Enti mede mʼabufuhyeɛ bɛkɔ ɔfasuo no ne wɔn a wɔde akaadoo sraa ho no so. Mɛka akyerɛ mo sɛ, ɔfasuo no nni hɔ bio, na saa ara na wɔn a wɔde akaadoo sraa ho no nni hɔ. 16Wɔyɛ Israel adiyifoɔ a wɔhyɛɛ nkɔm maa Yerusalem na wɔhunuu asomdwoeɛ anisoadeɛ, wɔ ɛberɛ a asomdwoeɛ nni hɔ’, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ.

17“Afei, onipa ba, ma wʼani nkɔ wo mmaa a wɔbɔ wɔn tirim hyɛ nkɔm so. Hyɛ nkɔm tia wɔn 18na ka sɛ, ‘Yei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Nnome nka mmaa a wɔpempam ntafowayie dwomfadeɛ hyehyɛ wɔn abakɔn na wɔpempam nkatanimu ntiawa ne atentene kata wɔn anim de sum nnipa afidie. Mobɛsum me nkurɔfoɔ nkwa afidie, na mo deɛ, moakora mo deɛ? 19Moasopa me wɔ me nkurɔfoɔ mu de agye atokoɔ nsabuo kakra bi ne burodo asinasini. Monam atorɔ a modi kyerɛ me nkurɔfoɔ a wɔtie atorɔ so akunkum wɔn a anka ɛnsɛ sɛ wɔ wuwu, na moama wɔn a anka ɛnsɛ sɛ wɔtena nkwa mu no afa wɔn ho adi.

20“ ‘No enti, yei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Metia mo ntafowayie dwomfadeɛ a mode sum nkurɔfoɔ afidie sɛ nnomaa no, na mɛtete afiri mo abasa so; mɛgyaa nnipa a mosum wɔn afidie sɛ nnomaa no. 21Mɛtete mo nkatanimu no mu afiri mo anim, na magye me nkurɔfoɔ nkwa afiri mo nsam, na morennya wɔn so tumi bio. Afei mobɛhunu sɛ me ne Awurade. 22Esiane sɛ mode atorɔ maa teneneefoɔ aba mu buiɛ wɔ ɛberɛ a menhyɛɛ wɔn awerɛhoɔ, na mohyɛɛ amumuyɛfoɔ nkuran sɛ wɔnkɔ so wɔ wɔn akwan bɔne so na moagye wɔn nkwa no 23enti, morenhunu atorɔ anisoadeɛ bio na mobɛgyae ntafowayie nso. Mɛgye me nkurɔfoɔ afiri mo nsa mu, na afei mobɛhunu sɛ me ne Awurade no.’ ”