エズラ記 1 – JCB & AKCB

Japanese Contemporary Bible

エズラ記 1:1-11

1

クロス王の布告

1ペルシヤ王クロスの治世の元年に、主はエレミヤの預言を実現するために、クロス王の心を動かし、彼によって帝国中に公文書をもって次のようなおふれを出させました。

2「ペルシヤ王クロスはここに布告する。広大な領土を私にお与えくださった天の神は、今、私にユダのエルサレムに神殿を建てよとお告げになった。 3わが帝国にいるユダヤ人は直ちにエルサレムへ帰り、イスラエルとエルサレムの神、主の神殿を建てるがよい。あなたがたの上に主の祝福があるように。 4帰還しない者は帰還する者の費用を負担し、衣服、旅費、旅じたくの費用を援助するようにせよ。そして、神殿建築のためにも、進んでささげ物をささげよ。」

5こうして、ユダ族とベニヤミン族の指導者たち、祭司やレビ人たちは、神に心を駆り立てられ、神殿の再建を目指して、すぐにエルサレムへの帰途につきました。 6ペルシヤに残ることにした人々はみな、帰る者への援助を惜しまず、彼らに神殿へのささげ物を託しました。

7クロス王自身も、ネブカデネザルがエルサレムの神殿から持って来て自国の神殿に納めていた金の鉢や高価な祭具類を寄贈しました。 8彼は宝物係ミテレダテにそれらを確認させたのち、引き揚げ団の指導者シェシュバツァル(ゼルバベル)の手に渡しました。

9-10その目録は次のとおりです。金の皿三十枚、銀の皿千枚、香炉二十九点、金の鉢三十個、種々のデザインの銀の鉢四百十個、その他の用具一千点。 11それらを含め全部で五千四百点の金銀の用具が、シェシュバツァルの手でエルサレムに持ち帰られることになりました。

Akuapem Twi Contemporary Bible

Ɛsra 1:1-11

Yuda Nnommum No San Ba Yerusalem

1Persiahene Kores afe a edi kan no mu no, Awurade kaa Kores koma ma ɔkyerɛw saa dawubɔ nsɛm yi de kɔɔ ahemman no nyinaa mu, maa Yeremia nkɔmhyɛ no baa mu.

2Sɛnea Persiahene Kores1.2 Na Kores Ahemman no trɛw fi India kosi Misraim, ɛtoaa so fi Po Kɔkɔɔ a ɛwɔ Persia Po no mu kosi Etiopia. ka ni:

Awurade, ɔsoro Nyankopɔn de ahemman a ɛwɔ asase so nyinaa ahyɛ me nsa. Wayi me sɛ minsi asɔredan mma no wɔ Yerusalem wɔ Yuda asase so. 3Mo a moyɛ ne nkurɔfo nyinaa, monsan nkɔ Yerusalem wɔ Yuda, nsan nkosi saa Awurade, Israel Nyankopɔn, a ɔte Yerusalem no asɔredan. Na mo Nyankopɔn bɛka mo ho. 4Wɔn a wɔtete baabiara a Yudafo nkae no wɔ no, ɛsɛ sɛ wɔma Yudafo no dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, akwantu nneɛma, nyɛmmoa ne koma pa mu afɔrebɔde a wɔde ma Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no, de boa wɔn akwantu no.

5Na Onyankopɔn kaa Lewifo, Yuda ne Benyamin mmusuakuw ntuanofo no koma sɛ, wɔnsan mmra Yerusalem mmesiesie Awurade asɔredan no. 6Na wɔn afipamfo boa maa wɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ne nyɛmmoa, ma wɔde tuu kwan no. Wɔmaa wɔn akyɛde pa bebree de kaa nea efi wɔn ankasa koma mu no ho.

7Ɔhene Kores no ankasa de aboɔdenne a ɔhene Nebukadnessar tase fii Awurade asɔredan mu wɔ Yerusalem de koguu ɔno ankasa anyame asɔredan mu no bae. 8Kores hyɛɛ Persia ɔsannaani Mitredat sɛ ɔnkenkan saa nneɛma no nyinaa, na ɔmfa nhyɛ wɔn a wotwaa wɔn asu a wɔresan aba Yuda no panyin Sesbasar nsa.

9Eyinom ne nneɛma a Kores de bɛkyɛe:

sikakɔkɔɔ nsiase 30dwetɛ nsiase 1,000dwetɛ ɔhyewsɛn 2910sikakɔkɔɔ hweaseammɔ 30dwetɛ hweaseammɔ 410nneɛma a ɛkeka ho 1,000

11Ne nyinaa mu no, sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nneɛma a wɔde maa Sesbasar sɛ ɔmfa nkɔ Yerusalem bere a wɔn a wotwaa wɔn asu fi Babilonia baa hɔ no dodow yɛ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ mpem anum ne ahannan (5,400).